Ti Dumiɛnsa
“Yehowa Ayɛ Nea Osusuwii No”
1. Bere a wɔsɛee Yerusalem wiei koraa no, dɛn na Yeremia ka faa Yehowa nkɔmhyɛ ahorow ho?
YERUSALEM adan amamfõ. Ogya a Babilonfo twa too kurow no mu no gu so refi wusiw. Ná Yeremia betumi ate sɛnea nnipa a wɔrekunkum wɔn no reteɛteɛm denneennen no. Ná Onyankopɔn aka nea ebesi akyerɛ no, na nea ɔka kyerɛɛ no no baa mu pɛpɛɛpɛ. Odiyifo no bɔɔ abubuw kae sɛ: “Yehowa ayɛ nea osusuwii no.” Hwɛ sɛnea na Yerusalem sɛe no yɛ awerɛhow fa!—Monkenkan Kwadwom 2:17.
2. Nkɔm bɛn na wɔhyɛ too hɔ mfehaha pii a Yeremia huu ne mmamu?
2 Nokwarem no, Yeremia huu nkɔm ahorow pii a ɔhyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo no ne nkɔm a na wɔahyɛ ato hɔ teteete no nyinaa mmamu. Mfehaha pii a na atwam no, Mose kaa nea sɛ na Israelfo no tie Onyankopɔn anaasɛ wɔantie no a ɛbɛto wɔn no—“nhyira” anaa “nnome”—ho asɛm. Ná Yehowa pɛ sɛ esi ne nkurɔfo no yiye na wonya nhyira. Nanso, sɛ na wɔyɛ asoɔden a, na nnome a ɛbɛba wɔn so no bɛyɛ hu. Mose bɔɔ wɔn kɔkɔ, na akyiri yi Yeremia tĩĩ mu sɛ, wɔn a wobebu wɔn ani agu Yehowa so na wɔasɔre atia no no ‘bɛwe wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nam.’ (Deut. 30:19, 20; Yer. 19:9; Lev. 26:29) Ebia na ebinom bebisa sɛ, ‘So asɛm a ɛyɛ hu saa betumi asi ankasa?’ Asɛm a ɛte saa sii bere a Babilonfo betwaa Yerusalem ho hyiae na aduan ho yɛɛ den no. Yeremia bɔɔ amanneɛ sɛ: “Mmea a wɔwɔ ayamhyehye mpo de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma. Wɔbɛyɛɛ awerɛkyekye aduan, me man babea sɛe bere no.” (Kwa. 4:10) Awerɛhosɛm bɛn ni!
3. Dɛn nti na Onyankopɔn somaa adiyifo kɔɔ ne nkurɔfo nkyɛn?
3 Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ ɔsɛe a ɛreba ho asɛm a na wɔbɛka akyerɛ nkurɔfo kɛkɛ nti na Yehowa somaa adiyifo bi te sɛ Yeremia. Ná Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkurɔfo san bɛsom no wɔ nokware mu. Ná ɔpɛ sɛ abɔnefo sakra wɔn adwene. Esra ma yehu saa asɛm yi. Ɔkae sɛ: “Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn mpɛn pii, efisɛ ohuu ne man ne ne tenabea mmɔbɔ.”—2 Be. 36:15; monkenkan Yeremia 26:3, 12, 13.
4. Yeremia tee nka dɛn wɔ asɛm a na ɔreka no ho?
4 Sɛnea Yehowa huu ne nkurɔfo mmɔbɔ no, saa ara na Yeremia nso huu wɔn mmɔbɔ. Wubetumi ahu eyi afi asɛm a ɔkae ansa na wɔresɛe Yerusalem no mu. Ɔsɛe a na ɛreba no ho asɛm haw no paa. Sɛ na nkurɔfo no tie asɛm a Yeremia reka no na wɔyɛ ho biribi nkutoo a na na saa amanehunu no betumi apare wɔn! Wo de, susuw sɛnea na Yeremia te nka bere a na ɔreka Onyankopɔn asɛm no ho hwɛ. Ɔteɛɛm sɛ: “Me nsono mu oo, me nsono mu! Mete yaw me komam. Me koma repere wɔ me mu. Mintumi nyɛ komm, efisɛ me kra ate abɛn nnyigyei, ɔko torobɛnto.” (Yer. 4:19) Mmusu a ɛreba no nti, na ɔrentumi nka n’ano ntom.
DƐN NA ƐMA OTUMI NYAA AHOTOSO?
5. Dɛn na ɛmaa Yeremia nyaa ahotoso wɔ asɛm a na ɔreka no mu?
5 Dɛn na ɛmaa Yeremia tumi nyaa ahotoso sɛ nkɔm a na ɔrehyɛ no bɛba mu? (Yer. 1:17; 7:30; 9:22) Ná ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidi a wasua Kyerɛwnsɛm no ahu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ nkɔm a ɛba mu. Abakɔsɛm di adanse sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde ka nsɛm a ebesisi, a wɔ nnipa ani so no, ɛte sɛ nea ɛrenyɛ yiye. Ebi ne Israelfo a oyii wɔn fii Egypt nkoasom mu no. Ná Yeremia nim nsɛm a ɛwɔ Exodus nhoma no mu ne asɛm a obi a ɔde n’ani huu nea esii no kae no. Ná Yosua akae ne mfɛfo Israelfo no sɛ: “Munim mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ nsɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn aka akyerɛ mo no mu asɛm biako mpo ntɔɔ fam. Ne nyinaa aba mu; biako mpo ntɔɔ fam.”—Yos. 23:14.
6, 7. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wususuw nkɔm ahorow a Yeremia hyɛe no ho? (b) Dɛn na ɛbɛboa wo ma woanya asɛm a woreka no mu ahotoso?
6 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so susuw nkɔm ahorow a Yeremia hyɛe no ho? Nea edi kan, na Yeremia wɔ nea enti a ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛma ne nsɛm aba mu. Nea ɛto so abien, nkɔm a Onyankopɔn nam Yeremia so hyɛe no bi renya mmamu seesei, na afoforo nso bɛba mu akyiri yi. Nea ɛto so abiɛsa, nkɔm pii a Yeremia hyɛe wɔ Onyankopɔn din mu, ɛne nsi a ɔde kaa asɛm no ma ɔyɛɛ Onyankopɔn somfo a ɔda nsow koraa. Nhomanimfo bi kae sɛ: “Sɛ mpo yɛde Yeremia toto adiyifo foforo ho a, Yeremia da mu fua.” Ná wobu Yeremia sɛ odiyifo titiriw wɔ sɛnea Onyankopɔn ne ne nkurɔfo dii mu ma enti bere a na Yesu reka asɛm no, wɔn a wotiee no no mu bi susuwii sɛ ɔyɛ Yeremia.—Mat. 16:13, 14.
7 Wo nso wote bere bi a Bible nkɔmhyɛ atitiriw renya mmamu mu sɛnea na ɛte wɔ Yeremia bere so no. Na sɛnea Yeremia kɔɔ so nyaa ahotoso sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam no, saa ara na ɛsɛ sɛ wo nso wunya mu ahotoso. (2 Pet. 3:9-14) Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛne sɛ wobɛkɔ so anya ahotoso sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu no bɛbam ɔkwan biara so. Ne saa nti, wɔ saa ti yi mu no, yebesusuw nkɔm ahorow bi a wɔmaa Yeremia hyɛe na ohuu ne mmamu ho. Na yebesusuw afoforo a enyaa mmamu akyiri yi nso ho. Na afoforo nso renya mmamu nnɛ a ɛfa wo ho ne nea ɛbɛfa wo daakye nso ho. Ma nkɔmhyɛ ahorow a yɛrebesusuw ho no nhyɛ ahotoso a wowɔ wɔ nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Yehowa Asɛm no mu no mu den sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma woagye adi paa sɛ ‘ɔbɛyɛ nea osusuwii no.’—Kwa. 2:17.
Dɛn nti na Onyankopɔn somaa adiyifo? Dɛn nti na wowɔ ahotoso sɛ nkɔm ahorow a wɔahyɛ afa ɔsɛe a ɛreba ho no bɛba mu?
NKƆM AHOROW A YEREMIA HYƐE NA OHUU NE MMAMU
8, 9. Ade biako bɛn na ɛma Bible yɛ nhoma a ɛda nsow?
8 Nnipa pii wɔ hɔ a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ nea ɛbɛba daakye. Wo de, susuw sikasɛm ho abenfo, amanyɔfo, ahonhonsɛmdifo, ne wim nsakrae ho animdefo ho hwɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ, woahu sɛnea ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛkyerɛ nneɛma nketenkete a ebesisi daakye—ebia nea ebesi nna anaa adapɛn kakraa bi ntam—ma aba mu pɛpɛɛpɛ. Nanso, nneɛma a ɛma Bible da nsow no mu biako ne sɛnea emu nkɔmhyɛ bam pɛpɛɛpɛ no. (Yes. 41:26; 42:9) Nkɔm ahorow a Yeremia hyɛe no nyinaa, sɛ́ ɛyɛ nea na ɛbɛba mu bere tiaa bi akyi anaa daakye no, yɛ nea na ɛbɛba mu pɛpɛɛpɛ. Nkɔm a ɔhyɛe no mu pii fa ankorankoro ne aman bi ho. Momma yenni kan nsusuw emu bi a enyaa mmamu wɔ Yeremia bere so no ho nhwɛ.
9 Hena na ɔwɔ hɔ nnɛ a obetumi akyerɛ nea ɛbɛba wiase wɔ afe anaa mfe abien ntam? Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔhwehwɛ amanaman ntam nsɛm mu no mu hena na obetumi aka sɛ aban bi begu ma foforo aba ma abam pɛpɛɛpɛ? Nanso, Onyankopɔn honhom kaa Yeremia ma ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Babilon tumidi mu bɛtrɛw. Ɔkae sɛ Babilon yɛ “sika kuruwa” a Yehowa nam so behwie n’abufuhyew agu Yuda ne nkurow ne nkurɔfo a wɔbemmɛn hɔ no so, na wɔahyɛ wɔn de wɔn akɔ nkoasom mu. (Yer. 51:7) Ɛbaa mu saa pɛpɛɛpɛ maa Yeremia ne ne beresofo no hui.—Fa toto Yeremia 25:15-29; 27:3-6; 46:13 ho.
10. Dɛn na Yehowa kae sɛ ɛbɛto Yuda ahemfo baanan bi?
10 Yehowa san nam Yeremia so kyerɛɛ nea na ɛbɛto Yuda ahemfo baanan bi. Onyankopɔn ka faa Yehoahas, anaa Salum a ɔyɛ Ɔhene Yosia ba no ho sɛ wɔde no bɛkɔ nkoasom mu na ɔrensan mma Yuda bio. (Yer. 22:11, 12) Saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae. (2 Ahe. 23:31-34) Onyankopɔn kae sɛ na wobesie Yehoiakim a obedii Yehoahas ade no “sɛnea wosie afurum.” (Yer. 22:18, 19; 36:30) Bible nka ɔkwan pɔtee a Yehoiakim faa so wui anaa nea wɔde yɛɛ n’amu ho asɛm, nanso ɛka sɛ ne ba Yehoiakin dii n’ade bere a wotwaa Yerusalem kurow no ho hyiae no. Yeremia ka too hɔ sɛ na Yehoiakin (a wɔsan frɛ no Konia ne Yekonia no) bɛkɔ nkoasom mu wɔ Babilon, na ɛhɔ na obewu. (Yer. 22:24-27; 24:1) Ɛno nso baa mu. Na dɛn na ɛtoo Sedekia a na ɔyɛ ɔhene a otwa to no? Yeremia hyɛɛ nkɔm sɛ wɔde Sedekia bɛhyɛ n’atamfo nsa, na wɔrennya ayamhyehye biara mma no. (Yer. 21:1-10) Dɛn na esii? Saa atamfo no kyeree no. Wokunkum ne mmabarima wɔ n’anim, wɔbobɔɔ n’ani, na wɔde no kɔɔ Babilon ma okowui wɔ hɔ. (Yer. 52:8-11) Nokwarem no, saa nkɔmhyɛ yi nyinaa baa mu.
11. Ná hena ne Hanania, na dɛn na Yehowa ka faa no ho?
11 Yɛkenkan wɔ Yeremia ti 28 sɛ, wɔ Sedekia nniso no mu no, Hanania a ɔyɛ odiyifo torofo no kae sɛ nsɛm a Yehowa nam Yeremia so aka sɛ Babilon bedi Yerusalem so no nyɛ nokware. Hanania antie Onyankopɔn asɛm, na mmom ɔkae sɛ, wobebubu nkoasom kɔndua a Nebukadnesar de ato Yuda ne aman foforo so no mu. Nanso, Yehowa maa Yeremia paa Hanania atosɛm no ho ntama, na otĩĩ mu kae sɛ, ɛsɛ sɛ aman pii som Babilonfo, na ɔka kyerɛɛ odiyifo torofo no sɛ obewu wɔ saa afe no mu. Na saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae.—Monkenkan Yeremia 28:10-17.
12. Dɛn na Yeremia beresofo no mu dodow no ara yɛe wɔ asɛntitiriw a na ɛwɔ nkɔm a ɔhyɛe no mu no ho?
12 Nokwasɛm ne sɛ, asɛntitiriw a na ɛwɔ nkɔm a Onyankopɔn nam Yeremia so hyɛe no mu no fa Yerusalem ankasa a na wɔbɛsɛe no no ho. Yeremia bɔɔ Yudafo no kɔkɔ mpɛn pii sɛ sɛ wɔansakra amfi wɔn abosonsom, ntɛnkyea, ne awudisɛm no ho a, wɔbɛsɛe kurow no. (Yer. 4:1; 16:18; 19:3-5, 15) Ná Yeremia beresofo no mu pii susuw sɛ Yehowa renyɛ ade a ɛte saa da. Ná Onyankopɔn asɔrefie no si Yerusalem. Enti na ɛbɛyɛ dɛn na wama kwan ma wɔasɛe saa kurow kronkron no? Wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ ɛrentumi mma saa da. Nanso, wunim sɛ Yehowa nni atoro. Ɔyɛɛ nea na wasusuw no.—Yer. 52:12-14.
Awofo: Mo ne mo mma nsusuw nhwɛso a Rekabfo, Ebed-Melek, ne Baruk yɛe no ho mfa nhyɛ wɔn gyidi den
13. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛn bere yi ne Yeremia bere so di nsɛ? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma ɛbɔ ahorow a Onyankopɔn hyɛɛ ankorankoro bi a na wɔwɔ Yeremia bere so no ho hia wo?
13 Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ hu sɛ tebea a wɔwom no te sɛ nea na Yehowa asomfo anokwafo a wɔwɔ Yeremia bere so wom no. Yenim sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa de mmusu aba wɔn a wontie ne kɔkɔbɔ no nyinaa so. Nanso, ne nkɔmhyɛ ne ne bɔhyɛ ahorow betumi ama yɛanya awerɛkyekye, sɛnea ɛkyekyee Yudafo a wɔkɔɔ so de wɔn ho hyɛɛ nokware som mu werɛ wɔ Yeremia bere so no. Esiane sɛ Rekabfo no dii Yehowa nokware na wodii wɔn agya ahyɛde so nti, Onyankopɔn kae sɛ wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Yerusalem sɛe no mu. Na wonyaa wɔn ti didii mu. “Rekab ba Malkiya” a ɔboa ma wosiesiee Yerusalem bere a na Nehemia yɛ amrado no din a wɔbɔe akyiri yi no betumi ayɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Rekabfo no nyaa wɔn ti didii mu ampa. (Neh. 3:14; Yer. 35:18, 19) Yehowa maa Ebed-Melek awerɛhyem sɛ ɔno nso benya ne ti adidi mu efisɛ ɔde ne ho too Onyankopɔn so na ɔboaa Yeremia. (Yer. 38:11-13; 39:15-18) Saa ara nso na Onyankopɔn hyɛɛ Yeremia yɔnko Baruk bɔ sɛ wɔde ne ‘kra bɛma no sɛ asade.’ (Yer. 45:1, 5) Adwene bɛn na saa nkɔmhyɛ ahorow a ɛbaa mu no ama woanya? Sɛ wudi nokware a, wususuw sɛ dɛn na Yehowa bɛyɛ ama wo?—Monkenkan 2 Petro 2:9.
Ɔkwan bɛn so na nim a na Ebed-Melek, Baruk, ne Rekabfo no nim sɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛ ahorow bam bere nyinaa no boaa wɔn? Wote nka dɛn wɔ nkɔmhyɛ ahorow a ɛte saa no ho?
NKƆMHYƐ AHOROW A ENYAA MMAMU AKYIRI YI
14. Dɛn nti na nkɔm a Onyankopɔn hyɛ faa Babilon ho no yɛ nwonwa?
14 Onyankopɔn hyɛɛ nkɔm sɛ ɛnyɛ Yuda nko na Nebukadnesar bɛko adi so nkonim na mmom ɔbɛko afa Egypt nso. (Yer. 25:17-19) Ná ɛte sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye koraa efisɛ na Egypt wɔ tumi kɛse, na na edi Yuda mpo so tumi. (2 Ahe. 23:29-35) Bere a wɔsɛee Yerusalem no, Yudafo a wɔkaa hɔ no yɛɛ wɔn adwene sɛ wobefi wɔn asase so akɔpɛ ahobammɔ wɔ Egypt. Ná wɔpɛ sɛ wɔkɔ Egypt ɛmfa ho sɛ na Yehowa abɔ wɔn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkɔ hɔ no. Ná Yehowa aka akyerɛ wɔn sɛ sɛ wɔkɔ so tena Yuda a, obehyira wɔn. Nanso, sɛ na woguan kɔ Egypt a, na nkrante a wosuro no bɛtoa wɔn wɔ hɔ. (Yer. 42:10-16; 44:30) Sɛ́ ebia Yeremia hui sɛ Babilonfo tow hyɛɛ Egypt so no de, wanka ho asɛm wɔ nhoma ahorow a ɔkyerɛwee no mu. Nea yenim ne sɛ Yehowa nkɔmhyɛ ahorow no baa mu wɔ Israelfo a woguanee no so bere a Babilonfo ko faa Egypt wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu mfiase no.—Yer. 43:8-13.
15, 16. Ɔkwan bɛn so na asɛm a Onyankopɔn ka faa ahofadi a na ne nkurɔfo benya ho no baa mu?
15 Yeremia san hyɛɛ Babilon a ɛko dii Egypt so nkonim no sɛe nso ho nkɔm. Aka mfe ɔha ma wɔasɛe Babilon no, Yeremia hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe no prɛko pɛ, na saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae. Ɔkwan bɛn so? Onyankopɔn diyifo no hyɛɛ nkɔm sɛ Babilon nsu a ɛbɔ ne ho ban no ‘bɛyow,’ na wɔn nnɔmmarima renko. (Yer. 50:38; 51:30) Saa nkɔmhyɛ ahorow no mu nsɛm nyinaa baa mu bere a Mediafo ne Persiafo danee Eufrate Asubɔnten no ani kyerɛɛ baabi, na wɔfaa subɔnka no mu bɔ wuraa Babilon kurow no mu bere a na wɔn ani nna wɔn ho so no. Ade foforo nso a ɛho behia sɛ wususuw ho ne ka a wɔkae sɛ kurow no bɛdan amamfõ a obiara rentena hɔ bio no. (Yer. 50:39; 51:26) Ɛde besi nnɛ, Babilon a bere bi na edi tumi kɛse a adan amamfõ no di adanse sɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛ ba mu pɛpɛɛpɛ.
16 Yehowa nam Yeremia so kae sɛ Yudafo no bɛsom Babilonfo no mfe 70, na ɛno akyi no, Onyankopɔn de ne nkurɔfo bɛsan aba wɔn asase so. (Monkenkan Yeremia 25:8-11; 29:10.) Ná Daniel wɔ nkɔmhyɛ yi mu ahotoso, na ɛno ma ohuu bere a na “Yerusalem amamfoyɛ no” bɛba awiei. (Dan. 9:2) Esra kae sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia so kae no bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores” a na wako adi Babilon so nkonim no “honhom” ma ɔmaa Yudafo no san kɔɔ wɔn asase so. (Esra 1:1-4) Sɛnea Yeremia hyɛɛ ho nkɔm no, ná wɔn a wɔbɛsan akɔ wɔn asase so no bɛtena hɔ asomdwoe mu na wɔasan de nokware som asi hɔ ma wɔn ani agye.—Yer. 30:8-10; 31:3, 11, 12; 32:37.
17. Kyerɛkyerɛ sɛnea asɛm a Yeremia kae sɛ ‘wobesu’ wɔ Rama no fa mmere ahorow abien ho no mu.
17 Yeremia san kyerɛw nkɔmhyɛ ahorow a na ebenya mmamu daakye ho asɛm too hɔ. Ɔkae sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Wɔte nne bi wɔ Rama, agyaadwo ne osu yawyaw; ɛyɛ Rahel na ɔresu ne mma. Wɔkyekye ne werɛ ne mma ho a, ontie, efisɛ wonni hɔ bio.’” (Yer. 31:15) Ebetumi aba sɛ bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, wɔboaboaa Yudafo a na wɔafa wɔn sɛ nkoa no ano wɔ Rama a ɛwɔ Yerusalem atifi fam bɛyɛ kilomita awotwe no. Ɛbɛyɛ sɛ wokunkum nneduafo no bi mpo wɔ Rama. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno yɛɛ nkɔmhyɛ no mmamu a edi kan, na ɛyɛe sɛ nea na Rahel resu ne “mma” a wɔawuwu no. Nanso bɛboro mfe ahansia akyi no, Ɔhene Herode ma wokunkum mmofra a wɔwɔ Betlehem. Asɛmpa kyerɛwfo Mateo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ asɛm a Yeremia kae no yɛ nkɔmhyɛ a ɛfa ɛyaw a na wobedi wɔ mmofra a wobekunkum wɔn no ho.—Mat. 2:16-18.
Ɛhe na Edomfo wɔ nnɛ?
18. Ɔkwan bɛn so na nkɔm a Onyankopɔn hyɛ faa Edom ho no baa mu?
18 Nkɔmhyɛ foforo nso nyaa mmamu wɔ afeha a edi kan Y.B. mu mu. Onyankopɔn nam Yeremia so hyɛɛ nkɔm sɛ Edom nso ka aman a na Babilonfo bɛtow ahyɛ wɔn so no ho. (Yer. 25:15-17, 21; 27:1-7) Nanso, Onyankopɔn kaa nea na ɛbɛto Edom no ho asɛm kɔɔ akyiri. Ná Edom bɛyɛ te sɛ Sodom ne Gomora. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, na ɔman no bɛbɔ a onipa biara rentena mu bio. (Yer. 49:7-10, 17, 18) Saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae. Ɛnnɛ, wususuw sɛ ɛhe na yebetumi ahu Edom ne Edomfo? So wubehu wɔ asase mfonini a wɔyɛ no nnɛ bere mu so? Dabi. Nhoma a ɛka tetefo ho nsɛm ne Bible ho abakɔsɛm mu anaa tete asase mfonini nkutoo so na wubehu wɔn ho nsɛm. Flavius Josephus ka sɛ wɔhyɛɛ Edomfo ma wogyee Yudasom toom wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu. Ɛno akyi no, bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ afe 70 Y.B. mu no, wɔankɔ so antena ase sɛ abusuakuw bio.
19. Dɛn na Yeremia nhoma no ma yehu fa sɛnea Onyankopɔn tumi ma nkɔmhyɛ bam no ho?
19 Sɛnea wubetumi ahu no, eti biara a ɛwɔ Yeremia nhoma no mu no ka nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa ankorankoro ne aman bi ho asɛm. Saa nkɔmhyɛ ahorow yi mu dodow no ara anya mmamu dedaw. Saa nokwasɛm yi nkutoo ma ɛyɛ nea ɛfata sɛ wusua Yeremia nhoma no efisɛ ɛma wuhu biribi a ɛfa wo Nyankopɔn a ɔyɛ kɛse no ho. Yehowa ayɛ nea osusuwii no, na ɔbɛkɔ so ayɛ saa. (Monkenkan Yesaia 46:9-11.) Eyi betumi ahyɛ ahotoso a wowɔ wɔ Bible nkɔmhyɛ ahorow mu no mu den. Nokwasɛm ne sɛ, nkɔmhyɛ ahorow bi a Yeremia kyerɛwee no mmamu fa wo ho, ɛne wo daakye ho tẽẽ. Ma yensusuw saa nkɔmhyɛ ahorow yi mu bi ho wɔ saa ti yi fã a aka yi mu.
Nkɔmhyɛ ahorow a enyaa mmamu wɔ Yeremia wu akyi no mu bi ne nea ɛwɔ he, na dɛn nti na saa nkɔmhyɛ ahorow yi ho hia wo?
NKƆMHYƐ AHOROW A ƐFA WO HO
20-22. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow, a nea ɛwɔ Yeremia nhoma no mu ka ho, mmamu boro biako? Kyerɛkyerɛ mu.
20 Bible nkɔmhyɛ bi betumi anya mmamu mpɛn dodow bi. Saa na ɛte wɔ mmuae a Yesu de maa n’asuafo no wɔ ne “mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” ho sɛnkyerɛnne ho asɛm a wobisae no ho. (Mat. 24:3) Saa nkɔmhyɛ no nyaa mmamu wɔ afe 66 kosi afe 70 Y.B. mu. Nanso, ɛda adi sɛ saa nkɔmhyɛ no afã bi benya mmamu wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛbɛba wiase bɔne yi nyinaa so no mu. Ɛno bɛyɛ ahohiahia a “efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii, na ebi nso nsi bio.” (Mat. 24:21) Nkɔmhyɛ ahorow a ɛte saa no bi wɔ nea Yeremia kyerɛw too hɔ no mu. Saa nkɔmhyɛ ahorow no bi nyaa mmamu a edi kan wɔ afe 607 A.Y.B. mu, nanso na ne mmamu a ɛto so abien bɛba akyiri yi, sɛnea yehui wɔ nkɔmhyɛ a ɛfa ‘Rahel a ɔresu ne mma’ ho mu no. (Yer. 31:15) Nokwasɛm ne sɛ, nkɔm ahorow a Yeremia hyɛe no bi fa bere a wote mu yi ho, na ne mmamu no fa w’ankasa wo ho.
21 Wubetumi ahu eyi wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Onyankopɔn honhom kaa ɔsomafo Yohane ma ɔtwee adwene sii nkɔm ahorow a Yeremia hyɛe a na ɛfa Babilon a na wɔbɛsɛe no wɔ afe 539 A.Y.B. mu ho no so. Yehu nsɛdi a ɛwɔ nkɔmhyɛ no mmamu a edi kan ne ne mmamu kɛse a ɛbɛba akyiri yi mu no wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Nkɔm ahorow a Yeremia hyɛe no bi a anya mmamu wɔ yɛn bere yi so no mu biako ne ahemman kɛse—“Babilon Kɛse no,” wiase nyinaa atoro som ahemman—no asehwe no. (Adi. 14:8; 17:1, 2, 5; Yer. 50:2; 51:8) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ‘fi Babilon Kɛse no mu’ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennya ɔhaw a ɛreba no so no bi. (Adi. 18:2, 4; Yer. 51:6) Nsu a ɛwɔ saa kurow no mu no a egyina hɔ ma nnipa a wɔwɔ kurow no mu, anaa n’asɔremma no ‘bɛyow.’—Yer. 51:36; Adi. 16:12.
22 Nkɔmhyɛ foforo a ɛbɛba mu daakye ne ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛtɔ atoro som so werɛ esiane ayayade a ɔde ayɛ Onyankopɔn nkurɔfo no nti. Yehowa ‘betua no ka sɛnea ne nneyɛe te.’ (Yer. 50:29; 51:9; Adi. 18:6) Na atoro som sɛnkyerɛnne kwan so asase no bɛdan amamfõ.—Yer. 50:39, 40.
23. Nokware som a na wɔbɛsan de asi hɔ a Yeremia hyɛɛ ho nkɔm bɛn na ɛbaa mu wɔ afeha a ɛto so 20 no mu?
23 Sɛnea ebia woahu dedaw no, Yeremia nkɔmhyɛ ahorow no ma yenya anidaso nso. Ɛno nti, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛsan de nokware som asi hɔ wɔ asase so wɔ yɛn bere yi so. Yudafo a na wɔyɛ nkoa wɔ tete kurow Babilon mu a woyii wɔn fii hɔ no ne Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ a woyii wɔn fii Babilon Kɛse no mu bere a wɔde Ahenni no sii hɔ wɔ soro no di nsɛ. Wɔ honhom fam no, Yehowa san maa ne nkurɔfo bɛsom no nokware mu, na ɛno ma wɔdaa no ase na wodii ahurusi. Yehowa ahyira mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛboa afoforo ma wɔabɛsom no na wɔama wɔadidi yiye wɔ honhom fam no so. (Monkenkan Yeremia 30:18, 19.) W’ankasa nso ahu sɛnea Yehowa adi ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛma ne nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ anya ahwɛfo—honhom fam mmarima a wɔn ho akokwaw a wɔhwɛ nguankuw no na wɔbɔ wɔn ho ban yiye no.—Yer. 3:15; 23:3, 4.
24. Asɛm a tumi wom a Yeremia kae bɛn na ɛrebenya mmamu?
24 Ɛnyɛ nneɛma papa a na Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no benya nko na Yeremia kaa ho asɛm, mmom no, ɔde ɔsɛe a na ɛbɛba wɔn a wɔrenkɔ so nkura abusuabɔ pa a na wɔne Yehowa wɔ mu so nso ho kɔkɔbɔ maa wɔn. Saa ara na ɛte nnɛ. Ɛnyɛ den koraa sɛ yebehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm bɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛnea ɛda adi wɔ asɛm a edi so yi mu no: “Wɔn a Yehowa bekunkum wɔn saa da no begugu hɔ fi asase ano akɔpem asase ano. Wɔrenyɛ wɔn ayi, wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn nso. Wɔbɛyɛ sɛ sumina wɔ asase ani.”—Yer. 25:33.
25. Asɛyɛde bɛn na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no wɔ?
25 Nokwarem no, yɛte mmere a emu yɛ den mu sɛnea na ɛte wɔ Yeremia bere so no. Sɛnea na ɛte wɔ Yeremia bere so no, nea nkurɔfo bɛyɛ wɔ Yehowa asɛm ho no betumi akyerɛ sɛ wobenya nkwa anaasɛ wobewu. Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyɛ adiyifo. Yehowa mfaa ne honhom nkaa yɛn sɛ yɛmfa biribi nka n’asɛm a ɛyɛ nokware turodoo a ɛwɔ Bible mu no ho. Nanso, wɔasoma yɛn sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛmpa nna nyinaa nkosi sɛ wiase nhyehyɛe yi bɛba awiei. (Mat. 28:19, 20) Akyinnye biara nni ho sɛ, ‘yɛrenwia Yehowa asɛm,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛremfa nea ɛrebɛba no ho asɛm nsie nkurɔfo. (Monkenkan Yeremia 23:30.) Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛka nea ɛwɔ n’asɛm no mu pɛpɛɛpɛ, ne nea sɛ nkurɔfo tie anaa wɔantie a ɛbɛto wɔn no akyerɛ wɔn. Nkɔm ahorow a Onyankopɔn maa Yeremia hyɛe no mu pii anya mmamu dedaw. Eyi ma yenya ahotoso sɛ nkɔmhyɛ ahorow a aka no bɛbam ɔkwan biara so. Ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ nkurɔfo sɛ, sɛnea ɛte biara no, Onyankopɔn ‘bɛyɛ nea osusuwii no, ne nea ofi tete nna mu hyɛe no.’—Kwa. 2:17.
‘Nnwia Yehowa asɛm,’ kyerɛ sɛ, mfa nea ɛrebɛba no ho asɛm nsie
26. Nkɔmhyɛ foforo bɛn na yebesusuw ho?
26 Yɛrentumi nsusuw nkɔm a Yeremia hyɛe ne asɛm a ɔkae no ho nwie bere a yɛrenka Yehowa bɔhyɛ kɛse a ɛne “apam foforo” a ná ɔne ne nkurɔfo bɛyɛ, a ɛno ne mmara a ná ɔbɛkyerɛw wɔ wɔn koma mu no ho asɛm. (Yer. 31:31-33) Saa nkɔmhyɛ yi ne ne mmamu a ɛfa wo ho tẽẽ no ne asɛm a yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu.
Nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Yeremia nhoma no mu bɛn na anya mmamu wɔ yɛn bere yi so? Wote nka dɛn wɔ nea ennya mmaa mu no ho?