Dwom 113
Yɛn Ani Sɔ Nyankopɔn Asɛm No
Nea Yɛaprente
1. Yehowa, yɛn Agya, yɛda w’ase sɛ
Woama yɛanya w’Asɛm a ɛsom bo no!
Wo honhom no kaa nnipa ma wɔky’rɛw w’asɛm no.
Bible no ky’rɛ yɛn kwan; ɛma yɛn nimdeɛ.
2. Emu nsɛm ma nnipa nya anigye pii.
W’adiyifo no wɔ atenka sɛ yɛn;
Yesua akokoduru ne gyidi fi wɔn hɔ.
Yenya abotɔyam ne asomdwoe pii.
3. W’Asɛm no wɔ tumi na ɛka koma,
Etumi paapae honhom ne ɔkra mu.
Ɛhwehwɛ adwene mu, ehu yɛn koma mu.
Ɛkasa kyerɛ yɛn ma yehu nyansa.
(Hwɛ Dw. 119:16, 162; 2 Tim. 3:16; Yak. 5:17; 2 Pet. 1:21 nso.)