Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/14 kr. 4
  • Woasua Nhoma a Ɛtɔ So Mmienu No Awie?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woasua Nhoma a Ɛtɔ So Mmienu No Awie?
  • Yɛn Ahenni Som—2014
Yɛn Ahenni Som—2014
km 6/14 kr. 4

Woasua Nhoma a Ɛtɔ So Mmienu No Awie?

1. Dɛn nti na wɔyɛɛ “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no?

1 Bere a yɛyɛɛ “Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Yɛn Kwan” Ɔmantam Nhyiam afe 2008 no, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa ani gyei paa sɛ woyii nhoma foforo a wɔato din “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” no adi! Sɛnea yɛtee ho asɛm no, nea enti a wɔyɛɛ nhoma yi ne sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea Yehowa pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo. Eyi kyerɛ sɛ yɛne obi fi ase sua Bible a, ɛnyɛ nhoma yi na yɛde bɛyɛ adesua no. Enti yɛmfa nhoma no nkɔ afie afie asɛnka. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yɛde nhoma no yɛ adwuma?

2. Ɔkwan bɛn so na yɛde nhoma yi bɛyɛ adwuma, na henanom na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn sua?

2 Sɛ yɛne yɛn Bible suani wie Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no a, nhoma a ɛtɔ so mmienu a ɛsɛ sɛ yɛne no sua ne “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma no. Sɛ Bible suani bi bɔ asu na onwiee Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ne no yɛ adesua no kosi sɛ obesua “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no awie. Ɛwom sɛ osuani no abɔ asu de, nanso sɛ yɛne no yɛ adesua a, yebetumi abu bere, sankɔhwɛ, ne Bible adesua no ho akontaa. Ɔdawurubɔfo biara a ɔbɛka yɛn ho ne yɛn akɔyɛ Bible adesua no nso betumi abu bere no ho akontaa.

3. Adɛn nti na ɛho hia sɛ Bible asuafo sua nhoma mmienu no wie?

3 Ebinom wɔ hɔ a, sɛ wosua Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no wie a, ɛbɛyɛ wɔn sɛ wɔate nokware no ase paa. Sɛ saa a, adɛn nti na akoa nokwafo no akyerɛ sɛ yensua nhoma a ɛtɔ so mmienu no nwie? Nea enti a wɔaka saa ne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a afei na wɔaba nokware no mu tumi gyina wɔn nan so yiye ansa na yɛagyae wɔn. Ɛsɛ sɛ wogye “ntini” wɔ Kristo mu na ‘wotintim wɔ gyidi no mu’ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agyina sɔhwɛ ahorow a wobehyia no ano. (Kol. 2:6, 7; 2 Tim. 3:12; 1 Pet. 5:8, 9) Bio nso, sɛ wobetumi akyerɛkyerɛ afoforo yiye a, ɛsɛ sɛ wonya “nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:4) Sɛ yɛne yɛn Bible asuafo sua nhoma mmienu no wie a, ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi afa ‘ɔkwan a ɛkɔ nkwa’ mu no so yiye na wɔanwatiriw. (Mat. 7:14) Eyi nti, sɛ yɛne obi yɛ Bible adesua na ɔbɔ asu mpo a, ɛsɛ sɛ yedi akwankyerɛ yi so na yɛne no sua nhoma mmienu no nyinaa wie.

4. Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔabɔ asu foforo no ma wɔasua nhoma a ɛtɔ so mmienu no?

4 Ɛho hia sɛ asafo mu mpanyimfo nso hwɛ ma wɔn a wɔabɔ asu foforo nyinaa sua nhoma a ɛtɔ so mmienu no wie. (Mmeb. 27:23) Ɛtɔ mmere bi a, Asafo Ɔsom Boayikuw no betumi ama ɔdawurubɔfo bi ne obi a wagyae asɛnkakɔ asua “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no ti ahorow bi. Sɛ wɔka sɛ wo ne obi a ɔte saa nsua ade a, ɛho renhia sɛ mode bere tenteenten sua saa ti ahorow no. Nanso hwɛ sɛ worentoto adesua no ase.

5. Sɛ woabɔ asu nnansa yi ara na wunsuaa “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no nwiei a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

5 Yehowa ne akoa nokwafo no nim ade pɔtee a obiara hia na ama wagye “ntini” na ‘watintim’ wɔ gyidi no mu. Woasua nhoma a ɛtɔ so mmienu no awie? Sɛ nnansa yi ara na worebɔ asu na wunsuaa nhoma a ɛtɔ so mmienu no anaa wusua duruu baabi na wugyae a, ɛnde ka ma wɔne wo nsua no ntɛm ara! Hwɛ sɛnea wɔasiesie nhoma yi sɛ ɛmmoa yɛn ma yɛnkɔ so ntena “Onyankopɔn dɔ mu”!—Yuda 21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena