Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb22 January kr. 13
  • Nea Yebetumi Asua Afi Samuel Asetenam Nsɛm Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Yebetumi Asua Afi Samuel Asetenam Nsɛm Mu
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Samuel Maa Nokware Som Nyaa Nkɔso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • ‘Onyinii Yehowa Anim’
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ogyinaa mu Ɛmfa Ho sɛ Wodii no Huammɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Yehowa Ne Samuel Kasae
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
mwb22 January kr. 13
Mfoni: Video a ɛne “Sua Biribi Fi Wɔn Hɔ—Samuel” no mu mfoni. 1. Danny. 2. Abofra Samuel.

KRISTOFO ABRABƆ

Nea Yebetumi Asua Afi Samuel Asetenam Nsɛm Mu

Samuel dii nokware maa Yehowa ne nkwa nna nyinaa. Bere a ɔyɛ abofra no, wansuasua Eli mma mmienu, Hofni ne Finehas a na wɔn bra asɛe no. (1Sa 2:22-26) Samuel kɔɔ so nyinii, na Yehowa dii n’akyi. (1Sa 3:19) Ɛwom, ne nkwakoraabɔ mu no, ne mma anni Onyankopɔn nokware. Nanso ɔno de, ɔkɔɔ so nantew Yehowa akwan so.—1Sa 8:1-5.

Dɛn na yɛfa fi Samuel asɛm yi mu? Ɛne sɛ, sɛ woyɛ ɔbabun a, nya ahotoso sɛ, nea worefa mu ne sɛnea wote nka nyinaa Yehowa nim, na ɔte wo ase. Obetumi aboa wo ma woayɛ ɔkokodurufo. (Yes 41:10, 13) Sɛ woyɛ ɔwofo a wo ba agyae Yehowa som a, ma Samuel asɛm no nkyekye wo werɛ. Ná ɔrentumi nhyɛ ne mma no sɛ kyenkyen ara a wɔmfa Yehowa mmara nyɛ adwuma. Ogyaa tebea no maa Yehowa, nanso ɔno ankasa de, ɔkɔɔ so maa n’abrabɔ dii mu, na ɔyɛɛ nea ɛsɔ ne soro Agya Yehowa ani. Sɛ wusuasua Samuel a, wo nhwɛso pa no betumi akanyan wo ba no ma wasan aba Yehowa nkyɛn.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SUA BIRIBI FI WƆN HƆ—SAMUEL NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Video a ɛne “Sua Biribi Fi Wɔn Hɔ—Samuel” no mu mfoni. Abofra Samuel de nnyina rekogu ntamadan no adiwo.

    Bere a Samuel yɛ abofra no, ɔkwan bɛn so na ɔdaa akokoduru adi?

  • Video a ɛne “Sua Biribi Fi Wɔn Hɔ—Samuel” no mu mfoni. Danny ne ne nua panyin no rekasa; ɔrebisa no n’abrabɔ a enye no ho asɛm.

    Dɛn na Danny yɛ de kyerɛe sɛ ɔwɔ akokoduru?

  • Video a ɛne “Sua Biribi Fi Wɔn Hɔ—Samuel” no mu mfoni. Odiyifo Samuel abɔ akwakoraa.

    Samuel bɔɔ akwakoraa no, nhwɛso pa bɛn na ɔyɛe?

  • Video a ɛne “Sua Biribi Fi Wɔn Hɔ—Samuel” no mu mfoni. Danny awofo ne Danny akɔyɛ baguam adansedi awie na wɔrekɔ fie.

    Wɔn a wɔde wɔn nan si fam yɛ nea ɛteɛ no, Yehowa taa wɔn akyi

    Ɔkwan bɛn so na Danny awofo yɛɛ nhwɛso pa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena