BIBLE MU AKORADE | YESAIA 43-46
Yehowa—Onyankopɔn a Ne Nkɔmhyɛ Ba Mu
Nea Yɛaprente
Bɛyɛ mfe 200 ansa na wɔresɛe Babilon no, Yehowa nam Yesaia so hyɛɛ nkɔm kaa nea ebesi nyinaa.
Ná Kores bɛsɛe Babilon
Ná wobebue kurow no apon a ɛbɔ ho mmienu no ato hɔ
Eufrate Asubɔnten a ɛbɔ kurow no ho ban no, na ‘ɛbɛyow’ anaa ɛbɛwe