-
Sɛnea Yehowa Bebua Mpae Bi A Wofi Komam BɔeƆwɛn-Aban—2008 | October 15
-
-
17. Hokwan a asɔretiafo wɔ bɛn na ɛbɛba awiei, na asɛm bɛn na yɛbɛkae nnansa yi ara?
17 Nokwarem no, yenim sɛ asɔretiafo bɛkɔ so ataa yɛn. Nanso, yɛbɛkɔ so aka asɛmpa no, na yɛbɛka bi akyerɛ wɔn a wɔsɔre tia yɛn no mpo. (Mat. 24:14, 21) Nanso, ɛnnɛ, hokwan a saa asɔretiafo no wɔ a wɔde bɛsakra wɔn adwene na wɔanya nkwa no bɛba awiei nnansa yi ara. Yehowa din ho a wɔbɛtew no ho hia koraa sen nkwagye a nnipa benya no. (Monkenkan Hesekiel 38:23.) Sɛ aman nyinaa a wɔwɔ asase yi so ka wɔn ho bom sɛ wɔbɛsɛe Onyankopɔn nkurɔfo a, yɛbɛkae asɛm a edi so yi a odwontofo no kae wɔ ne mpaebɔ no mu no. Ɔkae sɛ: “Ma wɔn ani nwu, na wɔn ho nyeraw wɔn daa; ma wɔn anim ngu ase na wɔnsɛe.”—Dw. 83:17, NW.
18, 19. (a) Dɛn na ɛreba wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsɔre atia Yehowa tumidi no so? (b) Yehowa tumidi a wɔrebɛma obiara ahu sɛ ɛno na ɛfata koraa no ka wo dɛn?
18 Wɔbɛsɛe wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsɔre atia Yehowa tumidi no pasaa. Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ wɔn a ‘wontie asɛmpa no’ a wobekum wɔn wɔ Harmagedon no benya “daa ɔsɛe.” (2 Tes. 1:7-9) Ɔsɛe a wɔde bɛba wɔn so, na wɔagye wɔn a wɔsom Yehowa nokware mu nkwa no bɛyɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no. Yɛbɛkae nkonimdi kɛse yi daa wɔ wiase foforo no mu. Wɔn a ‘wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ a wɔbɛsɔre afi awufo mu’ no bɛte Yehowa anwonwade kɛse no ho asɛm. (Aso. 24:15) Wɔ wiase foforo no mu no, wobenya adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ nyansa wom sɛ wɔbɛhyɛ Yehowa tumidi ase. Na ahobrɛasefo a wɔwɔ wɔn mu no behu no ntɛm ara sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no.
-
-
“Eyi Ne Onyankopɔn Din Kronkron Kɛse no Ampa”Ɔwɛn-Aban—2008 | October 15
-
-
“Eyi Ne Onyankopɔn Din Kronkron Kɛse no Ampa”
Nicholas a ofi Cusa no na ɔkaa saa asɛm no wɔ ɔkasa bi a ɔmae wɔ afe 1430 mu.a Ná ɔyɛ ɔbarima a n’ani gye nneɛma pii ho, na sɛ nhwɛso no, osuaa Hela, Hebri, nyansapɛ, nyamekyerɛ, akontaabu, ne nsoromma ho ade. Bere a odii mfe 22 no, obenyaa abodin sɛ ɔbenfo wɔ Roma Katolek asɔre mmara mu. Wɔpaw no ɔsɔfopɔn wɔ afe 1448 mu.
Bɛyɛ mfe 550 a atwam mu no, Nicholas a ofi Cusa no sii atrae maa nnipa a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔayɛ ayarefo wɔ Kues a ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ Bonn anafo fam bɛyɛ kilomita 130 wɔ Germany. Seesei wɔfrɛ hɔ Bernkastel-Kues. Ɛnnɛ, Cusa nhomakorabea a nsaano nkyerɛwee bɛboro 310 wom wɔ saa atrae hɔ. Nsaano nkyerɛwee no mu biako ne Codex Cusanus 220 a emu na ɔkasa a Nicholas a ofi Cusa no mae wɔ afe 1430 mu no wɔ. Wɔ saa ɔkasa a wɔato din In principio erat verbum (Mfiase no na Asɛm no Wɔ Hɔ) mu no, Nicholas a ofi Cusa no de Latin nkyerɛwee Iehoua na egyinaa hɔ maa Yehowa.b Asɛm a edi hɔ yi a ɛfa Onyankopɔn din ho no wɔ nhoma no kratafa 56: “Edin a Onyankopɔn de ama ne ho. Ɛno ne Tetragrammaton, a ɛkyerɛ sɛ, nkyerɛwde anan na wɔde kyerɛw edin no. . . . Eyi ne Onyankopɔn din kronkron kɛse no ampa.” Nicholas a ofi Cusa asɛm no ne nokwasɛm a ɛne sɛ Onyankopɔn din wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mfitiase nkyerɛwee no mu no hyia.—Ex. 6:3.
Saa nhoma a wobuebue mu yi a wɔkyerɛw no wɔ afeha a ɛto so 15 mfiase no ne nsaano nkyerɛwee a akyɛ sen biara no mu biako a ɛwɔ hɔ a wɔkyerɛw Tetragrammaton no “Iehoua” wom. Saa nsaano nkyerɛwee yi yɛ adanse foforo a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ, na wɔtaa kyerɛw Onyankopɔn din no wɔ ɔkwan bi so a ɛne Onyankopɔn din “Yehowa” no di nsɛ mfehaha pii.
-