Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
NOVEMBER 7-13
BIBLE MU AKORADE | 2 AHENE 5-6
“Wɔn a Wɔka Yɛn Ho No Dɔɔso Sen Wɔn a Wɔka Wɔn Ho”
it-1 716 ¶4
Elisa
Wogyee Israel Fii Siria Nsam. Bere a na Ɔhene Yehoram di Israel so no, Siriafo bɔɔ pɔw sɛ wɔbɛkɔ akɔtow ahyɛ Israelfo so bere a wɔn ani nna. Nanso ɛpɔw biara a Siria ne wɔn hene Ben-hadad II bɛbɔ no, na Elisa ada no adi akyerɛ Ɔhene Yehoram. Mfiase no, na Ben-hadad adwene yɛ no sɛ ɔno ara ne nkurɔfo no mu bi na ɛrebɔ no fam. Nanso akyiri yi obehui sɛ Elisa na wama ne brɛ nyinaa ayɛ kwa, enti ɔsomaa n’asraafo kɔɔ Dotan sɛ wɔnkɔfa no mmra. Asraafo no de apɔnkɔ ne ɔko nteaseɛnam kotwaa kurow no ho hyiae. (MFONI, Po. 1, kr. 950) Bere a Elisa somfo no huu wɔn no, ehu kaa no, nanso Elisa bɔɔ mpae srɛɛ Onyankopɔn sɛ ommue ne somfo no ani. Yehowa yɛɛ saa, na ɔsomfo no nkɔhwɛ a, “ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ mmepɔw no so ma atwa Elisa ho nyinaa ahyia yi.” Bere a Siriafo no yɛe sɛ wɔreba Elisa so no, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔnyɛ anwanwade a ɛne anwanwade a odii kan srɛe no bɔ abira. Ɔkaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma nkurɔfo yi ani mfura.” Afei Elisa ka kyerɛɛ Siriafo no sɛ: “Munni m’akyi,” nanso wanso wɔn nsa amfa wɔn ankɔ. Ɛno ma yehu sɛ anifurae a ɛbaa wɔn so no, ɛnyɛ wɔn ani ankasa na efurae. Mmom, na ɛyɛ wɔn adwene ani na efurae, kyerɛ sɛ, na wɔn ani tumi hu ade, nanso na wɔn adwene ntumi nkyerɛ wɔn dekode a wɔrehwɛ no. Enti bere a saa anifurae no baa wɔn so no, wɔhwɛ Elisa a, na wonhu sɛ ɛyɛ ɔno a. Saa ara nso na wɔanhu baabi a ɔde wɔn rekɔ no.—2Ah 6:8-19.
it-1 343 ¶1
Anifurae
Anifurae a Elisa ma ɛbaa Siria asraafo so no, ɛda adi sɛ na ɛyɛ adwenem anifurae. Asraafodɔm no nyinaa, sɛ wɔn ani ankasa na efurae a, anka gye sɛ nkurɔfo suso wɔn nsa ansa na wɔatumi akɔ baabi a wɔrekɔ. Nanso Bible no anka no saa. Nea ɛkae ara ne sɛ, Elisa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ ɔkwan no ni, na ɛnyɛ kurow no ni. Munni m’akyi.” Owura William James kaa wei ho asɛm wɔ ne nhoma mu. Ɔkaa sɛ: “Nyarewa a ɛka adwene no, baako bi wɔ hɔ a, etumi kɔfa adwenem anifurae ba. Sɛ obi adwene ani fura a, ohu biribiara, nanso adwene no ntumi nkyerɛ no dekode a ɔrehwɛ no. Yɛn adwene no, ne fã bi wɔ hɔ a adwuma a ɛyɛ ne sɛ, sɛ ani no hu biribi a na atwa ho mfoni. Ne fã bi nso wɔ hɔ a, n’adwuma ne sɛ, ade a ani no ahu no, ɛkyerɛ yɛn sɛ ɛyɛ wei anaa wei. Saa afã mmienu no, ntini bi da ntam. Sɛ saa ntini no ho ka pɛ, w’ani tua biribi paa, nanso worenhu ade ko.” (Principles of Psychology, 1981, Po 1, kr. 59) Ɛbɛyɛ sɛ saa anifurae no bi na Yehowa yi fii Siria asraafo no so bere a wokoduu Samaria no. (2Ah 6:18-20) Ɛbɛyɛ sɛ saa adwenem anifurae no bi na ɛbaa Sodom mmarima no nso so, efisɛ Bible anka sɛ wɔn ani a afura nti, na wɔredi awerɛhow. Mmom, na wɔn ani abere rehwehwɛ Lot fie no pon.—Ge 19:11.
NOVEMBER 14-20
BIBLE MU AKORADE | 2 AHENE 7-8
“Yehowa Yɛɛ Ade a Obiara Nhwɛ Kwan”
it-1 716-717
Elisa
Akyiri yi, Ben-hadad II kɔtow hyɛɛ Samaria so. Ɛnyɛ asraafo kakraa bi na wɔkɔtow hyɛɛ Samariafo no so. Mmom Siria asraafodɔm no na ɛkɔɔ Samaria so, na wɔkaa wɔn hyɛɛ kurow no mu. Siriafo no maa Israelfo no ho kyeree wɔn ara maa bere bi mpo de, nkurɔfo kɔbɔɔ Israel hene amanneɛ sɛ ɔbea bi awe ɔno ara ne ba. Ewiee ase no, Ɔhene Yehoram a ɔyɛ ‘owudifo Ahab ba’ no kaa ntam sɛ obekum Elisa. Nanso ntam a ɔhene no peree ne ho kae no, wanni so. Ɔne ne boafo kɔɔ odiyifo no fie, na ɔka kyerɛɛ odiyifo no sɛ, onnye nni bio sɛ Yehowa bɛboa wɔn. Elisa ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, ɔnka ne koma nto ne yam efisɛ ade kye a, aduan bebu so. Ɔhene boafo no de, na ɛyɛ no serew; ɔka kyerɛɛ Elisa sɛ asɛm a waka no, ɛrentumi mma mu. Asɛm a ɔkae no nti, Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wode w’ani behu, nanso ebi renka w’ano.” Yehowa maa Siriafo no tee ɔko nteaseɛnam, apɔnkɔ, ne asraafodɔm kɛse nka wɔ wɔn asoɛe hɔ. Ná ɛyɛ wɔn sɛ aman bi na aka wɔn ho abom rebɛtow ahyɛ wɔn so, enti woguanee. Wɔrekɔ no, wogyaw wɔn asoɛe no ne aduan a ɛwɔ hɔ nyinaa. Bere a Israel hene tee sɛ Siriafo no aguan agyaw wɔn asoɛe no, ɔpaw ne boafo no sɛ ɔnhwɛ Samaria kurow pon no ano. Nanso Israelfo a ɔkɔm adosa wɔn no de mmirika kotwiw faa no so kɔfom aduan no. Wotiatiaa no so wɔ kurow no pon ano ma owui. Enti ɔhene boafo no de n’ani huu aduan no de, nanso ebi anka n’ano.—2Ah 6:24–7:20.
Tweetwee Bible Mu
it-2 195 ¶7
Kanea
Dawid Asefo a Wodii Hene. Yehowa Nyankopɔn maa Ɔhene Dawid ahenni timii wɔ Israel. Onyankopɔn boaa Dawid ma ɔde nyansa buu ɔman no dii wɔn anim. Enti, na wɔfrɛ Dawid “Israel kanea.” (2Sa 21:17) Bere a Yehowa ne Dawid reyɛ ahenni apam no, ɔhyɛɛ Dawid bɔ sɛ: “W’ahengua . . . betim afebɔɔ.” (2Sa 7:11-16) Ɛno nti, ahemfo a na wɔyɛ Dawid asefo a wofi ne ba Solomon mu no, na wɔte sɛ “kanea” ma Israel.—1Ah 11:36; 15:4; 2Ah 8:19; 2Be 21:7.
NOVEMBER 28–DECEMBER 4
BIBLE MU AKORADE | 2 AHENE 11-12
“Wɔtwee Ɔbea Tirimɔdenfo Bi a N’ani Bere Ade Aso”
it-1 209
Atalia
Ná Atalia te sɛ ne maame Yesebel. Sɛnea Yesebel tutu guu ne kunu asom ma ɔyɛɛ nneɛma bɔne no, Atalia nso, mfe nwɔtwe a ne kunu Yehoram de dii hene no, ɔhyɛɛ no kutupa ma ɔyɛɛ nneɛma bɔne wɔ Yehowa ani so. (1Ah 21:25; 2Be 21:4-6) Afei nso, Atalia hwiee nnipa pii a wɔn ho nni asɛm mogya gui, sɛnea ne maame Yesebel yɛe no ara. Bere a Atalia ba tirimɔdenfo Ahasia dii ade afe baako no, owui. Ɛbaa saa no, Atalia kunkum adehye no nyinaa. Yehoas a na ɔyɛ akokoaa saa bere no nko ara na Atalia annya no ankum no, efisɛ ɔsɔfo panyin no ne ne yere a ɔyɛ Yehoas sewaa no de no siei. Afei Atalia sii ne ho hemmaa, na odii ade mfe nsia, efi bɛyɛ afe 905 A.Y.B. kosi afe 899 A.Y.B. (2Be 22:11, 12) Atalia mma mmarima wiaa nneɛma kronkron a ɛwɔ Yehowa fie no, na wɔde kɔsom Baal.—2Be 24:7.
it-1 209
Atalia
Bere a Yehoas dii mfe nson no, Ɔsɔfo Panyin Yehoiada a osuro Nyankopɔn no yii no fii baabi a wɔde no asie no, na ɔde no sii ade so sɛ ɔhene a ɔfata. Bere a Atalia tee dede a ɛrekɔ so no, ɛhɔ ara na ɔde mmirika kɔɔ asɔrefie hɔ. Oduu hɔ a ohuu nea ɛrekɔ so no, ɔteɛɛm sɛ: “Atirisopam! Atirisopam!” Ɛnna Ɔsɔfo Panyin Yehoiada kaa sɛ wɔmfa no mpue mfi asɔrefie hɔ nkɔ apɔnkɔ pon no ano wɔ ahemfie hɔ na wonkokum no. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, Ahab fiefo atirimɔdenfo no, Atalia nko ara na na waka. (2Ah 11:1-20; 2Be 22:1–23:21) Wei maa saa asɛm yi baa mu ampa sɛ: “Yehowa asɛm biara nni hɔ a Yehowa aka atia Ahab fifo a ɛremma mu”!—2Ah 10:10, 11; 1Ah 21:20-24.
Tweetwee Bible Mu
it-1 1265-1266
Yehoas
Efi saa bere no rekɔ no, bere a na Ɔsɔfo Panyin Yehoiada te ase nyinaa, ɔyɛɛ agya ne fotufo maa Ɔhene Yehoas a na ɔda so yɛ abofra no, enti nneɛma kɔɔ yiye maa Yehoas. Bere a Yehoas dii mfe 21 no, na ɔwɔ yerenom mmienu. Ná wɔn mu baako din de Yehoadan, na Yehoas ne no woo mma mmarima ne mma mmea. Enti abusua a Mesia no befi mu aba a anka wɔreyɛ atɔre wɔn ase no, wɔsan bɛdɔɔso bio.—2Ah 12:1-3; 2Be 24:1-3; 25:1.
DECEMBER 12-18
BIBLE MU AKORADE | 2 AHENE 16-17
“Yehowa Abotare Wɔ Baabi a Ekodu”
it-2 908 ¶5
Salmaneser
Odii Israel So Nkonim. Bere a na Israel hene Hosea di ade (bɛyɛ afe 758 kosi afe 740 A.Y.B.) no, Salmaneser a Ɔtɔ So Nnum kɔtow hyɛɛ Palestina so, na Hosea bɛyɛɛ n’akoa a otua tow ma no afe biara. (2Ah 17:1-3) Nanso, eduu bere bi no, Hosea gyaee tow no tua, na ɛbɛdaa adi sɛ na ɔne Egypt hene a wɔfrɛ no So ayɛ kanana. Wei nti, Salmaneser kyekyeree Hosea too afiase, na ɔne n’asraafo kotwaa Samaria kurow a wɔabɔ ho ban yiye no ho hyiae. Wɔkaa wɔn hyɛɛ mu mfe mmiɛnsa ansa na wɔretumi afa kurow no. Afei wɔsoaa Israelfo a ɛwɔ hɔ no kɔe.—2Ah 17:4-6; 18:9-12; fa toto Ho 7:11 ho; Hes 23:4-10.
it-1 414-415
Kyere a Wɔkyere Obi Kɔ Obi Man So
Ade a ɛma wɔsoaa Israel mmusuakuw du ahemman a na ɛwɔ atifi fam no mufo kɔɔ obi man so no, ɛno ara na ɛma wɔsoaa Yuda mmusuakuw mmienu a ɛwɔ anaafo fam no mufo nso kɔɔ obi man so. Ɛno ne sɛ: wogyaee Yehowa som, na wɔkɔsom atoro anyame. (De 28:15, 62-68; 2Ah 17:7-18; 21:10-15) Yehowa somaa n’adiyifo kɔbɔɔ wɔn kɔkɔ mpɛn pii, nanso ankosi hwee. (2Ah 17:13) Israel mmusuakuw du ahemman no, na wɔn hene a odi kan ne Yeroboam. Ɔno na ɔkɔfaa atorosom baa ɔman no mu. Ahemfo a wodii n’akyi bae nyinaa, wɔn mu biara nni hɔ a otuu atorosom no ase koraa. Yuda ahemman a ɛwɔ Israel ahemman no anaafo fam no nso, wɔantie kɔkɔbɔ a Yehowa de maa wɔn no. Sɛnea wɔkyeree Israel ahemman no mufo kɔɔ obi man so no nso, wɔansua hwee amfi mu. (Yer 3:6-10) Ewiee ase no, wɔsoaa ahemman mmienu no manfo kɔɔ obi man so. Ɛnyɛ pɛnkoro na wɔsoaa wɔn kɔe, mmom mpɛn pii.
Tweetwee Bible Mu
it-2 847
Samariani
Bere a edi kan a asɛmfua “Samariafo” pue wɔ Kyerɛwnsɛm no mu ne bere a Asiriafo ko dii Samaria mmusuakuw du ahemman no so wɔ afe 740 A.Y.B. Wɔde saa din no frɛɛ wɔn a na wɔte mmusuakuw du ahemman no mu ansa na Asiriafo rebedi wɔn so nkonim no. Ɛno maa wɔdaa nsow fii ahɔho a akyiri yi Asiriafo de wɔn bɛfraa wɔn mu no ho. (2Ah 17:29) Ɛbɛyɛ sɛ Asiriafo no ansoa Israelfo a na wɔte hɔ no nyinaa ankɔ. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, 2 Beresosɛm 34:6-9 ka asɛm bi a ɛma yehu sɛ, Ɔhene Yosia bere so no, na Israelfo da so ara wɔ asaase no so. (Fa toto 2Ah 23:19, 20 ho.) Akyiri yi, yɛka “Samariafo” a, na ɛkyerɛ wɔn a na wɔda so te Samaria no asefo, ɛne wɔn a Asiriafo no de wɔn bɛfraa wɔn mu no nyinaa. Ɛno ma yehu sɛ, wɔn a na ɛwɔ hɔ no ne wɔn a wɔbɛfraa wɔn mu no dii ayeware, kyerɛ sɛ, wɔwarewaree wɔn ho wowoo mma. Mmere kɔɔ so no, yɛka sɛ obi yɛ “Samariani” a, na ɛnkyerɛ ɔman anaa abusuakuw a obi fi mu, mmom na ɛkyerɛ ɔsom a ɔwom. Saa ɔsom no, wokɔ tete Sekem ne Samaria mpɔtam hɔ a, ɛhɔ paa na na ɛwɔ. Wɔn nkyerɛkyerɛ no, na ebi ne Yudasom nkyerɛkyerɛ nhyia.—Yoh 4:9.
DECEMBER 19-25
BIBLE MU AKORADE | 2 AHENE 18-19
“Sɛnea Yɛn Atamfo Bɔ Mmɔden Sɛ Wobebu Yɛn Abam“
yb74 177 ¶1
Ɔfā 2—Germany
Nea ɛyɛ yaw ne sɛ, na Nasi asogyafo (anaa SS) no taa daadaa ebinom ma wɔsensan nkrataa de kyerɛ sɛ wɔrensom Yehowa bio. Wowie a na wɔatwa wɔn ho atan wɔn ani asen bere a na wɔnsensan nkrataa no mpo. Karl Kirscht di wei ho adanse. Ɔkaa sɛ: “Yɛreka wɔn a na Nasi asogyafo no taa dɛfɛdɛfɛ wɔn wɔ nneduaban ahorow no mu a, na ɛyɛ Yehowa Adansefo. Ná ɛyɛ wɔn sɛ, sɛ wɔyɛ wɔn saa a, wɔbɛsan krataa de akyerɛ sɛ wɔnyɛ Adansefo bio. Wɔkaa no mpɛn pii sɛ yɛnsan saa nkrataa no. Ebinom san krataa no, nanso mpɛn pii no, edi boroo afe ansa na wɔrenya wɔn faahodi. Saa bere no nyinaa, wɔn a asan krataa no, na Nasi asogyafo no twa bɔ wɔn sɛ wɔyɛ nyaatwomfo ne ahufo. Afei nso, na wɔma wɔsen fa anuanom a aka no nyinaa anim ansa na wɔama wɔafi nneduaban no mu akɔ fie. Sen a wɔma wɔsen faa anuanom anim no, na wose wɔde rehyɛ wɔn ‘anuonyam.’”
Tweetwee Bible Mu
it-1 155 ¶4
Wɔn a Wotutu Fam Hwehwɛ Tetefo Nneɛma Mu
Mfatoho bi ni. Bible ka sɛ, Asiria hene Senaherib mma mmarima Adramelek ne Sareser na wokum no, ɛnna ne ba Esar-Haddon bedii n’ade. (2Ah 19:36, 37) Nanso, Babilon Beresosɛm (anaa abopon a wɔkyerɛw abakɔsɛm a ɛho hia wɔ so) bi anka no saa. Ɛkaa sɛ, Tebet bosome no da a ɛto so 20 no, Senaherib ba baako sɔre tiaa no, na okum Senaherib. Babilon sɔfo Berossus a ɔtenaa ase bɛyɛ mfe 300 ansa na wɔrewo Yesu, ne Babilon hene Nabonido a ɔtenaa ase bɛyɛ mfe 600 ansa na wɔrewo Yesu no, wɔn nyinaa nso kaa sɛ Senaherib ba baako pɛ na okum Senaherib, na ɛnyɛ mmienu. Nanso abopon bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Prism of Esar-haddon (anaa Esar-Haddon Abopon). Nsɛm a egu abopon no so no, Esar-Haddon a obedii ne papa Senaherib ade no na ɔkyerɛwee. Nnansa yi ara, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu akohu saa abopon no fã bi a na abu afi so. Ná Esar-Haddon akyerɛw so sɛ, ɔno Esar-Haddon no, ne nuanom, (kyerɛ sɛ, wɔboro baako), na wɔsɔre tiaa wɔn papa kum no. Wowiei no na woguanee. Owura bi a yɛfrɛ no Philip Biberfeld kaa wei ho asɛm wɔ ne nhoma bi mu. Ɔkaa sɛ: “Nea Babilon Beresosɛm, Nabonid, ne Berossus nyinaa kae no nyɛ nokware; nea Bible kae no nko ara na ɛyɛ nokware. Asɛm a Esar-Haddon kyerɛw guu abopon no so no ma ɛdaa adi sɛ, nsɛm nketenkete a Bible ka faa Babilonfo ne Asiriafo abakɔsɛm yi ho no, wode toto nea Babilon abakɔsɛm akyerɛwfo kae no ho a, nea Bible kae no na ne nyinaa yɛ nokware. Wei ma yehu biribi a ɛho hia paa. Ɛne sɛ, sɛ wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma no ka biribi na sɛ ɛne Bible no nhyia a, ɛnyɛ sɛ yɛtee medaase-aberaw ara na yɛama yɛn koraa so agye wɔn adi. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu yiye.”—Universal Jewish History (1948, Po I, p. 27)
DECEMBER 26–JANUARY 1
Tweetwee Bible Mu
it-2 240 ¶1
Prumo
Prumo tumi yɛ ahama bi a dade hyɛ ano a nkurɔfo a wosi dan de susuw dan no hwɛ sɛ ɛtene anaa. Wotumi nso de hwɛ sɛ, dan a esi hɔ no, ɛwɔ ahoɔden, anaa ɛsɛ sɛ wodwiriw gu. Yehowa ka too hɔ sɛ, “susuhama a wɔde too Samaria so ne prumo a wɔde too Ahab fi so no,” ɛno na ɔde bɛto Yerusalem so. Onyankopɔn susuw Samariafo ne Ɔhene Ahab fie, na ohui sɛ wɔn abrabɔ akyea anaa enye, enti ɔsɛee wɔn. Saa ara na na Onyankopɔn bebu Yerusalemfo ne wɔn a wodi so nyinaa atɛn. Ná ɔbɛma obiara ahu sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedifo, na owie a wasɛe kurow no. Ampa-ne-ampa ara, saa asɛm no sii wɔ afe 607 A.Y.B. (2Ah 21:10-13; 10:11) Wɔn a na wodi Yerusalem kurow no so, ne atirimɔdenfo ne ahantanfo a na ɛwɔ hɔ no, Yehowa nam Yesaia so bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ mmusu reba wɔn so. Ɔkaa sɛ: “Mede atɛntrenee bɛyɛ susuhama na mede trenee ayɛ prumo.” Enti, na Yehowa bebu nkurɔfo no atɛn ahwɛ wɔn a wɔyɛ adetrenee na wobu atɛntrenee sɛnea ɔhwehwɛ. Ɛno bɛma obiara ahu wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo ne wɔn a wɔnyɛ bi. Wɔn a wɔyɛ anokwafo no benya nkwa, na wɔn a wɔnyɛ bi no, wɔbɛsɛe wɔn.—Yes 28:14-19.