Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 6/1 kr. 5
  • Ɛyɛ Abakɔsɛm, Ɛnyɛ Anansesɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛyɛ Abakɔsɛm, Ɛnyɛ Anansesɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dua Kɛse no Ho Ahintasɛm Asekyerɛ
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 6/1 kr. 5

Ɛyɛ Abakɔsɛm, Ɛnyɛ Anansesɛm

“Mahwehwɛ nneɛma no nyinaa mu pɛpɛɛpɛ afi mfiase.”​—LUKA 1:3.

DƐN NA ƐMA BIBLE YƐ SORONKO? Anansesɛm ne ayɛsɛm taa ka nsɛm a ɛyɛ nwonwa a esisii, nanso ɛnkyerɛ baabi a asɛm no sii ne bere a esii, na ɛmmobɔ nnipa a ɛwom no din. Bible de, ɛka nsɛm pɔtee ma nea ɔkenkan no nya awerɛhyem sɛ emu “nsɛm yɛ nokware turodoo.”—Dwom 119:160, The Psalms for Today, R. K. Harrison na ɔkyerɛwee.

ƐHO NHWƐSO: Bible bɔ amanneɛ sɛ Babilon hene Nebukadnesar faa Yudafo hene “Yehoiakin kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.” Afei, “afe a Babilon hene Ewil-Merodak bɛyɛɛ ɔhene no, ɔmaa Yuda hene Yehoiakin so fii nneduafie.” Bio nso, “nea wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma [Yehoiakin] no, efi ɔhene nkyɛn na wɔde maa no daa, da biara ne ne de, ne nkwa nna nyinaa.”—2 Ahene 24:11, 15; 25:27-30.

NEA ABAKƆSƐM AKYERƐWFO AKA: Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no akohu ahemfie nneɛma bi wɔ tete Babilon amanfo so a ɛyɛ Nebukadnesar a ɔto so abien bere so de. Wɔakyerɛw nneduafo ne afoforo a ahemfie na ɛmaa wɔn aduan no din wɔ emu bi so, na ɛkyerɛɛ aduan dodow a wɔde maa wɔn. Wɔn a wɔn din wom no bi ne “Yaukin [Yehoiakin]” a na ɔyɛ “Yahud (Yuda) asase so hene” ne ne fiefo. Ewil-Merodak a obedii Nebukadnesar ade no nso ɛ? Biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔtenaa ase ampa anaa? Wohuu kuku bi wɔ Susa kurow no nkyɛn baabi a wɔakyerɛw ho sɛ: “Babilon hene Amil-Marduk [Ewil-Merodak] ahemfie; ɔyɛ Babilon hene Nebukadnesar ba.”

WUDWEN HO DƐN? Nyamesom nhoma foforo bi wɔ hɔ a etumi ka abakɔsɛm pɛpɛɛpɛ saa? Anaasɛ Bible no nkutoo na ɛte saa?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

“Mmere ne mmeae a ɛka ho asɛm no yɛ nokware na edi mu sen nea abakɔsɛm nhoma foforo biara ka.”​—A SCIENTIFIC INVESTIGATION OF THE OLD TESTAMENT, ROBERT D. WILSON NA ƆKYERƐWEE

[Kratafa 5 mfonini]

Babilon akorade a Yuda hene Yehoiakin din wɔ so

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 5]

© bpk, Berlin/Vorderasiatisches Museum, SMB/Olaf M. Tessmer/Art Resource, NY

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena