Dwom 33
Munnsuro Wɔn!
1. Monkɔ anim m’adansefo,
Monkɔka asɛmpa no.
Momfa akokod’ru nka;
Momma nnipa nyinaa nhu
Sɛ me Ba Kristo di hene;
Watow Satan ato fam;
Ɛrenkyɛ ɔbɛky’re Satan;
Yebenya ahofadi.
(NNYESO)
O m’adɔfo, munnsuro wɔn,
Na wɔntumi nyɛ mo hwee.
Mɛkora m’anokwafo so;
Wɔte sɛ m’ani kosua.
2. Mo atamfo no bɛdɔɔso,
Wɔbɛma mo asuro,
Wɔbɛs’rew akyerɛ mo,
Nanso wɔbɛdaadaa mo.
Wɔde ɔtan bɛba mo so,
Ɛnsɛ sɛ musuro wɔn;
Mɛkora anokwafo so
Akosi nkonimdi mu.
(NNYESO)
O m’adɔfo, munnsuro wɔn,
Na wɔntumi nyɛ mo hwee.
Mɛkora m’anokwafo so;
Wɔte sɛ m’ani kosua.
3. Munnsuro hwee, me w’rɛ mfii mo;
Meda so yɛ kyɛm ma mo.
Muwu akono mpo a,
Medi owu so nkonim.
Nsuro nea okum honam
Na ontumi nkum ɔkra.
Munni nokware daa nyinaa;
Mɛma moadu botae ho!
(NNYESO)
O m’adɔfo, munnsuro wɔn,
Na wɔntumi nyɛ mo hwee.
Mɛkora m’anokwafo so;
Wɔte sɛ m’ani kosua.
(Hwɛ Deut. 32:10; Neh. 4:14; Dw. 59:1; 83:2, 3 nso.)