Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr21 March kr. 1-4
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • MARCH 1-7
  • MARCH 8-14
  • MARCH 15-21
  • MARCH 22-28
  • APRIL 5-11
  • APRIL 12-18
  • APRIL 19-25
  • APRIL 26–MAY 2
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2021
mwbr21 March kr. 1-4

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

MARCH 1-7

BIBLE MU AKORADE | NUMERI 7-8

it-1 497 ¶3

Asafo

Tete no, na Israelfo wɔ mpanyimfo a wogyina ɔman no ananmu anaa wodi wɔn anim. (Esr 10:14) Ɛno nti, bere a wosii ntamadan no wiei no, Israel “mpanyimfo a wɔdeda wɔn agyanom fie ano” no de wɔn ayɛyɛde bae. (Nu 7:1-11) Nehemia bere so nso, bere a wɔyɛɛ “nokware apam” no wiei no, asɔfo, Lewifo, ne “ɔman no mu atitiriw” de wɔn nsa hyɛɛ ase de sɔɔ ano. (Ne 9:38–10:27) Bere a Israelfo nam sare no so no, na wɔwɔ ‘mpanyimfo a wɔyɛ baguafo a wɔwɔ din.’ Wɔn mu 250 na wɔkɔkaa Kora, Datan, Abiram, ne On ho sɔre tiaa Mose ne Aaron no. (Nu 16:1-3) Afei nso, bere bi a Mose tee nka sɛ “ɔman no nnesoa” ama ne kɔn mu rebu no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ, ɔnhwɛ Israel mpanyimfo no mu mpaw mmarima 70 a wɔbɛboa no asoa ɔman no nnesoa. (Nu 11:16, 17, 24, 25) Leviticus 4:15 nso ka Israel “asafo no mu mpanyimfo” ho asɛm. Wei kyerɛ sɛ, ɔman no mpanyimfo, ahwɛfo, atemmufo ne mmarima atitiriw a wɔwɔ ɔman no mu na na wogyina Israel man no ananmu.—Nu 1:4, 16; Yos 23:2; 24:1.

it-2 796 ¶1

Ruben

Bere a Israelfo nam sare so no, Yehowa kyɛɛ wɔn mu akuw nnan. Kuw biara mu no, na mmusuakuw mmiɛnsa na ɛwom. Ná Ruben, Simeon ne Gad mmusuakuw no wɔ kuw baako mu, na na wɔbɔ nsra wɔ baabi a ntamadan no si no anafo. Saa mmusuakuw mmiɛnsa no, na Ruben abusuakuw no na ɛda ano. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wotu na wɔtoa akwantu no so a, Yuda, Isakar ne Sebulon mmusuakuw no tu, na Ruben, Simeon ne Gad mmusuakuw no nso atu adi wɔn akyi. (Nu 2:10-16; 10:14-20) Bere a wosii ntamadan no wiei a wɔrehyira so no, saa kwan no ara na mmusuakuw no faa so de wɔn ayɛyɛde bae, kyerɛ sɛ, bere a Yuda, Isakar ne Sebulon mmusuakuw no dii kan de wɔn de kɔe no, Ruben, Simeon ne Gad mmusuakuw no toaa so. Afei mmusuakuw a aka no toatoaa so sɛnea na Yehowa ahyehyɛ wɔn no.—Nu 7:1, 2, 10-47.

Tweetwee Bible Mu

it-1 835

Abakan, Aba a Edi Kan

Tete no, Israelfo mmakan a wɔyɛ mmarima na na wɔbɛyɛ mpanyimfo a wɔdeda mmusua no ano. Wei kyerɛ sɛ, mmakan no na na wobegyina Israel man no ananmu. Esiane apam a Yehowa ne Abraham yɛe nti, ɔkaa sɛ, Israel man no yɛ ne “ba panyin” anaa n’abakan. (Ex 4:22) Wei nti bere a okum Egyptfo mmakan na ogyee Israelfo no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ “ɔbarima biara a obebue yafunu ano wɔ Israel, ne aboa nini biara a odi kan no,” wonhyira so mma no. (Ex 13:2) Wei kyerɛ sɛ, mmakan a na wɔyɛ mmarima wɔ Israel nyinaa, na wɔyɛ Yehowa dea.

MARCH 8-14

BIBLE MU AKORADE | NUMERI 9-10

it-1 398 ¶3

Nsraban Anaa Asoɛe

Bere a Israelfo nam sare so no, sɛ wɔretu afi baabi akɔ baabi foforo a, sɛnea na wɔhyehyɛ wɔn ho no, na ɛyɛ fɛ paa. (Mose kaa atutena yi ho asɛm bɛyɛ mpɛn 40 wɔ Numeri ti 33.) Bere a na wɔnam sare so no, faako a wobehu sɛ omununkum no agyina no, ɛhɔ na na wɔsoɛ. Sɛ wohu sɛ omununkum no afi ntamadan no so pɛ, na wɔn nso atu. “Sɛ Yehowa ka sɛ Israelfo no ntu a, na wɔatu, na sɛ wodu baabi na Yehowa ka sɛ wɔntena hɔ a, na wɔatena.” (Nu 9:15-23) Nea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ bere aso sɛ wotu no, Yehowa maa wɔde dwetɛ yɛɛ ntorobɛnto mmienu. (Nu 10:2, 5, 6) Enti bere biara a na Yehowa pɛ sɛ wotu no, na wɔhyɛn torobɛnto no; wɔhyɛn ma nnyigyei no kɔ soro ba fam. ‘Afe a ɛto so mmienu [1512 A.Y.B.], bosome a ɛto so mmienu no da a ɛto so aduonu’ na wodii kan yɛɛ saa. Sɛ wɔretu a, na wɔde apam adaka no di kan. Afei kuw a edi kan a Yuda, Isakar ne Sebulon mmusuakuw wom no tu di akyi. Afei na Gersonfo ne Merarifo soa ntamadan no ho nneɛma de di wɔn akyi. Wotu wie a, kuw a ɛto so mmienu a Ruben, Simeon ne Gad mmusuakuw wom nso tu di wɔn akyi. Wɔn nso tu wie a, na Kohatfo a wɔso kronkronbea hɔ nneɛma no nso atu adi so. Afei, kuw a Efraim, Manase ne Benyamin mmusuakuw wom no nso tu di so. Awiei koraa no, kuw a Dan, Aser ne Naftali mmusuakuw wom no nso tu di akyi. Wɔhyehyɛɛ wɔn wɔ ɔkwan bi so a, na wɔma kuw a emufo dɔɔso na wɔn ho yɛ den baako di kan na na wɔma baako nso di akyiri.—Nu 10:11-28.

Tweetwee Bible Mu

it-1 199 ¶3

Nhyiam

Nhyiam So Mfaso. Na Yehowa pɛ sɛ Israelfo no hyiam sɛnea ɛbɛyɛ a wobesua ne ho ade. Twam afahyɛ a na wodi no afe afe no ma yehu saa. Enti sɛ ɔbarima bi ho tew, na ontuu kwan na sɛ wanni Twam no a, na wokum no. (Nu 9:9-14) Bere a Ɔhene Hesekia de nkrataa kɔmaa Israelfo ne Yudafo nyinaa sɛ wɔmmra Yerusalem ma wonni Twam no, ɔka kaa ho sɛ: ‘Israelfo, monsan mmra Yehowa nkyɛn. . . munnsinsen mo kɔn sɛnea mo agyanom yɛe no. Mommrɛ mo ho ase mma Yehowa na mommra ne kronkronbea a watew ho de rekosi daa no mu, na monsom Yehowa, mo Nyankopɔn, na n’abufuhyew afi mo so. . . . Yehowa, mo Nyankopɔn no yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo, na mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfi mo so.’ (2Be 30:6-9) Sɛ obi hyɛ da ka sɛ ɔrenkɔ Twam afahyɛ no a, na ɛte sɛ nea Yehowa afrɛ no na ose ɔremma. Ɛwom, Kristofo nni afahyɛ ahorow te sɛ nea Israelfo dii no, nanso Paul hyɛɛ wɔn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtoto asafo nhyiam mu. Ɔkaa sɛ: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.”—Heb 10:24, 25;

MARCH 15-21

BIBLE MU AKORADE | NUMERI 11-12

it-2 719 ¶4

Akasakasa

Anwiinwii. Sɛ obi nwiinwii tia obi a, etumi bu n’abam na ɛma no teetee. Bere a Israelfo fii Egypt no, ankyɛ biara na wofii ase nwiinwii tiaa Yehowa. Wɔkasa tiaa Mose ne Aaron a na Yehowa nam wɔn so redi wɔn anim no. (Ex 16:2, 7) Wonwiinwii araa ma Mose abam bui ma ɔkae sɛ Yehowa nkum no. (Nu 11:13-15) Anwiinwii yɛ subammɔne paa. Sɛ obi pɛ anwiinwii a, ebetumi mpo de ne nkwa ato asiane mu. Bere a Israelfo nwiinwii tiaa Mose no, Yehowa huu no sɛ ɔno na wɔrenwiinwii tia no. (Nu 14:26-30) Saa subammɔne yi nti, Israelfo pii hweree wɔn nkwa.

Tweetwee Bible Mu

it-2 309

Mana

Sɛnea Na Ɛte. Ná mana no yɛ “aba fitaa bi,” na na “ɛho” te sɛ bedola hyɛ. Ná ne dɛ te sɛ “tetare a ɛwo wom” anaa “keeki a ɛyɛ dɛ.” Na wɔyam wɔ ɔbo so anaa wosi wɔ ɔwaduru mu. Wowie na wɔpɛ a wɔnoa, wɔpɛ nso a, na wɔtõ no te sɛ keeki.—Ex 16:23, 31; Nu 11:7, 8.

MARCH 22-28

BIBLE MU AKORADE | NUMERI 13-14

Tweetwee Bible Mu

it-1 740

Asase a Yehowa De Maa Israelfo No

Asase a Onyankopɔn de maa Israelfo no, na ɛyɛ asase papa paa. Bere a Mose somaa mmarima bi sɛ wɔnkɔhwɛ sɛnea Bɔhyɛ Asase no te na wɔmfa ɛso nnuaba no bi mmra no, wɔde borɔdɔma, granate akutu, ne bobe bãã bi a bobe aba wɔ so bae. Bobe aba a wɔde bae no, na ɛsõsõ araa ma wɔhyehyɛɛ no dua tenten bi so ma mmarima mmienu soae! Ɛwom, amanneɛbɔ a wɔn mu bi de bae kyerɛ sɛ na wonni gyidi, na wosuro. Nanso asɛm baako a wɔn nyinaa kae ne sɛ: “Ampa ara nufusu ne ɛwo sen wɔ” asase no so.—Nu 13:23, 27.

APRIL 5-11

BIBLE MU AKORADE | NUMERI 17-19

Tweetwee Bible Mu

g02 6/8 14 ¶2

Nkyene Yɛ Biribi a Ɛho Hia Paa

Eduu baabi no, na wɔde nkyene di dwuma de kyerɛ biribi a ɛwɔ hɔ daa anaa ɛrensɛe. Wei nti, tete no sɛ nnipa mmienu reyɛ “nkyene apam” a, nea wɔyɛ ne sɛ, wɔbom didi, na na wɔde nkyene ka ho. (Numeri 18:19) Mose Mmara no mu no, wɔrebɔ afɔre biara a na wɔde nkyene ka ho. Saa a na wɔyɛ no kyerɛ sɛ, ɔporɔw biara nni afɔrebɔ no ho.

APRIL 12-18

BIBLE MU AKORADE | NUMERI 20-21

w09 9/1 19 ¶5

Ɔtemmufo a Ɔde Ne Nan Si Fam Bu Atɛntrenee

Nea edi kan, Onyankopɔn anka ankyerɛ Mose sɛ ɔnkasa nkyerɛ nkurɔfo no na kampɛsɛ waka sɛ wɔyɛ atuatewfo. Nea ɛto so mmienu, Mose ne Aaron anhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moanyɛ me kronkron.” (Nkyekyɛm 12) Mose bisaa nkurɔfo no sɛ, “Ɔbotan yi mu na yɛmma nsu mfi mma mo anaa?” Asɛm a obisae no, na ɛte sɛ nea ɔreka sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔyɛɛ anwonwade no, na mmom ɔne Aaron na ɛyɛe. Nea ɛto so mmiɛnsa, na Israelfo no bi adi kan atew atua ama Onyankopɔn abu wɔn atɛn sɛ wɔrenkɔ Kanaan asase no so. Enti atɛn a Onyankopɔn buu Mose ne Aaron no, na ne kwan so ara no no efisɛ bɔne koro no ara bi na wɔyɛe. (Numeri 14:22, 23) Nea ɛto so nnan, na Mose ne Aaron na na wodi Israelfo no anim. Wɔn a asɛyɛde a emu yɛ duru hyehyɛ wɔn nsa no, wobebu akontaa kɛse akyerɛ Onyankopɔn.—Luka 12:48.

APRIL 19-25

BIBLE MU AKORADE | NUMERI 22-24

it-2 291

Abɔdansɛm

Abɔdansɛm a Ɛma Obi Sɔre Tia Yehowa. Na odiyifo Balaam pɛ sɛ ɔhyɛ nkɔm tia Israelfo anaa ɔbɔ wɔn dua sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sika afi Moab hene Balak hɔ, nanso Yehowa de ne ho gyee mu, wamma ne duabɔ no anyɛ adwuma. Bere a ɔsomafo Petro reka Balaam ho asɛm no, ɔkaa sɛ “aboa a ontumi nkasa de onipa nne kasae, na esiw odiyifo no abɔdansɛm no kwan.” Petro de Greek asɛmfua pa·ra·phro·niʹa na egyinaa hɔ maa nea Balaam yɛe no. Adwene a ɛwɔ saa Greek asɛmfua no akyi ne sɛ, obi bɛma “biribi agye n’adwene” araa ma abɔ no dam.—2Pe 2:15, 16; Nu 22:26-31.

APRIL 26–MAY 2

BIBLE MU AKORADE | NUMERI 25-26

Tweetwee Bible Mu

it-1 359 ¶1-2

Ɔhye Anaa Ɛhyeɛ

Bere a na wɔrekyɛ asase ama Israel mmusuakuw no, ɛbɛyɛ sɛ nneɛma mmienu a edidi so yi na wɔhwɛɛ ho de yɛɛ saa: Nea edi kan na wɔbɔ ntonto. Nea ɛto so mmienu na wɔhwɛ nnipa dodow a wɔwɔ abusuakuw no mu. Ná ntonto a wɔbɔ no ma wohu asase no fã a wobetwa ama abusuakuw bi. Enti na ɛma mmusuakuw no hu sɛ, wɔn asase no da atifi, anafo, apuei, atɔe, ɛbɛn nsu anaa ɛwɔ bepɔw so. Sɛ wɔbɔ ntonto a nea efi mu ba no, na ɛyɛ gyinae a efi Yehowa hɔ. Esiane sɛ na efi Yehowa hɔ nti, ahoɔyaw ne mansotwe biara ankɔ so wɔ mmusuakuw no ntam. (Mme 16:33) Saa a Yehowa yɛe no boa maa asɛm a Agya panyin Yakob ka faa mmusuakuw no ho bere a na ɔda owupa so wɔ Genesis 49:1-33 no baa mu.

Sɛ wɔbɔ ntonto no wie na mmusuakuw no hu baabi a wɔn asase no da a, afei na wɔhwɛ nnipa dodow a wɔwɔ abusuakuw no mu ho twa asase no. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommɔ ntonto nkyɛ asase no mma mmusua mmusua no. Momma wɔn a wɔdɔɔso no nnya kɛse, na wɔn a wosua no, montew wɔn de so. Nea ntonto no bɛkyerɛ no, ɛno na ɛbɛyɛ abusua biara de.” (Nu 33:54) Faako a ntonto no bɛkyerɛ sɛ abusuakuw bi ntena no, ɛhɔ ara na na ɔbɛtena. Nanso asase no kɛse de, na wobetumi abae mu anaa wɔatew so. Ɛno nti na bere a wohuu sɛ asase a wotwa maa Yuda abusuakuw no sõ dodow no, wotwaa bi maa Simeon abusuakuw no.—Yos 19:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena