Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w09 4/15 kr. 7-11
  • Kura Wo Mũdi Mu Ma Yehowa Koma Ntɔ Ne Yam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kura Wo Mũdi Mu Ma Yehowa Koma Ntɔ Ne Yam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mma Wo Werɛ Mfi Ɔtamfo Ankasa No
  • Wo Ne Yehowa Nnya Abusuabɔ a Emu Yɛ Den
  • Yehowa Boa N’asomfo Anokwafo
  • Hiob Yii Yehowa Din Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Hiob Mudi Mu Kura No​—Hena na Obetumi Asuasua?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Hiob Mudi Mu Kura No​—Dɛn Nti Na Ɛyɛ Nwonwa Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • “Fa W’ani To Yehowa So”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
w09 4/15 kr. 7-11

Kura Wo Mũdi Mu Ma Yehowa Koma Ntɔ Ne Yam

“Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.”—MMEB. 27:11.

1, 2. (a) Sobo bɛn na Satan bɔe a Hiob nhoma no ka ho asɛm? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Satan kɔɔ so ara twaa Yehowa mpoa wɔ Hiob nna no akyi?

YEHOWA maa Satan kwan ma ɔsɔɔ Onyankopɔn somfo nokwafo Hiob mũdi hwɛe. Ɛno nti, Hiob hweree n’ayɛmmoa ne ne mma, na ɔyaree nso. Nanso, bere a Satan de n’ani sii Hiob mũdi so no, na ɛnyɛ Hiob nkutoo ho asɛm na na ɛwɔ n’adwenem. Satan kae sɛ: “Were si were ananmu, na nea onipa wɔ nyinaa ɔde bɛma de agye ne kra.” Saa sobo a Satan bɔe yi maa asɛm bi sɔree a na ɛmfa Hiob nkutoo ho, na saa asɛm no akɔ so ara wɔ Hiob wu akyi bere tenteenten.—Hiob 2:4.

2 Wɔ Hiob sɔhwɛ no akyi bɛyɛ mfe 600 no, Onyankopɔn honhom kaa Solomon ma ɔkyerɛwee sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.” (Mmeb. 27:11) Ɛda adi pefee sɛ na Satan da so ara retwa Yehowa mpoa saa bere no. Bio nso, wɔ anisoadehu bi a ɔsomafo Yohane nyae mu no, ohui sɛ na Satan retoto Onyankopɔn asomfo ano bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni no sii hɔ wɔ soro wɔ afe 1914 mu na ɛno akyi wotuu Satan fii soro no. Nokwarem no, ɛnnɛ mpo a yɛadu akyiri paa wɔ wiase bɔne yi nna a edi akyiri mu no, Satan da so ara de n’ani asi Onyankopɔn asomfo mũdi so!—Adi. 12:10.

3. Asuade a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi anya afi Hiob nhoma no mu?

3 Afei ma yensusuw asuade abiɛsa a ɛho hia a yenya fi Hiob nhoma no mu ho nhwɛ. Nea edi kan, Hiob sɔhwɛ ahorow no ma yehu onii a ɔyɛ adesamma tamfo ankasa, ne nea ɔde ɔsɔretia ba Onyankopɔn nkurɔfo so no. Saa ɔtamfo no ne Satan Ɔbonsam. Nea ɛto so abien, ɛmfa ho sɔhwɛ biara a ebia yebehyia no, sɛ yɛne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den a, ɛbɛma yɛatumi akɔ so akura yɛn mũdi mu. Nea ɛto so abiɛsa, sɛ wɔsɔ yɛn hwɛ wɔ ɔkwan bi so a, Onyankopɔn boa yɛn sɛnea ɔboaa Hiob no ara pɛ. Ɛnnɛ, Yehowa nam n’Asɛm, n’ahyehyɛde, ne ne honhom kronkron so na ɛboa yɛn.

Mma Wo Werɛ Mfi Ɔtamfo Ankasa No

4. Hena na ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no ho asodi to no so?

4 Nnipa pii nnye nni sɛ Satan wɔ hɔ. Enti, ɛwom sɛ nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase no betumi ahaw wɔn de, nanso wonhu sɛ Satan Ɔbonsam ne onii ankasa a ɔde ba. Nokwarem no, nnipa ankasa na wɔde adesamma amanehunu mu dodow no ara ba. Yɛn awofo a wodi kan a wɔne Adam ne Hawa ampɛ sɛ wɔn Bɔfo no di wɔn so. Na efi saa bere no, awo ntoatoaso a edi wɔn akyi no nyɛɛ wɔn ade nyansam koraa. Nanso, Ɔbonsam na ɔdaadaa Hawa ma ɔtew Onyankopɔn so atua. Ɛyɛ ɔno na wahyehyɛ wiase bi a odi so a adesamma a wɔnyɛ pɛ a wowuwu wom no. Esiane sɛ Satan yɛ “wiase yi nyame” nti, adesamma da su ahorow a ɛne ahantan, mansotwe, ahoɔyaw, anibere, nnaadaa, ne atuatew a ɔda no adi no bi adi. (2 Kor. 4:4; 1 Tim. 2:14; 3:6; monkenkan Yakobo 3:14, 15.) Saa su no de amanyɔsɛm ne nyamesom mu akodi, ɔtan, nyansakorɔn, ne basabasayɛ aba, na ɛno na ɛde adesamma haw no mu pii ba.

5. Dɛn na yɛpɛ sɛ yɛde nimdeɛ a ɛsom bo a yɛanya no yɛ?

5 Hwɛ nimdeɛ a ɛsom bo a yɛn a yɛyɛ Yehowa asomfo no anya! Nokwarem no, yenim onii a ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma a ɛrekɔ so sɛe wɔ wiase yi mu no ho asodi to no so. Ɛnde, so ɛno nkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ asɛnka adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛma nkurɔfo ahu nea ɔyɛ ɔtamfo ankasa no? So ɛnyɛ yɛn anigye sɛ yebegyina nokware Nyankopɔn a ɔno ne Yehowa no afã, na yɛakyerɛkyerɛ afoforo ma wɔahu sɛnea wobeyi Satan ne adesamma haw ahorow afi hɔ?

6, 7. (a) Hena na ɔde ɔtaa ba nokware asomfo so? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Elihu a ɔtenaa ase tete no?

6 Awerɛhosɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase no pii fi Satan, na saa ara na ɔsɔretia a Onyankopɔn nkurɔfo hyia no nso fi no. Wasi ne bo sɛ ɔbɛsɔ yɛn ahwɛ. Yesu Kristo ka kyerɛɛ ɔsomafo Petro sɛ: “Simon, Simon, hwɛ! Satan pɛ sɛ onya kwan huw mo so sɛ awi.” (Luka 22:31) Saa ara na yɛn mu biara a odi Yesu anammɔn akyi no behyia sɔhwɛ wɔ ɔkwan bi so. Petro de Ɔbonsam totoo “gyata a ɔbobom apɛ obi amene no” ho. Na Paulo nso kae sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔn nso wɔbɛtaa wɔn.”—1 Pet. 5:8; 2 Tim. 3:12.

7 Sɛ yɛn nua bi a ɔwɔ asafo no mu rehu amane a, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn werɛ mfii nea ɔyɛ ɔtamfo ankasa no? Sɛ́ anka yɛbɛtwe yɛn ho afi onua no ho no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Elihu a ɔtenaa ase tete a ɔne Hiob kasae sɛ adamfo pa no. Yɛbɛboa yɛn nua no ma wako atia yɛn nyinaa tamfo a ɔne Satan no. (Mmeb. 3:27; 1 Tes. 5:25) Yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa yɛn nua no ma wakɔ so akura ne mũdi mu ɛmfa ho nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ de boa no biara, na sɛ yɛyɛ saa a, ɛno ma Yehowa koma tɔ ne yam.

8. Dɛn nti na Satan antumi amma Hiob annyae ayeyi a na ɔde ma Yehowa no?

8 Hiob agyapade a edi kan a Satan ma efii ne nsa ne n’ayɛmmoa. Ná saa mmoa no som bo, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno na na onya ne sika fi mu. Ná Hiob de mmoa no bi bɔ afɔre nso. Sɛ na Hiob dwira ne mma no ho wie a, “na ɔsɔre anɔpatutuutu kɔbɔ ɔhyew afɔre sɛnea wɔn nyinaa dodow te, efisɛ Hiob kae sɛ, ‘ebia na me mmabarima no ayɛ bɔne, na wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu.’ Saa na na Hiob yɛ daa.” (Hiob 1:4, 5) Enti na Hiob de mmoa bɔ afɔre ma Yehowa daa. Nanso, bere a ofii ase hyiaa sɔhwɛ no, na ontumi nyɛ saa bio. Ná Hiob nni ‘ahonyade’ biara a ɔde bɛhyɛ Yehowa anuonyam. (Mmeb. 3:9) Nanso, na obetumi de n’anofafa ayi Yehowa ayɛ, na ɔyɛɛ saa nso!

Wo Ne Yehowa Nnya Abusuabɔ a Emu Yɛ Den

9. Dɛn na ɛsom bo paa ma yɛn wɔ asetena mu?

9 Sɛ́ yɛyɛ adefo anaa ahiafo, mmofra anaa mpanyin, yɛte apɔw anaasɛ yɛyare no, yebetumi ne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den. Ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow a yehyia no, sɛ yɛne Onyankopɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so akura yɛn mũdi mu na yɛama Yehowa koma atɔ ne yam. Nnipa bi mpo a na wonni nokware no ho nimdeɛ pii de akokoduru gyinaa pintinn, na wɔkɔɔ so kuraa wɔn mũdi mu.

10, 11. (a) Dɛn na yɛn nuabea bi yɛe wɔ ne mũdi ho sɔhwɛ ahorow a ohyiae ho? (b) Mmuae bɛn na onuawa yi de maa Satan pefee?

10 Susuw Onuawa Valentina Garnovskaya asɛm no ho hwɛ. Ná ɔka Adansefo pii a wɔwɔ Russia a ɛmfa ho sɔhwɛ a emu yɛ den a wohyiae no, wɔkɔɔ so kuraa wɔn mũdi mu te sɛ ɔnokwafo Hiob no ho. Wɔ afe 1945 mu bere a na wadi bɛyɛ mfe 20 no, onua bi dii no adanse. Onua no san kɔɔ ne nkyɛn mprenu ne no kɔbɔɔ Bible mu nkɔmmɔ, nanso ɛno akyi no, wanhu onua no bio. Ɛno mpo no, Valentina fii ase dii nkurɔfo adanse. Ɛno nti, wɔkyeree no de no kɔtoo nneduaban mu mfe awotwe. Wogyaee no wɔ afe 1953 mu, na ɛhɔ ara na ɔsan fii asɛnka adwuma no ase bio. Wɔsan kyeree no, na saa bere yi de wɔde no too afiase mfe du. Bere a odii mfe bi wɔ nneduaban biako mu no, woyii no kɔɔ foforo mu. Ná anuanom mmea bi wɔ saa nneduaban no mu a na wɔwɔ Bible. Da bi, onuawa biako de Bible no kyerɛɛ Valentina. Hwɛ sɛnea n’ani begye afa! Wode susuw ho hwɛ, Bible a na Valentina ahu pɛn ara ne nea na onua a odii no adanse wɔ afe 1945 mu kura no!

11 Wɔ afe 1967 mu no, wogyaee Valentina, na awiei koraa no otumi de nsu mu asubɔ yɛɛ ne ho so a na wahyira ama Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Ɔde ahofadi a onyae no yɛɛ asɛnka adwuma no denneennen kosii afe 1969 mu. Wɔsan kyeree no bio de no too afiase mfe abiɛsa wɔ saa afe no mu. Nanso, Valentina kɔɔ so kaa asɛm no. Ansa na ɔrewu wɔ afe 2001 mu no, na waboa nnipa 44 ma wɔahu nokware no. Ná wadi mfe 21 wɔ afiase ne nneduaban mu. Nea ɛbɛyɛ na wakɔ so akura ne mũdi mu no, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde biribiara a n’ahofadi mpo ka ho bɛbɔ afɔre. Aka kakra ma Valentina awu no, ɔkae sɛ: “Mannya m’ankasa me fie antena da. Ná me nneɛma nyinaa gu adaka biako mu, nanso na mewɔ anigye ne akomatɔyam sɛ meresom Yehowa.” Hwɛ sɛnea Valentina buaa Satan a ɔkae sɛ sɛ nnipa hyia sɔhwɛ ahorow a wɔrenkɔ so nni Onyankopɔn nokware no pefee! (Hiob 1:9-11) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Valentina maa Yehowa koma tɔɔ ne yam, na Yehowa de anigye hwɛ bere a ɔnam owusɔre so bɛsan de Valentina ne afoforo a wowuwui nokwaredi mu no nyinaa asan aba nkwa mu bio no kwan.—Hiob 14:15.

12. Dwuma bɛn na ɔdɔ di wɔ yɛne Yehowa abusuabɔ mu?

12 Yɛne Yehowa adamfofa no gyina ɔdɔ a yɛwɔ ma no no so. Yɛn ani gye Onyankopɔn su ahorow ho, na yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma ɛne n’atirimpɔw ahyia. Nea ɛne asɛm a Ɔbonsam kae no bɔ abira no, yefi yɛn pɛ mu ankasa na yɛdɔ Yehowa, na ɛnyɛ biribi a yenya fi ne hɔ nti. Ɔdɔ a efi komam yi hyɛ yɛn den ma yɛkɔ so kura yɛn mũdi mu wɔ sɔhwɛ mu. Na Yehowa nso ‘bɛwɛn n’anokwafo kwan.’—Mmeb. 2:8; Dw. 97:10.

13. Yehowa bu nea yɛyɛ ma no no dɛn?

13 Ɛmfa ho sɛ ebia yɛte nka sɛ yɛrentumi nyɛ pii no, ɔdɔ ka yɛn ma yeyi Yehowa din ayɛ. Yehowa hu adwempa a yɛwɔ no, na sɛ yentumi nyɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ nyinaa mpo a, ommu yɛn fɔ. Ɛnyɛ nea yɛyɛ nko na ehia, na mmom adwene a yɛde yɛ saa no nso ho hia. Ɛmfa ho mpo sɛ awerɛhow hyɛɛ Hiob so na ɔfaa sɔhwɛ pii mu no, ɔkaa ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔbɔɔ no sobo no. (Monkenkan Hiob 10:12; 28:28.) Wɔ Hiob nhoma no ti a etwa to mu no, Onyankopɔn daa no adi sɛ ne bo afuw Elifas, Bildad, ne Sofar efisɛ wɔanka nokware. Bere koro no ara Yehowa frɛɛ Hiob mpɛn anan sɛ “m’akoa,” na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsrɛ mma ne nnamfo a wɔyɛ gyamserefo no, na ɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ n’ani sɔ Hiob. (Hiob 42:7-9) Momma yɛn nso yɛnyɛ saa ara na ama Yehowa ani asɔ yɛn.

Yehowa Boa N’asomfo Anokwafo

14. Dɛn na Yehowa yɛ de boaa Hiob ma ɔteɛɛ ne nsusuwii?

14 Ɛwom sɛ na Hiob nyɛ pɛ de, nanso okuraa ne mũdi mu. Ɛtɔ mmere bi na nneɛma hyɛ no so paa a, na onya adwene a ɛnteɛ. Sɛ nhwɛso no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Misu frɛ wo sɛ boa me . . . Wode wo nsa mu ahoɔden nyinaa anya me ho menasepɔw.” Bio nso, Hiob buu ne ho bem dodo bere a ɔkae sɛ: “Wunim sɛ menyɛɛ bɔne,” na “bɔne biara nni me nsam, na me mpaebɔ nso ho tew” no. (Hiob 10:7; 16:17; 30:20, 21) Nanso, Yehowa fi ayamye mu bisabisaa Hiob nsɛm de boaa no ma ɔsesaa adwene a na wanya no. Nsɛm a obisae no boaa Hiob ma ohui yiye paa sɛ Onyankopɔn na ɔyɛ opumpuni, na onipa biara ne no nsɛ. Hiob gyee nteɛso no toom, na ɔyɛɛ nsakrae.—Monkenkan Hiob 40:8; 42:2, 6.

15, 16. Akwan bɛn na Yehowa nam so boa n’asomfo nnɛ?

15 Ɛnnɛ nso Yehowa fi ayamye mu ma n’asomfo akwankyerɛ a edi mũ. Na yenya mfaso a ɛho hia nso. Sɛ nhwɛso no, Yesu Kristo de agyede afɔre no mae, na ɔnam so ma yenyaa nea wobegyina so de bɔne afiri. Ɛmfa ho sɛ yɛnyɛ pɛ no, yebetumi agyina saa afɔrebɔ no so ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den. (Yak. 4:8; 1 Yoh. 2:1) Sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn honhom kronkron nso ma ɛboa yɛn na ɛhyɛ yɛn den. Bio nso, yɛwɔ Bible mũ no nyinaa, na sɛ yɛkenkan na yedwinnwen emu nsɛm no ho a, esiesie yɛn ma yegyina yɛn gyidi ho sɔhwɛ ano. Sɛ yesua ade a, ɛboa yɛn ma yɛte asɛm a ɛfa amansan tumidi no ne yɛn ankasa mũdi ho ase.

16 Afei nso, yenya mfaso kɛse sɛ yɛka yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa a Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ma wɔn honhom fam aduan no ho. (Mat. 24:45-47) Wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛyɛ 100,000 no biara mu no, wɔyɛ nhyiam ahorow a wɔde kyerɛkyerɛ yɛn, na ɛhyɛ yɛn den sɛnea ɛbɛyɛ a yebegyina sɔhwɛ a yebetumi ahyia wɔ yɛn gyidi ho no ano. Yebetumi de Sheila a ɔyɛ Ɔdansefo a onnya nnii mfe aduonu a ɔte Germany no asɛm no akyerɛkyerɛ eyi mu.

17. Kyerɛkyerɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛde akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de ma yɛn nnɛ no bɛyɛ adwuma yiye no mu.

17 Da bi a na Sheila wɔ sukuu mu no, ɔkyerɛkyerɛfo no gyaw wɔn hɔ kakra. Ne sukuufo no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsɔ ntaboo bi a wɔfrɛ no Ouija a wɔde di ahonhonsɛm no ahwɛ. Ɛhɔ ara na Sheila fii adesuadan no mu, na asɛm a akyiri yi ɔtee no maa n’ani gyei sɛ ofii ɔdan no mu. Bere a na sukuufo no de ntaboo no redi ahonhonsɛm no, wɔn mu bi tee nka sɛ adaemone aba hɔ, na ehu kaa wɔn ma woguanee. Na dɛn na ɛboaa Sheila ma ɔyɛɛ n’adwene sɛ obefi ɔdan no mu ntɛm ara? Sheila kae sɛ: “Bere tiaa bi ansa na saa asɛm yi resi no, na yɛasusuw asiane a ɛwɔ saa ntaboo no a wɔde di ahonhonsɛm mu no ho wɔ nhyiam bi ase wɔ Ahenni Asa so. Enti na minim nea ɛsɛ sɛ meyɛ. Sɛnea Bible ka wɔ Mmebusɛm 27:11 no, na mepɛ sɛ mesɔ Yehowa ani.” Hwɛ sɛnea eye sɛ na Sheila wɔ saa nhyiam no ase na otiee asɛm no yiye!

18. Dɛn na w’ankasa woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

18 Momma yɛn mu biara nsi ne bo sɛ ɔde akwankyerɛ a Onyankopɔn ahyehyɛde no de ma yɛn no bedi dwuma yiye. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam daa, kenkan Bible no, sua Bible ho nhoma ahorow, bɔ mpae, na yɛne Kristofo a wɔn ho akokwaw bɔ fekuw a, yenya akwankyerɛ ne mmoa a yehia. Yehowa pɛ sɛ yɛkɔ so kura yɛn mũdi mu, na ɔwɔ ahotoso sɛ yɛbɛkɔ so adi nokware. Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yebeyi Yehowa din ayɛ, akɔ so akura yɛn mũdi mu, na yɛama Yehowa koma atɔ ne yam!

So Wokae?

• Nneɛma a ɛrekɔ so ne sɔhwɛ ahorow bɛn na efi Satan?

• Ade a ɛsom bo paa bɛn na yɛanya?

• Dɛn na yɛne Yehowa adamfofa gyina so?

• Akwan a Yehowa fa so boa yɛn nnɛ no bi ne dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 8]

So nimdeɛ a ɛsom bo a woanya no kanyan wo sɛ ka ho asɛm kyerɛ afoforo?

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Yebetumi aboa yɛn mfɛfo asomfo ma wɔakɔ so akura wɔn mũdi mu

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Ná Valentina wɔ ɔpɛ sɛ ɔde biribiara bɛbɔ afɔre na ama wakɔ so akura ne mũdi mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena