Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
JANUARY 16-22
BIBLE MU AKORADE | 1 BERESOSƐM 1-3
“Bible No—Emu Nsɛm Yɛ Nokware Turodoo, Ɛnyɛ Anansesɛm”
w09 9/1 14 ¶1
Adam Ne Hawa Tenaa Ase Ankasa?
Sɛ yɛhwɛ Beresosɛm Nhoma a Edi Kan, ti 1 kosi 9, ne Luka ti 3 a, wɔahyehyɛ Yudafo awo ntoatoaso wɔ hɔ. Nnipa a wɔn din wom no dɔɔso paa. Beresosɛm de no sei, awo ntoatoaso mmaako mmaako 48 na ɛwom; Luka de no nso, awo ntoatoaso a ɛwom yɛ 75. Yɛhwɛ Luka kyerɛwtohɔ no a, Yesu Kristo awo ntoatoaso na ɔkaa ho asɛm. Beresosɛm nhoma no de, ahemfo ne asɔfo a na wɔwɔ Israel no, wɔn awo ntoatoaso na ɛka ho asɛm. Wohwɛ kyerɛwtohɔ mmienu no nyinaa a, wubehu nnipa a wɔagye din bebree wom. Ebi ne Solomon, Dawid, Yakob, Isak, Abraham, Noa, ɛnna afei Adam. Nnipa a wɔn din wɔ kyerɛwtohɔ mmienu no mu no, wɔn nyinaa tenaa ase ankasa. Afei wohwɛ kyerɛwtohɔ mmienu no a, wubehu sɛ emu biara mu no, Adam na nnipa a aka no nyinaa fii ne mu bae. Enti ɔno nso tenaa ase ankasa.
w09 9/1 14-15
Adam Ne Hawa Tenaa Ase Ankasa?
Wo de, ma yɛnhwɛ Bible nkyerɛkyerɛ bi a ɛda asɔrekɔfo bebree koma so—agyede no. Yesu Kristo baa asaase so no, ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no mae sɛ agyede de gyee nnipa fii wɔn bɔne mu. (Mateo 20:28; Yohane 3:16) Sɛnea yenim no, agyede yɛ biribi a yɛde kogye biribi a afi yɛn nsa, anaa yɛsan de kɔtɔ saa ade no. Wei nti, ɛsɛ sɛ agyede no ne dekode a afi yɛn nsa no bo yɛ pɛ. Ɛno nti na Bible ka sɛ, Yesu yɛ “agyede a ɛfata” no. (1 Timoteo 2:6) Dɛn na ɛma ɔyɛ agyede a ɛfata? Bible bɔ yɛn amanneɛ sɛ: “Sɛnea obiara rewu wɔ Adam mu no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.” (1 Korintofo 15:22) Enti yɛhwɛ Yesu a, ne nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde bɔɔ afɔre de gyee nnipa asoɔmmerɛwfo no, ɛne Adam nkwa a na ɛyɛ pɛ a ne bɔne nti efii ne nsa wɔ Eden no yɛ pɛpɛɛpɛ. Ɛno nti na Bible ka sɛ, Yesu yɛ agyede a ɛfata no. (Romafo 5:12) Enti wo de hwɛ oo, sɛ Adam nyɛ obi a ɔtenaa ase ankasa a, ɛnde anka mfaso biara nni Kristo agyede afɔre no so.
Tweetwee Bible Mu
it-1 911 ¶3-4
Awo Ntoatoaso
Mmea Din. Awo ntoatoaso ahorow a ɛwɔ Bible mu no, mmea din ntaa mpue wom. Sɛ ɔbea bi din pue wom a, ɛyɛ biribi titiriw bi ntia. Ma yɛnhwɛ wɔn mu bi. Wohwɛ Genesis 11:29, 30 a, ɛbɔ Sarai (anaa Sara) din. Ɛda adi sɛ, nea enti a wɔbɔɔ ne din ne sɛ, ɔno na Aseni a na wɔahyɛ ne ho bɔ no befi ne mu aba, na ɛnyɛ Abraham yerenom a aka no mu biara. Milka nso, ne din pue wɔ saa kyerɛwsɛm no ara mu. Ná ɔyɛ Isak yere Rebeka nanabea. Enti ebetumi aba sɛ, wɔbɔɔ Milka din sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu sɛ, na Rebeka fi Abraham abusua mu, efisɛ na ɛnsɛ sɛ Isak ware ɔbea biara a ofi ananafo asaase so. (Ge 22:20-23; 24:2-4) Yɛkɔ Genesis 25:1 nso a, yebehu ɔbea bi a akyiri yi Abraham waree no a yɛfrɛ no Ketura. Ketura a ne din pue mu no ma yehu sɛ, Sara wu akyi no, Abraham san waree bio. Ɛsan ma yɛte ase sɛ, tumi a Yehowa de maa Abraham anwanwakwan so ma otumi woe no, mfe 40 akyi mpo na ɛda so ara wɔ hɔ. (Ro 4:19; Ge 24:67; 25:20) Wei da nkyɛn a, ɛma yehu sɛnea Midianfo ne Arabfo afoforo ne Israelfo no wɔ abusuabɔ.
Afoforo a wɔn din pue wɔ awo ntoatoaso no mu ne Lea, Rahel, Yakob mpenafo no, ne mma mmarima a ɔne wɔn woe no. (Ge 35:21-26) Eye paa sɛ wɔn nyinaa din wom, efisɛ ɛboa yɛn ma yɛte sɛnea akyiri yi Yehowa ne Yakob mma mmarima no dii nsɛm no ase. Biribi a ɛte saa nti na mmea afoforo nso din pue wɔ awo ntoatoaso ahorow mu no. Ɛtɔ da a, na abusua agyapade tumi kodi ɔbea bi nsam ansa na akɔ nea odi ade no ankasa nsam. Sɛ biribi saa si a, na saa ɔbea no din tumi pue awo ntoatoaso no mu. (Nu 26:33) Tamar, Rahab, ne Rut de, na wɔn de no yɛ soronko. Ɛne sɛ, kwan a wɔn mu biara faa so bɛkaa abusua a Yesu Kristo a ɔyɛ Mesia no fii mu bae ho no, na ɛyɛ nwanwa. (Ge 38; Ru 1:3-5; 4:13-15; Mt 1:1-5) Mmea afoforo a wɔn din wɔ awo ntoatoaso no mu no, wubehu bi wɔ 1 Beresosɛm 2:35, 48, 49; 3:1-3, 5.
JANUARY 23-29
BIBLE MU AKORADE | 1 BERESOSƐM 4-6
“Dɛn Na Me Mpaebɔ Ka Fa Me Ho?”
w10 10/1 23 ¶3-7
“Mpaebɔ Tiefo”
Ná Yabes yɛ obi a onni mpaebɔ ho agorɔ. Bere a ofii ne mpae no ase no, odii kan srɛɛ Onyankopɔn hɔ nhyira. Owiei na ɔde adesrɛ mmiɛnsa bi too n’anim. Saa adesrɛ yi ma yehu sɛ na ne gyidi yɛ den paa.
Nea edi kan, Yabes srɛɛ Onyankopɔn sɛ: ‘Trɛw me nsaase mu.’ (Nkyekyɛm 10) Ná barima nuonyamfo yi nyɛ obi a ɔfom nsaase anaa n’ani bere nkurɔfo ade. Ebetumi aba sɛ, ɛnyɛ sɛ asaase ara kɛkɛ na na ɔrepɛ, mmom nnipa a na wɔbɛtena asaase no so na na wɔn ho asɛm wɔ ne tirim. Enti ɛbɛyɛ sɛ na ɔresrɛ Yehowa sɛ, ɔmpɛ sɛ ɔne obiara bɛko ntɔkwaw, na mmom ɔmmoa no mma n’asaase no mu ntrɛw sɛnea ɛbɛyɛ a nokware Nyankopɔn no asomfo bebree bɛkɔ asaase no so.
Nea ɛtɔ so mmienu, Yabes srɛɛ Onyankopɔn sɛ, ɔmfa ne “nsa” nni n’akyi. (Ase hɔ asɛm) Onyankopɔn “nsa” gyina hɔ ma tumi a ɔde yɛ ade. Ɔde ne tumi di boa n’asomfo. (1 Beresosɛm 29:12) Nea ɛbɛyɛ a Yabes nsa bɛka ne koma so ade no, ɔde n’ani too Onyankopɔn so. Onyankopɔn nso de, ne nsa nyɛ tiaa; wɔn a wɔwɔ ne mu gyidi no, ɔyɛ wɔn mmoa.—Yesaia 59:1.
Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, Yabes bɔɔ mpae sɛ: ‘Mma bɔne biara mma me so mmɛhaw me.’ Yɛhwɛ asɛm a ɛne ‘mmɛhaw me’ a Yabes de sɔɔ n’asɛm no so a, yebetumi aka sɛ, ɛnyɛ sɛ na ɔreka akyerɛ Yehowa sɛ, ɔmpɛ sɛ bɔne biara bɛto no. Mmom na ɔresrɛ Yehowa sɛ, sɛ ɛba sɛ biribi bɔne to no a, ɔmmoa no na ammubu no anaa ammunkam ne so.
Yabes mpaebɔ no ma yehu sɛ, na nokware som da ne koma so, ná ɔwɔ mpaebɔ Tiefo no mu gyidi, na na ɔwɔ ne mu ahotoso. Dɛn na Yehowa yɛ faa n’abisade no ho? Yabes ho asɛm tiawa a ɛwɔ Bible mu no, ne fã a etwa to no ka sɛ: “Enti Onyankopɔn yɛɛ n’abisade no maa no.”
FEBRUARY 6-12
Tweetwee Bible Mu
it-1 1058 ¶5-6
Koma
Sɛnea Yɛde “Koma a Edi Mu” Bɛsom Yehowa. Koma ankasa a ɛda yɛn mu no, sɛ ebetumi ayɛ adwuma yiye a, gye sɛ ɛyɛ mua. Ɛrentumi mma sɛ obi koma mu apae mmienu nso na ɛreyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ. Nanso yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no de, emu betumi akyɛ ama ayɛ yiye. Dawid bɔɔ mpae sɛ: “Ma me koma mũ, na minsuro wo din.” Saa asɛm yi ma yehu sɛ, obi koma mu betumi akyɛ. Nea ɛma yehu sɛ obi koma mu akyɛ ne nneɛma a n’ani gye ho, ɛne mpo nneɛma a osuro. (Dw 86:11, ase hɔ asɛm) Obi a ɔte saa no, wobɛhwɛ na ne “koma mu akyɛ abien”; kyerɛ sɛ ɔntene ne ho nsom Yehowa. (Dw 119:113, ase hɔ asɛm; Adi 3:16) Obi nso wɔ hɔ a, wobɛhwɛ na ne ‘koma ayɛ ntanta’ (ne nkyerɛase tee ne sɛ, ɔwɔ koma baako san wɔ koma foforo). Nea ɛkyerɛ sɛ obi koma yɛ ntanta no, baako ne sɛ, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsom awuranom mmienu. Anaa nso ɔyɛ ɔdaadaafo; ɔka sɛ hwɛ soro na woanhwɛ fam a, ade ayɛ wo. (1Be 12:33; Dw 12:2, ase hɔ asɛm) Nkurɔfo a wɔyɛ nyaatwom na wɔn koma yɛ ntanta no, Yesu kasa tiaa wɔn denneennen.—Mt 15:7, 8.
Sɛ obi pɛ sɛ Onyankopɔn ani gye ne ho a, ɛnsɛ sɛ ɔma ne koma mu kyɛ mmienu; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔma ne koma yɛ ntanta. Mmom ɛsɛ sɛ ɔde koma a edi mu som no. (1Be 28:9) Yɛreka no saa no, ne yɛ nna fam; ade yi koma no, ne ho yɛ ahometew, na ɛtɔ kɔ bɔne so. Enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho. (Yer 17:9, 10; Ge 8:21) Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛanya koma a edi mu ne sɛ: ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam bɔ mpae (Dw 119:145; Kwa 3:41), ɛsɛ sɛ yɛtaa sua Onyankopɔn Asɛm (Esr 7:10; Mme 15:28), ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ka asɛmpa no (fa toto Yer 20:9 ho), na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn a wɔde koma a edi mu som Yehowa no bɔ.—Fa toto 2Ah 10:15, 16 ho.