Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
© 2022 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
MARCH 6-12
BIBLE MU AKORADE | 1 BERESOSƐM 23-26
“Wɔtotoo Nneɛma Pɛpɛɛpɛ Wɔ Asɔrefie Hɔ Maa Biribiara Kɔɔ So Wɔanowɔano”
it-2 241
Lewifo
Bere a na Dawid yɛ ɔhene no, ɔhwɛ ma wɔhyehyɛɛ Lewifo adwuma no yiye maa biribiara kɔɔ so wɔanowɔano. Ɔpaw ebinom a wɔbɛhwɛ nnwuma ahorow so, ebinom a wɔbɛyɛ mpanyimfo, atemmufo, apon ano ahwɛfo, ne sika so ahwɛfo. Ɔsan paw nnipa pii a wɔbɛboa asɔfo no ama wɔayɛ asɔrefie, adiwo, ne adidibea hɔ adwuma. Ebi ne sɛ, na wɔboa asɔfo no ma wɔbɔ afɔre ahorow, na wɔboa wɔn ma wɔdwira nneɛma kronkron no ho. Afei nso, na wɔsusuw nneɛma hwɛ emu duru anaa ne dodow, na na ebinom nso yɛ awɛmfo. Lewifo nnwontofo no nso, wɔhyehyɛɛ wɔn akuw 24, sɛnea na wɔahyehyɛ asɔfo no. Enti ɛnnɛ nnwontofo kuw wei bɛsom a, ɔkyena na wei nso abɛsom. Ná wɔbɔ ntonto hwɛ adwuma a obiara bɛyɛ. Apon ano ahwɛfo no nso saa ara; ná wɔbɔ ntonto hwɛ ɔpon a wɔbɛhwɛ ano.—1Be 23, 25, 26; 2Be 35:3-5, 10.
it-2 686
Ɔsɔfo
Asɔfodwuma a na wɔyɛ wɔ asɔrefie hɔ no, na nhyehyɛe da ho. Ná wɔaboaboa asɔfo no ano akuwakuw, na kuw biara, na ɔpanyin da ano. Asɔfodwuma no bi wɔ hɔ a, na wɔbɔ ntonto hwɛ wɔn a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ná asɔfokuw 24 no mu biara som mprenu afe biara. Edu kuw biara so a, na wɔsom toa so nnawɔtwe baako. Sɛ edu afahyɛ bere a, na nnipa bebree de mmoa mpempem bɛbɔ afɔre pii. Enti ɛbɛyɛ sɛ na asɔfo no nyinaa yɛ adwuma saa bere no. Ɛho nhwɛso ne nea ɛkɔɔ so bere a wɔrehyira asɔrefie no so no. (1Be 24:1-18, 31; 2Be 5:11; fa toto 2Be 29:31-35; 30:23-25; 35:10-19 ho.) Sɛ bere nsoe sɛ ɔsɔfo bi kuw mufo kɔsom, na ɔpɛ a, na obetumi aboa wɔ asɔrefie hɔ. Mmom, na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ na wantwitware asɔfokuw a adu wɔn so sɛ wɔsom no ananmu. Rabifo atetesɛm kyerɛ sɛ, bere a na Yesu wɔ asaase so no, na asɔfo no dɔɔso paa. Enti sɛ nnawɔtwe no sõ sɛ kuw bi mufo bɛsom a, na wɔhwɛ mmusua mmusua a ɛwom no biara dodow, na wɔagyina so akyekyɛ nnawɔtwe no mu ama wɔn mu biara asom da koro anaa nea ɛboro saa.
it-2 451-452
Nnwom
Bere a na Dawid retoto nneɛma ama asɔrefie a wɔbesi no, ɔboaboaa Lewifo 4,000 ano sɛ wɔnto dwom nyi Yehowa ayɛ. (1Be 23:4, 5) Ná wɔn mu 288 yɛ nnipa a “wɔakyerɛ wɔn sɛnea wɔnto nnwom mma Yehowa a wɔn nyinaa ho akokwaw.” (1Be 25:7) Nnwontofo akukudam mmiɛnsa na na wɔda nnwontofo 4,000 no ano. Wɔne Asaf, Heman, ne Yedutan (ɛbɛyɛ sɛ na wɔsan frɛ no Etan). Ná wɔn nyinaa yɛ Lewi mma mmarima mmiɛnsa no asefo. Ná Asaf yɛ Gersom aseni, Heman yɛ Kohat aseni, ɛnna Yedutan yɛ Merari aseni. Ná Lewi mma mmarima mmiɛnsa yi mmusua na ɛyɛ titiriw paa wɔ Lewi abusuakuw no mu. Wei kyerɛ sɛ, Lewi mmusua atitiriw mmiɛnsa no, na emu biara ho nipa di akoten wɔ nnwonto no mu. (1Be 6:16, 31-33, 39-44; 25:1-6) Woka Asaf, Heman, ne Yedutan mma mmarima no bom a, na wɔn dodow si 24, na na wɔn nyinaa ka nnwontofo 288 a wɔn ho akokwaw no ho. Saa mmarima 24 no, wɔbɔɔ wɔn so ntonto, ɛnna wɔde wɔn mu biara too nnwontofo kuw baako ano. Enti na nnwontofo akuw no yɛ 24, sɛnea na asɔfo no nso wɔ akuw 24 no. Wofa nnwontofo kuw biara a, na nea ɔda kuw no ano ne nnwontofo 11 na ɛwom; ná nnwontofo 11 no mu bi yɛ nea ɔda ano no mma, ɛnna ebi nso yɛ Lewifo afoforo. Enti wode nea ɔda kuw no ano no ka nnwontofo 11 no ho a, na nnwontofo 12 na ɛwɔ kuw biara mu. Ɛno kyerɛ sɛ, akuw 24 no, na nnwontofo a ɛwom nyinaa si 288, na na wɔn nyinaa ho akokwaw. Sɛ wotew saa nnwontofo yi fi 4,000 no mu a, ɛbɛka 3,712 a na ‘afei na wɔresua nnwonto.’ Saa nnipa 3,712 no, wɔkyɛɛ wɔn guu akuw 24 no so, enti kuw biara nyaa nnipa bɛyɛ 155 kaa ho. Nnipa 155 no suaa nnwonto fii abenfo 12 a ɛwɔ wɔn kuw mu no hɔ. Enti abenfo no mu biara, na ɔkyerɛ Lewifo bɛyɛ 13 nnwonto. (1Be 25:1-31) Wɔn a na wɔhyɛn torobɛnto no, esiane sɛ na wɔyɛ asɔfo nti, na wɔka Lewifo nnwontofo no ho.—2Be 5:12; fa toto Nu 10:8 ho.
it-1 898
Apon Ano Ahwɛfo
Wɔn a Na Wɔyɛ Adwuma Wɔ Asɔrefie Hɔ. Aka kakra ama Ɔhene Dawid awu no, ɔkyekyɛɛ Lewifo ne asɔrefie adwumayɛfo no mu akuwakuw de nnwuma hyehyɛɛ wɔn nsa. Wɔn mu 4,000 de, ɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnyɛ apon ano ahwɛfo. Kuw biara a ebedu wɔn so no, na wɔaba abɛyɛ adwuma wɔ hɔ nnanson. Ná wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛwɛn Yehowa fie no, na wɔahwɛ sɛ wɔbebuebue fie no apon ano na wɔatoto mu wɔ bere ano. (1Be 9:23-27; 23:1-6) Sɛ yɛde awɛmfo adwuma no to nkyɛn a, na ebinom hwɛ ntoboa a nkurɔfo no de ba asɔrefie hɔ no so. (2Ah 12:9; 22:4) Akyiri yi, bere a Ɔsɔfo Panyin Yehoiada sraa Yehoas sɛ ɔhene no, ɔhyɛɛ da maa awɛmfo bi kogyinaa asɔrefie no pon ano de bɔɔ Yehoas ho ban. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Atalia a wasi ne ho hemmaa no repɛ no akum no. (2Ah 11:4-8) Afei nso, bere a Ɔhene Yosia tuu abosonsom ase no, apon ano ahwɛfo no boaa no ma oyii nneɛma a na nkurɔfo no de asom Baal no nyinaa fii asɔrefie hɔ. Wɔkɔhyew saa nneɛma no nyinaa wɔ kurow no akyi.—2Ah 23:4.
MARCH 20-26
BIBLE MU AKORADE | 2 BERESOSƐM 1-4
“Ɔhene Solomon Tuu Anammɔn Bi a Nyansa Nnim”
it-1 174 ¶5
Asraafo
Bere a Solomon bedii hene no, na asomdwoe wɔ hɔ kakra, enti na Israel asraafo ntaa nkɔ ɔko te sɛ kan no. Nanso ɔkɔsoaa apɔnkɔ ne nteaseɛnam bebree baa Israel. Nea ɔyɛe yi, na Israel hene biara nyɛɛ bi saa da. (Hwɛ TEASEƐNAM.) Ɔkɔtɔɔ apɔnkɔ no mu dodow no ara fii Egypt, ɛnna ɔsoa wɔn beguu Israel. Apɔnkɔ ne nteaseɛnam no bebrebe nti, na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ da kyekye nkurow de wɔn kogu mu. (1Ah 4:26; 9:19; 10:26, 29; 2Be 1:14-17) Nea Solomon yɛe yi, Yehowa anhyira so da, na bere a owui na n’ahenni no mu kyɛe no, Israel asraafo no so huanee. Edi sɛ akyiri yi Yesaia kyerɛwee sɛ: “Wonnue, wɔn a wɔkɔ Egypt kɔpɛ mmoa, na wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so, na wɔde wɔn werɛ hyɛ ɔko nteaseɛnam mu esiane sɛ ɛdɔɔso nti, na wɔde wɔn werɛ hyɛ apɔnkɔ a wɔde kɔ ɔko mu esiane sɛ wɔn ho yɛ den nti. Nanso Israel Kronkronni no de, wɔmfa wɔn ho nto no so, na wɔnhwehwɛ Yehowa akyi kwan.”—Yes 31:1.
it-1 427
Teaseɛnam
Ansa na Solomon rebedi hene no, na Israel man no nhyɛ da nni nteaseɛnam bebree a wɔde kɔ ɔko. Ade titiriw nti a na wonni nteaseɛnam bebree ne sɛ, na Onyankopɔn abɔ ahemfo no kɔkɔ sɛ, wɔnhwɛ na wɔansoa apɔnkɔ pii amma ɔman no mu, na ankɔyɛ sɛ gyama apɔnkɔ no na ɛbɛbɔ ɔman no ho ban. Esiane sɛ na apɔnkɔ nnɔɔso wɔ Israel nti, na nteaseɛnam nso nnɔɔso wɔ hɔ, efisɛ apɔnkɔ na na wɔde twe nteaseɛnam. (De 17:16) Bere bi a Israelfo no kaa sɛ wɔpɛ onipa ama wadi wɔn so no, Samuel ma wɔhuu ɔhaw a ɔhene a ɔte saa betumi akɔfa abɛto wɔn so. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔbɛfa mo mma mmarima, na wama wɔaka ne nteaseɛnam.” (1Sa 8:11) Absalom ne Adoniya nyinaa, bere a na wɔpɛ sɛ wɔtu ɔhene no ade so na wɔsi wɔn ho hene no, wɔn mu biara ma wɔyɛɛ teaseɛnam maa no, na wɔmaa mmarima 50 tuu mmirika dii teaseɛnam no anim. (2Sa 15:1; 1Ah 1:5) Bere a Dawid dii Soba hene so nkonim no, otwitwaa apɔnkɔ a wɔtwe nteaseɛnam no nyinaa srɛ akyi ntini ma ɛkaa apɔnkɔ no mu 100.—2Sa 8:3, 4; 10:18.
Bere a Solomon bedii hene no, ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛma Israel asraafodɔm no ayɛ den. Enti ɔboaboaa nteaseɛnam bebree ano maa ne nyinaa dodow bɛyɛɛ 1,400. (1Ah 10:26, 29; 2Be 1:14, 17) Solomon hyɛɛ da siesiee baabi wɔ Yerusalem ne nkurow afoforo bi mu a na wɔkora apɔnkɔ ne nteaseɛnam no so wɔ hɔ. Ná wɔfrɛ saa nkurow afoforo no nteaseɛnam nkurow.—1Ah 9:19, 22; 2Be 8:6, 9; 9:25.
MARCH 27–APRIL 2
BIBLE MU AKORADE | 2 BERESOSƐM 5-7
‘Mɛma M’ani Aku Ho Daa’
it-2 1077-1078
Asɔrefie
Ɛho Abakɔsɛm. Bere a wɔsii asɔrefie no, esii hɔ ara kosi afe 607 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba). Saa afe no na Babilon hene Nebukadnesar ne n’asraafo kɔsɛee asɔrefie no. (2Ah 25:9; 2Be 36:19; Yer 52:13) Israelfo no gyaw Yehowa som hɔ kɔsom abosom, enti na Onyankopɔn ma kwan ma amanaman no kɔtow hyɛ Yuda ne Yerusalem so. Ɛtɔ da mpo a, na saa aman yi tumi sesaw nneɛma a ɛsom bo a ɛwɔ asɔrefie no mu kɔ. Wei da nkyɛn a, na Israelfo no tumi to asɔrefie no paahwii. Afei, afe 993 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba) no, Egypt hene Sisak kowiaa nneɛma a ɛsom bo wɔ asɔrefie hɔ no. Saa asɛm yi sii no, na wɔhyiraa asɔrefie no so nkyɛe; ná mfe bɛyɛ 33 pɛ na atwam. Bere a esii no, na Solomon ba Rehoboam na odi hene. (1Ah 14:25, 26; 2Be 12:9) Yɛnhwɛ Ɔhene Asa nso. Odii ade fii afe 977 kosii 937 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba). Ná Yehowa fie no hia no, nanso bere bi ɔyɛɛ biribi a nyansa nnim koraa. Nea ɛbae ne sɛ, na Israel hene Baasa aba Asa so sɛ ɔne no rebɛko. Enti nea ɛbɛyɛ a Asa bɛbɔ Yerusalem ho ban no, ɔkɔsesaw asɔrefie hɔ dwetɛ ne ɛhɔ sika kɔkɔɔ kɔmaa Siria hene Ben-Hadad a odi kan no sɛ, onkotwa apam a ɔne Baasa ayɛ no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a Baasa befi ne so akɔ.—1Ah 15:18, 19; 2Be 15:17, 18; 16:2, 3.
Tweetwee Bible Mu
w10 12/1 11 ¶7
Onim “Nea Ɛwɔ Ɔdasani Komam”
Solomon mpaebɔ no betumi akyekye yɛn werɛ. Yɛn yɔnko nnipa de, sɛnea yɛte nka paa wɔ yɛn mu no, ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase; yɛn nko ara na yenim yɛn “haw” ne yɛn “yaw.” (Mmebusɛm 14:10) Nanso Yehowa de, odwen yɛn ho paa, na onim nea ɛwɔ yɛn komam. Sɛ yehwie yɛn komam nsɛm gu Yehowa anim a, ɛbɛma yɛn kɔn mu ahare yɛn. Bible ka sɛ: “Montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ odwen mo ho.”—1 Petro 5:7.
APRIL 10-16
BIBLE MU AKORADE | 2 BERESOSƐM 8-9
“Ná Nyansa Som Bo Ma No”
it-2 990-991
Solomon
Bere a ɔhemmaa no huu asɔrefie no fɛ ne sɛnea ɛtew gya, dan papa bi a Solomon te mu, n’asomfo ne ne nsahyɛfo no ne wɔn ntaade, ne ɔhyew afɔre a daa wɔbɔ wɔ asɔrefie hɔ no, ne “ho dwiriw no papaapa.” Enti ɔkaa sɛ, “Nea wɔka kyerɛɛ me no, anokwa, ennu wo nyansa ne w’ahonyade no fã mpo! Nea mabehu yi boro nea metee no so koraa.” Owiei no, ɔkaa sɛ, ɔhene nuonyamfo sei de, anigye ne n’asomfo a wɔsom no. Nea ohui no nyinaa kaa no ma ɔhyɛɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam, na oyii no ayɛ, efisɛ ɔdɔ a ɔdɔ Israel nti na ɔde Solomon sii wɔn so hene sɛ ɔnhwɛ mma atɛntrenee ne trenee nkɔ so.—1Ah 10:4-9; 2Be 9:3-8.
Tweetwee Bible Mu
it-2 1097
Ahengua
Nhengua a Israel ahemfo tenaa so nyinaa, nea Bible hyɛɛ da kyerɛɛ sɛnea na ɛte paa ne ahengua a Solomon yɛe no. (1Ah 10:18-20; 2Be 9:17-19) Ɛbɛyɛ sɛ na ahengua no si dan a wɔfrɛ no “Ahengua Abrannaa” no mu. Ná saa dan no ka adan a esisi Moria Bepɔw so wɔ Yerusalem no ho. (1Ah 7:7) Ná ɛyɛ ‘ahengua kɛse bi a wɔde asonse ayɛ, na na wɔde sika kɔkɔɔ amapa afa ho nyinaa. Wɔyɛɛ biribi te sɛ apata kurukuruwa wɔ ahengua no soro, na na ahengua no wɔ nsa wɔ ha ne ha.’ Ɛwom, ebetumi aba sɛ wɔde asonse (anaa biribi a ayɛ sɛ mmɛn a etuatua asono ano ho) na ɛyɛɛ ahengua no fã kɛse no ara. Nanso wohwɛ sɛnea wɔyɛɛ asɔrefie hɔ nneɛma no a, ɛbɛyɛ sɛ ahengua no nso, wɔde dua na ɛyɛe, ɛnna wɔde sika kɔkɔɔ amapa faa ho nyinaa. Ɛno akyi na wɔde asonse dii mu adwini. Wugyina akyi na wohwɛ ahengua no a, ɛbɛyɛ wo sɛ wɔde asonse ne sika kɔkɔɔ nko ara na ɛyɛe. Kyerɛwnsɛm no kaa sɛ, na stɛps a ɛtoatoa so nsia na wɔforo kɔ ahengua no anim. Afei ɛde kaa ho sɛ, na “wɔayɛ agyata abien gyinagyina nsa no ho. Agyata 12 gyinagyina stɛps a ɛtoatoa so asia no so; stɛps biara, abien na egyina so. Baako wɔ ano ha, ɛnna baako nso wɔ ano ha.” (2Be 9:17-19) Ná gyata no gyina hɔ ma tumidi, na ɛfata paa. (Ge 49:9, 10; Adi 5:5) Ɛbɛyɛ sɛ nea enti a na agyata no yɛ 12 ne sɛ, na Israel mmusuakuw no yɛ 12. Ebetumi aba sɛ, na wei kyerɛ sɛ ɔhene a na ɔte ahengua no so no, Israel mmusuakuw no nyinaa hyɛ n’ase, na wɔtaa n’akyi. Afei ahengua no, na wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ nan ntiaso abɔ anim. Yɛka wei nyinaa bom a, na Solomon ahengua no da mu fua. Nkurɔfo a wɔtutu fam hwehwɛ tete nneɛma ahu tete nhengua ahorow, ɛnna ebinom nso ahu nhengua a ɛho mfoni wɔ tete afasu ho anaa ɛho nsɛm gu abopon so. Nanso emu biara nni hɔ a ɛto ahengua a Solomon yɛe no. Wohwɛ sɛnea na wɔde asonse ne sika kɔkɔɔ ayɛ, sɛnea na wɔde asi baabi a ɛwɔ soro, sɛnea na wɔabɔ apata wɔ so, ne agyata a na esisi anim no a, na ahengua biara nni hɔ a ɛto no. Nea ɔkyerɛw Beresosɛm no kae a ɔmmoa sɛ: “Ná wɔnyɛɛ bi saa da wɔ ahenni biara mu.”—2Be 9:19.
APRIL 17-23
BIBLE MU AKORADE | 2 BERESOSƐM 10-12
“Tie Afotu Pa Na Ɛmmoa Wo”
it-2 768 ¶1
Rehoboam
Esiane sɛ Rehoboam yɛɛ ahantan na ɔmaa ne nsa yɛɛ den wɔ nkurɔfo no so nti, wɔn mu dodow no ara twee wɔn ho fii ne ho. Yuda ne Benyamin mmusuakuw no nko ara na wɔkɔɔ so ara taa Dawid fie akyi. Asɔfo ne Lewifo a ɛwɔ atifi fam ahemman ne anaafo fam ahemman no nyinaa mu nso bɛtaa Dawid fie akyi. Afei, nnipa mmaako mmaako bi a wɔfi mmusuakuw du a aka no mu nso bɛbɔɔ Dawid fie kyidɔm.—1Ah 12:16, 17; 2Be 10:16, 17; 11:13, 14, 16.
Tweetwee Bible Mu
it-1 966-967
Abosom a Wɔte Sɛ Mpɔnkye
Yosua nsɛm a ɔkaa wɔ Yosua 24:14 no ma yehu sɛ, bere a Israelfo no wɔ Egypt no, atorosom a na ɛkɔ so wɔ hɔ no didii wɔn mu kakra. Akyiri yi, Hesekiel nsɛm a ɔkyerɛwee no nso ma yehu sɛ, ne bere so nyinaa, na Egypt abosonsom no bi da so kɔ so wɔ wɔn mu. (Hes 23:8, 21) Wei nti, abenfo bi kyerɛ sɛ, wohwɛ mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no wɔ sare no so sɛ, “ɛnsɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma abosom a wɔte sɛ mpɔnkye” (Le 17:1-7) no, na wosan hwɛ sɛnea Yeroboam paw asɔfo “maa sorɔnsorɔmmea no ne abosom a wɔte sɛ mpɔnkye ne nantwi mma ahoni a wayɛ no” (2Be 11:15) a, ɛkyerɛ sɛ na Israelfo no som abosom a wɔte sɛ mpɔnkye sɛnea na ɛkɔ so wɔ Egypt no. Saa ɔsom no, Egypt atifi fam paa na na agye ntini. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi a wɔfrɛ no Herodotus kaa sɛ, wohwɛ anyame bi a akyiri yi na Greekfo som wɔn no a, ɛbɛyɛ sɛ wɔnyaa ɛho adwene fii ɔsom a na ɛkɔ so wɔ Egypt atifi fam no mu. Greekfo anyame no, na baako de Pan, na wɔkyerɛ sɛ na ɔte sɛ apɔnkye. Wɔsan wɔ anyame foforo bi a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ mmɛn, mpɔnkye dua, ne mpɔnkye nan. Wɔkyerɛ sɛ saa anyame no, nna ho akɔnnɔ adonnɔn wɔn. (Nhoma a ɛtɔ so mmienu a Herodotus kyerɛwee, ti 46) Ebinom ka sɛ, saa anyame yi a wɔyɛ nnipa fã, aboa fã no, ɛno na nkurɔfo bebree hwɛ so de yɛ Satan ho mfoni. Ɛno nti wohwɛ Satan ho mfoni a nkurɔfo ayɛ no a, dodow no ara wubehu sɛ otua dua, ɔwɔ mmɛn, na ne nan mu apae te sɛ apɔnkye nan. Kristoman mufo a wɔtenaa ase afe 500 kosi 1000 Y.B. mu hɔ baabi no, saa na na wɔtaa yɛ Satan ho mfoni.
Hebri asɛmfua seʽi·rimʹ a yɛakyerɛ ase “abosom a wɔte sɛ mpɔnkye no,” wɔtumi nso kyerɛ ase “wɔn a wɔn ho wɔ nwi.” Bible nkyerɛ dekode pɔtee a saa abosom a wɔte sɛ mpɔnkye no yɛ. Ebinom wɔ adwene sɛ na ɛyɛ mpɔnkye ankasa, anaa ɛyɛ abosom a na wɔayɛ wɔn te sɛ mpɔnkye. Nanso ebetumi aba sɛ, ɛnyɛ saa na ɛte; kyerɛwnsɛm foforo biara nni hɔ nso a ɛfoa saa adwene no so. Ebetumi aba sɛ, nea enti a Bible frɛ saa abosom no mpɔnkye ne sɛ, wɔn a wɔsom saa anyame no adwenem no, wɔhu anyame no sɛ wɔte sɛ mpɔnkye anaa wɔn ho wɔ nwi. Ebi nso a, Bible frɛ wɔn “mpɔnkye” de bu abosom nyinaa animtiaa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, asɛmfua a yɛkyerɛ ase “abosom” no, kan no, na saa asɛmfua no kyerɛ “tiafi.” Nanso ɛno nkyerɛ sɛ saa abosom no, wɔde tiafi ankasa na ɛyɛe.—Le 26:30; De 29:17.