-
Edin Bɛn Na Woagye?Ɔwɛn-Aban—1998 | November 15
-
-
Edin Bɛn Na Woagye?
WƆ BIBLE mu no, ɛtɔ mmere bi a asɛmfua “edin,” kyerɛ sɛnea wonim obi. Sɛ nhwɛso no, onyansafo Ɔhene Salomo kyerɛwee sɛ: “Din pa ye sen ngo pa, na owuda ye sen awoda.” (Ɔsɛnkafo 7:1; fa toto Mmebusɛm 22:1 ho.) Sɛnea Salomo nsɛm no kyerɛ no, wɔmfa din pa nwo obi. Mmom no, sɛnea ɔbɔ ne bra no na ɛma onya din a ɛka biribi paa. Ne din ne n’ankasa ne su horow na ɛkɔ, sɛ́ ɔyɛ ɔyamyefo anaa ɔyɛ pɛsɛmenkominya, mmɔborohunufo anaa otirimɔdenfo, ɔhobrɛasefo anaa ɔhohoahoafo, ɔtreneeni mpo anaa omumɔyɛfo.
Susuw Dawid ho hwɛ. Bere a na ɔyɛ ɔhene no, na ɔyɛ den na na onhinhim. Bere koro no ara nso, Dawid fi ahobrɛase mu gyee ne mfomso ahorow toom na onuu ne ho wɔ ne bɔne a anibere wom no ho. Ntease pa nti na Yehowa diyifo no kae sɛ Dawid yɛ “[Onyankopɔn] koma so barima.” (1 Samuel 13:14) Ná aberantewa Dawid wɔ din pa wɔ Onyankopɔn anim dedaw.
Nea ɛne no bɔ abira no, Yudeani Ɔhene Yehoram gyee dimmɔne. Ɔtwee ne manfo fii Yehowa som ho, na ɔma wokunkum ne nuabarimanom baasia ne Yuda mmapɔmma bi mpo. Ewiee ase no, Yehowa maa yare bɔne bi bɔɔ Yehoram ma owui. Bible ka Yehoram ho asɛm sɛ “ɔkɔe, na obi annyam no,” anaa sɛnea Today’s English Version ka no no, “ne wu anyɛ obiara yaw.”—2 Beresosɛm 21:20.
Dawid ne Yehoram asetra kwan ma yehu nokware a Bible bɛ yi yɛ: “Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira, na abɔnefo din bɛporɔw.” (Mmebusɛm 10:7) Enti ɛsɛ sɛ yɛn mu biara tra ase susuw asɛmmisa a ɛne sɛ, ‘Edin bɛn na meregye wɔ Nyankopɔn ne me yɔnko nipa anim?’ ho.
-
-
W’ani Begye Nsrahwɛ Ho?Ɔwɛn-Aban—1998 | November 15
-
-
W’ani Begye Nsrahwɛ Ho?
Wubetumi anya anigye afi Bible mu nokware nimdeɛ a ɛfa Onyankopɔn, N’ahenni, ne n’atirimpɔw ma adesamma a ɛyɛ anigye ho no mu wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mpo mu. Sɛ w’ani begye ho sɛ wubehu ho nsɛm pii anaasɛ wobɛpɛ sɛ obi ba wo fie ne wo bɛyɛ Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower, P. O. Box GP 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 2 no mu nea ɛfata.
-