Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
APRIL 2-8
BIBLE MU AKORADE | MATEO 26
“Nsɛdi Ne Nsonsonoe Bɛn Na Ɛwɔ Twam Afahyɛ No Ne Nkaedi No Mu”
nwtsty mfoni
Twam Aduan No
Nnuan titiriw a na wɔde di Twam Afahyɛ no ne: oguanam a wɔahow (na ɛnsɛ sɛ wobu aboa no dompe biara mu) (1); paanoo a mmɔkaw nnim (2); ne ɛfan nwenenwene (3). (Ex 12:5, 8; Nu 9:11) Ɛda adi sɛ ɛfan nwenenwene no kaee Israelfo no sɛnea wodii wɔn ani sɛ nkoa wɔ Egypt no. Yesu de paanoo a mmɔkaw nnim no gyinaa hɔ maa ne nipadua a ɛyɛ pɛ no. (Mt 26:26) Ɔsomafo Paulo frɛɛ Yesu “yɛn twam guan.” (1Ko 5:7) Eduu asomafo no bere so no, na wɔde bobesa (4) ka Twam aduan no ho. Yesu de bobesa no gyinaa hɔ maa ne mogya a na obehwie agu sɛ afɔre no.—Mt 26:27, 28.
nwtsty Mt 26:26 ho adesua asɛm
gyina hɔ ma: Hela asɛmfua e·stinʹ (nea ɛkyerɛ pa ara ne “yɛ”) no, ntease a ɛwom wɔ ha ne “ɛkyerɛ.” Ná asomafo no te saa asɛm yi ase yiye pa ara efisɛ saa bere no, na Yesu a ne nipadua yɛ pɛ no te wɔn anim, ɛnna paanoo a mmɔkaw nnim a na wɔrebedi no nso si wɔn anim. Enti na paanoo no rentumi nyɛ Yesu honam ankasa. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, wɔde Hela asɛmfua koro no ara di dwuma wɔ Mt 12:7, na wɔkyerɛ ase “gyina hɔ ma” wɔ Bible dodow no ara mu.
nwtsty Mt 26:28 ho adesua asɛm
mogya a wɔde yɛ apam no: Apam foforo a Yehowa ne Kristofo a wɔasra wɔn yɛe no, Yesu afɔrebɔ no na ɛmaa saa apam no yɛɛ adwuma. (Heb 8:10) Asɛm a Yesu de dii dwuma wɔ ha no, Mose a na ɔyɛ Mmara apam no ntamgyinafo no nso de bi yɛɛ adwuma bere a na Yehowa ne Israelfo no reyɛ apam wɔ Bepɔw Sinai so no. (Ex 24:8; Heb 9:19-21) Sɛnea anantwinini ne mpapo mogya maa Mmara apam a Onyankopɔn ne Israel man yɛe no dii mu no, saa ara nso na Yesu mogya no maa apam foforo a Yehowa ne honhom fam Israel yɛe no dii mu. Saa apam no fii ase yɛɛ adwuma wɔ Pentekoste afe 33 Y.B.—Heb 9:14, 15.
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Mt 26:17 ho adesua asɛm
Da a edi kan a wodi paanoo a mmɔkaw nnim no: Sɛ wodi Twam Afahyɛ (Nisan 14) no wie a, ɛda a edi hɔ a ɛyɛ Nisan 15 no na na Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ no fi ase; nnanson na na wɔde di. (Hwɛ sgd-TWK Ɔfã 19.) Nanso Yesu bere so no, na wɔde Twam Afahyɛ no abata Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ no ho pa ara ma enti ɛtɔ da a na wɔka Nisan 14 no ne nnanson no bom frɛ nnafua nwɔtwe no nyinaa “paanoo a mmɔkaw nnim afahyɛ.” (Lu 22:1) Saa kwan yi so no, wobetumi akyerɛ “Da a edi kan” no ase sɛ “Aka da koro ansa.” (Wode toto Yoh 1:15, 30 ho a, wubehu sɛ wɔde Hela asɛm “edi kan” [proʹtos] adi dwuma, na wɔakyerɛ ase “ansa,” na ɔkaa no biribi sei: “Ná ɔwɔ hɔ ansa [proʹtos] na mereba.”) Enti sɛ wogyina tete Hela ne Yudafo amammerɛ so a, na ebetumi aba sɛ Nisan 13 na asuafo no kobisaa Yesu asɛm no. Eduu Nisan 13 no, asuafo no yɛɛ Twam Afahyɛ no ho ntotoe awiabere, na akyiri yi wodii afahyɛ no bere a ‘onwini adwo’ wɔ Nisan 14 mfiase.—Mr 14:16, 17.
nwtsty Mt 26:39 ho adesua asɛm
ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ: Bible mu no, wɔtaa de “kuruwa” di dwuma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so de kyerɛ Onyankopɔn apɛde, anaa obi “kyɛfa a wɔde ama” no. Wu a na Yesu bewu sɛ obi a wɔabɔ no kwaadu sɛ ɔka abususɛm, na otutu ɔman ase no, na ɛde animguase bɛbrɛ Onyankopɔn. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛhaw Yesu pa ara, enti ɛkaa no ma ɔbɔɔ mpae sɛ “kuruwa” no ntwa ne ho nkɔ.
APRIL 9-15
BIBLE MU AKORADE | MATEO 27-28
“Monkɔyɛ Asuafo—Adɛn Ntia, Ɛhefa, Na Ɔkwan Bɛn So?”
nwtsty Mt 28:19 ho adesua nsɛm
monkɔ nkɔyɛ . . . m’asuafo: Hela adeyɛ asɛm ma·the·teuʹo no, wobetumi akyerɛ ase “kyerɛkyerɛ” a adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ yɛbɛyɛ asuafo. (Fa toto sɛnea wɔde di dwuma wɔ Mt 13:52 no ho. Wɔakyerɛ ase wɔ hɔ sɛ ‘wɔakyerɛ no ade.’) Adeyɛ nsɛm ‘mommɔ asu’ ne “monkyerɛkyerɛ” no ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛadi ahyɛde a ɛne sɛ ‘monkɔ nkɔyɛ m’asuafo’ no so.
aman nyinaa: Wohwɛ asɛm no nyinaa ani so a, ɛkyerɛ ankorankoro a wofi “aman nyinaa” mu. Efisɛ Hela edin nsiananmu “wɔn” a ɛwɔ asɛm “mommɔ wɔn asu” mu no, egyina hɔ ma nnipa na ɛnyɛ “aman.” Ahyɛde a ɛne sɛ yɛnkɔ “aman nyinaa” nkyɛn no, na ɛyɛ foforo. Ansa na Yesu refi ne som adwuma ase no, na Kyerɛwnsɛm no ka sɛ, sɛ Amanaman mufo anaa wɔn a wɔnyɛ Yudafo pɛ sɛ wɔbɛsom Yehowa a, na wobetumi akɔ Israel akɔsom. (1Ah 8:41-43) Nanso Yesu nam saa ahyɛde yi so ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔntrɛw asɛnka adwuma no mu nkɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo mu. Wei si so dua sɛ Kristofo bɛyɛ asuafoyɛ adwuma no wɔ wiase baabiara.—Mt 10:1, 5-7; Adi 7:9.
nwtsty Mt 28:20 ho adesua asɛm
monkyerɛkyerɛ wɔn: Hela asɛm a wɔakyerɛ ase ‘sɛ wobɛkyerɛkyerɛ’ no, ɛkyerɛ sɛ wobɛma akwankyerɛ, wobɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu, wode nsɛm a ɛtɔ asom bɛkyerɛ biribi mu, anaa wode adanse bɛfoa biribi so. (Hwɛ Mt 3:1; 4:23 ho adesua nsɛm.) Nkurɔfo a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ama wɔadi Yesu ahyɛde nyinaa so no, ɛnyɛ da koro adeyɛ. Ná wɔbɛkyerɛ wɔn nneɛma a Yesu kyerɛkyerɛe, wɔbɛboa wɔn ama wɔde abɔ wɔn bra, na wɔadi ne nhwɛso akyi.—Yoh 13:17; Efe 4:21; 1Pe 2:21.
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Mt 27:51 ho adesua nsɛm
ntwamutam: Saa ntama fɛfɛɛfɛ a na wɔadi adwini wom no, na etwa Kronkron Mu Kronkronbea no ne Kronkronbea no ntam wɔ asɔrefie hɔ. Yudafo atetesɛm kyerɛ sɛ na ntwamutam a emu duruduru yi tenten bɛyɛ mita 18, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ mita 9, na na ne pipiripi yɛ sɛntimita 7.4. Yehowa suan ntwamutam no mu mmienu de kyerɛe sɛ ne bo afuw wɔn a wokum ne ba no. Ɛsan kyerɛe sɛ afei ɔsorokɔ ho kwan abue.—Heb 10:19, 20.
kronkronbea: Hela asɛmfua na·osʹ a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ ɔdan titiriw a na ɛwɔ asɔrefie hɔ a ɛhɔ na Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkronbea no wɔ.
nwtsty Mt 28:7 ho adesua asɛm
nkɔka nkyerɛ n’asuafo no sɛ wanyan: Mmea yi ne Yesu asuafo a wodi kan a wɔkaa ne wusɔre ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara, wɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ asuafo a aka no. (Mt 28:2, 5, 7) Ná Yudafo atetesɛm a ennyina kyerɛwsɛm so kyerɛ sɛ ɔbea ntumi nni adanse wɔ asɛnnibea. Nanso, Yehowa bɔfo de adwuma a ɛyɛ anigye yi maa mmea no de dii wɔn ni.
APRIL 16-22
BIBLE MU AKORADE | MARKO 1-2
“Wɔde Wo Bɔne Afiri Wo”
nwtsty Mr 2:9 ho adesua asɛm
Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw: Sɛ obi ka sɛ ɔde obi bɔne akyɛ no a, esiane sɛ yɛremfa yɛn ani nhu ɛho adanse biara nti, ɛnyɛ den sɛ obi de n’ano bɛka kɛkɛ sɛ ɔde bɔne akyɛ. Nanso bere a Yesu kaa sɛ, Sɔre . . . na nantew no, na ehia sɛ ɔyɛ anwonwade ma obiara hu sɛ ɔwɔ tumi a ɔde bɔne firi. Saa asɛm yi ne nea ɛwɔ Yes 33:24 no de yare bata bɔne a wɔde awo yɛn no ho.
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Mr 1:11 ho adesua nsɛm
nne bi fi soro bae: Kyerɛwtohɔ mmiɛnsa na ɛwɔ Nsɛmpa no mu a ɛka sɛ Yehowa ne nnipa kasae. Emu nea edi kan ni.—Hwɛ Mr 9:7 ho adesua asɛm; Yoh 12:28.
Woyɛ me Ba: Sɛ́ honhom abɔde no, na Yesu yɛ Onyankopɔn Ba. (Yoh 3:16) Bere a wɔwoo Yesu sɛ nipa no, na ɔyɛ “Onyankopɔn Ba” te sɛ bere a na Adam yɛ pɛ no. (Lu 1:35; 3:38) Nanso, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ asɛm a Onyankopɔn kae no, na ɛnyɛ sɛ ɔde rekyerɛ onii a Yesu yɛ kɛkɛ na mmom ɛkɔ akyiri sen saa. Asɛm a Onyankopɔn kae no ne honhom kronkron a ohwie guu Yesu so no daa no adi sɛ ɔbarima Yesu yɛ Onyankopɔn honhom mu Ba a ɔwoo no koro. Saa bere no, ‘wɔwoo no bio’ na ama wɔatumi anya anidaso sɛ ɔbɛsan akɔtena soro, na wɔde honhom sraa no sɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo panyin a Onyankopɔn apaw no.—Fa toto Yoh 3:3-6; 6:51; Lu 1:31-33; Heb 2:17; 5:1, 4-10; 7:1-3 ho.
magye wo atom: Anaa “wosɔ m’ani pa ara; m’ani gye wo ho pa ara.” Wɔde asɛnkoro yi ara adi dwuma wɔ Mt 12:18, na ɛyɛ Mesia anaa Kristo no ho asɛm a wɔfa fii Yes 42:1. Honhom kronkron a Onyankopɔn hwie guu Yesu so ne asɛm a ɔka faa ne Ba no ho no di adanse pefee sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no.
nwtsty Mr 2:28 ho adesua asɛm
homeda Wura: Yesu kaa saa asɛm yi faa n’ankasa ho (Mt 12:8; Lu 6:5), na ɔde kyerɛe sɛ Homeda no wɔ hɔ ma no sɛ ɔde bɛyɛ nea ne soro Agya no ahyɛ no sɛ ɔnyɛ. (Fa toto Yoh 5:19; 10:37, 38.) Anwonwade akɛse a Yesu yɛe no bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ no Homeda. Ebi ne nkurɔfo a ɔsaa wɔn yare. (Lu 13:10-13; Yoh 5:5-9; 9:1-14) Ɛda adi sɛ, na wei retwa ahotɔ a ɛbɛba bere a Yesu bedi ade wɔ n’Ahenni mu no ho mfoni. Saa bere no bɛyɛ te sɛ homeda.—Heb 10:1.
APRIL 23-29
BIBLE MU AKORADE | MARKO 3-4
“Ɔsaa Yare Homeda”
nwtsty Mr 3:5 ho adesua asɛm
ɔde abufuw . . . ahyɛ no awerɛhow: Nea esii saa bere yi no, Marko kyerɛwtohɔ no mu nko ara na yehu sɛnea Yesu yɛɛ n’ade bere a ohuu nyamesom akannifo no komaden no. (Mt 12:13; Lu 6:10) Ná Petro yɛ onipa a ɔwɔ nkate a emu yɛ den, enti ɛbɛyɛ sɛ ɔno na ɔkaa sɛnea Yesu tee nka no ho asɛm kyerɛɛ Marko.—Hwɛ video a yɛato din “Marko Nhoma No Nnianim Nsɛm.”
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Mr 3:29 ho adesua nsɛm
ɔka abususɛm tia honhom kronkron no: Abususɛm kyerɛ nneɛma a yɛyɛ tia Onyankopɔn anaa akronkronne te sɛ dinsɛe, nsɛm a ɛyɛ yaw, ne kasatia. Esiane sɛ honhom kronkron fi Onyankopɔn hɔ nti sɛ obi boapa ne honhom no di asi anaa ɔpo dwuma a honhom no di a ɛte sɛ nea wɔaka abususɛm atia Onyankopɔn. Sɛnea Mt 12:24, 28 ne Mr 3:22 kyerɛ no, ɛwom sɛ Yudafo nyamesom akannifo no hui sɛ Yesu de Onyankopɔn honhom na ɛyɛ anwonwade de, nanso wɔkaa sɛ saa tumi no fi Satan Ɔbonsam hɔ.
bɔne ho afobu da no so daa: Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ bɔne a obi hyɛ da yɛ a ɛho nsunsuanso no bɛtena hɔ afebɔɔ. Afɔre biara nni hɔ a ebetumi akata saa bɔne no so.—Hwɛ asɛm a ɛne sɛ ɔka abususɛm tia honhom kronkron ho adesua asɛm wɔ nkyekyɛm yi mu.
KRISTOFO ABRABƆ
“Ma Nea Ɔwɔ Aso a Ɔde Betie No Ntie”
nwtsty Marko 4:9 ho adesua asɛm
Ma nea ɔwɔ aso a ɔde betie no ntie: Ansa na Yesu rema ogufo ho mfatoho no, ɔkaa sɛ: “Muntie.” (Mr 4:3) Ɔde nkuranhyɛ na ewiee mfatoho no. Wei sii so dua sɛ ɛho hia sɛ n’akyidifo hwɛ yiye na wɔde n’afotusɛm no yɛ adwuma. Wubehu afotusɛm a ɛte saa bi nso wɔ Mt 11:15; 13:9, 43; Mr 4:23; Lu 8:8; 14:35; Adi 2:7, 11, 17, 29; 3:6, 13, 22; 13:9.
APRIL 30–MAY 6
BIBLE MU AKORADE | MARKO 5-6
“Yesu Wɔ Tumi a Ɔde Benyan Yɛn Adɔfo a Wɔawuwu”
nwtsty Mr 5:39 ho adesua asɛm
nwui, na mmom wada: Bible mu no, wɔtaa de owu toto nna ho. (Dw 13:3; Yoh 11:11-14; Aso 7:60; 1Ko 7:39; 15:51; 1Te 4:13) Na Yesu rebenyan abaayewa no, enti ebia nea enti a ɔkaa saa ne sɛ na ɔpɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ sɛnea obi da hatee a wotumi nyan no no, saa ara nso na wobetumi anyan obi a wawu afi owu mu. Tumi a Yesu de nyan abaayewa no na efi n’Agya hɔ. Agya no na “onyan awufo na ɔfrɛ nneɛma a ɛmmae sɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ.”—Ro 4:17.
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Mr 5:19 ho adesua asɛm
kɔka . . . kyerɛ wɔn: Mpɛn pii no sɛ Yesu yɛ anwonwade a na ɔka kyerɛ onipa no sɛ mma ɔmmmɔ ho dawuru. (Mr 1:44; 3:12; 7:36) Nanso saa ɔbarima yi de, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔka nea asi no nkyerɛ n’abusuafo. Ebia nea ɛmaa Yesu yɛɛ saa ne sɛ, na wɔaka akyerɛ Yesu sɛ omfi ɔmantam no mu nkɔ, enti na ɔno ankasa rentumi nni adanse wɔ hɔ. Afei nso, na ɛbɛbɔ atosɛm biara a nkurɔfo bɛkeka afa mprako a na wɔawuwu ho no agu.
nwtsty Mr 6:11 ho adesua asɛm
momporoporow mo nan ase mfutuma: Saa a wɔbɛyɛ no, na ɛkyerɛ sɛ nsunsuanso biara a ebefi Onyankopɔn hɔ aba nkurɔfo so no, asuafo no ade wɔn ho afi ho. Wɔde asɛm a ɛte saa adi dwuma wɔ Mt 10:14; Lu 9:5. Marko ne Luka de asɛm a ɛne sɛ ayɛ adanse ama [anaa, “atia”] wɔn ka wɔn asɛm no ho. Paulo ne Barnaba de saa asɛm yi yɛɛ adwuma wɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. (Aso 13:51) Afei nso, Paulo yɛɛ biribi a ɛte saa wɔ Korinto. Bere a ɔporoporow n’atade mu no, ɔsan kaa biribi de kyerɛɛ nea ɔyɛe no mu sɛ: “Mo mogya ngu mo ara mo atifi. Me de, me ho afi.” (Aso 18:6) Ɛbɛyɛ sɛ na asuafo no nim biribi a ɛte saa dedaw. Yudafo a na wobu wɔn ho sɛ wɔyɛ kronkron no, sɛ wotu kwan na wokokyinkyin aman a ɛnyɛ Yudafo aman so a, ansa na wɔbɛsan akɔ Yudafo aman mu no, wɔporoporow mfutuma biara a wɔte nka sɛ ɛho ntew fi wɔn mpaboa ho. Nanso ɛda adi sɛ, bere a na Yesu de akwankyerɛ yi rema n’asuafo no, na adwene foforo koraa na ɛwɔ ne tirim.