April 6-12
Benada, April 7, 2020—Kristo Wu Nkaedi No
Afe biara, sɛ edu Nkaedi bere a, ɔdɔ soronko a Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ yɛn no, Kristofo pii dwinnwen ho. (Yoh 3:16; 15:13) Ansa na Yesu de ne som adwuma reba awiei no, nneɛma a ɔyɛe wɔ Yerusalem a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Nsɛmpa nnan no mu no, wubetumi de nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ ha no akenkan ho asɛm. Wɔakyerɛkyerɛ nsɛm a esisii no wɔ Yesu Ne Ɛkwan No, Nokorɛ No Ne Nkwa nhoma no ɔfã 6 mu. Dɛn na ɔdɔ a Onyankopɔn ne Kristo daa no adi no bɛkã wo ama woayɛ?—2Ko 5:14, 15; 1Yo 4:16, 19.
YESU SOM ADWUMA A ETWA TO WƆ YERUSALEM
Bere |
Beae |
Nea Esii |
Mateo |
Marko |
Luka |
Yohane |
|---|---|---|---|---|---|---|
33, Nisan 8 (April 1-2, 2020) |
Betania |
Yesu kɔɔ hɔ nnansia ansa na Twam no redu |
||||
Nisan 9 (April 2-3, 2020) |
Betania |
Maria de ngo guu Yesu tirim ne ne nan ho |
||||
Betania-Betfage-Yerusalem |
Yerusalem Yesu tenaa afurum so kɔɔ Yerusalem sɛ nkonimdifo |
|||||
Nisan 10 (April 3-4, 2020) |
Betania-Yerusalem |
Ɔdomee borɔdɔma dua bi; ɔsan pam nkurɔfo fii asɔrefie hɔ de tew ho |
||||
Yerusalem |
Asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo bɔɔ pɔw sɛ wobekum |
|||||
Yehowa kasae; Yesu hyɛɛ ne wu ho nkɔm; Yudafo no annye no anni; ɛmaa Yesaia nkɔmhyɛ baa mu |
||||||
Nisan 11 (April 4-5, 2020) |
Betania-Yerusalem |
Borɔdɔma dua a awu ho asuade |
||||
Yerusalem, asɔrefie |
Wogyee ne tumi ho kyim; mmabarima baanu ho mfatoho |
|||||
Mfatoho: akuafo awudifo, ayeforohyia |
||||||
Obuaa nsɛmmisa bi; ɛfa Onyankopɔn ne Kaesare, owusɔre, ne mmara no mu kɛse ho |
||||||
Obisae sɛ Kristo yɛ Dawid ba anaa |
||||||
Akyerɛwfo ne Farisifo nnue |
||||||
Ohuu okunafo bi ntoboa |
||||||
Ngo Bepɔw |
Ɔde ne mmae ho sɛnkyerɛnne too gua |
|||||
Mfatoho: mmaabun du, dwetikɛse, nguanten ne mmirekyi |
||||||
Nisan 12 (April 5-6, 2020) |
Yerusalem |
Yudafo akannifo pɛe sɛ wobekum no |
||||
Yuda hyehyɛɛ sɛnea obeyi no ama |
||||||
Nisan 13 (April 6-7, 2020) |
Yerusalem mpɔtam ne Yerusalem |
Ɔmaa wɔtotoo nneɛma maa Twam a etwa to |
||||
Nisan 14 (April 7-8, 2020) |
Yerusalem |
Ɔne asomafo no dii Twam no |
||||
Ɔhohoroo n’asomafo no nan ho |
||||||
Yesu ma wohui sɛ Yuda na obeyi no ama; ɔpam no fii hɔ |
||||||
Awurade Anwummeduan a edi kan (1Ko 11:23-25) |
||||||
Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Petro bɛpa no, na asomafo no bɛhwete |
||||||
Ɔhyɛɛ ɔboafo ho bɔ; nokware bobe mfatoho; ɔkae sɛ wɔnnodɔ wɔn ho; ɔne asomafo no bɔɔ mpae a etwa to |
||||||
Getsemane |
Ne ho yeraw no wɔ turom hɔ; woyii Yesu mae na wɔkyeree no |
|||||
Yerusalem |
Anas bisabisaa no nsɛm; Kaiafa ne Sanhedrin no dii n’asɛm; Petro paa no |
|||||
Yuda a oyii no mae no sɛn ne ho (Aso 1:18, 19) |
||||||
Wɔde no kɔɔ Pilato anim, de no kɔɔ Herode hɔ, san de no kɔɔ Pilato hɔ |
||||||
Pilato pɛe sɛ ogyaa no, nanso Yudafo no kae sɛ onnyaa Baraba; ɔkae sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu |
||||||
(b. awia nnɔn 3) |
Golgota |
Owui wɔ asɛndua so |
||||
Yerusalem |
Woyii n’amu fii dua no so kɔtoo ɔboda mu |
|||||
Nisan 15 (April 8-9, 2020) |
Yerusalem |
Asɔfo ne Farisifo ma wɔkataa ɔboda no ano na awɛmfo wɛn hɔ |
||||
Nisan 16 (April 9-10, 2020) |
Yerusalem ne ne mpɔtam; Emaus |
Wonyanee Yesu; oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo mpɛn anum |
||||
Nisan 16 akyi |
Yerusalem; Galilea |
Galilea Oyii ne ho adi bio kyerɛɛ n’asuafo (1Ko 15:5-7; Aso 1:3-8); ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn; ɔde asuafoyɛ adwuma hyɛɛ wɔn nsa |