-
Ɔwɔ no Ti a WɔbɛpɛtɛwAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
2. Ɔkwan bɛn so na wɔbɔ Ɔwɔ no ti, na dɛn na ɛba Ɔwɔ no asefo a wɔwɔ asase so no so?
2 Na ɔwɔ no ne n’asefo no nso ɛ? Bɛyɛ 56 Y.B. mu no, ɔsomafo Paulo kyerɛw krataa tenten bi kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Roma. Ɔrewie no, ɔka de hyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Asomdwoe Nyankopɔn no bɛpɛtɛw Satan mo nan ase ntɛm.” (Romafo 16:20) Eyi kyɛn bɔ a wɔbɔ no aniani so ara kwa. Wɔbɛpɛtɛw Satan! Paulo de Hela asɛmfua, syn·triʹbo, na edii dwuma wɔ ha, a ɛkyerɛ sɛ wɔyam biribi, sɛ wotiatia biribi so, sɛ wɔpɛtɛw biribi sɛe no. Ɔwɔ no asefo a wɔyɛ adesamma no de, wɔbɛhaw wɔn yiye wɔ Awurade da no mu, na akowie ahohiahia kɛse a emu na wobewie Babilon Kɛse ne wiase amammui nhyehyɛe no ne wɔn sika fam ne akodi fam mpamfo no sɛe koraa no mu. (Adiyisɛm, atiri 18 ne 19) Saa kwan yi so na Yehowa de ɔtan a ɛda asefo baanu yi ntam no ba awiei. Nyankopɔn ɔbea no Aseni no di Ɔwɔ no asase so asefo no so nkonim, na saa asefo nni hɔ bio!
-
-
Ɔsoro Foforo ne Asase FoforoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
2. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa ɔsoro foforo ne asase foforo ho no baa mu Yudafo a wɔsan de wɔn bae wɔ 537 A.Y.B. mu no so? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no mmamu foforo bi bɛba bio, na ɔkwan bɛn so na bɔhyɛ yi ba mu?
2 Mfehaha ansa na Yohane bere no reba no, ná Yehowa aka akyerɛ Yesaia sɛ: “Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo, na wɔrenkae kan de no na ɛremma komam bio.” (Yesaia 65:17; 66:22) Nkɔmhyɛ yi baa mu nea edi kan bere a Yudafo anokwafo san baa Yerusalem wɔ 537 A.Y.B. mu wɔ wɔn Babilon mfirihyia 70 tukɔ no akyi no. Wɔ saa sanba no mu no, wɔbɛyɛɛ ɔman a wɔatew wɔn ho, “asase foforo,” wɔ nniso nhyehyɛe foforo, “ɔsoro foforo,” ase. Nanso, ɔsomafo Petro twee adwene sii nkɔmhyɛ no mmamu foforo so sɛ: “Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Afei Yohane kyerɛ sɛ bɔhyɛ yi ba mu Awurade da no mu. “Kan soro ne kan asase,” Satan nneɛma nhyehyɛe a wahyehyɛ ne ne nniso nhyehyɛe a Satan ne n’adaemone kɛntɛn so no betwam akɔ. Adesamma atuatewfo abɔnefo “ɛpo” a ɛyɛ bagyabagya no rentra hɔ bio. “Ɔsoro foforo ne asase foforo”—asase so abusua foforo a ɛhyɛ nniso foforo, Onyankopɔn Ahenni, ase na ɛbɛba abesi ananmu.—Fa toto Adiyisɛm 20:11 ho.
-