Dwom 123
Ahwɛfo—Wɔyɛ Akyɛde
Nea Yɛaprente
1. Yehowa boa yɛn, ohyira yɛn;
Wama yɛn ahwɛfo.
Wɔyɛ nhwɛso pa ma yɛn daa;
Wɔma yɛn akwanky’rɛ.
(NNYESO)
Yehowa ama yɛn akyɛde,
Ahwɛfo anokwafo.
Nyankopɔn nguan no som bo ma wɔn;
Wɔpɛ wɔn nyinaa asɛm.
2. Ahwɛfo no dwen yɛn ho ampa;
Wɔbɔ yɛn ho ban daa.
Wɔma yenya awerɛkyekye,
Wɔka ayamye nsɛm.
(NNYESO)
Yehowa ama yɛn akyɛde,
Ahwɛfo anokwafo.
Nyankopɔn nguan no som bo ma wɔn;
Wɔpɛ wɔn nyinaa asɛm.
3. Wɔma yɛn nyinaa afotu pa.
Ɛremma yɛmfom kwan.
Wɔboa yɛn ma yetie Nyankopɔn;
Yɛsom no daa nyinaa.
(NNYESO)
Yehowa ama yɛn akyɛde,
Ahwɛfo anokwafo.
Nyankopɔn nguan no som bo ma wɔn;
Wɔpɛ wɔn nyinaa asɛm.
(Hwɛ Yes. 32:1, 2; Yer. 3:15; Yoh. 21:15-17; Aso. 20:28 nso.)