Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr18 June kr. 1-5
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • JUNE 4-10
  • JUNE 11-17
  • JUNE 18-24
  • JUNE 25–JULY 1
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2018
mwbr18 June kr. 1-5

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

JUNE 4-10

BIBLE MU AKORADE | MARKO 15-16

“Yesu Maa Nkɔmhyɛ Baa Mu”

nwtsty Mr 15:24, 29 ho adesua nsɛm

kyɛɛ n’atade nguguso mu: Nea Yohane kyerɛw wɔ Yoh 19:23, 24 faa saa asɛm yi ho no, ɔde nsɛm bi kaa ho de kyerɛɛ mu a Mateo, Marko, ne Luka ankyerɛw wɔ wɔn de no mu. Ɛda adi sɛ, Roma asraafo no bɔɔ n’atade nguguso ne nea ɔhyɛ wɔ ase no so ntonto; asraafo no kyɛɛ n’atade nguguso no ‘mu nnan, na ɔsraani biara faa baako.’ Ná wɔmpɛ sɛ wɔkyekyɛ atade a na ɔhyɛ wɔ ase no mu, enti wɔbɔɔ so ntonto. Mesia no atade a wɔbɔɔ so ntonto no maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dw 22:18 no baa mu. Ɛda adi sɛ, wɔn a na wokum nkurɔfo no, na wɔtaa fa wɔn a wokum wɔn no ntade. Enti na wodi kan worɔw nsɛmmɔnedifo no ntade, yi wɔn ho nneɛma ansa na wɔakum wɔn. Ná wei de animguase kɛse brɛ nnipa a wɔrehu amane no.

wosow wɔn ti: Mpɛn pii no, sɛ obi yɛ saa a na ɔka biribi ka ho, na na ɛkyerɛ fɛwdi ne animtiaabu. Ɛwom sɛ wɔn a na wɔretwam no nnim de, nanso wɔmaa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dw 22:7 no baa mu.

nwtsty Mr 15:43 ho adesua asɛm

Yosef: Nsɛmpa akyerɛwfo nnan no, wɔn mu biara kaa biribi foforo faa Yosef ho a ne yɔnko anka. Wei kyerɛ sɛ na wɔn mu biara adwene nko. Towgyefo Mateo kyerɛwee sɛ na ɔyɛ “ɔdefo.” Marko de, esiane sɛ ɔkyerɛwee ne nhoma no maa Romafo titiriw nti, ɔkaa sɛ na Yosef yɛ “Bagua no muni a wagye din” a na ɔretwɛn Onyankopɔn Ahenni. Luka a na ɔyɛ oduruyɛfo mmɔborɔhunufo no nso kaa sɛ na “ɔyɛ onipa pa na ɔteɛ,” na wampene pɔw a Bagua no bɔ tiaa Yesu no so. Yohane nko ara na ɔkaa Yosef ho asɛm sɛ na ɔyɛ ‘osuani nanso Yudafo no ho suro nti ɔyɛe wɔ kokoam.’—Mt 27:57-60; Mr 15:43-46; Lu 23:50-53; Yoh 19:38-42.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Mr 15:25 ho adesua asɛm

dɔn a ɛto so abiɛsa: Wei yɛ bɛyɛ anɔpa nnɔnkron. Nkurɔfo ka sɛ ɛte sɛ nea saa asɛm yi ne asɛm a ɛwɔ Yoh 19:14-16 no nhyia. Yohane kaa sɛ bere a Pilato de Yesu maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu no, “na ɛbɛyɛ owigyinae,” anaa dɔn a ɛto so nsia. Ɛwom sɛ Kyerɛwnsɛm no nka nea enti a nsonsonoe wɔ kyerɛwtohɔ mmienu yi mu ho nsɛm nyinaa de, nanso yebetumi asusuw nsɛm kakra yi ho ahwɛ: Yesu nna a etwa to wɔ asase so no, nsɛm bi sisii. Nsɛmpa akyerɛwfo no nyinaa kaa bere a saa nsɛm no sisii no ho asɛm, na ɛrekame ayɛ sɛ wɔn nsɛm no hyia. Nsɛmpa nnan no nyinaa kyerɛ sɛ, asɔfo no ne mpanyimfo no hyiaa anɔpatutuutu, na ɛno akyi wɔde Yesu kɔmaa Roma Amrado Pontio Pilato. (Mt 27:1, 2; Mr 15:1; Lu 22:66–23:1; Yoh 18:28) Mateo, Marko, ne Luka nyinaa kaa sɛ, bere a na Yesu sɛn dua so no, esum duruu asase no so fii ‘dɔn a ɛto so nsia kosii dɔn a ɛto so nkron.’ (Mt 27:45, 46; Mr 15:33, 34; Lu 23:44) Biribi foforo a ebia ebetumi aboa ma yɛahu bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu ne sɛ: Ansa na wɔde obi bɛfam dua ho no, na wɔtaa hwe no anaa wɔka no mpire, na na ebinom bu no sɛ ne nyinaa ka asɛndua mu a wɔrebɔ no no ho. Ɛtɔ mmere bi a, na ɔhwe no mu yɛ den araa ma onipa no tumi wu. Yesu sei, mpire a wɔkaa no no, na ano yɛ den pa ara. Enti bere a ɔsoaa asɛndua no, akyiri yi, na ɛsɛ sɛ wɔma ɔbarima foforo soa, efisɛ na ontumi. (Lu 23:26; Yoh 19:17) Enti sɛ na wɔrebɔ obi asɛndua mu, na wɔfa no sɛ ɛhwe a wɔde fii ase no nyinaa ka ho a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ, wofii ase hwee Yesu no, edii bere kakra ansa na wɔde nnadewa rebɔ no afam dua ho. Nsɛm a ɛwɔ Mt 27:26 ne Mr 15:15 no foa saa asɛm yi so, efisɛ ɛka mpire anaa ɔhwe a wɔhwee Yesu ne asɛndua mu a wɔbɔɔ no no ho asɛm bom. Wei nti, sɛ yɛka sɛ nnipa bi nkyerɛ bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu a, ebetumi aba sɛ obiara de bɛyɛ soronko. Efisɛ ebinom bebu bere a wɔde kaa no mpire no aka ho, nanso ebia afoforo mmu no saa. Ebetumi aba sɛ wei nti na Pilato tee sɛ Yesu awu no, ne ho dwiriw no no, efisɛ na wɔde no bɔɔ dua mu nkyɛe koraa. (Mr 15:44) Afei nso, sɛnea na wɔtaa yɛ no saa bere no, na Bible akyerɛwfo taa kyekyɛ ɛda no mu nnan. Ná emu biara yɛ nnɔnhwerew mmiɛnsa sɛnea na wɔkyekyɛ anadwo mu no. Ɛda a na wɔkyekyɛ mu saa no ma yehu nea enti a kyerɛwnsɛm no taa de nsɛm te sɛ dɔn a ɛto so mmiɛnsa, owigyinae anaa dɔn a ɛto nsia, ne dɔn a ɛto so nkron yɛ adwuma no. Ná wɔrekan a, wɔhyɛ ase fi anɔpa nnɔnsia. (Mt 20:1-5; Yoh 4:6; Aso 2:15; 3:1; 10:3, 9, 30) Afei, na nnipa dodow no ara nni biribiara a wɔde hu bere a abɔ pɔtee, enti sɛ wɔreka dɔn bi ho asɛm a, na wɔtaa de asɛmfua “bɛyɛ” di dwuma. Wei ho nhwɛso wɔ Yoh 19:14. (Mt 27:46; Lu 23:44 [ase hɔ asɛm no]; Yoh 4:6; Aso 10:3, 9) Sɛ yɛbɛbɔ no mua a: Marko rekyerɛ bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no, ɛbɛyɛ sɛ ɔde bere a wɔde hwee Yesu ne bere a wɔde no sɛn dua so no nyinaa kaa ho, nanso Yohane de, bere a wɔde Yesu sɛn dua so no nko ara ho asɛm na ɔkyerɛwee. Esiane sɛ na wɔakyekyɛ ɛda no mu nnan (dɔn a ɛto so mmiɛnsa, nsia, ne nea ɛkeka ho) nti, ɛbɛyɛ sɛ Marko ne Yohane mu biara faa dɔn nnan no mu nea ɛne n’asɛm hyia na edii dwuma. Nanso Yohane de, ɔrekyerɛ bere a wɔde bɔɔ Yesu asɛndua mu no, ɔde asɛmfua “bɛyɛ” kaa ho. Ɛbɛyɛ sɛ nea yɛaka ho asɛm yi nyinaa nti na nsonsonoe wɔ bere a wɔaka ho asɛm wɔ kyerɛwtohɔ ahorow no mu no. Afei, Marko kyerɛw ne nhoma no mfe bebree akyi ansa na Yohane rekyerɛw ne de no. Nsonsonoe a ɛwɔ bere a wɔn mu biara kyerɛe sɛ wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no kyerɛ sɛ, Yohane anhwɛ Marko asɛm no so ankyerɛw bi kɛkɛ.

nwtsty Mr 16:8 ho adesua asɛm

efisɛ na wɔabɔ hu: Nsɛm a etwa to wɔ Marko nhoma no mu no, sɛ yɛhwɛ ɛho nsaano nkyerɛwee a akyɛ pa ara a ɛwɔ hɔ no a, yehu sɛ nsɛm a ɛwɔ nkyekyɛm 8 no na Marko de wiee Asɛmpa a ɔkyerɛwee no. Ebinom ka sɛ asɛm a ɛwɔ saa nkyekyɛm no mu no twa pen dodo, enti ɛrentumi nyɛ nhoma no awiei ankasa. Nanso, wɔn a wɔka saa no nni nnyinaso papa, efisɛ wohwɛ sɛnea Marko kyerɛw ne nsɛm no a, wuhu sɛ ɔyɛ obi a ne nsɛm yɛ tiawa. Afei nso, abenfo Jerome ne Eusebius a wɔtenaa ase wɔ afeha a ɛto so nnan mu no kyerɛe sɛ, Marko de asɛm “efisɛ na wɔabɔ hu” na ewiee kyerɛwtohɔ no.

Hela nsaano nkyerɛwee ahorow, ne ebi nso a wɔakyerɛ ase afi Hela mu kɔ kasa afoforo mu wɔ hɔ a, wɔde asɛm bi a ɛware atoa nkyekyɛm 8 no so de awie, na ebi de, wɔde asɛm tiawa na atoa so. Nea wɔde asɛm a ɛware (a ɛyɛ nkyekyɛm ahorow 12) na ewie no, ebi wɔ Codex Alexandrinus, Codex Ephraemi Syri rescriptus, ne Codex Bezae Cantabrigiensis mu. Wɔyɛɛ weinom nyinaa afeha a ɛto so nnum Y.B. Ebi san wɔ Latin Vulgate, Curetonian Syriac, ne Syriac Peshitta mu. Nanso Hela nsaano nkyerɛwee mmienu a wɔfrɛ no Codex Sinaiticus ne Codex Vaticanus a wɔyɛɛ no afeha a ɛto so nnan mu no de, ɛwom sɛ akyɛ sen Latin Vulgate, Curetonian Syriac, ne Syriac Peshitta no de, nanso ebi nni mu. Bio nso, enni Codex Sinaiticus Syriacus a wɔyɛɛ no afeha a ɛto so nnan anaa nnum mu no mu. Marko nhoma no nsaano nkyerɛwee a wɔfrɛ no Sahidic Coptic no nea akyɛ pa ara no nso, asɛm a ɛware no nni mu. Wɔyɛɛ saa nsaano nkyerɛwee yi afeha a ɛto so nnum mu. Saa ara na Marko nhoma no nsaano nkyerɛwee a akyɛ pa ara wɔ Armenia ne Georgia kasa mu no, esi nkyekyɛm 8.

Hela nsaano nkyerɛwee ahorow a akyiri yi wɔyɛe, ne ebi nso a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ kasa afoforo mu de asɛm tiawa bi (a ɛyɛ ɔkasamu bɛyɛ mmienu anaa mmiɛnsa bi pɛ) na ɛtoaa nkyekyɛm 8 no so de wiee Marko nhoma no. Nsaano nkyerɛwee a wɔfrɛ no Codex Regius a wɔyɛe wɔ afeha a ɛto so nwɔtwe Y.B. no, asɛm a ɛware ne asɛm a ɛyɛ tiawa no nyinaa wom, na ɛde nea ɛyɛ tiawa no na edi kan. Awiei mmienu no mu biara mfiase no, wɔakyerɛw asɛm tiawa a ɛkyerɛ sɛ animdefo bi gye saa nsɛm no tom sɛ ɛno na ɛsɛ sɛ ewie Marko nhoma no, nanso ɛda adi sɛ Codex Regius no ankasa nkyerɛ sɛ awiei tiawa no anaa nea ɛware no na ɛsɛ sɛ wogye tom.

ASƐM NO AWIEI A ƐYƐ TIAWA

Asɛm tiawa a ɛtoa Mr 16:8 so no nka Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no ho. Ɛkenkan sɛ:

Wɔkaa nneɛma a wɔahyɛ wɔn nyinaa ho asɛm tiawa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Petro nkyɛn no. Bio nso, eyinom akyi no, Yesu ankasa de daa nkwagye ho asɛnka kronkron a ɛmporɔw no somaa wɔn fi apuei kɔɔ atɔe.

ASƐM NO AWIEI A ƐWARE

Asɛm a ɛware a ɛtoa Mr 16:8 so no nka Kyerɛwsɛm a efi honhom mu no ho. Ɛkenkan sɛ:

9 Bere a ɔsɔree ntɛm, nnawɔtwe no da a edi kan no, odii kan yii ne ho adi kyerɛɛ Maria Magdalene a otuu adaemone ason fii ne mu no. 10 Ɔkɔbɔɔ wɔn a na wɔka ne ho a wɔredi awerɛhow na wɔresu no amanneɛ. 11 Na wɔn de, bere a wɔtee sɛ waba nkwa mu ma wahu no no, wɔannye anni. 12 Bio nso, eyinom akyi no oyii ne ho adi tebea foforo mu kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam, bere a na wɔnam kwan so rekɔ akuraa no; 13 na wɔsan bae bɛbɔɔ wɔn a wɔaka no amanneɛ. Na wɔannye eyinom nso anni. 14 Nanso akyiri yi oyii ne ho adi kyerɛɛ dubiako no ankasa bere a wɔtete pon ho redidi, na gyidi a wonni ne wɔn komaden nti ɔkaa wɔn anim, efisɛ wɔannye wɔn a na wɔahu no sɛ wanyan afi awufo mu no anni. 15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔde nyinaa. 16 Nea ogye di na wɔbɔ no asu no wobegye no nkwa, na nea onnye nni no de wobebu no fɔ. 17 Bio nso, nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wogye di no akyi: Wɔde me din betu adaemone, na wɔbɛka kasa horow, 18 na wɔde wɔn nsa bɛma awɔ so, na sɛ wɔnom awuduru a, hwee renyɛ wɔn. Wɔde wɔn nsa begu ayarefo so na wɔn ho ayɛ wɔn den.”

19 Enti afei, bere a Awurade Yesu kasa kyerɛɛ wɔn wiei no, wɔfaa no kɔɔ soro na ɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so. 20 Ɛnna wofii adi kɔkaa asɛm no baabiara, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma na ɔnam nsɛnkyerɛnne a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no mu den.

JUNE 11-17

BIBLE MU AKORADE | LUKA 1

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Lu 1:69 ho adesua asɛm

nkwagye abɛn: Bible mu no, wɔtaa de mmoa mmɛn gyina hɔ ma ahoɔden ne nkonimdi. (1Sa 2:1; Dw 75:4, 5, 10; 148:14; hwɛ ase hɔ nsɛm wɔ Borɔfo NWT no mu.) Afei nso, wɔde abɛn gyina hɔ ma ahemfo ne adehye abusua a wɔyɛ atreneefo ne wɔn a wɔyɛ atirimɔdenfo nyinaa. Sɛ wɔkɔ ɔko na wodi nkonim a, Bible ka ho asɛm te sɛ nea wɔde wɔn mmɛn apia wɔn a wodii wɔn so nkonim no. (De 33:17; Da 7:24; 8:2-10, 20-24) Ɛha no, asɛm “nkwagye abɛn” no fa Mesia no ho sɛ obi a ɔwɔ tumi a ɔde gye nkwa, kyerɛ sɛ ɔyɛ ogyefo kɛse.

nwtsty Lu 1:76 ho adesua asɛm

wubedi Yehowa anim: Ná Yesu bɛba wɔ ne Papa din mu, na na ɔbɛyɛ ne Papa nanmusifo. Enti yɛbɛka a, Yohane Suboni a na ‘obedi Yehowa anim’ no kyerɛ sɛ, na obesiesie kwan mu ama Yesu.—Yoh 5:43; 8:29; hwɛ Yehowa ho adesua asɛm a ɛwɔ nkyekyɛm yi mu no.

Yehowa: Sakaria nkɔmhyɛ a ɛwɔ nkyekyɛm yi fã a ɛto so mmienu no, ɛte sɛ nea ɛwɔ Yes 40:3 ne Mal 3:1 no. Ɛhɔ no, Onyankopɔn din a wɔde Hebri anom nkyerɛwee (YHWH) gyina hɔ ma no no wɔ Hebri nkyerɛwee dedaw pa ara no mu. Ɛwom, Hela nsaano nkyerɛwee ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no de Kyʹri·os (Awurade) na edi dwuma de, nanso yɛde Onyankopɔn din no adi dwuma wɔ Bible no ankasa mu efisɛ na ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ nkyekyɛm yi, ne mmeae foforo pii a Kyʹri·os pue wɔ Luka ti 1 no, wɔamfa Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “no” a wɔkyerɛw di Kyʹri·os anim no anka ho. Hela kasa mmara mu no, sɛ saa nkyerɛwde no ka Kyʹri·os ho a, wɔfa no sɛ din pa. Afei nso, Bible nkyerɛase pii de Yehowa, Jehovah, Yahveh, Yahweh, יהוה (YHWH, anaa Tetragrammaton), AWURADE, ne ADONAI di dwuma wɔ Bible no ankasa mu, anaa wɔkyerɛ mu wɔ ase hɔ nsɛm ne nsɛm a ɛwɔ anoano no mu sɛ ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn ho asɛm na wɔreka, na nhoma ahorow bi wɔ hɔ a ɛfoa saa asɛm yi so.

JUNE 18-24

BIBLE MU AKORADE | LUKA 2-3

“Mmofra—Morenyin Wɔ Onyankopɔn Som Mu Anaa?”

nwtsty Lu 2:41 ho adesua asɛm

Afe biara na n’awofo kɔ: Ná Mmara no nka sɛ mmea nkodi Twam afahyɛ no. Nanso afe biara, sɛ Yosef rekodi afahyɛ no wɔ Yerusalem a, na Maria de ayɛ ne su sɛ ɔne no betwa kwan akɔ. (Ex 23:17; 34:23) Ɛwom, na wɔn abusua no reyɛ kɛse, nanso afe biara, na wotwa bɛyɛ kilomita 300 (akwansin 190) kɔ Yerusalem san ba.

nwtsty Lu 2:46, 47 ho adesua nsɛm

na ɔrebisabisa wɔn nsɛm: Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yesu atiefo no yɛɛ wɔn ade a, yehu sɛ nsɛm a na Yesu rebisa wɔn no nyɛ abarimaa bi a ɔreyɛ mfeefeemu kɛkɛ. (Lu 2:47) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase ‘ɔrebisa nsɛm’ no, ɛtɔ da a, etumi kyerɛ sɛnea asɛnni mu no, sɛ wobisa obi asɛm a, otumi de asɛmmisa foforo yi ano no. (Mt 27:11; Mr 14:60, 61; 15:2, 4; Aso 5:27) Abakɔsɛm akyerɛwfo ka sɛ na nyamesom akannifo no bi a na wɔyɛ atitiriw no de ayɛ wɔn su sɛ wɔbɛtena asɔrefie hɔ bere a wɔadi afahyɛ ahorow awie no. Ná adiwo akɛse bi wɔ asɔrefie hɔ, enti na wɔtena baako so kyerɛkyerɛ nkurɔfo. Ná nkurɔfo tumi tenatena wɔn nan ase tie wɔn bisabisa wɔn nsɛm.

ho dwiriw wɔn: Ɛha no, Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛ ase sɛ ‘obi ho adwiriw’ no no, ebetumi akyerɛ sɛ biribi bɛkɔ so ayɛ obi nwonwa.

nwtsty Lu 2:51, 52 ho adesua asɛm

ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ . . . ase: Anaa ɔkɔɔ so yɛɛ osetie. Hela adeyɛ asɛm a wɔde dii dwuma wɔ ha no, wɔde kyerɛ biribi a obi gu so reyɛ. Wei ma yehu sɛ, bere a Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ a Yesu wɔ no maa akyerɛkyerɛfo no ho dwiriw wɔn wɔ asɔrefie hɔ akyi no, ɔsan kɔɔ fie, na ɔbrɛɛ ne ho ase hyɛɛ n’awofo ase. Osetie a Yesu yɛe no, ɛsen osetie biara a abofra bi betumi ayɛ koraa. Mose Mmara a Yesu dii so pɛpɛɛpɛ no, na wei ka ho.—Ex 20:12; Ga 4:4.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Lu 2:14 ho adesua nsɛm

na asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani asase so: Nsaano nkyerɛwee ahorow bi kyerɛ saa asɛm yi ase ma ɛkenkan sɛ “asomdwoe wɔ asase so, n’ani sɔ nnipa.” Na saa na wɔakyerɛ ase wɔ Bible ahorow bi mu. Nanso sɛnea wɔaka no wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase mu no gyina nsaano nkyerɛwee ahorow a akyɛ na wogye tom pa ara so. Asɛm a ɔbɔfo no de too gua no, ɛnyɛ nea na ɔreka ne sɛ Onyankopɔn ani sɔ nnipa nyinaa, sɛ́ wɔn suban ne wɔn nneyɛe te sɛn oo, sɛ ɛte sɛn oo. Mmom, na ɔbɔfo no asɛm no fa nnipa a wobenya Onyankopɔn anim dom ho. Efisɛ wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi amapa, na wobedi ne Ba no akyi.—Hwɛ nnipa a wɔsɔ n’ani ho adesua asɛm wɔ nkyekyɛm yi mu.

nnipa a wɔsɔ n’ani: Asɛm ‘wɔn a wɔsɔ n’ani’ no fi Hela asɛmfua eu·do·kiʹa mu. Wobetumi asan akyerɛ ase “adom, anaa sɛ obi gye biribi tom.” Wɔde Hela adeyɛ asɛm foforo eu·do·keʹo a ɛne eu·do·kiʹa di nsɛ dii dwuma wɔ Mt 3:17; Mr 1:11; ne Lu 3:22 (hwɛ Mr 1:11 ho adesua asɛm). Ɛhɔ na Onyankopɔn ne ne Ba no kasae bere a wɔbɔɔ no asu wiei ara pɛ no. Ntease a ɛwom pa ara ne sɛ “wubegye biribi atom; sɛ biribi bɛsɔ w’ani; sɛ wobɛpene biribi so; sɛ w’ani begye biribi ho.” Sɛ yɛde toto nea yɛaka yi ho a, asɛm “nnipa a wɔsɔ n’ani” (an·throʹpois eu·do·kiʹas) no kyerɛ nnipa a Onyankopɔn agye wɔn atom, na wɔwɔ n’anim dom. Ebetumi nso akyerɛ “nkurɔfo a Onyankopɔn pene wɔn so, anaa nnipa a n’ani gye wɔn ho pa ara.”

JUNE 25–JULY 1

BIBLE MU AKORADE | LUKA 4-5

“Ko Tia Sɔhwɛ Sɛnea Yesu Yɛe No”

nwtsty video

Asɔredan No Atifi

Ɛbɛyɛ sɛ Satan de Yesu kogyinaa “asɔredan no atifi” ankasa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ onnyaa ne ho nkɔhwe fam. Nanso baabi pɔtee a na Yesu gyina de, yɛrentumi nkyerɛ. Esiane sɛ asɛmfua “asɔredan” a wɔde dii dwuma wɔ ha no betumi akyerɛ asɔredan no ankasa, ne adan a na atwa ho ahyia nyinaa nti, ebetumi aba sɛ na Yesu gyina asɔrefie no mantwea so baabi wɔ anafo fam wɔ nifa so (1). Anaasɛ ebetumi aba sɛ na ogyina asɔrefie no mantwea foforo so. Sɛ Yesu fii saa mmeae yi mu biara bɛhwee fam a, na ɔkwan biara so obewu, gye sɛ anka Yehowa de ne ho gye mu.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Lu 4:17 ho adesua asɛm

odiyifo Yesaia nhoma mmobɔwee no: Wɔde aboa nhoma asinasin 17 a wɔakeka asi ani na ɛyɛɛ Yesaia nhoma mmobɔwee a wohui wɔ Po a Awu no ho no. Wɔtrɛw mu a, na ne tenten yɛ anammɔn 24 anaa mita 7.3, na na efi ti kɔka ti no, wɔakyekyɛm afã 54. Ɛbɛyɛ sɛ nhoma mmobɔwee a na wɔkenkan no hyiadan mu wɔ Nasaret no tenten te saa ara. Esiane sɛ afeha a edi kan mu no, na wɔnkyekyɛɛ Bible no mu nyɛɛ no ti ne nkyekyɛm nti, na ɛsɛ sɛ Yesu hwehwɛ asɛm a ɔpɛ sɛ ɔkenkan no. Nanso nokwasɛm ne sɛ otumi huu faako a na nkɔmhyɛsɛm no wɔ. Wei ma yehu sɛ na Yesu nim Onyankopɔn Asɛm mu yiye.

nwtsty Lu 4:25 ho adesua asɛm

mfe abiɛsa ne asram asia: Sɛnea 1Ah 18:1 kyerɛ no, “afe a ɛto so abiɛsa no mu” na Elia kaa sɛ ɔpɛ no to betwa. Wei nti, ebinom ka sɛ nea Yesu kae no ne asɛm a ɛwɔ 1 Ahene no nhyia. Nanso asɛm a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no nkyerɛ sɛ ɔpɛ a esii no anni mfe mmiɛnsa. Ɛda adi sɛ asɛm “afe a ɛto so abiɛsa no mu” no fii ase fii bere a Elia dii kan kaa ɔpɛ no ho asɛm kyerɛɛ Ahab no. (1Ah 17:1) Ná ɔpɛ bere no tenten taa yɛ abosome nsia, nanso ɛbɛyɛ sɛ bere a Elia de saa asɛm no reto gua no, na ɔpɛ bere no afi ase dedaadaw ama abosome nsia no apa ho. Afei nso, bere a Elia kɔɔ Ahab anim ne mprenu so no, ɛnyɛ ɛno akyi pɛɛ na ɔpɛ no baa awiei wɔ “afe a ɛto so abiɛsa no mu.” Mmom, bere a Elia yɛɛ ogya ho sɛnkyerɛnne wɔ Bepɔw Karmel so no akyi ansa na ɛreba awiei. (1Ah 18:18-45) Ɛno nti, Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ ha no, ne nsɛm a ɛte saa ara a Kristo nua Yakobo kyerɛwee wɔ Yak 5:17 no, wode toto bere a nsɛm no sisii a wɔaka ho asɛm wɔ 1Ah 18:1 ho a, ne nyinaa hyia pɛpɛɛpɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena