Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 7/1 kr. 7
  • Nea Onyankopɔn Bɛyɛ wɔ Nneɛma Bɔne Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Onyankopɔn Bɛyɛ wɔ Nneɛma Bɔne Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma Bɔne To Nnipa Pa—Adɛn Ntia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Adɛn ne Amanehunu Bebrebe Yi?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Amanehunu Begyae Nnansa Yi Ara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 7/1 kr. 7
Asase so paradise; amanehunu biara nni hɔ, anigye nko ara, na awufo asɔre abɛka wɔn abusuafo ho

ASƐM A ƐDA SO | ADƐN NA NNEƐMA BƆNE TO NNIPA PA?

Nea Onyankopɔn Bɛyɛ wɔ Nneɛma Bɔne Ho

Bible aka nea Yehowa ne ne Ba Yesu Kristo bɛyɛ wɔ amanehunu a Satan Ɔbonsam de aba no ho. Bible ka sɛ: “Eyi nti na woyii Onyankopɔn Ba [Yesu] adi, sɛnea ɔbɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.” (1 Yohane 3:8) Wɔbɛsɛe saa wiase a anibere, ɔtan, ne nneyɛe bɔne ahyɛ no ma yi. “Wiase yi sodifo” Satan Ɔbonsam de, Yesu ahyɛ bɔ sɛ “wobetu . . . no afi hɔ.” (Yohane 12:31) Wiase foforo a trenee te mu bɛba, na esiane sɛ Satan nni hɔ a ɔbɛhaw adwene bio nti, saa bere no asomdwoe bɛba asase yi so.​—2 Petro 3:13.

Nnipa a wɔayɛ wɔn adwene sɛ bɔne ara na wobedi no nso ɛ? Bible ka no pen sɛ: “Treneefo na wɔbɛtena asase so, na wɔn a asɛm nni wɔn ho na wɔbɛka so. Abɔnefo de, wobetwa wɔn afi asase so; na nkontompofo nso, wobeyi wɔn afi so.” (Mmebusɛm 2:21, 22) Wo de, susuw saa bɔhyɛ no ho hwɛ. Ɛkyerɛ sɛ nnipabɔnefo befi hɔ ama yɛn asom adwo yɛn. Afei, nkakrankakra yebenya yɛn ho atetew afi bɔne a wɔde awo yɛn no ho.​—Romafo 6:17, 18; 8:21.

Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn bɛfa so ayi bɔne afi nnipa ho wɔ wiase foforo no mu? Ɔrenhyɛ nnipa mma wɔnyɛ n’apɛde te sɛ mfiri. Mmom ɔbɛkyerɛkyerɛ asoɔmmerɛfo ma wɔayɛ n’apɛde, na waboa wɔn ma wɔanya adwempa na wɔayɛ adepa.

Onyankopɔn beyi nea ɛma yehu amane nyinaa afi hɔ

Asiane a ɛto nkurɔfo no, dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ wɔ ho? Wahyɛ bɔ sɛ, ɛrenkyɛ, n’Ahenni no bɛba abedi asase nyinaa so. Onyankopɔn apaw Yesu Kristo sɛ n’Ahenni no so hene, na wama no tumi a ɔde bɛsa yare. (Mateo 14:14) Abɔde mu nneɛma te sɛ mframa ne nea ɛtete saa nso, Yesu wɔ so tumi. (Marko 4:35-41) Enti, “asiane” ne atoyerɛnkyɛm a ɛma yehu amane no to betwa. (Ɔsɛnkafo 9:11) Sɛ Kristo bedi asase so hene a, mmusu biara mma nnipa so bio.​—Mmebusɛm 1:33.

Nnipa mpempem pii a wɔnkaa bi nhyɛɛ mu a wɔawuwu yayaayaw no nso ɛ? Ansa na Yesu renyan n’adamfo Lasaro aba nkwa mu bio no, ɔkae sɛ: “Mene owusɔre ne nkwa.” (Yohane 11:25) Yiw, Yesu wɔ tumi a ɔde benyan awufo aba nkwa mu bio!

Wiase a bɔne a ɛde bɔne de, ebi rento nnipa pa, wunya a anka wompɛ? Ɛnde fa si w’ani so sɛ wubesua nokware Nyankopɔn no ne n’atirimpɔw ho ade pii wɔ Bible mu. Yehowa Adansefo a wɔte wo mpɔtam ani begye sɛ wɔbɛboa wo ama woanya saa nimdeɛ no. Yɛde anigye hyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ Adansefo a wɔwɔ baabi a wote, anaa kyerɛw wɔn a wɔyɛɛ nhoma yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena