BIBLE MU AKORADE | NNWOM 102-105
Yehowa Kae sɛ Yɛyɛ Mfutuma
Dawid de mfatoho kyerɛkyerɛɛ Yehowa mmɔborɔhunu mu.
Ɔsoro ne asase ntam ware paa ma ɛboro yɛn adwene ne yɛn ntease so. Saa nso na Yehowa adɔe dɔɔso ma ɛboro yɛn adwene ne yɛn ntease so
Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no, saa ara na sɛ Yehowa de yɛn bɔne firi yɛn a, oyi bɔne no kɔ akyirikyiri
Sɛnea agya da mmɔborɔhunu adi kyerɛ ne ba a ɔredi yaw no, saa ara nso na Yehowa da mmɔborɔhunu adi kyerɛ abɔnefo a wɔanu wɔn ho na wɔabotow no