Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr18 February kr. 1-3
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • FEBRUARY 5-11
  • FEBRUARY 12-​18
  • FEBRUARY 19-​25
  • FEBRUARY 26–MARCH 4
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2018
mwbr18 February kr. 1-3

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

FEBRUARY 5-11

BIBLE MU AKORADE | MATEO 12-​13

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Mt 12:20 ho adesua asɛm

ntamaban a ayɛ wusiwusi: Ná kanea a wɔtaa sɔ wɔ fie no yɛ kuku ketewaa bi a wɔde ngodua mu ngo gu mu. Ntama no nonom ngo no, na ɛtwe kɔ ogyaframa no mu. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘ntamaban a ayɛ wusiwusi’ no, ebetumi akyerɛ ntamaban a ogya a ɛwɔ ano no abrɛ ase anaa adum nti ɛrefi wusiw. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yes 42:3 kyerɛe sɛ Yesu bɛda ayamhyehye adi. Wei kyerɛ sɛ, anidaso kakraa bi a aka a ahobrɛasefo ne wɔn a nkurɔfo sisi wɔn wɔ no, ɔrennum no anaa ɔremma ɛnsa da.

FEBRUARY 12-​18

BIBLE MU AKORADE | MATEO 14-15

“Ɔnam Nnipa Kakra So Ma Mpempem Aduan”

nwtsty Mt 14:​21 ho adesua asɛm

mmea ne mmofra nkumaa nka ho: Mateo nko ara na ɔkaa mmea ne mmofra ho asɛm bere a ɔreyɛ anwonwade yi ho kyerɛwtohɔ no. Ebetumi aba sɛ nnipa a Yesu faa anwonwakwan so maa wɔn aduan yi dodow boro 15,000.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Mt 15:7 ho adesua asɛm

nyaatwomfo: Hela asɛmfua hy·po·kri·tesʹ no, na egyina hɔ ma Hela (na akyiri yi Roma) agofo a na wɔhyɛ nkataanim kɛse bi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nne bɛkɔ akyiri. Asɛmfua yi bɛyɛɛ kasakoa a na ɛkyerɛ obiara a ɔde ne suban ankasa sie sɛnea ɛbɛyɛ a wonhu nea ɛwɔ ne tirim anaa sɛnea ɔte ankasa. Ɛha no, Yesu frɛɛ Yuda nyamesom akannifo no “nyaatwomfo.”​—Mt 6:5, 16.

nwtsty Mt 15:26 ho adesua asɛm

mmofra . . . nkraman mma: Mose Mmara no mu no, na nkraman ho ntew enti na Kyerɛwnsɛm no taa de saa asɛm yi di dwuma wɔ animtiaabu mu. (Le 11:27; Mt 7:6; Flp 3:2; Adi 22:15) Nanso, Yesu nkɔmmɔ a Marko (7:27) ne Mateo yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no, asɛm a wɔatwa no tia “nkraman mma” anaa “ofie kraman” a ɔde dii dwuma no gow asɛm no mu kakra. Ebia nea na Yesu repɛ akyerɛ ne edin a obiara ani gye ho a wɔtaa de frɛ ofie mmoa wɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo fie. Bere a Yesu de Israelfo totoo “mmofra” ho na ɔde wɔn a wɔnyɛ Yudafo totoo “nkraman mma” ho no, ɛda adi sɛ na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde Yudafo no di kan. Ofie a mmofra ne nkraman wom no, wodi kan ma mmofra no aduan.

FEBRUARY 19-​25

BIBLE MU AKORADE | MATEO 16-17

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Mt 16:18 ho adesua asɛm

wone Petro, na ɔbotan yi so: Hela asɛmfua peʹtros kyerɛ “ɔbotan; ɔbo.” Ɛha no, wɔde di dwuma sɛ din pa (Petro), na ɛno ne Hela din a Yesu de maa Simon. (Yoh 1:​42) Peʹtra yɛ asɛmfua foforo a ɛne no bɔ abusua na wɔkyerɛ ase “ɔbotan,” na ebetumi agyina hɔ ama fapem, anaa abotan. Hela asɛmfua yi san pue wɔ Mt 7:24, 25; 27:60; Lu 6:48; 8:6; Ro 9:33; 1Ko 10:4; 1Pe 2:8. Esiane sɛ Petro kyerɛw wɔ 1Pe 2:4-8 sɛ Yesu ne “twea bo a wɔde to fapem” a wɔkaa ne ho asɛm bere tenten sɛ Onyankopɔn ankasa apaw no nti, ɛda adi sɛ Petro anhu ne ho sɛ ɔno ne ɔbo a na Yesu reka ne ho asɛm sɛ obesi n’asafo no wɔ so no. Saa ara na ɔsomafo Paulo kaa Yesu ho asɛm sɛ ɔyɛ “fapem” ne “honhom fam ɔbotan.” (1Ko 3:11; 10:4) Enti ɛda adi sɛ na Yesu de nsɛmfua bi a ɛkyerɛ ade koro na ɛredi dwuma. Nea na ɔreka ara ne sɛ: ‘Wo, nea mefrɛɛ no Petro, Ɔbotan No, ahu onipa a ɔne Kristo no ankasa, “ɔbotan yi,” nea ɔbɛyɛ Kristofo asafo no fapem no.’

asafo: Wei ne bere a edi kan a wɔde Hela asɛmfua ek·kle·siʹa dii dwuma. Hela nsɛmfua mmienu na wɔaka abom, ek, a ɛkyerɛ “pae mu” ne ka·leʹo, a ɛkyerɛ “sɛ wɔbɛfrɛ.” Enti ek·kle·siʹa kyerɛ nnipakuw a atirimpɔw bi nti wɔafrɛ wɔn abehyiam. (Hwɛ Glossary wɔ Borɔfo de no mu.) Saa asɛm yi mu no, na Yesu reka sɛnea wɔbɛkyekye Kristofo asafo a wɔn a wɔasra wɔn na wɔwom no ho asɛm. Wɔte sɛ “ɔbo a ɛte ase” a ‘wɔde wɔn resi honhom mu ofie.’ (1Pe 2:4, 5) Wɔtaa de Hela asɛm yi di dwuma wɔ Septuagint no mu de kyerɛ Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma “asafo.” Hebri asɛmfua no nso, mpɛn pii wɔde gyina hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa. (De 23:3; 31:30) Israelfo a wɔfrɛɛ wɔn fii Egypt no, wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Aso 7:38 sɛ wɔyɛ “asafo.” Saa ara nso na Kristofo a ‘ɔfrɛɛ wɔn fii sum mu’ na ‘ɔpaw wɔn fii wiase’ no bɛyɛɛ “Onyankopɔn asafo.”​—1Pe 2:9; Yoh 15:19; 1Ko 1:2.

nwtsty Mt 16:19 ho adesua asɛm

ɔsoro Ahenni nsafe: Bible mu no, sɛ wɔde safe hyɛ obi nsa a, sɛ́ ɛyɛ safe pa ara anaa nsɛnkyerɛnne kwan so de no, na ɛma saa nipa no nya tumi kakra. (1Be 9:26, 27; Yes 22:20-22) Enti ɛmaa asɛmfua “safe” no begyinaa hɔ maa tumi ne asɛyɛde. Petro de “nsafe” a wɔde hyɛɛ ne nsa no dii dwuma maa Yudafo (Aso 2:22-41), Samariafo (Aso 8:14-17), ne Amanaman mufo (Aso 10:34-38) nyaa hokwan sɛ wobehwie Onyankopɔn honhom agu wɔn so na ama wɔatumi akɔ ɔsoro Ahenni mu.

FEBRUARY 26–MARCH 4

BIBLE MU AKORADE | MATEO 18-19

“Hwɛ Sɛ Worento Wo Ho Ne Afoforo Hintidua”

nwtsty Mt 18:6, 7 ho adesua asɛm

owiyammo a afurum twe: Anaa “owiyammo kɛse.” Ɛkyerɛ owiyammo a afurum na ɛtwe. Owiyammo a ɛte saa no tɛtrɛtɛ bɛyɛ mita 1.2 kosi 1.5 (anammɔn 4-5), na sɛnea emu yɛ duru no nti afurum na na ɛtwe.

hintidua: Hela asɛmfua skanʹda·lon a wɔkyerɛ ase “hintidua” no, wosusuw sɛ nea ɛkyerɛ pa ara ne afiri; ebi ka sɛ ɛyɛ dua a na wɔde aduan sɔ so de yi mmoa. Akyiri yi, wɔtrɛw mu de gyinaa hɔ maa biribiara a ɛbɛto obi hintidua anaa ɛbɛma no ahwe ase nso. Sɛnkyerɛnne kwan so no, yɛka “hintidua” a, ɛkyerɛ nneyɛe ne tebea bi a ebetumi ama obi afa ɔkwammɔne so, wadi mfomso wɔ abrabɔ mu anaa wayɛ bɔne. Wɔ Mt 18:8, 9 mu no, wɔde adeyɛ asɛm skan·da·liʹzo a ɛne skanʹda·lon wɔ abusuabɔ na edii dwuma, na wɔkyerɛ ase “ma obi hwe ase.” Wotumi nso kyerɛ ase “wobɛdan afiri; wobɛma obi ayɛ bɔne.”

nwtsty mfonini

Owiyammo: Ná wɔde owiyammo yam awi, aburow ne nea ɛtete saa. Afei nso na wɔde kyĩ ngo fi ngodua aba mu. Na owiyammo no bi susua ma enti na obi betumi de ne nsa apia. Ebi nso wɔ hɔ a na ɛsoso pa ara enti mmoa na na epia. Ɛbɛyɛ sɛ, na ebi kɛse te sɛ owiyammo a Filistifo hyɛɛ Simson ma ɔde yam awi no. (Ate 16:21) Na owiyammo a mmoa twe nyɛ na wɔ Israel, nanso ɛnyɛ hɔ nko; Roma Ahemman no mu nyinaa nso, na ebi wɔ mmeae pii.

Owiyammo​—Nea Esi Fam Ne Nea Ɛda So: Owiyammo kɛse a wuhu wɔ mfonini yi mu no, na mmoa te sɛ afurum na ɛtaa pia de yam awi anaa aburow. Afei na wɔde pɛtɛw ngodua aba. Ɔbo a na ɛda soro no tɛtrɛtɛ betumi ayɛ mita 1.5 (anammɔn 5) na na wɔde to ɔbo kɛse a ɛsen saa a esi fam so.

nwtsty Mt 18:9 ho adesua asɛm

Gehenna: Asɛmfua yi fi Hebri nsɛmfua geh hin·nomʹ mu na ɛkyerɛ “Hinom bon” a na ɛwɔ tete Yerusalem apuei ne anafo. (Hwɛ sgd-TWK ɔfã 54-16, “Yerusalem ne Ne Mpɔtam.”) Yesu bere so no, na obon no abɛdan beae a wɔhyew wura. Enti na “Gehenna” yɛ asɛmfua a ɛfata a wɔde gyina hɔ ma ɔsɛe pasaa.

nwtstg Bible mu nsɛm bi mu nkyerɛkyerɛmu

Gehenna: Ɛyɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase Hinom Bon, na na ɛwɔ tete Yerusalem anafo apuei. (Yer 7:​31) Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ ɛbɛdan baabi a wɔbɛto afunu agu. (Yer 7:32; 19:6) Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na wɔto mmoa anaa nnipa gu Gehenna hyew wɔn animono anaa wɔyɛ wɔn ayayade. Enti na beae yi rentumi nnyina hɔ mma baabi a aniwa nhu a wɔyɛ akra ayayade daa wɔ ogya ankasa mu. Mmom no, Yesu ne n’asuafo no de Gehenna dii dwuma de gyinaa hɔ maa daa asotwe a ɛno ne “owuprenu” no, kyerɛ sɛ, daa ɔsɛe, ɔsɛe pasaa.​—Adi 20:14; Mt 5:22; 10:28.

nwtsty Mt 18:10 ho adesua asɛm

hu m’Agya a ɔwɔ soro no anim: Anaa nya hokwan wɔ m’Agya anim. Esiane sɛ honhom abɔde nko ara na etumi kɔ Onyankopɔn anim nti, wɔn nko ara na wotumi hu n’anim.​—Ex 33:20.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Mt 18:22 ho adesua asɛm

mpɛn aduɔson ason: Nea ɛkyerɛ pa ara ne mpɛn aduɔson ahorow ason. Saa Hela asɛmfua yi betumi akyerɛ “70 ne 7” (mpɛn 77) anaa “70 ahorow 7” (mpɛn 490). Asɛm koro yi ara wɔ Ge 4:24 na Septuagint no kyerɛ Hebri asɛm yi ase “mpɛn 77.” Wei foa so sɛ “mpɛn 77” na na Yesu reka. Ɛmfa ho ntease biara a saa asɛm yi ma yenya no, nɔma nson a ɔsan de dii dwuma no gyina hɔ ma “daa” anaa “enni awiei.” Bere a Yesu dan mpɛn 7 a Petro kae no yɛɛ no 77 no, nea na ɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ ɛnsɛ sɛ n’akyidifo bɔ wɔn tirim kyerɛ mpɛn dodow a wɔpɛ sɛ wɔde bɔne kyɛ. Sɛ wode wei toto nea Babilonfo Talmud (Yoma 86b) no ka ho a ɛbɔ abira koraa. Talmud no ka sɛ: “Sɛ obi di mfomso nea edi kan, nea ɛto so mmienu ne nea ɛto so mmiɛnsa a wɔde kyɛ no, nanso nea ɛto so nnan no de wɔmfa nkyɛ no.”

nwtsty Mt 19:7 ho adesua asɛm

awaregyae krataa: Ná Mmara no hwehwɛ sɛ ɔbarima a ɔpɛ sɛ ogyae ne yere no kyerɛw mmara kwan so krataa na ebia ɔsan kɔbɔ mpanyimfo amanneɛ. Ná saa a ɔbɛyɛ no bɛma no bere de asusuw aniberesɛm a ɛwɔ saa gyinaesi no mu ho. Adwene a na ɛwɔ Mmara no akyi ne sɛ ɛbɛboa na nkurɔfo ampere wɔn ho annyae aware na abɔ mmea ho ban kakra. (De 24:1) Nanso wɔ Yesu bere so no, na nyamesom akannifo no ama ayɛ mmerɛw sɛ obi begyae aware. Na abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus a ɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu yɛ Farisini a ɔno nso gyaee ne yere. Ɔkaa sɛ “obi betumi agyina biribiara so agyae aware (na mmarima pii yɛ saa).”

nwtsty mfonini

Awaregyae Krataa

Wɔkyerɛw awaregyae krataa yi wɔ afe 71 anaa 72 Y.B. wɔ Aram kasa mu. Wohui wɔ Wadi Murabbaat a ɛyɛ subɔnka bi a ɛda Yudea Sare so no atifi fam. Ɛka sɛ, wɔ afe a ɛto so nsia bere a Yudafo tew atua no, Naqsan babarima Joseph gyaee Jonathan babea Miriam a ɔte Masada no aware.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena