Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Apɛde?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Dɛn Ne Onyankopɔn Apɛde?

      Onyankopɔn pɛ sɛ yɛtena ase asomdwoe mu na yɛn ani gye daa wɔ paradise asase so!

      Nanso, ebia wubebisa sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na saa asɛm no atumi abam?’ Bible ka sɛ Onyankopɔn Ahenni no betumi ama abam. Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa nyinaa sua saa Ahenni no ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn no ho ade.—Dwom 37:11, 29; Yesaia 9:7.

      Onyankopɔn pɛ sɛ esi yɛn yiye.

      Sɛnea agya pa biara pɛ sɛ esi ne mma yiye no, saa ara na yɛn soro Agya no nso pɛ sɛ yenya anigye daa. (Yesaia 48:17, 18) Wahyɛ bɔ sɛ nea ‘ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no bɛtena hɔ daa.’—1 Yohane 2:17.

      Onyankopɔn pɛ sɛ yɛnantew n’atempɔn so.

      Bible ka sɛ yɛn Bɔfo no pɛ sɛ ‘ɔkyerɛ yɛn n’akwan’ na ama yɛatumi ‘anantew n’atempɔn so.’ (Yesaia 2:2, 3) Wayi ‘nnipa bi ama ne din’ sɛ wɔmma wonhu n’apɛde wɔ asase nyinaa so.—Asomafo Nnwuma 15:14.

      Onyankopɔn pɛ sɛ yɛsom no wɔ biakoyɛ mu.

      Yehowa nokware som no ma nnipa fi wɔn komam dodɔ wɔn ho, na ɛma wɔyɛ biako sen sɛ ɛbɛma wɔn mu apaapae. (Yohane 13:35) Ɛnnɛ, henanom na wɔrekyerɛkyerɛ mmarima ne mmea a wɔwɔ baabiara sɛnea wɔsom Onyankopɔn wɔ biakoyɛ mu? Yɛpɛ sɛ saa nhomawa yi boa wo ma wuhu wɔn.

      SUA PII KA HO

      Wo ne yɛn nsua Bible no. So woafi ase ne Yehowa Adansefo resua Bible no? Sɛ wumfii ase a, so w’ani begye ho sɛ wɔne wo besua Bible no? Wuntua hwee. Wubehu sɛ ɛyɛ ɔkwampa a wubetumi afa so abɛn Onyankopɔn yiye.

      Kogye nhoma a wuntua hwee. Wubetumi akɔ Ahenni Asa a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ so akogye nhoma bi a ɛwɔ wo kurom kasa mu a ɛbɛboa wo ma woate Bible no ase, anaa wo ne Yehowa Dansefo bi nkasa ma ɔmma wo bi.

      Sua yɛn ho nsɛm wɔ Intanɛt so. Kɔ Yehowa Adansefo wɛbsaet hɔ. Wubetumi akenkan Bible ne yɛn nhoma ahorow no wɔ hɔ. Yɛn nhoma ahorow no wɔ kasa bɛboro 750 mu, na wubetumi atintim emu pii.

  • Yehowa Adansefo Yɛ Nnipa Bɛn?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 1

      Yehowa Adansefo Yɛ Nnipa Bɛn?

      Yehowa Dansefo bi a ɔwɔ Denmark

      Denmark

      Yehowa Adansefo bi a wɔwɔ Taiwan

      Taiwan

      Yehowa Adansefo bi a wɔwɔ Venezuela

      Venezuela

      Yehowa Adansefo bi a wɔwɔ India

      India

      Yehowa Adansefo baahe na wunim wɔn? Ebia wo ne yɛn mu binom na ɛyɛ adwuma, kɔ sukuu, anaa ɛte wo mpɔtam. Anaasɛ ebia yɛne wo abɔ Bible mu nkɔmmɔ pɛn. Yɛyɛ nnipa bɛn ankasa, na dɛn nti na yɛka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ nkurɔfo wɔ baguam?

      Yɛte sɛ onipa biara. Yefi aman ahorow so na yɛn asetena mu nsɛm gu ahorow. Ná anka yɛn mu binom wɔ ɔsom ahorow mu, na na afoforo nso nnye Onyankopɔn nni. Nanso, ansa na yɛrebɛyɛ Adansefo no, yɛn nyinaa gyee bere hwehwɛɛ Bible nkyerɛkyerɛ mu yiye. (Asomafo Nnwuma 17:11) Yegyee nea yesuae no toom, na afei yɛn ankasa sii gyinae sɛ yɛbɛsom Yehowa Nyankopɔn.

      Yenya Bible a yesua no so mfaso. Yɛn nso yɛwɔ yɛn haw ne yɛn mmerɛwyɛ ahorow a ɛsɛ sɛ yegyina ano te sɛ obiara. Nanso, esiane sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde Bible mu nnyinasosɛm bɛbɔ yɛn bra da biara da nti, ama yɛn asetena atu mpɔn kɛse. (Dwom 128:1, 2) Ɛno ne ade biako nti a yɛka nneɛma pa a yɛasua afi Bible mu ho asɛm kyerɛ afoforo no.

      Yɛde nea Onyankopɔn kyerɛkyerɛ yɛn no bɔ yɛn bra. Nea yesua fi Bible mu no ma esi yɛn yiye, na ɛma yenya obu ma afoforo. Ɛma yɛda su ahorow te sɛ nokwaredi ne ayamye nso adi. Bible mu nsɛm yi boa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ ɔmanfo a wɔwɔ apɔwmuden na mfaso wɔ wɔn so, ɛde biakoyɛ ba abusua mu, na ɛma wɔbɔ ɔbra pa. Esiane sɛ yegye di sɛ “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim” nti, yebu yɛn ho sɛ yɛyɛ amanaman ntam abusua bi a yɛn gyidi ama yɛayɛ biako. Yɛnyɛ nnipa mu nyiyim, na yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu nso. Ɛwom sɛ yɛte sɛ onipa biara de, nanso yɛyɛ nnipa a yɛda nsow.—Asomafo Nnwuma 4:13; 10:34, 35.

      • Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo te sɛ onipa biara?

      • Dɛn na Adansefo no anya afi Bible a wɔresua no mu?

  • Dɛn Nti na Wɔfrɛ Yɛn Yehowa Adansefo?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 2

      Dɛn Nti na Wɔfrɛ Yɛn Yehowa Adansefo?

      Noa

      Noa

      Abraham ne Sara

      Abraham ne Sara

      Mose

      Mose

      Yesu Kristo

      Yesu Kristo

      Nnipa pii susuw sɛ, Yehowa Adansefo yɛ ɔsom foforo bi a aba din. Nanso, bɛboro mfe 2,700 a atwam ni na wɔfrɛɛ nokware Nyankopɔn koro no asomfo sɛ ‘n’adansefo.’ (Yesaia 43:10-12) Ansa na afe 1931 reba no, na wɔfrɛ yɛn Bible Asuafo. Dɛn nti na yɛfaa edin Yehowa Adansefo?

      Edin no ma wohu yɛn Nyankopɔn. Sɛnea tete nsaano nkyerɛwee ahorow kyerɛ no, Onyankopɔn din Yehowa no pue mpɛn mpempem pii wɔ Bible mu. Wɔ nkyerɛase ahorow pii mu no, wɔde abodin ahorow te sɛ Awurade anaa Onyankopɔn na asi saa din no ananmu. Nanso, na nokware Nyankopɔn no ada ne ho adi akyerɛ Mose sɛ ne din ne Yehowa. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Eyi ne me din de kosi daa.” (Exodus 3:15) Ɔnam saa a ɔyɛe no so daa no adi sɛ ɔyɛ soronko wɔ atoro anyame nyinaa ho. Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ Onyankopɔn din kronkron no da yɛn so.

      Ɛma wohu adwuma a yɛyɛ. Nnipa a wɔtenaa ase tete no mu pii, a ɔtreneeni Habel na odi kan no, dii Yehowa mu gyidi a na wɔwɔ no ho adanse. Mfehaha pii a atwam no, Noa, Abraham, Sara, Mose, Dawid, ne afoforo bɛkaa “adansefo mununkum kɛse” yi ho. (Hebrifo 11:4–12:1) Sɛnea obi tumi kɔ asɛnnibea kodi adanse ma obi a ɔnyɛɛ bɔne biara no, yɛn nso yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu yɛn Nyankopɔn no ho nokwasɛm.

      Yɛresuasua Yesu. Bible frɛ Yesu sɛ “ɔdansefo nokwafo.” (Adiyisɛm 3:14) Yesu ankasa kae sɛ ‘wama wɔahu Onyankopɔn din,’ na wakɔ so adi Onyankopɔn ho ‘nokware no ho adanse.’ (Yohane 17:26; 18:37) Enti, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Kristo akyidifo ankasa no di Yehowa din ho adanse na wɔma nkurɔfo hu edin no. Eyi na Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ.

      • Dɛn nti na Bible Asuafo no faa edin Yehowa Adansefo?

      • Efi bere bɛn na Yehowa nyaa adansefo wɔ asase so?

      • Hena ne Yehowa Dansefo a ɔsen biara?

      SUA PII KA HO

      Sɛ wuhyia asafo a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ mufo a, bɔ mmɔden sɛ wubehu wɔn yiye. Bisa wɔn mu bi sɛ: “Dɛn nti na wobɛyɛɛ Yehowa Dansefo?”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena