Dwom 92
“Ka Asɛm No”
1. Yɛn Nyankopɔn ahyɛ yɛn nnɛ;
Wama yɛn adwuma bi sɛ yɛnyɛ.
Siesie wo ho sɛ wobɛkyerɛ
Anidaso a ɛwɔ wo mu no.
(NNYESO)
Ka Asɛm no,
Ehia sɛ obiara te!
Ka Asɛm,
Wiase awiei no abɛn.
Ka Asɛm,
Ma ahobrɛasefo nte.
Ka Asɛm,
Wɔ baabiara!
2. Ɔhaw bɛba yɛn nyinaa so;
Aniwu ne ɔtan nyinaa bɛba.
Nnipa ani nnye asɛm no ho,
Nanso yɛn ani da Nyankopɔn so.
(NNYESO)
Ka Asɛm no,
Ehia sɛ obiara te!
Ka Asɛm,
Wiase awiei no abɛn.
Ka Asɛm,
Ma ahobrɛasefo nte.
Ka Asɛm,
Wɔ baabiara!
3. B’re pa nso bɛba ama yɛn;
Ɛho behia sɛ yɛka asɛm no.
Kɔka nkwagye ho asɛm no
Na tew Yehowa din kɛse no ho.
(NNYESO)
Ka Asɛm no,
Ehia sɛ obiara te!
Ka Asɛm,
Wiase awiei no abɛn.
Ka Asɛm,
Ma ahobrɛasefo nte.
Ka Asɛm,
Wɔ baabiara!
(Hwɛ Mat. 10:7; 24:14; Aso. 10:42; 1 Pet. 3:15 nso.)