Ɔfã 2
Asase a Amanehunu Nni so Bio
1, 2. Adwene a ɛyɛ soronko bɛn na nnipa pii kura?
NANSO, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa kura adwene a ɛyɛ soronko koraa. Wɔahu asie sɛ adesamma benya daakye a ɛyɛ anigye. Wɔka sɛ ɛrenkyɛ, wiase bi a amumɔyɛ ne amanehunu biara nnim bɛba asase so ha yi ara. Wɔwɔ ahotoso sɛ ɛrenkyɛ na wɔayi nneɛma bɔne afi hɔ na wɔde wiase foforo bi koraa aba. Wɔka mpo sɛ mprempren yi ara wɔreto wiase foforo yi nhyɛase!
2 Nnipa yi gye di sɛ akodi, atirimɔdensɛm, nsɛmmɔnedi, atɛnkyea, ne ohia remma saa wiase no mu koraa. Ɛbɛyɛ wiase a ɔyare, awerɛhow, osu, ne owu mpo nnim. Saa bere no nnipa bedu pɛyɛ ho na wɔatra ase daa wɔ anigye mu wɔ asase so paradise bi mu. Wobenyan wɔn a wɔawuwu no afi awufo mu mpo na wɔanya hokwan atra ase daa!
3, 4. Dɛn nti na nnipa a wɔte saa no wɔ adwene a wokura no mu ahotoso?
3 So daakye ho adwene a ɛte sɛɛ no yɛ adaeso ara kwa, a wɔn yam a, anka aba ara kɛkɛ? Dabida. Egyina gyidi a ɛwɔ nnyinaso pintinn a ɛne sɛ sɛnea ɛte biara no, Paradise yi bɛba ampa no so. (Hebrifo 11:1) Dɛn nti na wɔwɔ awerɛhyem saa? Efisɛ amansan Bɔfo a ɔne ade nyinaa so tumfoɔ no na wahyɛ ho bɔ.
4 Bible no ka Onyankopɔn bɔhyɛ ho asɛm sɛ: “Asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.” “Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atoro . . . So ɔno de, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma entim?” “Asafo [Yehowa] aka ntam sɛ: Ampa ara, sɛnea misusuwii no, saa na ɛbɛba mu, na sɛnea mabɔ me tirim no, ebegyina.”—Yosua 23:14; Numeri 23:19; Yesaia 14:24.
5. Nsemmisa bɛn na ehia sɛ wɔma ho mmuae?
5 Nanso, sɛ na Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ ɔde asase so paradise bi a amanehunu nnim bɛba a, dɛn nti na nea edi kan koraa no, ɔmaa kwan ma nsɛmmɔne sisii? Dɛn nti na ɔtwɛnee mfe mpemnsia de besi nnɛ ansa na wasiesie nea atoto no? So ebia amanehunu a akɔ so wɔ saa mfehaha no mu nyinaa no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nnwen yɛn ho ankasa, anaasɛ onni hɔ mpo anaa?