Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
© 2023 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
MAY 8-14
BIBLE MU AKORADE | 2 BERESOSƐM 20-21
Tweetwee Bible Mu
it-1 1271 ¶1-2
Yehoram
Ɛsa pa a Yehoram papa Yehosafat twa too hɔ no, Yehoram anni akyi. Ɛbɛyɛ sɛ ne yere Atalia nso piapiaa no ma ɔyɛɛ bɔne. (2Ah 8:18) Yehoram kunkum ne nua mmarima nsia no nyinaa, ɛnna ɔsan kunkum Yuda adehye no bi pee so. Wamfa anso hɔ ara. Ɔsan twee ne manfo no fii Yehowa ho ma wɔkɔsom abosom. (2Be 21:1-6, 11-14) Bere a odi ade no nyinaa, na asomdwoe ketekete sɛɛ nni ɔman no mu, na na atamfo nso mma ne ho ntɔ no. Nea edi kan, Edomfo tew atua tiaa Yuda, ɛnna Libnafo nso yɛɛ saa ara. (2Ah 8:20-22) Enti odiyifo Elia kyerɛw krataa kɔbɔɔ Yehoram kɔkɔ sɛ: “Yehowa de ɔhaw kɛse bɛba wo man, wo mma, wo yerenom, ne nea wowɔ nyinaa so.” Ɔsan ka kyerɛɛ Ɔhene Yehoram sɛ: “Wobɛyareyare; na wobɛyare wo nsono mu nso ara kosi sɛ yare no bɛma wo nsono apue.”—2Be 21:12-15.
Ampa ne ampa ara, nea Yehowa kae no nyinaa baa mu pɛpɛɛpɛ. Ɔmaa kwan maa Arabiafo ne Filistifo bɛtow hyɛɛ Yuda so, na wɔfaa Yehoram yerenom ne ne mma kɔe. Ne babarima a otwa to a yɛfrɛ no Yehoahas (anaa Ahasia) nko ara na Onyankopɔn ma onyaa ne ti didii mu. Ɛno mpo, ɛyɛ Ahenni ho apam a na Yehowa ne Dawid ayɛ no nti na ɔbɔɔ Yehoahas ho ban. “Anso hɔ ara; Yehowa san de nsono mu yare a enni sabea bɔɔ [Yehoram].” Mfe mmienu akyi no, “ne nsono puei,” na nkakrankakra owui. Saa na ewiee ɔbarima tirimɔdenfo yi. “Owui no, anyɛ obiara yaw.” Wɔsiee no wɔ Dawid Kurow mu, “nanso ɛnyɛ ahemfo no amusiei na wosiee no.” Na ne ba Ahasia bedii n’ade.—2Be 21:7, 16-20; 22:1; 1Be 3:10, 11.
MAY 15-21
BIBLE MU AKORADE | 2 BERESOSƐM 22-24
“Yɛde Akokoduru Tu Anammɔn a, Yehowa Hyira Yɛn”
w09 4/1 24 ¶1-2
Fekubɔne Nti, Yehoas Gyaee Yehowa Akyidi
NÁ NNEƐMA nkɔ yiye koraa wɔ Yerusalem, kurow a na Onyankopɔn asɔrefie no si mu no. Nea ɛbae ne sɛ, na wɔkum Ɔhene Ahasia nkyɛe koraa. Ɛno akyi pɛɛ no, ne maame Atalia yɛɛ biribi a ɛyɛ asefem paa. Ɔma wɔkunkum Ahasia mma mmarima, kyerɛ sɛ, ɔno ankasa ne nananom! Wunim nea enti a ɔyɛɛ saa?— Efisɛ na ɔpɛ sɛ adedi no bedi ne nsam; ná ɔmpɛ sɛ ekodi ne nananom no mu biara nsam.
Nanso, nea na Atalia nnim ne sɛ, ne nananom no mu baako a yɛfrɛ no Yehoas nyaa ne ti didii mu. Saa bere no, na ɔyɛ abofra koraa. Wopɛ sɛ wuhu nea ɛyɛe a wɔannya no ankum no?—Ne sewaa bi a ɔde Yehoseba (anaa Yehosabat) de no kosiee Onyankopɔn asɔrefie hɔ. Nea ɛma otumi yɛɛ saa ne sɛ na ne kunu ne Ɔsɔfo Panyin Yehoiada. Enti wɔkaa wɔn ti pam ho bɔɔ Yehoas ho ban.
w09 4/1 24 ¶3-5
Fekubɔne Nti, Yehoas Gyaee Yehowa Akyidi
Wɔde Yehoas siee asɔrefie hɔ mfe nsia. Ɔwɔ hɔ no, wɔma ohuu Yehowa Nyankopɔn yiye, na wɔde ne mmara nso kyerɛkyerɛɛ no. Afei bere a Yehoas dii mfe nson no, Yehoiada sii no hene. Wopɛ sɛ wuhu ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ saa? Ɔhemmaa tirimɔdenfo Atalia a ɔyɛ Yehoas nanabea no nso ɛ? Wopɛ sɛ wuhu nea ɛtoo no?—
Nea esii ni: Awɛmfo a na wɔbɔ ahemfo no ho ban wɔ Yerusalem no, Yehoiada yɛɛ kodɛɛ kɔfrɛfrɛɛ wɔn bae. Ɔma wɔhuu nea ɛyɛe a ɔne ne yere bɔɔ Ɔhene Ahasia ba kumaa no ho ban. Afei Yehoiada de Yehoas bɛkyerɛɛ awɛmfo no, na wɔhuu sɛ ɔno paa na ɔfata sɛ odi hene. Enti wɔbɔɔ pɔw bi.
Yehoiada de Yehoas pue bae, na ɔhyɛɛ no ahenkyɛw. Ɛhɔ ara na nkurɔfo no ‘bɔɔ wɔn nsam kae sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!”’ Afei awɛmfo no begyinagyinaa Yehoas ho bɔɔ ne ho ban. Bere a Atalia tee sɛ nkurɔfo rebɔ gye Yehoas so no, ɔde mmirika pue bae; ná ne bo nnwo so koraa. Nanso Yehoiada maa awɛmfo no kum Atalia.—2 Ahene 11:1-16.
it-1 379 ¶5
Afunsie; Amusiei
Ɔsɔfo Panyin Yehoiada a na ɔyɛ ɔtreneeni no, wɔyɛɛ biribi de hyɛɛ no anuonyam. Ɛne sɛ, owui no, wɔsiee no wɔ “Dawid Kurow mu kaa ahemfo no ho.” Wohwɛ Bible mu a, ɔno nko ara ne onipa a ɔnyɛ ɔdehye a wɔhyɛɛ no anuonyam saa.—2Be 24:15, 16.
Tweetwee Bible Mu
it-2 1223 ¶13
Sakaria
12. Ná ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin Yehoiada ba. Yehoiada wu akyi no, Ɔhene Yehoas gyaee Yehowa som. Sɛ́ anka obetie Yehowa adiyifo no, okotiee afotu bɔne mmom. Sakaria a na ɔyɛ Yehoas sewaa ba no (2Be 22:11) ka sii nkurɔfo no anim sɛ, Yehowa a wɔagyaw no hɔ nti, ɛrensi wɔn yiye. Nanso ɛnyɛ hɔ koraa na na wɔrehwɛ, mmom wɔsiw Sakaria abo wɔ asɔrefie no adiwo. Bere a Sakaria rewu no, asɛm a ɔkae ne sɛ: “Yehowa nhwɛ na ontua wo so ka.” Yehowa nso maa nkɔmhyɛsɛm yi baa mu, efisɛ Siriafo bɛteetee Yuda ma wɔdii amia paa. Ɛnyɛ ɛno nko; Yehoas asomfo mmienu kum no, esiane “ɔsɔfo Yehoiada mma no mogya a ohwie gui nti.” Greek Septuagint ne Latin Vulgate no ka sɛ, wɔkum Yehoas esiane Yehoiada “ba” no mogya a ohwie gui nti. Nanso wohwɛ Masoretfo nkyerɛwee ne Syriac Peshitta nkyerɛwee no mu a, ɛka “mma.” Nea enti a saa nkyerɛwee yi de “mma” dii dwuma bere a ɛreka Sakaria nko ara ho asɛm ne sɛ, wɔde dodow kabea ka obi ho asɛm a, wɔyɛ saa de di no ni; wɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ, Yehoiada ba Sakaria a na ɔyɛ odiyifo san yɛ ɔsɔfo no yɛ nipa titiriw.—2Be 24:17-22, 25.
MAY 22-28
BIBLE MU AKORADE | 2 BERESOSƐM 25-27
“Yehowa Betumi Ama Wo Nea Ɛkyɛn Saa Koraa”
it-1 1266 ¶6
Yehoas
Ade foforo a Yehoas yɛe ne sɛ, bere bi, na Yuda hene ne Edomfo rekɔko. Enti Yuda hene kohuu Yehoas, ɛnna Yehoas de n’asraafo mpem ɔha bɔɔ no paa. Nanso, “nokware Nyankopɔn nipa” bi ka kyerɛɛ Yuda hene no sɛ, mma ɔmmfa saa asraafo no nnka ne ho nnkɔ. Enti wɔmaa wɔn nyinaa san wɔn akyi kɔɔ fie. Ɛwom sɛ na wɔadi kan atua sika dwetɛ dwetikɛse ɔha (anaa dɔla 660,600) ama asraafo no de, nanso asraafo no bo fuwii sɛ wɔamma wɔankɔ ɔko no bi. Ebia nea enti a wɔn bo fuwii ne sɛ, wɔhui sɛ nneɛma a anka wɔbenya afom wɔ ɔko no mu no abɔ wɔn. Enti bere a wɔsan koduu atifi fam no, wɔkɔtow hyɛɛ nkurow bi a ɛwɔ anaafo fam ahemman no so fom wɔn nneɛma. Wɔhyɛɛ ase wɔ Samaria (ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ na na wɔn asoɛe wɔ), na wɔkɔe ara koduu Bet-Horon.—2Be 25:6-10, 13.
JUNE 5-11
BIBLE MU AKORADE | 2 BERESOSƐM 30-31
“Sɛ Yɛne Yɛn Nuanom Hyiam a, Ɛboa Yɛn”
it-1 1103 ¶2
Hesekia
Ɔde Nsi Ne Ahokeka Taa Nokware Som Akyi. Hesekia bedii ade no, na wadi mfe 25. Ntɛm ara na ɔkyerɛe sɛ ɔtaa nokware som akyi pintinn. Ade a odii kan yɛe ne sɛ, ɔsan buebuee asɔrefie no apon, na osiesiee asɔrefie no. Afei, ɔfrɛfrɛɛ asɔfo ne Lewifo no, na ɔde too wɔn anim sɛ: “Me koma so ade ne sɛ me ne Israel Nyankopɔn Yehowa bɛyɛ apam.” Ná wei yɛ apam a ɛkyerɛ sɛ wɔbedi nokware ama Yehowa. Enti ɛwom sɛ na Mmara apam no da so ara yɛ adwuma de, nanso na akɔyɛ sɛ nea afei na wɔreyɛ apam no, efisɛ na Yudafo no abu wɔn ani agu so. Afei, Hesekia hyehyɛɛ Lewifo no ma wɔhuu adwuma a wɔn mu biara bɛyɛ. Ɔyɛɛ nhyehyɛe nso ma wɔsan fii ase de asanku ne nnawuru ne nnwonto ho nneɛma too nnwom yii Yehowa ayɛ. Saa bere no, na wɔwɔ bosome Nisan mu, enti na Twam afahyɛ no adu so. Nanso asɔrefie no oo, asɔfo no oo, Lewifo no oo, na wɔn mu biara ho ntew. Eduu Nisan da a ɛtɔ so 16 no, na wɔatew asɔrefie no ho kama; asɔrefie hɔ nneɛma a na wɔayiyi afi hɔ nyinaa nso, wɔsan de bae. Afei wɔyɛɛ nhyehyɛe soronko bi de pataa Israel nyinaa bɔne. Kurow no mu mpanyimfo na edii kan de wɔn afɔrebɔde bae. Wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre maa ahenni no, tenabea kronkron no, ne ɔman no. Wɔwiei no, ɔmanfo no nso bɛbɔɔ ɔhyew afɔre mpempem bebree.—2Be 29:1-36.
it-1 1103 ¶3
Hesekia
Eduu sɛ nkurɔfo no di Twam Afahyɛ no, wɔantumi anni, efisɛ na wɔn ho ntew. Nanso Mose Mmara no kyerɛ sɛ, wɔn a wɔn ho ntew a wɔantumi anni Twam Afahyɛ no, na wɔbetumi adi no bosome akyi. Enti Hesekia faa saa akwannya no so maa nkurɔfo no dii afahyɛ no. Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ Yuda no nko ara na ɔfrɛɛ wɔn sɛ wɔmmedi afahyɛ no. Mmom ɔsomaa ammirikatufo de krataa hyɛɛ wɔn nsam sɛ wɔnkɔ Israel nkɔfrɛfrɛ ɛhɔfo nyinaa, efi Beer-Seba kɔpem Dan. Nkurɔfo bebree dii ammirikatufo no ho fɛw serew wɔn, nanso ebinom anyɛ saa, titiriw wɔn a wɔfi Aser, Manase, ne Sebulon no. Wɔn de, wɔbrɛɛ wɔn ho ase bae, na ebinom nso fi Efraim ne Isakar bae. Weinom da nkyɛn a, nkurɔfo bebree a wɔnyɛ Israelfo nanso wɔyɛ Yehowa asomfo baa bi. Wɔn a wɔwɔ atifi fam ahemman no mu a na nokware som da wɔn koma so no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛba. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔyɛ sɛ wɔreba a, na nkurɔfo bɛsɔre atia wɔn aserew wɔn sɛnea wɔyɛɛ ammirikatufo no. Wei nyɛ nwanwa, efisɛ mmusuakuw du ahemman no, na wɔn bra asɛe paa, na atorosom adidi wɔn mu, na na Asiriafo nso redi wɔn ani.—2Be 30:1-20; Nu 9:10-13.
it-1 1103 ¶4-5
Hesekia
Bere a wɔdii Twam afahyɛ no wiei no, wɔdii Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ no nnanson kaa ho. Na afahyɛ no ase no, pɛ ani bɛhwɛ, anigye ne dɛn. Wɔn ani gyei ara ma wɔsii gyinae sɛ wɔbɛsan de nnanson aka ho. Enti ɛwom sɛ saa bere no, na nneɛma nkɔ yiye koraa wɔ ɔman no mu de, nanso Yehowa hwiee ne nhyira guu wɔn so. Enti “ahurusidi kɛse baa Yerusalem; efi Dawid ba, Israel hene Solomon bere so, ebi mmaa Yerusalem saa da.”—2Be 30:21-27.
Nea ɛkɔɔ so yi, ɛnyɛ sɛ nkurɔfo no begyee wɔn ani kɛkɛ ɛnna wɔsan kɔtoaa wɔn abosonsom so. Mmom ɛmaa nokware som san faa ne ntama pa furae. Adɛn ntia? Bere a wɔdii afahyɛ no wiei no, ansa na wɔrekɔ fie no, wɔkɔɔ Yuda ne Benyamin nyinaa kobubuu abosom adum, sorɔnsorɔmmea, ne afɔremuka a ɛwowɔ hɔ no, na wɔtwitwaa abosonnua a ɛwowɔ hɔ gui. Efraim ne Manase mpo, wɔkɔɔ hɔ kɔyɛɛ saa. (2Be 31:1) Hesekia na otwaa wei ho sa pa maa nkurɔfo no dii akyi. Nea ɔyɛe ne sɛ, obubuu kɔbere ɔwɔ a Mose yɛe no pasaa, efisɛ na nkurɔfo no de ayɛ bosom a wɔhyew afɔrebɔde wɔ anim. (2Ah 18:4) Afahyɛ kɛse no baa awiei no, Hesekia de nneɛma guu akwan mu a ɛbɛma nokware som akɔ so. Ɔde asɔfo no sisii wɔn nnwuma so sɛnea wɔn nkyekyɛm te, na ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ no anya nea wɔhia. Ebi ne sɛ, mmara a ɛka sɛ nkurɔfo no mfa ntotoso du du ne aba a edi kan mmrɛ Lewifo ne asɔfo no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mmɔden nni so. Nkurɔfo no nso antwe n’ano anwɔ fam; wɔfii wɔn koma nyinaa mu tiee no.—2Be 31:2-12.
JUNE 12-18
BIBLE MU AKORADE | 2 BERESOSƐM 32-33
“Sɛ Ahohia Ba a, Hyɛ Wo Nuanom Den”
it-1 204 ¶5
Asiria
Senaherib. Ná Senaherib yɛ Sargon a ɔtɔ so mmienu no ba. Hesekia ahenni afe a ɛto so 14 (anaa afe 732 A.Y.B.) mu no, Senaherib bɛtow hyɛɛ Yuda so. (2Ah 18:13; Yes 36:1) Nea ɛte ne sɛ, Hesekia papa Ahas na ɔyɛ maa Yuda kɔhyɛɛ Asiria ase. Nanso afei de, na Hesekia atew Asiria hene so atua. (2Ah 18:7) Wei anyɛ Senaherib dɛ koraa. Enti ɔkɔtow hyɛɛ Yuda nkurow so, na amanneɛbɔ kyerɛ sɛ odii nkurow 46 so nkonim (fa toto Yes 36:1, 2 ho). Afei ɔsomaa nkurɔfo fii n’asoɛe wɔ Lakis sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ, sɛ ɔmpɛ ne toto mpɛ ne noa a, ontua sika kɔkɔɔ dwetikɛse 30 (bɛyɛ dɔla 11,560,000) ne dwetɛ dwetikɛse 300 (bɛyɛ dɔla 1,982,000). (2Ah 18:14-16; 2Be 32:1; fa toto Yes 8:5-8 ho.) Ɛwom sɛ Hesekia tuaa saa sika no, nanso Senaherib san somaa nkurɔfo sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yerusalemfo no sɛ, sɛ wɔmpɛ wɔn ho asɛm a, wɔmfa wɔn ho mmɛhyɛ n’ase bɔkɔɔ. (2Ah 18:17–19:34; 2Be 32:2-20) Wei nti, Yehowa kunkum Senaherib asraafo 185,000 anadwo baako pɛ, na Senaherib a na ɔredwa n’anom no, ɔde aniwu san kɔɔ Niniwe. (2Ah 19:35, 36) Okoduu hɔ no, ne mma mmarima mmienu kum no, na ne babarima foforo a yɛfrɛ no Esar-Hadon bedii n’ade. (2Ah 19:37; 2Be 32:21, 22; Yes 37:36-38) Saa nsɛm yi nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Senaherib abopon, ne Esar-Hadon abopon no so. Nanso Asiriafo asraafo a Yehowa kunkum wɔn no de, wɔankyerɛw anka ho.
JUNE 19-25
BIBLE MU AKORADE | 2 BERESOSƐM 34-36
“Worema Onyankopɔn Asɛm Aboa Wo Yiye?”
it-1 1157 ¶4
Hulda
“Mmara nhoma” a ɔsɔfo panyin Hilkia hui bere a wɔresiesie asɔrefie hɔ no, wɔkenkan kyerɛɛ Yosia. Bere a ɔtee emu nsɛm no, ɔsomae sɛ wɔnkobisa Yehowa anom asɛm wɔ ho. Nnipa a ɔsomaa wɔn no kɔɔ Hulda nkyɛn, na ɔkaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ wɔn sɛ, esiane sɛ ɔman no ayɛ asoɔden na wɔatew atua nti, mmusu a wɔakyerɛw wɔ “nhoma” no mu no nyinaa bɛba wɔn so. Hulda de kaa ho sɛ, esiane sɛ Yosia brɛɛ ne ho ase wɔ Yehowa anim nti, n’ani renhu mmusu a Yehowa de bɛba ɔman no so no. Mmom, na wɔbɛboaboa no akɔka n’agyanom ho, na wɔasie no asomdwoe mu.—2Ah 22:8-20; 2Be 34:14-28.