Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jr ti 9 kr. 103-113
  • ‘Nhwehwɛ Nneɛma Akɛse Mfa’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Nhwehwɛ Nneɛma Akɛse Mfa’
  • Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NÁ DƐN NE SAA “NNEƐMA AKƐSE” NO?
  • “MEDE WO KRA BƐMA WO SƐ ASADE”
  • SO WOBƐHWEHWƐ “NNEƐMA AKƐSE”?
  • “AHONYADE” SUM AFIRI
  • SO WUBENYA “WO KRA SƐ ASADE”?
  • Baruk—Yeremia Kyerɛwfo Nokwafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Ɛho Hia Sɛ Yɛpaw Ɔkwan Pa No Mprempren
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Yɛn Yiyedi Nti Na Yehowa Hwɛ Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Wo Ne Wo Nuanom Mfa Nnamfo Denneennen Ansa Na Awiei No Aba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
jr ti 9 kr. 103-113

Ti Akron

‘Nhwehwɛ Nneɛma Akɛse Mfa’

1, 2. (a) Dɛn na na ɛhaw Baruk wɔ Yehoiakim ahenni afe a ɛto so anan no mu? (b) Dɛn na Yehowa yɛ de boaa Baruk?

NÁ Yeremia kyerɛwfo nokwafo Baruk abrɛ. Ná ɛyɛ Ɔhene Yehoiakim otirimɔdenfo no ahenni afe a ɛto so anan anaa bɛyɛ afe 625 A.Y.B. mu. Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ ɔnkyerɛw nea Yehowa aka afa Yerusalem ne Yuda ho akyerɛ Yeremia wɔ mfe 23 a na Yeremia de ayɛ n’adwuma besi saa bere no nyinaa wɔ nhoma mmobɔwee mu. (Yer. 25:1-3; 36:1, 2) Baruk ankenkan nhoma mmobɔwee no mu nsɛm ankyerɛ Yudafo no amonom hɔ ara. Ná ɔbɛyɛ saa wɔ afe a edi hɔ no mu. (Yer. 36:9, 10) Nanso, so na biribi rehaw Baruk anaa?

2 Baruk bɔɔ abubuw sɛ: “Minnue, efisɛ Yehowa de ɛyaw aka m’awerɛhow ho! Mabrɛ ne apinisi.” Ebia wo nso woakɔ tebea bi mu ma woaka nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛ woabrɛ pɛn, ebetumi aba sɛ woka ma epuee w’ano anaasɛ wokae wɔ wo koma mu. Ɔkwan a Baruk faa so kaa no biara no, na Yehowa retie. Ná Onyankopɔn a ɔhwehwɛ nnipa komam no nim nea na ama Baruk ahaw, na ofi ayamye mu nam Yeremia so teɛɛ Baruk so. (Monkenkan Yeremia 45:1-5.) Nanso, ebia wubebisa sɛ, dɛn na na ama Baruk abrɛ saa? So na ɛyɛ adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa no anaa ebia tebea a na ɔbɛfa mu ayɛ adwuma no? Dabi, na nea ɛhaw no no wɔ ne koma mu. Enti woahu, na Baruk ‘rehwehwɛ nneɛma akɛse.’ Nneɛma akɛse bɛn na na ɔrehwehwɛ? Sɛ na otie Yehowa afotu na ogye n’akwankyerɛ tom a, dɛn na na Onyankopɔn bɛyɛ ama no? Na dɛn na yebetumi asua afi Baruk asɛm no mu?

NÁ DƐN NE SAA “NNEƐMA AKƐSE” NO?

3. Dɛn na ɛma ɛyɛɛ den maa Baruk sɛ obefi ne koma nyinaa mu ayɛ Onyankopɔn apɛde?

3 Ɛbɛyɛ sɛ na Baruk nim nea na ɛyɛ “nneɛma akɛse” no. Ɔkyerɛwfo no hui sɛ Onyankopɔn ‘ani tua onipa akwan, na n’anammɔn nyinaa ohu.’ (Hiob 34:21) Nea enti a na Baruk te nka sɛ “onni asetena pa” bere a na ɔrekyerɛw Yeremia nkɔmhyɛ nsɛm no mfi n’adwuma no ankasa. Mmom no, na ɛyɛ nneɛma a ɔno ankasa bu no sɛ ɛyɛ kɛse wɔ n’ani so—nea na ɛwɔ ne koma mu no. Esiane sɛ na “nneɛma akɛse” a Baruk rehwehwɛ no agye n’adwene nti, amma wanhu nneɛma a ɛho hia paa no, nneɛma a ɛfa Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ ho no. (Filip. 1:10) Wiase Foforo Nkyerɛase no kyerɛɛ adeyɛ asɛm no ase yiye, ɛka sɛ “worehwehwɛ.” Enti ɛnyɛ ade a odwenee ho da koro, anaa bere tiaa bi mu. Bere a Yehowa bɔɔ Baruk kɔkɔ sɛ onnyae “nneɛma akɛse” a ɔrehwehwɛ no, na wafi ase reyɛ saa dedaw. Ɛwom sɛ na Yeremia kyerɛwfo nokwafo no ne no abom reyɛ Onyankopɔn apɛde de, nanso bere koro no ara mu no, na Baruk rehwehwɛ “nneɛma akɛse” afa.

4, 5. Dɛn nti na ebetumi aba sɛ na edin ne anuonyam ka “nneɛma akɛse” a na Baruk rehwehwɛ no ho, na dɛn nti na kɔkɔbɔ a Yehowa de maa no no fata?

4 Ebetumi aba sɛ, nneɛma a na ama Baruk ahaw no bi ne din a na obegye ne anuonyam a na obenya. Ɛwom sɛ na Baruk yɛ Yeremia kyerɛwfo de, nanso ebetumi aba sɛ na ɛnyɛ Yeremia nkutoo na na Baruk yɛ ne kyerɛwfo. Wɔ Yeremia 36:32 no, wɔfrɛ Baruk sɛ “ɔkyerɛwfo.” Adanse a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu anya kyerɛ sɛ na ɔyɛ ɔpanyin wɔ ahemfie. Nokwarem no, saa abodin no ara na na wɔde frɛ “ɔkyerɛwfo Elisama” a wɔbɔ ne din ka Yuda mpanyimfo no ho no. Eyi ma yehu sɛ na Baruk nso tumi kɔ “ɔkyerɛwfo no adidibea” a na ɛwɔ “ahemfie” hɔ no sɛ Elisama mfɛfo adwumayɛfo no mu biako. (Yer. 36:11, 12, 14) Ɛnde, ebetumi aba sɛ na Baruk yɛ nhomanimfo wɔ ahemfie hɔ. Ná ne nua Seraia yɛ Ɔhene Sedekia apiafohene, na ɔne ɔhene no tuu kwan kɔɔ Babilon kodii dwuma titiriw bi. (Monkenkan Yeremia 51:59.) Esiane sɛ na Seraia yɛ apiafohene nti, ebia ɔno na na ɔhwɛ ma wɔtotɔ nneɛma a ɔhene no behia na ɔhwehwɛ baabi a ɔbɛda bere a ɔretu kwan no; nokwarem no, na ɔwɔ dibea kɛse ampa.

5 Wubetumi ahu nea enti a obi a na ɔwɔ dibea kɛse a ɛte saa no betumi abrɛ sɛ ɔbɛkyerɛw atemmusɛm a etia Yuda ntoatoaso saa. Nokwarem no, na mmoa a Baruk de ma Onyankopɔn diyifo no betumi ama ne dibea ne n’adwuma afi ne nsa. Na susuw nea na ɛbɛto no bere a Yehowa bedwiriw nea na wasi agu no ho hwɛ, sɛnea yɛkenkan ho asɛm wɔ Yeremia 45:4 no. Ná “nneɛma akɛse” a ɛwɔ Baruk adwenem—sɛ́ ɛyɛ anuonyam a na obenya aka nea ɔwɔ wɔ ahemfie hɔ no ho anaa ahonyade—no bɛyɛ nea mfaso biara nni so. Sɛ na Baruk rehwehwɛ dibea wɔ Yudafo nhyehyɛe a na ɛwɔ hɔ saa bere a na ɛrebɛsɛe no mu a, ɛnde na Onyankopɔn wɔ nea enti a na ɔbɛma wagyae nea na ɔrehwehwɛ no akyi di.

6, 7. Sɛ na “nneɛma akɛse” a Baruk rehwehwɛ no yɛ ahonyade a, ɛnde henanom na ɛbɛyɛ sɛ na ɔresuasua wɔn saa bere no?

6 Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na wiase ahonyade ka “nneɛma akɛse” a na Baruk rehwehwɛ no ho. Ná aman a atwa Yuda ho ahyia no de wɔn ho ato agyapade ne ahonyade so kɛse. Moab de ne ho too ne ‘nnwuma ne n’ademude’ so. Amon nso yɛɛ saa ara. Na Yehowa maa Yeremia kaa Babilon ho asɛm sɛ ɛwɔ “ademude pii.” (Yer. 48:1, 7; 49:1, 4; 51:1, 13) Nanso, nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn kasa tiaa saa aman no.

7 Enti, sɛ na agyapade ne sika na na Baruk rehwehwɛ a, ɛnde wubetumi ahu nea enti a Yehowa bɔɔ no kɔkɔ wɔ ho no. Sɛ na Onyankopɔn ‘teɛ ne nsa ka’ Yudafo no a, na wɔn afie ne wɔn nsase bɛkɔ akodi wɔn atamfo nsam. (Yer. 6:12; 20:5) Fa no sɛ na woka Baruk beresofo no ho a wote Yerusalem. Wo man mufo dodow no ara—a wɔn a wɔka ho bi ne mpanyimfo, asɔfo, ne ɔhene no ankasa—te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔne Babilonfo a wɔrebɛtow ahyɛ mo so no ko. Nanso, wotee asɛm a Yeremia kae yi sɛ: “Babilon hene na monsom no, na moatena nkwa mu.” (Yer. 27:12, 17) Sɛ na wowɔ agyapade akɛse pii wɔ kurow no mu a, so anka ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wubetie akwankyerɛ a Onyankopɔn de ama no? So sɛnea w’ani gye saa nneɛma no ho no bɛma woatie kɔkɔbɔ a Yeremia de mae no anaasɛ anka wobɛyɛ nea na nnipa dodow no ara reyɛ no bi? Nokwasɛm ne sɛ, wɔsesaa nneɛma a ɛsom bo a ɛwɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa ne nea na ɛwɔ asɔrefie hɔ kɔɔ Babilon. Enti na mfaso biara nni so sɛ obi bɛbrɛ ne ho ahwehwɛ ahonyade. (Yer. 27:21, 22) So yebetumi asua biribi afi saa asɛm no mu?

Ɔkwan bɛn so na Yehowa fi ayamye mu teɛɛ Baruk so wɔ “nneɛma akɛse” a na ɔrehwehwɛ no ho? Dɛn nti na wususuw sɛ nyansa wom sɛ wubegye nteɛso a Onyankopɔn de ma atom?

“MEDE WO KRA BƐMA WO SƐ ASADE”

8, 9. Dɛn nti na wobɛka sɛ Baruk kra a onyae sɛ asade no yɛ ade kɛse?

8 Afei susuw saa asɛm yi ho hwɛ: Dɛn na na Baruk benya afi Onyankopɔn akwankyerɛ a na obetie no mu? Ɛyɛ ne kra! Ɔkwan biara so no, na obenya ne kra “sɛ asade.” (Monkenkan Yeremia 45:5.) Nnipa kakraa bi pɛ na wonyaa wɔn ti didii mu. Ná ɛyɛ henanom? Ɛyɛ wɔn a wotiee akwankyerɛ a Onyankopɔn de mae sɛ wɔmfa wɔn ho nkɔma Kaldeafo no. (Yer. 21:9; 38:2) Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘So na nea wɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ de yɛ osetie nyinaa ni?’

9 Wo de, twa nea na ɛrekɔ so wɔ Yerusalem bere a Babilonfo betwaa kurow no ho hyiae ho mfonini hwɛ. Yerusalem a wotwaa ho hyiae saa no maa kurow no mu fii ase yɛɛ bagyabagya. Ná ɛnte sɛ Sodom a wɔsɛee no prɛko pɛ no. Ɔkwan bi so no, yebetumi aka sɛ na Yerusalem sɛe no mu yɛ den sen Sodom de no. (Kwa. 4:6) Nkɔmhyɛ a Baruk yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no kae sɛ na ɔkɔm ne ɔyaredɔm bekunkum Yerusalemfo no na wɔawuwu wɔ nkrante ano. Afei, ɛbɛyɛ sɛ ohuu saa nkɔmhyɛ no mmamu. Aduan a na ɛwɔ Yerusalem no sae koraa. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ ahometew sɛ wobɛtena kurow bi a ɛnanom a wɔyɛ nkurɔfo a wɔwɔ “ayamhyehye” bɛnoa wɔn ankasa mma na wɔawe wɔn nam no mu! (Kwa. 2:20; 4:10; Yer. 19:9) Nanso, Baruk nyaa ne ti didii mu. Nokwarem no, wɔ basabasayɛ a ɛte saa mu no, na nkwa ankasa yɛ asade te sɛ abasobɔde a wɔde ma wɔn a wodi nkonim wɔ ɔko mu no. Ɛda adi sɛ Baruk tiee afotu a Onyankopɔn de maa no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔhwehwɛ “nneɛma akɛse” no, na ɔde yɛɛ adwuma. Na onyaa Yehowa anim dom, efisɛ onyaa ne ti didii mu.—Yer. 43:5-7.

Kratafa 107 mfonini

SO WOBƐHWEHWƐ “NNEƐMA AKƐSE”?

10, 11. Ɔkwan bɛn so na Baruk ho asɛm no fa yɛn bere yi ne yɛn ankasa ho?

10 Ɛwom sɛ na Baruk ayere ne ho reyɛ Onyankopɔn apɛde denneennen de, nanso bere bi mu no, na “nneɛma akɛse” a ɔrehwehwɛ no retwetwe no. Yehowa bɔɔ no kɔkɔ wɔ asiane a ɛwɔ nea na ɔrehwehwɛ mu no ho, na ɛboaa no ma wansɛe abusuabɔ a ɔne Onyankopɔn wɔ no, na onyaa ne ti didii mu. So yɛn nso biribi betumi atwetwe yɛn sɛnea ɛtwetwee Baruk no, na ebia akɔnnɔ bi a ɛwɔ yɛn koma mu tɔnn agye yɛn adwene bere a yɛayere yɛn ho denneennen resom Yehowa no?

11 Wɔ Baruk fam no, ɛbɛyɛ sɛ edin a na ɔpɛ sɛ ogye no yɛɛ sɔhwɛ maa no paa. So wubetumi atwa Baruk ho mfonini sɛ ɔrebisa ne ho sɛ: ‘So metumi akɔ so ayɛ m’adwuma sɛ “ɔkyerɛwfo”? So metumi mpo anya dibea a ɛkorɔn?’ Na yɛn nso ɛ? Bisa wo ho sɛ, ‘So mewɔ “nneɛma bi a mede asi m’ani so,” ebia nneɛma bi a ɛwɔ me koma mu a obiara nnim, wiase adwuma bi a ɛbɛma madi yiye seesei anaa daakye?’ Kristofo binom a wɔyɛ mmabun betumi abisa wɔn ho sɛ, ‘So edin ne anuonyam a merehwehwɛ betumi atwetwe me ma masua nhoma akɔ akyiri de ahwehwɛ “nneɛma akɛse” ama me ho?’

12. Dɛn na onua bi yɛe de hwehwɛɛ nneɛma akɛse maa Yehowa, na wudwen gyinae a osii no ho dɛn?

12 Bere a onua bi a seesei ɔresom wɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti no dii mfe 15 no, onyaa hokwan a na ɛbɛma wɔahwɛ no kwa wɔ sukuupɔn mu. Wannye hokwan no antom, na ɛyɛɛ n’akyerɛkyerɛfo yaw, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ akwampae adwuma mmom. Nanso, na n’ani da so ara gye nhomasua ho. Ɔkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ supɔw bi a atew ne ho so. Ɛhɔ no, na ɛsɛ sɛ osua kasa a nnipa 10,000 ne kakra na wɔka. Ná wonni nsɛm asekyerɛ nhoma wɔ saa kasa no mu, enti ɔno ankasa boaboaa nsɛmfua bi ne ne nkyerɛase ano. Awiei koraa no, ɔtee kasa no yiye, na wɔmaa no kyerɛɛ Kristofo nhoma no bi ase kɔɔ saa kasa no mu. Akyiri yi, nsɛmfua ne ne nkyerɛase a ɔboaboaa ano no na wogyinaa so yɛɛ nsɛm asekyerɛ nhoma a edi kan wɔ saa kasa no mu. Bere bi, ɔka kyerɛɛ nnipa pii a na wɔwɔ ɔmantam nhyiam bi ase sɛ: “Sɛ mepenee so kɔɔ sukuupɔn no a, anka abodin biara a menya wɔ nhomasua mu no bɛhyɛ m’ankasa anuonyam. Nanso, minni abodin krataa biara wɔ wiase nhomasua mu. Enti minnye nea mayɛ no ho anuonyam biara. Anuonyam no nyinaa kɔ Yehowa hɔ.” (Mmeb. 25:27) Wudwen gyinae a osii bere a na wadi mfe 15 no ho dɛn? Mfe pii a atwam no, wanya ɔsom hokwan pii wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Na wo nso ɛ? Dɛn na wopɛ sɛ wode ɔdom akyɛde a wowɔ no yɛ? Sɛ́ anka wobɛhwehwɛ anuonyam ama wo ho no, so woasi wo bo sɛ wode ɔdom akyɛde a wowɔ no beyi Yehowa ayɛ?

13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo binom dwinnwen sɔhwɛ a Baruk hyiae no ho?

13 Asiane foforo bi wɔ hɔ: sɛ́ yɛbɛhwehwɛ “nneɛma akɛse” ama yɛn adɔfo anaasɛ ebia yɛbɛfa yɛn adɔfo a yebetumi apiapia wɔn no so ayɛ saa. Ebia woahu awofo bi a wɔnyɛ Yehowa asomfo a wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ba bedi yiye wɔ asetenam asen wɔn anaasɛ ɔbɛyɛ obi a wobetumi de no ahoahoa wɔn ho. Ebia woate sɛ ebinom ka sɛ: “Mempɛ sɛ me ba bɛbrɛ te sɛ nea merebrɛ yi,” anaa “mepɛ sɛ me ba kɔ sukuupɔn sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremmrɛ wɔ asetena mu.” Awofo a wɔyɛ Kristofo betumi anya adwene a ɛte saa. Obi betumi aka sɛ, ‘Me de, ɛnyɛ nneɛma akɛse na merehwehwɛ.’ Nanso obetumi ayɛ ne ho ohintaduakyi, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, obetumi afa ne babarima anaa ne babea so ahwehwɛ nneɛma akɛse. Sɛnea na Baruk betumi afa ne dibea anaa n’adwuma so ahwehwɛ sɛ obegye din no, saa ara na wɔ ɔwofo bi komam no, obetumi afa nea ne mma atumi ayɛ so ahwehwɛ sɛ obegye din. Nanso, so nea “ɔhwehwɛ koma mu” no renhu eyi sɛnea ohuu Baruk de no? (Mmeb. 17:3) So ɛnsɛ sɛ yɛka kyerɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwehwɛ yɛn nsusuwii a ɛwɔ yɛn koma mu tɔnn mu sɛnea Dawid yɛe no? (Monkenkan Dwom 26:2; Yeremia 17:9, 10.) Yehowa betumi afa akwan pii te sɛ Baruk ho asɛm a yɛresusuw ho yi so abɔ yɛn kɔkɔ wɔ asiane a ɛwɔ “nneɛma akɛse” a yɛbɛhwehwɛ ho.

Dɛn ne ɔkwan biako a ɛbɛyɛ sɛ na Baruk refa so ahwehwɛ “nneɛma akɛse”? Na asuade bɛn na woanya wɔ saa asɛm yi mu?

“AHONYADE” SUM AFIRI

14, 15. Ɔkwan bɛn so na ahonyade betumi ayɛ “nneɛma akɛse” ama yɛn?

14 Fa no sɛ na “nneɛma akɛse” a Baruk rehwehwɛ no yɛ ahonyade. Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, sɛ na Baruk de ne koma ato nneɛma a ɔwɔ ne n’agyapade a ɛwɔ Yuda no so kɛse a, ebia anka ɛbɛyɛ den ama no sɛ obetie Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ wɔmfa wɔn ho nkɔma Kaldeafo no. Ebia woahu sɛ ɔdefo taa de ne ho to ‘n’ahoyade’ so, nanso Bible ka sɛ ahobammɔ a nneɛma a ɛte saa de ma no “wɔ n’ani so” kɛkɛ. (Mmeb. 18:11) Sɛ Yehowa asomfo nyinaa kae ahonyade ho adwene a ɛfata a wɔada no adi wɔ n’Asɛm mu no a, wobetumi anya so mfaso. (Monkenkan Mmebusɛm 11:4.) Nanso, ebinom betumi anya adwene sɛ, ‘Dɛn nti na memmfa wiase yi mu nneɛma nnye m’ani kakra?’

15 Sɛ Kristoni de ne koma to nneɛma a ɔwɔ so a, ebetumi ama ne kɔn adɔ nneɛma a ɛwɔ wiase a ɛretwam mu no. Yeremia anaa Baruk amma wɔn kɔn annɔ nneɛma a na ɛretwam no. Mfe bi akyi no, Yesu de kɔkɔbɔ maa nkurɔfo a bere a “wobeyi onipa Ba no adi no” na wɔte ase no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkae Lot yere no.” Saa ara na ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wɔbɛka akyerɛ Kristofo sɛ: ‘Monkae Yeremia ne Baruk.’ (Luka 17:30-33) Sɛ yɛde yɛn koma to honam fam nneɛma so denneennen a, ebetumi ayɛ den sɛ yebetie Yesu asɛm no. Nanso, mma wo werɛ mmfi sɛ, Baruk tiee kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de mae no, ma enti, onyaa nkwa.

16. Ka tebea bi a Onyankopɔn asomfo daa no adi sɛ wɔwɔ adwene a ɛfata wɔ honam fam nneɛma ho no ho asɛm.

16 Wo de, susuw tebea a anuanom a wɔwɔ Romania kɔɔ mu bere a na wɔwɔ Komunis nniso ase no ho hwɛ. Sɛ na aban nkurɔfo kɔhwehwɛ Adansefo no afie mu a, ɛtɔ mmere bi a na wogye wɔn nneɛma, titiriw, nneɛma a na wobetumi atɔn. (Kwa. 5:2) Ná anuanom mmarima ne mmea pii a wɔwɔ saa nniso no ase no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛma kwan ma wɔafa wɔn nneɛma. Bere a wotuu wɔn fii baabi a wɔte de wɔn kɔtenaa baabi foforo no, na ɛsɛ sɛ wɔn mu binom gyaw wɔn nneɛma ne wɔn agyapade hɔ; nanso, wɔkɔɔ so kuraa wɔn mũdi mu maa Yehowa. Sɛ wuhyia sɔhwɛ a ɛte saa a, so wobɛma wo koma a wode ato honam fam nneɛma so no asɛe nokware a wobɛkɔ so adi ama Onyankopɔn no?—2 Tim. 3:11.

Kratafa 111 mfonini

17. Ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ sɛ Yeremia ne Baruk beresofo binom boaa wɔn?

17 Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Yeremia ne Baruk nyaa mmoa fii wɔn beresofo binom hɔ. Sefania yɛɛ ne nkɔmhyɛ adwuma no wɔ Yosia ahenni mu, bere a na Yeremia resom sɛ odiyifo no. Adwene bɛn na na Yeremia benya wɔ asɛm a ɛwɔ Sefania 1:18 no ho? (Monkenkan.) Wo de, yɛ ho mfonini sɛ Yeremia ne Baruk resusuw saa asɛm a efi Onyankopɔn hɔ no ho hwɛ. Yeremia beresoni foforo ne Hesekiel a wɔde no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon wɔ afe 617 A.Y.B. mu no. Ná nneɛma a Hesekiel yɛe ne nsɛm a ɔkae no bi fa Yudafo a na wɔda so wɔ wɔn asase so no ho tẽẽ, enti ɛbɛyɛ sɛ Yeremia tee nea Hesekiel kae ne nea ɔyɛe no ho asɛm, na saa ara nso na ɛbɛyɛ sɛ Hesekiel nso tee nea Yeremia kae ne nea ɔyɛe no ho asɛm. Ɛbɛyɛ sɛ na asɛm a ɛwɔ Hesekiel 7:19 no ka nsɛm a Yeremia tee no ho. (Monkenkan.) Sɛnea na Yeremia ne Baruk betumi anya saa nsɛm a efi Onyankopɔn hɔ no so mfaso no, saa ara na yɛn nso yebetumi anya so mfaso. Nkurɔfo bɛfrɛ wɔn anyame sɛ wonnye wɔn Yehowa da no. Nanso, wɔn anyame anaa wɔn ahode rentumi nnye wɔn.—Yer. 2:28.

SO WUBENYA “WO KRA SƐ ASADE”?

18. Hena “kra” na yɛpɛ sɛ yenya sɛ asade, na yɛbɛyɛ dɛn atumi anya?

18 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛn “kra” na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma yɛn sɛ asade. Sɛ mpo n’asomfo kakra wuwu wɔ ɔtaa a ebia ɛbɛba wɔ “ahohiahia kɛse” no mu bere a akekaboa no mmɛn a egyina hɔ ma amanyɔfo no sɔre tia nyamesom no a, saa anokwafo no bɛsan aba nkwa mu. Ɔkwan biara so no, wɔn “kra” bɛtena ase bio, na wɔanya “nkwa ankasa” wɔ wiase foforo no mu. (Adi. 7:14, 15; 1 Tim. 6:19) Nanso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn asomfo dodow no ara a wobedi nokware saa bere no betwa ahohiahia kɛse no. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ Onyankopɔn de mmusu ba amanaman no so a, obiara a odi nokware renka “wɔn a Yehowa bekunkum wɔn” no ho.—Yer. 25:32, 33.

Kratafa 113 mfonini

Paw nea mfaso wɔ so ankasa (Fa toto kratafa 46 ho.)

19. Akwan bɛn so na Yeremia ne Baruk ho nsɛm a yɛasusuw ho no ahyɛ wo den ma woasi wo bo sɛ worenhwehwɛ “nneɛma akɛse” mfa?

19 Ebia ebinom abam betumi abu sɛ wɔn “kra” nkutoo na wobenya sɛ asade, nanso ɛnsɛ sɛ ɛno ma wɔn abam bu koraa. Kae sɛ bere a na ɔkɔm rekum Yerusalemfo no, Yehowa koraa Yeremia nkwa so. Ɔkwan bɛn so? Ɔhene Sedekia de Yeremia too afiase wɔ Awɛmfo Aban mu, na ɔma wɔmaa no “paanoo a efi paanootofo borɔn so daa kosii sɛ kurow no mu paanoo nyinaa sae.” (Yer. 37:21) Yeremia nyaa ne ti didii mu! Yehowa betumi afa ɔkwan biara a ɔpɛ so ahwɛ ne nkurɔfo. Na ɔbɛhwɛ ne nkurɔfo ɔkwan biara so, efisɛ daa nkwa ho anidaso a wɔwɔ no bɛbam ɔkwan biara so. Esiane sɛ Baruk ‘anhwehwɛ nneɛma akɛse’ nti, onyaa ne ti didii mu wɔ Yerusalem sɛe no mu. Saa ara na yɛn nso yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya nkwa wɔ Harmagedon na yɛde yɛn “kra” a yɛanya sɛ asade a ɛbɛma yɛatumi atena ase daa no ayi Yehowa ayɛ.

Dɛn nti na nyansa wom sɛ yɛrenhwehwɛ “nneɛma akɛse” nnɛ na mmom yɛhwɛ kwan sɛ yebenya yɛn “kra” sɛ asade?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena