Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
MARCH 5-11
BIBLE MU AKORADE | MATEO 20-21
“Obiara a Ɔpɛ Sɛ Ɔyɛ Kɛse Mo Mu No, Ɔnyɛ Ɔsomfo”
nwtsty mfonini
Gua So: Ná aguadibea no bi wɔ kwan ho te sɛ nea wuhu wɔ mfonini yi mu no. Afei nso na adetɔnfo taa hyehyɛ nneɛma pii wɔ kwan mu ma enti ɛyɛ den sɛ wubenya baabi afa. Ná ɔmanfo tumi tɔ nneɛma a wɔde di dwuma wɔ fie, nneɛma a wɔde dɔte anwene, nneɛma a wɔde glass ayɛ a ne bo yɛ den, ne nnɔbae a wɔde fi afum bae nkyɛe. Esiane sɛ na frigye nni hɔ nti, na ehia sɛ nkurɔfo kɔ gua so kɔtotɔ nneɛma da biara. Sɛ obi rekɔtɔ ade wɔ gua so a, na obetumi ate mmeae ahorow so nsɛm afi aguadifo ne ahɔho hɔ. Ná mmofra nso tumi di agorɔ wɔ gua no so, na na wɔn a wonni adwuma nso tumi kɔtwɛn sɛ wobenya adwuma ayɛ. Yesu saa yare wɔ gua so, na Paul nso kaa asɛmpa no bi wɔ gua so. (Aso 17:17) Nanso akyerɛwfo ne Farisifo a wɔyɛ ahantan no de, nea na wɔn ani gye ho pa ara ne sɛ nkurɔfo behu wɔn na wɔakyia wɔn wɔ baguam.
nwtsty Mt 20:20, 21 ho adesua nsɛm
Sebedeo mmabarima no maame: Ná ɔyɛ asomafo Yakobo ne Yohane maame. Sɛ yɛhwɛ asɛmpa a Marko kyerɛwee no mu a, Yakobo ne Yohane na wɔkɔɔ Yesu nkyɛn. Ɛda adi sɛ na wɔn ankasa na na wɔrepɛ hokwan no, nanso wɔde adesrɛde no faa wɔn maame Salome so. Ɛbɛyɛ sɛ na Salome yɛ Yesu maame nuabea.—Mt 27:55, 56; Mr 15:40, 41; Yoh 19:25.
biako ntena wo nifa na obiako nso ntena wo benkum: Ɛha yi, nifa so oo, benkum so oo, ne nyinaa kyerɛ dibea a anuonyam ne tumi wom. Nanso bere nyinaa nea anuonyam wom pa ara ne nifa so.—Dw 110:1; Aso 7:55, 56; Ro 8:34.
nwtsty Mt 20:26, 28 ho adesua nsɛm
ɔsomfo: Anaa “akoa.” Bible no taa de Hela asɛmfua di·aʹko·nos ka obi a ofi ahobrɛase mu som afoforo a ɔmpa abaw ho asɛm. Wɔde saa asɛmfua no ka Kristo (Ro 15:8), Kristo asomfo anaa Kristo nkoa (1Ko 3:5-7; Kol 1:23), asafo mu asomfo (Flp 1:1; 1Ti 3:8), anaa nkoa a wɔsom wɔ fie (Yoh 2:5, 9) ne aban mpanyimfo ho asɛm (Ro 13:4).
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Mt 21:9 ho adesua asɛm
Yɛsrɛ wo gye no: Nea ɛkyerɛ pa ara ne “Hosanna.” Saa Hela asɛmfua yi fi Hebri asɛm a ɛkyerɛ “yɛsrɛ wo gye no” anaa “yɛpa wo kyɛw gye no” mu. Ɛha yi, na wɔde redi dwuma asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma nkwagye anaa nkonimdi mmra; wobetumi nso akyerɛ ase sɛ “yɛsrɛ wo gye no nkwa.” Akyiri yi, ɛbɛyɛɛ asɛm bi a wɔde bɔ mpae anaa wɔde yi Onyankopɔn ayɛ. Wubehu Hebri asɛm yi wɔ Dw 118:25. Ná ɛka Hallel Nnwom a wɔtaa to no Twam afahyɛ bere mu no ho. Enti anyɛ den koraa sɛ wɔbɛkae nsɛm yi saa bere no. Mpae a wɔbɔe sɛ wonnye Dawid Ba no, ɔkwan baako a Onyankopɔn faa so buae ne sɛ onyanee no fii awufo mu. Yɛhwɛ Mt 21:42 a, Yesu ankasa faa asɛm a ɛwɔ Dw 118:22, 23 no kyerɛɛ mu sɛ ɛfa Mesia no ho.
Dawid Ba: Asɛm a ɛwɔ ha yi kyerɛ sɛ wogye abusua a Yesu fi mu ne dwuma a odi sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no tom.
MARCH 12-18
BIBLE MU AKORADE | MATEO 22-23
“Di Ahyɛde Akɛse Mmienu No So”
nwtsty Mt 22:37 ho adesua asɛm
koma: Sɛ wɔde di dwuma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so a, “koma” no taa kyerɛ sɛnea obi te ankasa wɔ ne mu. Nanso sɛ wɔka “koma” no ho asɛm de bata “ɔkra” ne “adwene” no ho a, ɛda adi sɛ egyina hɔ ma biribi pɔtee, na ɛkyerɛ obi nkate ne nea n’ani gye ho. Nsɛmfua mmiɛnsa a wɔde adi dwuma wɔ ha (koma, ɔkra, ne adwene) no, obi ntumi mfa baako na onnyaw ɔfoforo hɔ. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi asi asɛm no so dua yiye no, wɔde ne nyinaa boom yɛɛ adwuma de kyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yenya ma Onyankopɔn no di mũ fa.
ɔkra: Anaa “nipa mũ no nyinaa.”
adwene: Kyerɛ sɛ nneɛma a obi tumi de n’adwene yɛ. Ɛsɛ sɛ obi de n’adwene di dwuma de hu Onyankopɔn na ɔkɔ so nya ɔdɔ kɛse ma no. (Yoh 17:3; Ro 12:1) Ɔfaa saa asɛm yi fii De 6:5 wɔ mfiase Hebri nkyerɛwee no mu. Ɛhɔ no, wɔde nsɛmfua mmiɛnsa, ‘koma, ɔkra, ne ahoɔden’ na edii dwuma. Nanso Mateo kyerɛwtohɔ a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hela mu no de, wɔde asɛm “adwene” na edii dwuma na ɛnyɛ “ahoɔden.” Ebetumi aba sɛ atirimpɔw ahorow bi nti na akyerɛwfo no amfa asɛnkoro no ara anni dwuma no. Nea edi kan, ɛwom sɛ na tete Hebri kasa no nni asɛmfua pɔtee a wɔde gyina hɔ ma “adwene” de, nanso Hebri asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma “koma” no, ntease a ɛwom no tumi kyerɛ “koma” ne “adwene” nyinaa. Sɛ wɔde asɛmfua “koma” di dwuma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so a, egyina hɔ ma sɛnea obi te ankasa; ne nsusuwii, ne nkate, ne su, ne nea ɛkanyan no ma ɔyɛ nneɛma. (De 29:4; Dw 26:2; 64:6; hwɛ adesua asɛm a ɛfa koma ho wɔ saa nkyekyɛm yi mu no.) Wei nti, baabi a Hebri de asɛmfua “koma” yɛ adwuma no, wɔtaa de Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “adwene” na esi ananmu wɔ Hela Septuagint no mu. (Ge 8:21; 17:17; Mme 2:10; Yes 14:13) Bere a Mateo refa asɛm a ɛwɔ De 6:5 aka no, ɛbɛyɛ sɛ ade foforo nti a wamfa asɛmfua “ahoɔden” anni dwuma na mmom ɔde “adwene” dii dwuma ne sɛ, Hebri asɛmfua “ahoɔden” no betumi akyerɛ honam fam ahoɔden ne nea obi tumi de n’adwene yɛ. Sɛnea ɛte biara no, esiane sɛ wotumi de Hebri ne Hela nsɛmfua no nyinaa di dwuma de kyerɛ asɛnkoro nti, ebia ebetumi akyerɛ yɛn nea enti a Asɛmpa akyerɛwfo no amfa asɛnkoro no ara anni dwuma bere a wɔrefa nsɛm a ɛwɔ Deuteronomium nhoma no mu aka asɛm no.
nwtsty Mt 22:39 ho adesua asɛm
Nea ɛto so abien: Yɛhwɛ Mt 22:37 a, yehu sɛ Yesu maa Farisini no mmuae tee. Nanso Yesu san kyerɛɛ asɛm no mu kɔɔ akyiri kaa mmara a ɛto so mmienu ho asɛm (Le 19:18), na ɔkyerɛe sɛ wɔrentumi ntew mmara mmienu no ntam mma ɛnyɛ yiye, na ɛbɔ Mmara no nyinaa ne Adiyifo no mua.—Mt 22:40.
yɔnko: Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “yɔnko” no (nea ɛkyerɛ ankasa ne “nea ɔbɛn”) betumi akɔ akyiri asen nnipa a wo ne wɔn te mpɔtam kɛkɛ. Ebetumi akyerɛ obiara a yɛne no bedi nkitaho.—Lu 10:29-37; Ro 13:8-10.
nwtsty Mt 22:40 ho adesua asɛm
Mmara no . . . Adiyifo no: “Mmara no” gyina hɔ ma Bible mu nhoma, efi Genesis kosi Deuteronomium. “Adiyifo no” gyina hɔ ma Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmhyɛ nhoma ahorow. Nanso, sɛ wɔka mmienu no nyinaa ho asɛm bom a, ebetumi akyerɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa.—Mt 7:12; 22:40; Lu 16:16.
sɛn: Hela adeyɛ asɛm a nea ɛkyerɛ ankasa ne “fa sɛn biribi so” no, wɔde di dwuma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so wɔ ha, na ɛkyerɛ sɛ “wodan biribi; wugyina biribi so.” Enti na Yesu rekyerɛ sɛ ɛnyɛ Mmara a Mmara Nsɛm Du no ka ho no nko na egyina ɔdɔ so, na mmom Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa nso gyina ɔdɔ so.—Ro 13:9.
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Mt 22:21 ho adesua asɛm
Kaesare de mma Kaesare: Mmuae a Yesu de mae wɔ ha a wɔasan ayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mr 12:17 ne Lu 20:25 no mu nko ara na Yesu kaa Roma amrado no ho asɛm. “Kaesare de” no bi ne sika a yetua ma aban wɔ nneɛma a wɔyɛ ma yɛn no ho. Ebi nso ne atumfoɔ a yebedi wɔn ni na yɛabrɛ yɛn ho ase ama wɔn sɛnea ɛsɛ.—Ro 13:1-7.
Onyankopɔn de mma Onyankopɔn: “Onyankopɔn de” no bi ne yɛn koma nyinaa mu a yebefi asom no ne yɛn kra nyinaa mu a yebefi adɔ no. Afei nso, ɛsɛ sɛ yetie no bere nyinaa na yedi no nokware wɔ biribiara mu.—Mt 4:10; 22:37, 38; Aso 5:29; Ro 14:8.
nwtsty Mt 23:24 ho adesua asɛm
mosɔn nneɛma so yi nwansena nanso momene yoma: Mmoa a na Israelfo nim sɛ wɔn ho ntew no, emu nketewa pa ara no bi ne nwansena na akɛse pa ara no bi ne yoma. (Le 11:4, 21-24) Yesu de fɛwdi kakra guguu nsɛm mu ka kyerɛɛ nyamesom mpanyimfo no sɛ wɔsɔn wɔn anonne so sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ nwansena bi wom a ɛremma wɔn ho ngu fĩ, nanso Mmara no mu nsɛm a tumi wom no de, wobu wɔn ani gu so. Wei a wɔyɛ no te sɛ nea wɔremene yoma.
MARCH 19-25
BIBLE MU AKORADE | MATEO 24
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Mt 24:8 ho adesua asɛm
awoko yaw mfiase: Nea Hela asɛmfua yi kyerɛ ankasa ne ɛyaw kɛse pa ara a mmea kɔ mu bere a wɔakɔ awo so no. Ɛwom sɛ wɔde di dwuma wɔ ha de kyerɛ ahoyeraw, ɛyaw, ne amanehunu biara de nanso ebetumi akyerɛ sɛ, sɛnea ɛyaw a ɔbea a ɔrekɔwo fa mu te no, saa ara na ɔhaw ne amanehunu a wɔhyɛɛ ho nkɔm no bɛyɛ. Nkakrankakra ɛbɛdɔɔso, emu bɛkɔ so ayɛ den, na bere a wɔde bɛte yaw no nso bɛdɔɔso ansa na ahohiahia kɛse a wɔaka ho asɛm wɔ Mt 24:21 no aba.
nwtsty Mt 24:20 ho adesua asɛm
awɔw bere mu: Osu akɛse a ɛbɛtɔ, nsuyiri, ne awɔw a ɛbɛba saa bere no bɛma akwantu ayɛ den, na ɛbɛyɛ den sɛ obi benya aduan ne dabere.—Esr 10:9, 13.
homeda: Mmeae bi te sɛ Yudea no, na mmara katee a wɔahyehyɛ wɔ Homeda ho no bɛma ayɛ den sɛ obi betwa kwantenten atu kwan na wasan asoa nneɛma; afei na edu Homeda a wɔto kurow apon mu.—Hwɛ Aso 1:12 ne sgd-TWK Ɔfã 16.