Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • th adesua 7 kr. 10
  • Ka Nsɛm a Ɛyɛ Nokware Na Ɛtɔ Asom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ka Nsɛm a Ɛyɛ Nokware Na Ɛtɔ Asom
  • Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokwasɛm a Wɔka
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Worebɛkenkan Kyerɛwsɛm a, Kanyan Ho Anigye
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Ma Asuade a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Fa Nsɛmmisa Di Dwuma
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
th adesua 7 kr. 10

ADESUA 7

Ka Nsɛm a Ɛyɛ Nokware Na Ɛtɔ Asom

Kyerɛwsɛm

Luka 1:3

NSƐNTITIRIW: Fa adanse a edi mũ boa w’atiefo no ma wonhu nokwasɛm a ɛwɔ asɛm a woreka no mu.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Baabi a wobɛfa wo nsɛm afi no, hwɛ sɛ edi mũ. Fa w’asɛm gyina Onyankopɔn Asɛm so, na ɛbɛyɛ yiye a, kenkan asɛm no fi Bible mu tẽẽ. Sɛ wopɛ sɛ wotwe adwene si asɛm bi a nyansahufo aka, asɛm bi a nsɛm ho amanneɛbɔfo de ato gua, osuahu bi anaa adanse foforo biara so a, di kan hwɛ sɛ baabi a worefa wo nsɛm afi no di mũ na asɛm no nsesae.

  • Asɛm biara a wobɛfa afi baabi no, ɛnsɛ sɛ wodan no. Kyerɛkyerɛ kyerɛwnsɛm mu ma ɛne nea enti a wɔkyerɛwee no nhyia. Afei nso, hwɛ sɛ ɛne nsɛm afoforo a ɛfa ho no hyia. Bio nso, ɛsɛ sɛ ɛne Bible mu nsɛm no nyinaa, ne nea “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no aka wɔ asafo nhoma ahorow mu nso hyia. (Mat. 24:45) Sɛ worefa obi asɛm aka, na sɛ emfi Bible anaa asafo nhoma mu a, hwɛ sɛ worennan asɛm a ɔkyerɛwfo no kae no.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Ngugu nsɛm mu, na woreka akontaabu bi ho asɛm nso a, mfa bi nka ho. Sɛ woreka “nnipa binom” a, hwɛ na annan ammɛyɛ “nnipa dodow no ara.” Woreka “ɛtɔ da a,” hwɛ na annan ammɛyɛ “bere nyinaa.” Afei hwɛ na “ebia asɛm no sii” annan ammɛyɛ “asɛm no sii ankasa.”

  • Wo ne w’atiefo nsusuw adanse no ho. Sɛ wokan kyerɛwsɛm bi wie anaa wofa asɛm fi baabi foforo a, fa nsɛmmisa a ɛfata, nhwɛso anaa mfatoho bi kyerɛkyerɛ mu, na aboa w’atiefo no ma wɔn ankasa ahu aba a ɛwɔ asɛm no mu no.

ASƐNKA MU

Sɛ woresiesie wo ho akɔ asɛnka a, di kan dwinnwen ho hwɛ nsɛmmisa a w’atiefo betumi abisa, na yɛ ho nhwehwɛmu hu mmuae a wubetumi de ama. Sɛ nea ɔretie wo no bisa asɛm bi na wunnim mmuae no a, ka kyerɛ no sɛ wobɛkɔ akɔyɛ ho nhwehwɛmu de mmuae abrɛ no akyiri yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena