BIBLE MU AKORADE | MATEO 16-17
Hena Nsusuwii Na Ɛwɔ W’adwenem?
Ɛwom, Petro de adwempa na ɛkasae de, nanso Yesu teɛɛ ne so ntɛm ara wɔ adwene a ɛmfata a na okura no ho
Yesu hui sɛ na ɛnyɛ saa bere no na ɛsɛ sɛ ‘ɔka asɛmpa ma ne ho.’ Nea na Satan repɛ ara ne sɛ Yesu begyaagyaa ne ho wɔ saa bere titiriw no mu
Yesu kyerɛɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Onyankopɔn apɛde akyerɛ yɛn kwan. Dɛn na emu biara hwehwɛ sɛ yɛyɛ?
Pa wo ho akyi
Fa w’asɛndua
Di Yesu akyi daa