-
Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase May 23Ahenni Som—2011 | May
-
-
Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase May 23
DAPƐN A EFI ASE MAY 23
Dwom 39 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 4, adaka a ɛwɔ kr. 33 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Dwom 19-25 (Simma 10)
No. 1: Dwom 23:1–24:10 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: So Wɔbɛsakra Yudafo Nyinaa Ma Wɔanya Kristo Mu Gyidi?—rs-E kr. 222 ¶1-2; +w08 6/15 kr. 28 (Simma 5)
No. 3: Bere Bɛn ne Ɔkwan Bɛn So na Romafo 8:21 Bɛbam? (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Nkaebɔ. “Ɔkwan a Yɛbɛfa So De Please Follow Up (S-43) Kratasin no Adi Dwuma.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
10 min: Nneɛma Abiɛsa a Ɛma Nnianim Nsɛm Tu Mpɔn. Ɔkasa a egyina Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kratafa 2 nkyekyɛm 1 so. Sɛ mususuw asɛm no ho wie a, ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nhoma a yɛde bedi dwuma wɔ June mu bɛma no ho ɔyɛkyerɛ abien.
15 min: So Woasɔ Ahwɛ? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma ɔkasa tiawa fa kaakae atiefo nsɛm a ɛbaa Yɛn Ahenni Som mu nnansa yi no: “Fa Di Dwuma Bere Biara,” “Nsɛm Foforo a Yɛde Befi Bible Adesua Ase” (km 12/10) ne “Mmoa a Wɔde Ma Mmusua” (km 1/11). Ma atiefo nka ɔkwan a wɔafa so de nyansahyɛ ahorow a ɛwom no adi dwuma ne sɛnea aboa wɔn no ho asɛm.
Dwom 56 ne Mpaebɔ
-
-
Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase May 30Ahenni Som—2011 | May
-
-
Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase May 30
DAPƐN A EFI ASE MAY 30
Dwom 33 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 4 ¶5-12 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Dwom 26-33 (Simma 10)
No. 1: Dwom 31:9-24 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Ahobrɛase Ankasa Ho Nhwɛso a Ɛwɔ Bible Mu (Simma 5)
No. 3: So Ɛsɛ sɛ Yudafo Gye Yesu Di na Wɔagye Wɔn Nkwa?—rs-E kr. 222 ¶3–kr. 223 ¶1; +w10 3/15 kr. 10 ¶2-3 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Nkaebɔ. Ma wɔmfa nsɛm a yebetumi aka a ɛwɔ kratafa 4 no nyɛ sɛnea wɔde befi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ June mu no ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran na wɔmfa wɔn ho nhyem.
15 min: Sɛnea Wɔyɛ Nhwehwɛmu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 33-38 so. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa a ɔdawurubɔfo bi nkutoo rekasakasa. Ɔde nnwinnade ahorow reyɛ nhwehwɛmu sɛnea ɛbɛyɛ a obenya asɛm a obi bisaa no wɔ asɛnka mu ho mmuae.
10 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma Bɛma wɔ June Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa simma biako anaa abien kyerɛ nsɛm bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu. Afei paw emu nsɛm abien anaa abiɛsa na ma atiefo nkyerɛ nsɛm a wobebisa ne kyerɛw nsɛm a wɔbɛkenkan bere a wɔde rema no. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma no mu biara bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 113 ne Mpaebɔ
-
-
Ɔkwan a Yɛbɛfa So De Please Follow Up (S-43) Kratasin no Adi DwumaAhenni Som—2011 | May
-
-
Ɔkwan a Yɛbɛfa So De Please Follow Up (S-43) Kratasin no Adi Dwuma
Ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ kratasin yi bere a yɛahyia nkurɔfo a wɔnte yɛn asasesin mu anaa wɔka ɔman foforo so kasa no. Bere bi a atwam no, sɛ yehyia nkurɔfo a wɔka ɔman foforo so kasa na wɔkyerɛ asɛm no ho anigye anaa wɔankyerɛ ho anigye a, na yɛde kratasin no di dwuma. Nanso, seesei de sɛ onipa no kyerɛ asɛm no ho anigye nkutoo a na yɛbɛyɛ saa. Sɛ onipa no yɛ mum a, ɛno de ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ. Sɛ yehyia obi a ɔyɛ mum na sɛ ɔkyerɛ asɛm no ho anigye oo, wankyerɛ ho anigye oo, ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ S-43 kratasin no.
Sɛ yɛhyehyɛ kratasin no wie a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛde ma asafo mu ɔkyerɛwfo no. Sɛ onim asafo ko a ɛsɛ sɛ ɔde kɔma wɔn a, nea ɔbɛyɛ ara ne sɛ ɔde bɛma emu mpanyimfo no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ nhyehyɛe akɔboa onii no. Sɛ onhu asafo ko a ɔmfa mma wɔn a, ɔde bɛmena Betel.
Sɛ onipa a ɔka ɔman foforo so kasa a n’ani gye asɛm no ho no te w’asasesin mu a, wubetumi atoa so akɔ ne nkyɛn akɔboa no kosi sɛ wɔbɛma ɔdawurubɔfo a ofi asafo a wɔka ne kasa mu bɛkɔ ne nkyɛn.—Hwɛ April 2010 Yɛn Ahenni Som, kratafa 6.
-