Wode Onyankopɔn Asɛm Yɛ Adwuma wɔ W’asetenam?
Sɛ yɛkenkan Bible daa a, ɛbɛboa ma yɛagye ‘nhini na yɛatintim wɔ gyidie no mu.’ (Kol. 2:6, 7) Nanso, sɛ yɛannwennwene nea yɛkenkan no ho amfa anyɛ adwuma a, ɛso remma yɛn mfaso. (Heb. 4:12; Yak. 1:22-25) Yosua 1:8 kyerɛ yɛn akwan mmiɛnsa a yɛbɛfa so anya Bible akenkan so mfaso: (1) Kenkan Onyankopɔn Asɛm “awia ne anadwo.” (2) Kenkan na “dwendwene ho.” Wei kyerɛ sɛ wobɛto wo bo ase akenkan na woahu nea enti a wɔkyerɛwee. (3) Bɔ mmɔden sɛ wobɛdi nea ‘wɔatwerɛ no nyinaa so.’ Sɛ wode nyansahyɛ yi yɛ adwuma a, “ɛbɛsi wo yie na woayɛ w’adeɛ nyansam.”