Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 9/15 kr. 32
  • ‘Wɔbɛkɔ So Asow Aba Nkwakoraa Bere Mu’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Wɔbɛkɔ So Asow Aba Nkwakoraa Bere Mu’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 9/15 kr. 32

‘Wɔbɛkɔ So Asow Aba Nkwakoraa Bere Mu’

NNIPA pii a wɔwɔ Mediterranea nsase so dua nkyeresia wɔ wɔn afie mu. Nnua yi yɛ fɛ na ɛsow aba a ɛyɛ dɛ. Bio nso, etumi nyin na ɛsow aba bɛboro mfe ɔha.

Ɔhene Salomo a ɔtraa ase wɔ tete Israel no kaa Sulamit ababaa a na ne ho yɛ fɛ no ho asɛm sɛ ɔte sɛ ɔbɛten. (Nnwom mu Dwom 7:7) Nhoma bi a ɛka Bible mu nnua ho asɛm ka sɛ: “Wɔkyerɛ Hebri asɛmfua ‘tàmâr’ ase sɛ nkyeresia. . . . Ɛbɛyɛɛ ade a na Yudafo no de gyina hɔ ma ade a ɛyɛ fɛ anaa ɛho wɔ nyam, na mpɛn pii no, na wɔde to mmea.” (Plants of the Bible) Sɛ nhwɛso no, wɔtoo Salomo nuabea a na ne ho yɛ fɛ no din Tamar. (2 Samuel 13:1) Awofo binom da so ara de saa din no to wɔn mmabea.

Ɛnyɛ mmea a wɔn ho yɛ fɛ nkutoo na wɔtaa de wɔn toto ɔbɛten ho. Odwontofo no kae sɛ: “Ɔtreneeni bɛfefɛw sɛ abɛ, obenyin sɛ Lebanon so kyeneduru. Wɔn a wɔtɛw wɔn [Yehowa, NW] fi no bɛfefɛw yɛn Nyankopɔn abangua so. Wɔbɛkɔ so asow aba nkwakoraa bere, wɔbɛyɛ akɛse ne frɔmfrɔm ara.”—Dwom 92:12-14.

Sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔn a wɔde nokwaredi som Onyankopɔn bere a wɔn mfe akɔ anim no te sɛ ɔbɛten a ɛyɛ fɛ. Bible ka sɛ: “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.” (Mmebusɛm 16:31) Ɛwom sɛ ebia mpanyinyɛ bɛma wɔn a wɔanyinyin no ahoɔden so atew de, nanso sɛ wɔkɔ so sua Onyankopɔn Asɛm, Bible, ma ɛwowaw wɔn a, wɔbɛkɔ so anya honhom fam ahoɔden. (Dwom 1:1-3; Yeremia 17:7, 8) Nkwakoraa ne mmerewa a wɔn nsɛm hyɛ nkuran na wɔyɛ nhwɛso pa no hyɛ afoforo den na wɔkɔ so sow aba afe biara. (Tito 2:2-5; Hebrifo 13:15, 16) Wɔn a wɔn mfe kɔ anim no betumi akɔ so asow aba te sɛ nkyeresia.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena