Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr21 November kr. 1-4
  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • NOVEMBER 1-7
  • NOVEMBER 8-14
  • NOVEMBER 15-21
  • DECEMBER 13-19
  • DECEMBER 20-26
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2021
mwbr21 November kr. 1-4

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

NOVEMBER 1-7

BIBLE MU AKORADE | YOSUA 18-19

it-1 359 ¶1

Ɔhye

Bere a na wɔrekyɛ asaase ama Israel mmusuakuw no, ɛbɛyɛ sɛ nneɛma mmienu a edidi so yi na wɔhwɛɛ ho de yɛɛ saa: Nea edi kan na wɔbɔ ntonto. Nea ɛto so mmienu na wɔhwɛ nnipa dodow a wɔwɔ abusuakuw no mu. Ná ntonto a wɔbɔ no ma wohu asaase no fã a wobetwa ama abusuakuw bi. Enti na ɛma mmusuakuw no hu sɛ, wɔn asaase no da atifi, anafo, apuei, atɔe, ɛbɛn nsu anaa ɛwɔ bepɔw so. Sɛ wɔbɔ ntonto a nea efi mu ba no, na ɛyɛ gyinae a efi Yehowa hɔ. Esiane sɛ na efi Yehowa hɔ nti, ahoɔyaw ne mansotwe biara ankɔ so wɔ mmusuakuw no ntam. (Mme 16:33) Saa a Yehowa yɛe no boa maa asɛm a Agya panyin Yakob ka faa mmusuakuw no ho bere a na ɔda owupa so wɔ Genesis 49:1-33 no baa mu.

it-1 1200 ¶1

Agyapade

Asaase a abusuakuw biara nyae. Asaase a Israelfo no kɔtenaa so no, Yehowa na ɔde maa wɔn, na ɔkyerɛɛ Mose baabi a asaase no ahye kɔpem. (Nu 34:1-12; Yos 1:4) Mose na otwaa Gadfo, Rubenfo, ne Manase abusuakuw fã no asaase maa wɔn. (Nu 32:33; Yos 14:3) Mmusuakuw a aka no de, Yosua ne Eleasar na ɛbɔɔ ntonto de kyɛɛ asaase no maa wɔn. (Yos 14:1, 2) Simeon ne Lewi mmusuakuw no, wɔantwa asaase pɔtee biara amma wɔn sɛ wɔn agyapade, na wei maa nkɔm a Yakob hyɛe a ɛwɔ Genesis 49:5, 7 no baa mu. Nsaase a na Simeon abusuakuw no mufo tete so (ne nkurow a na wɔtete mu) no, na ɛwɔ Yuda abusuakuw no asaase so. (Yos 19:1-9) Lewi abusuakuw no nso, nkurow 48 a wɔde maa wɔn no, na abɔ apete Israel nyinaa. Yehowa kaa sɛ ɔno ne Lewifo no agyapade, efisɛ ɔde adwuma titiriw hyɛɛ wɔn nsa wɔ kronkronbea hɔ. Esiane adwuma a na wɔyɛ no nti, Israelfo a aka no maa wɔn ntotoso du du sɛ wɔn agyapade. (Nu 18:20, 21; 35:6, 7) Asaase a abusuakuw biara nyae no, ɛno ara na wɔkyekyɛɛ mu nketenkete maa mmusua mmusua no. Bere a abusua bi mufo redɔɔso no, na wɔn nso rekyɛ asaase a wonyae no mu nketenkete ma wɔn mma mmarima.

it-1 359 ¶2

Ɔhye

Sɛ wɔbɔ ntonto no wie na mmusuakuw no hu baabi a wɔn asaase no da a, afei na wɔhwɛ nnipa dodow a wɔwɔ abusuakuw no mu ho twa asaase no. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “mommɔ ntonto nkyɛ asaase no mma mo mmusua no sɛ wɔn agyapade. Kuw a emufo dɔɔso no, ma wɔn agyapade nyɛ kɛse, na kuw a emufo sua no, tew wɔn agyapade so. Baabi a obiara ntonto bɛkyerɛ no, ɛhɔ na ɛbɛyɛ n’agyapade.” (Nu 33:54) Faako a ntonto no bɛkyerɛ sɛ abusuakuw bi ntena no, ɛhɔ ara na na ɔbɛtena. Nanso asaase no kɛse de, na wobetumi abae mu anaa wɔatew so. Ɛno nti na bere a wohuu sɛ asaase a wotwa maa Yuda abusuakuw no sõ dodo no, wotwaa bi maa Simeon abusuakuw no.—Yos 19:9.

Tweetwee Bible Mu

it-1 359 ¶5

Ɔhye

Wohwɛ sɛnea wɔkyɛɛ asaase no fã a ɛda Yordan atɔe fam no a, wubehu sɛ wodii kan bɔɔ ntonto de kyerɛɛ asaase a Yuda abusuakuw, (Yos 15:1-63), Yosef (Efraim) abusuakuw, (Yos 16:1-10), ne Manase abusuakuw no fã a wɔtenaa Yordan atɔe fam no benya. (Yos 17:1-13) Wɔsan kyerɛɛ baabi a wɔn mu biara asaase no ahye deda, ne nkurow a wɔbɛtenatena mu. Bere a wɔkyɛɛ asaase no maa saa mmusuakuw yi wiei no, ɛbɛyɛ sɛ wogyaee asaase no kyɛ kakra, efisɛ kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ Israelfo no nyinaa tu fii Gilgal kɔɔ Silo. (Yos 14:6; 18:1) Bere tenten a edii ansa na wɔretoa so akyekyɛ asaase no de, Bible nka. Nanso akyiri yi, mmusuakuw nson a na wɔretwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛkɔ akɔfa wɔn asaase no, Yosua kaa wɔn anim. (Yos 18:2, 3) Nea enti a mmusuakuw nson yi twentwɛn wɔn nan ase no, nkyerɛkyerɛmu pii na nkurɔfo de ama wɔ ho. Ebinom ka sɛ, saa bere no, na Israelfo no anya agyapade bebree wɔ ɔko mu. Afei nso, na wonsuro sɛ Kaananfo no bɛba abɛtow ahyɛ wɔn so. Ɛbɛyɛ sɛ wei nti na wonyaa adwene sɛ, ɛho nhia sɛ wɔyɛ ntɛm kɔfa wɔn asaase no. Ebinom nso ka sɛ, nea ɛma wɔtwentwɛn wɔn nan ase ne sɛ, nsaase a na ɛsɛ sɛ wɔkɔfa no, na atamfo a wɔn ho yɛ den tete so. (Yos 13:1-7) Afei nso, Bɔhyɛ Asaase no fã a na ɛsɛ sɛ wɔkɔfa no, na wonnim so yiye papa te sɛ nsaase a na wɔadi kan akyɛ ama mmusuakuw no.

NOVEMBER 8-14

BIBLE MU AKORADE | YOSUA 20-22

Tweetwee Bible Mu

it-1 402 ¶3

Kaanan

Ɛwom, ɛnyɛ Kaananfo no nyinaa na Israelfo tumi sɛee wɔn. Ebinom ampene amma Israelfo no anni wɔn so. Nanso yebetumi aka sɛ “asaase a Yehowa kaa Israel agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no nyinaa, ɔde maa Israelfo no,” na “baabi a wɔwɔ biara no, Yehowa maa wɔn asomdwoe.” Enti “nneɛma pa a Yehowa de hyɛɛ Israelfo bɔ no nyinaa, baako mpo anka mu; ne nyinaa baa mu.” (Yos 21:43-45) Atamfo a na wɔatwa Israel ho ahyia no, na wosuro Israelfo no, enti na wɔn ho nyɛ Israelfo no hu. Ná Onyankopɔn adi kan aka sɛ obetu Kaananfo no “nkakrankakra” afi asaase no so, anyɛ saa a wuram mmoa bɔne bebu so wɔ hɔ. (Ex 23:29, 30; De 7:22) Akode a na Kaananfo wɔ no nyɛ asɛm ketewa; ná wɔwɔ nteaseɛnam a sekan tuatua ho. Nanso ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɛno nti na Israelfo no antumi antu Kaananfo no. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Yehowa anni ne bɔhyɛ so. (Yos 17:16-18; Ate 4:13) Mmom, kyerɛwtohɔ ma yehu sɛ, nkogu kakra a Israelfo dii no fi asoɔden a wɔyɛe.—Nu 14:44, 45; Yos 7:1-12.

NOVEMBER 15-21

BIBLE MU AKORADE | JOSHUA 23-24

it-1 75

Nsawɔso

Bere a Israelfo no koduu Kaanan asaase a na Yehowa de ahyɛ wɔn bɔ no so no, ɔhaw foforo bi yii ne ti. Nea ɛte ne sɛ, na Otumfoɔ Nyankopɔn no ahyɛ wɔn agyanom bɔ sɛ ɔde saa asaase no bɛma wɔn. Enti ɛhɔ a na wɔrekɔ no, ɛnyɛ sɛ na wɔyɛ ahɔho wɔ hɔ; ná asaase no yɛ wɔn agyapade ankasa. Ɛno nti Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔne abosonsomfo aman a ɛwɔ hɔ no hwe bom. (Ex 23:31-33; 34:11-16) Afei nso, ɛnyɛ saa aman no mmara na na ɛsɛ sɛ wɔde bɔ wɔn bra, efisɛ na ɛrenkyɛ na wɔatu wɔn afi asaase no so. Yehowa mmara mmom na na ɛsɛ sɛ wodi so. (Le 18:3, 4; 20:22-24) Ade baako a Yehowa hyɛɛ da bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ na wɔne saa aman no anni ayeware. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛnyɛ wɔn yerenom abosonsomfo no nko ara na wɔne wɔn bɛbɔ, mmom ɛbɛma wɔne saa mmea no abusuafo nso adi nsawɔso. Afei nso, na ebetumi asum wɔn afiri ma wɔde wɔn ho ahyɛ abosonsom amanne ahorow mu, na ama wɔawae afi Yehowa ho.—De 7:2-4; Ex 34:16; Yos 23:12, 13.

DECEMBER 13-19

BIBLE MU AKORADE | ATEMMUFO 8-9

Tweetwee Bible Mu

it-1 753 ¶1

Efɔd, I

Adwempa na Gideon de yɛɛ efɔd no. Ɔyɛɛ efɔd no na ama Israelfo akae nkonim a Yehowa ma wodii no, na wɔnam so ahyɛ no anuonyam. Nanso ewiee ase no, efɔd no ‘yɛɛ afiri maa Gideon ne ne fifo,’ efisɛ Israelfo no de yɛɛ nyame somee. (Ate 8:27) Nanso, Bible nka sɛ Gideon ankasa som efɔd no. Mpo bere a Paul rebobɔ “adansefo mununkum kɛse” a wɔtenaa ase ansa na Yesu reba no din no, ɔbɔɔ Gideon din kaa ho.—Heb 11:32; 12:1.

DECEMBER 20-26

BIBLE MU AKORADE | ATEMMUFO 10-12

it-2 27 ¶2

Yefta

Ná Yefta yɛ ɔbarima a ɔyɛ hyew na ɔyɛ nnam, enti ɛbae sɛ ɛsɛ sɛ odi anim ma wɔne Ammonfo kɔko no, wansɛe bere koraa. Ɔsomaa nkurɔfo kɔɔ Ammon hene no nkyɛn kobisaa no sɛ, adɛn na wɔpɛ sɛ wɔde patapaa gye Israelfo asaase. Ɛnna Ammon hene no nso de nkra bae sɛ, asaase no yɛ wɔn dea, enti Israelfo mmom na agye afi wɔn nsam. (Ate 11:12, 13) Ɛbaa saa no, Yefta somae sɛ wonkoyi n’ano. Wohwɛ nsɛm a ɔde somae no a, wuhu sɛ ɛnyɛ akodi nko ara na na onim; mmom na ɔyɛ obi a osua Onyankopɔn nkurɔfo ho abakɔsɛm, ɛnkanka sɛnea Onyankopɔn ne Israelfo dii no. Wei nti, ɔbɔɔ Ammon hene asɛm no gui. Ɔkyerɛɛ mu sɛ (1) Bere a Israelfo nam sare no so no, wɔanteetee Ammonfo, Moabfo, anaa Edomfo (Ate 11:14-18; De 2:9, 19, 37; 2Be 20:10, 11); (2) Asaase a wɔretwe ho manso no, na Ammonfo no nte so bere a Israelfo resɛe Kaanan no. Saa bere no, Amorifo a wɔyɛ Kaananfo na na saa asaase no hyɛ wɔn nsa. Nanso Onyankopɔn maa Israelfo no dii Amorifo hene Sihon so nkonim ma wɔfaa n’asaase no; (3) Ná Israelfo atena saa asaase no so bɛyɛ mfe 300, nanso saa bere no nyinaa Ammonfo no anka da sɛ asaase no yɛ wɔn dea. Enti ɛyɛɛ dɛn na afei de wɔreka sɛ asaase no yɛ wɔn dea?—Ate 11:19-27.

it-2 27 ¶3

Yefta

Yefta ma wohuu nea enti paa a wɔrentumi mfa asaase no mma wɔn. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, asɛm a na abɛda hɔ no fa ɔsom a wɔde ma Yehowa ho. Ɔkaa sɛ, Yehowa Nyankopɔn na ɔde asaase no maa Israelfo no, enti asaase no fã ketekete mpo, abosonsomfo no nsa renka. Bere a Yefta reka n’asɛm no, ɔkaa sɛ Kemos yɛ Ammonfo nyame. Ebinom ka sɛ nea Yefta kae yi nyɛ nokware. Ɛwom, na Ammonfo nyame ne Milkom, na na Moabfo nyame ne Kemos, nanso nea ɛte ne sɛ, na abusuabɔ bi wɔ saa aman no ntam, na na wɔsom anyame bebree. Solomon mpo, abosonsomfo mmea a ɔkɔwaree wɔn nti, bere bi ɔyɛ maa Israelfo fii ase som Kemos. (Ate 11:24; 1Ah 11:1, 7, 8, 33; 2Ah 23:13) Afei nso, abenfo bi kyerɛ sɛ, edin “Kemos” betumi akyerɛ “Nea Odi Afoforo So Nkonim.” (Hwɛ Gesenius’s Hebrew and Chaldee Lexicon; S. Tregelles na ɔkyerɛɛ ase, 1901, kr. 401.) Ɛbɛyɛ sɛ nea enti a Yefta kaa Kemos mmom ho asɛm ne sɛ, saa nyame no na sɛ Ammonfo ‘di ɔman bi so nkonim’ fa wɔn asaase a, wɔde ɛho anuonyamhyɛ ma no.

Tweetwee Bible Mu

it-2 26

Yefta

Ná Yefta Nyɛ Aguaman Ba. Bible ka sɛ na Yefta maame yɛ “tuutuuni bea,” nanso ɛno nkyerɛ sɛ, na Yefta yɛ aguaman ba. Nea enti ne sɛ, bere a Yefta papa Gilead waree no kaa ne yere a odi kan ho no, na ɔnyɛ tuutuuni bio. Saa ara na na ɛte wɔ Rahab fam. Ɔno nso, ansa na ɔreware Salmon no, na ɔyɛ tuutuuni. (Ate 11:1; Yos 2:1; Mt 1:5) Ade baako a ɛma yehu sɛ na Yefta nyɛ aguaman ba ne sɛ, ne nua mmarima a Gilead ne ne yere a odi kan woo wɔn no pam no fii fie, efisɛ na wɔmpɛ sɛ onya wɔn papa agyapade no bi. (Ate 11:2) Afei nso Gilead mmarima (a ɛbɛyɛ sɛ Yefta nuanom a ɔne wɔn fi papa baako no na na wɔwɔ dibea paa wɔ mu) no, akyiri yi wogyee Yefta toom sɛ ɔnyɛ wɔn so panyin. (Ate 11:11) Nea ɛka ho bio ne sɛ, Yefta kɔbɔɔ afɔre maa Onyankopɔn wɔ ɔsom ntamadan no mu. (Ate 11:30, 31) Nea yɛaka ho asɛm yi mu biara nni hɔ a sɛ Yefta yɛ aguaman ba a, anka obetumi ayɛ, efisɛ mmara no hyɛɛ da kaa sɛ: “Ɛnsɛ sɛ aguaman ba biara ba Yehowa asafo mu. N’awo ntoatoaso a ɛto so du a wobedi n’akyi aba mpo rentumi mma Yehowa asafo mu.”—De 23:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena