BIBLE MU AKORADE | KOLOSEFO 1-4
Munyi Dedaw No Ngu, Na Monhyɛ Foforo No
Bere a wuhuu nokware no, woyɛɛ nsakrae akɛse bi wɔ w’asetena mu anaa? Sɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani gyee wo mmɔdenbɔ no ho. (Hes 33:11) Nanso, sɛ yebetumi akã nipasu dedaw no ahyɛ, na yɛakɔ so ada nipasu foforo no adi a, ehia sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho. Bua nsɛmmisa a edidi so yi, na hwɛ sɛ wubehu baabi a wotɔ sin ne nea wubetumi ayɛ de atu mpɔn anaa:
Mede obi a wafom me ho asɛm ahyɛ me mu anaa?
Sɛ mabrɛ anaa merepɛ ntɛm mpo a, ɛyɛ a minya abotare?
Sɛ minya adwene a ɛmfata a, ɛyɛ a miyi fi me tirim ntɛm?
Sɛ obi fi ɔman foforo so anaa ɛsono kasa a ɔka a, ɛyɛ a minya ne ho adwemmɔne?
Maka nsɛm bi a enye akyerɛ obi, anaa me bo afuw ama makeka bi akyerɛ obi nnansa yi ara anaa?