Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr23 September kr. 1-11
  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2023
  • Nsɛmti Nketewa
  • SEPTEMBER 4-10
  • SEPTEMBER 11-17
  • SEPTEMBER 18-24
  • SEPTEMBER 25–OCTOBER 1
  • OCTOBER 2-8
  • OCTOBER 9-15
  • OCTOBER 16-22
  • OCTOBER 23-29
  • OCTOBER 30–NOVEMBER 5
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2023
mwbr23 September kr. 1-11

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

© 2023 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

SEPTEMBER 4-10

BIBLE MU AKORADE | ESTER 1-2

“Bɔ Mmɔden Brɛ Wo Ho Ase Te Sɛ Ester”

w17.01 25 ¶11

Wokɔ Sɔhwɛ Mu Mpo a Wubetumi Akɔ So Abrɛ Wo Ho Ase

11 Sɛ yɛn nuanom hoahoa yɛn anaa wɔkamfo yɛn dodo a, ɛno nso betumi asɔ yɛn ahobrɛase ahwɛ. Ebi too Ester. Ná Persia hene repɛ yere, enti wɔde mmabaa a wɔwɔ Persia Ahemman mu bebree bae sɛ ɔhene nyi wɔn mu baako. Ná Ester ka ho bi, na na ɔne mmabaa yi ara na ɛkɔ ba, nanso wansesa. Wɔhyɛɛ da de no kɔtenaa baabi pa wɔ ahemfie hɔ korɔkorɔɔ no bɛyɛ afe. Ahoɔfɛ deɛ na ɔfa no kwa. Ne nyinaa akyi, wamma ne ho so. Ná obu ade paa. Bere a ɔhene no waree no maa no bɛyɛɛ ɔhemmaa mpo, wanyɛ ahantan, ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase.—Ester 2:​9, 12, 15, 17.

ia 130 ¶15

Ogyinaa Onyankopɔn Nkurɔfo Akyi

15 Bere a bere dui sɛ wɔde Ester kɔ ɔhene no anim no, wɔmaa no kwan sɛ ɔmfa nneɛma biara a osusuw sɛ obehia—nneɛma a ebia na ɛbɛma ne ho ayɛ fɛ kɛse. Nanso, esiane sɛ Ester brɛ ne ho ase nti, wammisa biribiara anka nea Hegai kae sɛ wɔmfa mma no no ho. (Ester 2:15) Ebetumi aba sɛ ohui sɛ ɛnyɛ ahoɔfɛ nkutoo na ɛbɛma ɔhene no ani agye no ho; ahobrɛase a na ɔbɛda no adi bɛma ɔhene no ani agye no ho koraa asen sɛ ɔbɛma ne ho so. So ɛkɔɔ yiye maa no?

w17.01 25 ¶12

Wokɔ Sɔhwɛ Mu Mpo a Wubetumi Akɔ So Abrɛ Wo Ho Ase

12 Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, bere nyinaa yɛbɛhwɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie yiye. Afei yɛbɛyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yebu yɛn ho ne afoforo. Sɛ yɛanhoahoa yɛn ho anaa yɛantwe nkurɔfo adwene amma yɛn so a, ɛma nkurɔfo bu yɛn. Wei nti ehia sɛ yɛda “honhom a ɛyɛ komm na edwo” adi. (Kenkan 1 Petro 3:​3, 4; Yer. 9:​23, 24) Sɛ yɛmmrɛ yɛn ho ase a, yɛn kasa ne yɛn nneyɛe beyi yɛn ama. Ebia yɛbɛyɛ biribi ama nkurɔfo ahu sɛ yɛwɔ ɔsom hokwan bi, yenim nsɛm bi a wonnim, anaa yɛne asafo mu mpanyimfo wɔ adamfofa titiriw bi. Ebi nso a, yɛne anuanom bi abom ayɛ adwuma bi, nanso sɛnea yɛbɛka ho asɛm no, ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛn nko ara na yɛyɛe. Wei mu nso, Yesu atwa sa pa ato hɔ ama yɛn. Nsɛm a ɔkae no, ɔfaa pii fii Hebri Kyerɛwsɛm no mu. Ɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ ɔwɔ ahobrɛase. Ná ɔpɛ sɛ n’atiefo hu sɛ ne nsɛm no fi Yehowa hɔ na ɛnyɛ ne nyansa anaa ne nimdeɛ na na ɔde kasa.—Yoh. 8:28.

Tweetwee Bible Mu

w22.11 31 ¶3-6

So Wunim?

Nhwehwɛmufo huu Persiafo abopon bi a nkyerɛwee wɔ so. Ɛka ɔbarima bi a ne din de Marduka (Twi Mordekai) ho asɛm. Ná ɔyɛ ɔsoafo a na ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ fotosanfo wɔ Susan. Arthur Ungnad yɛ Asia abakɔsɛm ho ɔbenfo. Ɔka sɛ, sɛ ‘Bible da nkyɛn a, saa abopon yi nko ara na na ɛka Mordekai’ ho asɛm saa bere no.

Efi bere a Ungnad kaa saa asɛm no, animdefo pii akyerɛ Persiafo abopon afoforo mpempem pii ase. Weinom bi ne Persepolis abopon ahorow no. Wohuu saa abopon yi wɔ kurow no amamfo so, baabi a wɔkora nneɛma so a na ɛbɛn afasu no. Nsɛm a ɛwɔ abopon no so no, Xerxes I bere so tɔnn na wɔkyerɛwee. Ɛwɔ Elamfo kasa mu, na edin ahorow a ɛwɔ Ester nhoma no mu no, wubehu bi wom.

Wubehu edin Marduka wɔ Persepolis abopon ahorow bi so. Ná Marduka yɛ ɔkyerɛwfo wɔ ahemfie a ɛwɔ Susan wɔ Xerxes I bere so. Abopon no baako ka sɛ na Marduka kyerɛ nsɛm ase. Biribi saa na Bible no nso ka fa Mordekai ho. Ná ɔyɛ nipa titiriw a ɔsom wɔ Ɔhene Ahasweros (Xerxes I) ahemfie, na anyɛ yiye koraa no, na ɔte kasa mmienu. Ná Mordekai taa tena ɔhene no pon ano wɔ Susan ahemfie. (Ester 2:​19, 21; 3:3) Saa pon no, na ɛyɛ ɔdan kɛse bi a ahemfie mpanyimfo yɛ adwuma wom.

Nea abopon ahorow no ka fa Marduka ho ne nea Bible nso ka fa Mordekai ho no, nsɛdi pii a ɛyɛ nwanwa wom. Wɔn nyinaa tenaa ase bere koro mu, wɔ beae koro, na na wɔyɛ atitiriw a wɔyɛ adwuma baako. Saa nsɛdi yi nyinaa ma yehu sɛ, nea wɔn a etutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu no, ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Mordekai a ne ho asɛm wɔ Ester nhoma mu no ho.

SEPTEMBER 11-17

BIBLE MU AKORADE | ESTER 3-5

“Boa Afoforo Ma Wɔnyɛ Nea Wɔbetumi Nyinaa”

it-2 431 ¶7

Mordekai

Wankotow Haman. Ɔhene Ahasweros yɛɛ Agagni Haman ɔsoafo panyin. Afei Ahasweros hyɛɛ mmara sɛ wɔn a wɔwɔ ɔhene pon ano nyinaa mmɔ wɔn mu ase nkotow Haman. Mordekai yɛɛ n’adwene sɛ, wɔbekum no koraa a, ɔrenkotow Haman da. Mordekai kyerɛɛ mu sɛ, nea enti a ɔrenyɛ saa ne sɛ ɔyɛ Yudani. (Es 3:​1-4) Yudafo no nso, na wɔyɛ nnipa a wɔahyira wɔn ho so ama wɔn Nyankopɔn Yehowa. Enti, na Mordekai repɛ akyerɛ sɛ, sɛ ɔbɔ ne mu ase ma Haman a, wanni Yehowa nokware. Nea ɛte ne sɛ, tete no, na Israelfo no tumi bɔ wɔn mu ase ma nnipa atitiriw te sɛ ahemfo. Ɛnyɛ sɛ na wɔresom wɔn, mmom na wɔyɛ saa de kyerɛ nidi ma wɔn kɛkɛ. (2Sa 14:4; 18:28; 1Ah 1:16) Nanso Mordekai behui sɛ, Haman de, sɛ ɔkotow no a ɛbɛkyerɛ biribi foforo koraa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na Haman yɛ Amalekni, na na Yehowa aka sɛ ɔne Amalek bɛko “wɔ wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.” (Ex 17:16) Enti ɛnyɛ sɛ na Mordekai ne Haman repere tumi nti na wankotow no no, na mmom na ɔpɛ sɛ odi Onyankopɔn nokware.

it-2 431 ¶9

Mordekai

Yehowa Nam No So Gyee Israel. Bere a ɔhene hyɛɛ mmara sɛ wɔnsɛe Yudafo a ɛwɔ ahemman no mu nyinaa no, na Mordekai wɔ gyidi sɛ, nya a Yudafo no benya wɔn ti adidi mu nti na Ester abɛyɛ ɔdehye saa bere no. Ɔmaa Ester hui sɛ adwumasono bi da no so. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔnkɔ ɔhene anim na ɔnkɔsrɛ mma Yudafo no. Ná Ester nim sɛ ɔyɛ saa a, na ɔde ne nkwa reto asiane mu, nanso wampopo ne ti; ɔpenee so sɛ ɔbɛyɛ.—Es 4:7–5:2.

ia 133 ¶22-23

Ogyinaa Onyankopɔn Nkurɔfo Akyi

22 Ɛbɛyɛ sɛ Ester koma bubui bere a ɔtee saa nkra no. Ná ɛyɛ ne gyidi ho sɔhwɛ kɛse. Ɛdaa adi wɔ ne mmuae a ɔde maa Mordekai no mu sɛ na osuro. Ɔtwee Mordekai adwene sii ɔhene mmara no so. Ɔkae sɛ, sɛ ɔhene mfrɛɛ obi na ɔkɔ n’anim a, wobekum no. Gye sɛ ɔhene teɛ ne sika poma no kyerɛ no so ansa na wanya ne ti adidi mu. So na Ester wɔ nea obegyina so ahwɛ kwan sɛ wɔde ne ho bɛkyɛ no, ne titiriw no, sɛ na ɔkae nea ɛtoo Wasti bere a ɔhene no frɛɛ no na wankɔ no a? Ester ka kyerɛɛ Mordekai sɛ bɛyɛ nnafua 30 ni a ɔhene no mfrɛɛ no! Esiane sɛ na nna pii atwam a ɔhene no mfrɛɛ no nti, na ntease wom paa sɛ ɛbɛyɛ no sɛ ebia ɔhene a n’adwene tumi sesa bere biara no ani nnye no ho bio.—Ester 4:​9-11.

23 Mordekai de ahotoso maa Ester mmuae de hyɛɛ ne gyidi den. Ɔmaa Ester hui sɛ, sɛ wanyɛ asɛm no ho biribi a, Yudafo no benya ogye afi baabi foforo. Nanso, sɛ ɔtaa no mu yɛ den a, ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ obenya ne ti adidi mu. Ɛha nso, Mordekai daa no adi sɛ ɔwɔ gyidi kɛse wɔ Yehowa mu sɛ ɔremma wɔntɔre ne nkoa ase mma ne bɔhyɛ nyɛ kwa da. (Yos. 23:14) Afei, Mordekai bisaa Ester sɛ: “Hena na onim sɛ ebia bere a ɛte sɛɛ nti na woabɛyɛ ɔdehye yi?” (Ester 4:​12-14) So ɛnsɛ sɛ yesuasua Mordekai anaa? Ɔde ne ho too Yehowa, ne Nyankopɔn no so koraa. So yɛn nso yɛyɛ saa?—Mmeb. 3:​5, 6.

Tweetwee Bible Mu

kr 160 ¶14

Wɔperee sɛ Wobenya Ahofadi De Asom

14 Sɛnea Ester ne Mordekai a wɔtenaa ase tete no yɛe no, saa ara na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ pere sɛ wobenya ahofadi de asom Yehowa wɔ ɔkwan a ɔpɛ so. (Ester 4:​13-16) So wubetumi ayɛ biribi de aboa? Yiw. Wubetumi abɔ mpae daa ama yɛn nuanom mmarima ne mmea a atɛnkyea nti seesei wɔrehu amane no. Mpaebɔ a ɛte saa no wɔ tumi kɛse paa a ebetumi aboa yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔakɔ ahokyere mu na wɔrehyia ɔtaa no. (Monkenkan Yakobo 5:16.) So Yehowa tie mpaebɔ a ɛte saa? Nkonim a yɛadi wɔ asɛnnibea no da no adi pefee sɛ otie!—Heb. 13:​18, 19.

SEPTEMBER 18-24

BIBLE MU AKORADE | ESTER 6-8

“Sɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yɛne Nkurɔfo Kasa?”

ia 140 ¶15-16

Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Odwenee Ne Nkurɔfo Ho

15 Ntoboase a Ester de twɛn da koro bio ansa na ɔde n’asɛm no reto ɔhene no anim no maa Haman ankasa gyee n’animguase. Wunnye nni sɛ Yehowa Nyankopɔn ka ho bi na ɔhene no antumi anna anadwo no? (Mmeb. 21:1) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa ‘ntoboase ntwɛn’! (Monkenkan Mika 7:7.) Sɛ yɛtwɛn Onyankopɔn a, yebehu sɛ ɔkwan a ɔbɛfa so adi yɛn asɛm ama yɛn no ye koraa sen nea yɛn ankasa betumi ayɛ.

Ɔde Akokoduru Kasae

16 Wɔ apontow a ɛto so abien no ase no, Ester hui sɛ na ɛrenyɛ papa sɛ ɔbɛma ɔhene no atwɛn bio, enti afei de, na ɛsɛ sɛ ɔka nea ɛwom biara. Nanso, na ɔbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no? Nea ɛbae ne sɛ, ɔhene no san ka kyerɛɛ Ester sɛ ɔnka n’abisade no, na ɛno ma ɛyɛɛ mmerɛw maa no. (Ester 7:2) Afei de, na “bere” adu sɛ Ester ‘kasa.’

ia 140 ¶17

Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Odwenee Ne Nkurɔfo Ho

17 Yebetumi aka sɛ ɛbɛyɛ sɛ Ester bɔɔ ne Nyankopɔn mpae wɔ ne tirim ansa na ɔreka asɛm yi. Ɔkae sɛ: “Ɔhene, sɛ manya w’anim dom na wobɛpene so a, anka m’abisade ne sɛ ma minnya me kra, na mesrɛ ma me manfo nso.” (Ester 7:3) Hyɛ no nsow sɛ Ester maa ɔhene no nyaa awerɛhyem sɛ nea eye wɔ n’ani so a ɔbɛka biara no obegye atom. Hwɛ sɛnea na Ester yɛ soronko koraa wɔ ɔhene no yere dedaw Wasti a ɔhyɛɛ da buu ne kunu animtiaa no ho! (Ester 1:​10-12) Afei nso, Ester anka asɛm biara a ɛkyerɛ sɛ na nyansa nnim sɛ ɔhene no de ne werɛ ahyɛ Haman mu. Mmom no, Ester srɛe sɛ ɔhene no mmɔ ɔno Ester ho ban na wanhwere ne nkwa.

ia 141 ¶18-19

Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Odwenee Ne Nkurɔfo Ho

18 N’adesrɛde no kaa ɔhene no koma, na ne ho dwiriw no. Ebia ɛbaa ɔhene no adwenem sɛ, Hena koraa na ɔde n’asɛm reba ɔhemmaa so yi? Ester toaa n’asɛm so sɛ: “Wɔatɔn me ne me manfo sɛ wonkum yɛn, ntɔre yɛn ase na wɔnsɛe yɛn. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa anaa mfenaa mpo a, anka mɛyɛ komm. Nanso ɛmfata sɛ biribi besi ama ɔhene mmom ahwere ade kɛse.” (Ester 7:4) Momma yɛnhyɛ no nsow sɛ, Ester kaa ɔhaw no ho asɛm pefee, nanso ɔsan de kaa ho sɛ sɛ wɔtɔn wɔn sɛ nkoa mpo a, anka ɔrenka hwee. Nanso, na saa okunkɛse no bɛma ɔhene ankasa ahwere ade kɛse ma enti na Ester ntumi nyɛ dinn wɔ ho.

19 Nea Ester yɛe no ma yehu sɛnea yɛne afoforo bɛkasa ama atɔ wɔn asom. Sɛ wode asɛnkɛse bi rekɔto obi a wodɔ no anaa mpo obi a ɔwɔ tumi anim a, ntoboase ne obu a wobɛda no adi, ne nokware a wobɛka no betumi aboa paa.—Mmeb. 16:​21, 23.

Tweetwee Bible Mu

w06 3/1 11 ¶1

Ester Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

7:4—Ɔkwan bɛn so na na Yudafo no ase a wɔbɛtɔre no ‘bɛsɛe ɔhene no ade’? Ester faa anifere kwan so maa ɔhene no hui sɛ sɛ wɔtɔn Yudafo no sɛ nkoa mpo a, ɛbɛyɛ papa sen sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase ma ɔhene no ade asɛe. Sɛ Haman bɔɔ pɔw sɛ ɔbɛtɔn Yudafo no mmom a, anka ɔhene foto mu sika bɛdɔɔso koraa asen nnwetɛbona 10,000 a Haman hyɛɛ ho bɔ no. Sɛ Haman dii ne pɔw no ho dwuma a, anka wobekum ɔhemmaa no nso.

SEPTEMBER 25–OCTOBER 1

BIBLE MU AKORADE | ESTER 9-10

“Ɔde Ne Tumi Di Boaa Ne Nkurɔfo”

it-2 432 ¶2

Mordekai

Mordekai besii Haman anan yɛɛ ɔsoafo panyin. Afei ɔhene no de ɔno ara n’ahyɛnsode kawa a ɔde tintim aban nkrataa so no maa Mordekai. Saa bere no, na ɔhene de Haman fie ama Ester; Ester nso de fie no hyɛɛ Mordekai nsa. Afei Mordekai hyɛɛ mmara bi wɔ ɔhene no din mu. Ɛne sɛ, Yudafo no betumi ako apere wɔn nkwa. Saa mmara no maa Yudafo no dii ahurusi paa. Ná ɛte sɛ nea kanea bi apue sum mu ama wɔn. Persia ahemman no mu nnipa bebree nso de wɔn ntama kɔbɔɔ Yudafo no de ano, na Adar bosome no da a ɛtɔ so 13 dui a na wɔahyɛ sɛ wɔnkunkum Yudafo no, na Yudafo no nso ayɛ krado sɛ wɔbɛko apere wɔn nkwa. Saa bere no nso, esiane sɛ na Mordekai abenya dibea kɛse nti, na ɔman no mu atumfoɔ taa Yudafo no akyi. Susan kurow no mu de, ntɔkwaw no dii nnanu. Atamfo a wɔne Yudafo no koe wɔ Persia ahemman no mu no, bɛboro 75,000 wuwui, na na Haman mma mmarima du no ka ho. (Es 8:1–9:18) Afei Mordekai hyɛɛ mmara sɛ, afe biara sɛ edu Adar bosome no da a ɛtɔ so 14 ne 15, kyerɛ sɛ “Purim nna no” a, wɔnni afahyɛ mfa nnye wɔn ani, wɔntow pon, wɔnkyekyɛ aduan, na wɔnkyɛ ahiafo ade; Ester nso penee mmara no so. Yudafo no gye toom, na wɔhyɛɛ mmara sɛ, wɔn mma ne wɔn mmanana ne obiara a ɔde ne ho bɛba abɛbɔ wɔn no nso nni saa afahyɛ no bi. Esiane sɛ na Mordekai abɛyɛ ɔhene abadiakyiri nti, na Yudafo no bu no paa, na ɔkɔɔ so yɛɛ nneɛma a ɛbɛma asi nkurɔfo no yiye.—Es 9:​19-22, 27-32; 10:​2, 3.

it-2 716 ¶5

Purim

Nea Enti a Na Wɔdi. Animdefo bi kyerɛ sɛ, Purim afahyɛ a Yudafo di no nnɛ no, ɛnyɛ nyamesom afahyɛ; seesei akɔyɛ ɔman afahyɛ. Wɔkyerɛ sɛ, edu so a, nkurɔfo didi nom nsã boro so. Nanso bere a wɔfii ase dii saa afahyɛ no wɔ Mordekai ne Ester bere so no, na ɛnte saa. Mordekai ne Ester nyinaa, na wɔsom nokware Nyankopɔn Yehowa, na wɔhyehyɛɛ saa afahyɛ no sɛ wɔde rehyɛ Yehowa anuonyam. Nea enti ne sɛ, nkwagye a Yudafo no nyae no, yebetumi aka sɛ na efi Yehowa Nyankopɔn, efisɛ Yehowa a na Mordekai pɛ sɛ odi nokware ma no no na ɛkɔfaa saa asɛm no nyinaa bae. Nea Mordekai yɛe ne sɛ wankotow Haman. Ɛbɛyɛ sɛ na Haman yɛ Amalekni, na Amalekfo no nso, na Yehowa adome wɔn, na na wahyɛ da aka sɛ ɔbɛhyew wɔn ase. Saa asɛm no tɔɔ Mordekai tirim, ɛno nti na wankotow Haman no. (Es 3:​2, 5; Ex 17:​14-16) Afei nso, asɛm a Mordekai ka kyerɛɛ Ester wɔ Ester 4:14 no kyerɛ sɛ, na ɔwɔ gyidi sɛ obi a ne tumi kyɛn nnipa na obegye Yudafo no. Ester nso, ansa na ɔrekɔ ɔhene anim akɔto nsa afrɛ no sɛ ɔmmra apontow ase no, odii kan yɛɛ akɔnkyen, kyerɛ sɛ, ɔde n’ahiasɛm too Nyankopɔn anim sɛ ɔmmoa no.—Es 4:16.

cl 101-102 ¶12-13

‘Suasua Sɛnea Onyankopɔn’ De Tumi Yɛ Adwuma No

12 Yehowa ama yɛn ahwɛfo a wɔdi yɛn anim wɔ Kristofo asafo no mu. (Hebrifo 13:17) Saa mmarima a wɔfata sɛ wɔdi asafo no anim no, ɛsɛ sɛ wɔde tumi a Onyankopɔn de ama wɔn no yɛ adwuma de boa wɔn nuanom Kristofo a wɔhia mmoa, na wɔboa wɔn nso ma wɔne Yehowa ntam yɛ kama. Esiane sɛ mpanyimfo no yɛ ahwɛfo nti, wɔbetumi de wɔn tumi ahyɛ wɔn nuanom Kristofo so anaa? Daabida! Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no brɛ wɔn ho ase, na wɔhu nea Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ wɔ asafo no mu ne nea enni sɛ wɔyɛ. (1 Petro 5:​2, 3) Bible ka kyerɛ ahwɛfo anaa mpanyimfo no sɛ: “Monhwɛ Onyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara ne Ba mogya tɔe no so yiye.” (Asomafo Nnwuma 20:28) Saa asɛm no mu yɛ du paa, ɛno nti ɛsɛ sɛ mpanyimfo no dɔ obiara a ɔwɔ asafo no mu na wɔyɛ no brɛbrɛ.

13 Yebetumi de wei ayɛ mfatoho. Fa no sɛ, wo yɔnko berɛbo bi de n’ade a ɛda ne koma so paa ama wo sɛ hwɛ so ma no. Wunim sɛ ade a w’adamfo no de ama wo no, ɔtɔɔ no aboɔden paa. Ɛno nti, wobɛhwɛ so yiye paa na ansɛe, ɛnte saa? Mpanyimfo no nso, Onyankopɔn de biribi a ɛsom bo ma no paa ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ so. Ɛyɛ dɛn ade? Ɛyɛ anuanom a wɔwɔ asafo no mu no. Bible de wɔn toto nguan ho. (Yohane 21:​16, 17) Yehowa nguan da ne koma so paa, na onsi wɔn fam. Nokwasɛm ne sɛ, ɔde ne Ba Yesu Kristo a ɔwoo no koro no mogya a ɛsom bo no na ɛtɔɔ wɔn. Ade a Yehowa de tɔɔ ne nguan no, ne bo yɛ den kyɛn biribiara. Mpanyimfo no brɛ wɔn ho ase, na bere nyinaa wɔkae sɛ Yehowa tɔɔ nguan no aboɔden paa. Ɛno nti wɔn ani ku nguan no ho yiye.

Tweetwee Bible Mu

w06 3/1 11 ¶4

Ester Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

9:​10, 15, 16—Ɛwom sɛ mmara a wɔhyɛe no maa Yudafo no kwan sɛ wɔmfow nneɛma de, nanso dɛn nti na wɔanyɛ saa? Akyinnye biara nni ho sɛ saa a wɔanyɛ no kyerɛ sɛ na wɔn nkwa ho ban a wɔbɛbɔ na ehia wɔn na ɛnyɛ ahonyade a wobenya.

OCTOBER 2-8

BIBLE MU AKORADE | HIOB 1-3

“Kɔ So Kyerɛ Sɛ Ɔdɔ a Wodɔ Yehowa No Fi Wo Komam”

w18.02 6 ¶16-17

Suasua Gyidi a Noa, Daniel, Ne Hiob Daa No Adi Ne Osetie a Wɔyɛe

16 Ɔhaw ahorow a Hiob faa mu. Nsakrae akɛse baa Hiob asetena mu. Ansa na sɔhwɛ reba ne so no, ná ‘ɔsen Apuei Famfo nyinaa.’ (Hiob 1:3) Ná ɔyɛ ɔdefo, na na wagye din; afei nso, na nkurɔfo bu no paa. (Hiob 29:​7-16) Nanso wei nyinaa akyi no, Hiob annya adwene sɛ ɔkyɛn afoforo, anaasɛ onhia Onyankopɔn. Nokwarem no, Yehowa frɛɛ no “m’akoa.” Yehowa de kaa ho sɛ Hiob yɛ “onipa a ne ho nni asɛm na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.”—Hiob 1:8.

17 Prɛko pɛ Hiob asetena sesae koraa. Obedii hia buruburoo, na n’abam bui. Yenim sɛ Satan, otwirifo no na odii atoro kaa sɛ pɛsɛmenkominya nti na Hiob som Onyankopɔn. (Kenkan Hiob 1:​9, 10.) Sobo bɔne a Satan bɔɔ Hiob no, Yehowa ammu n’ani angu so. Mmom, ɔmaa Hiob kwan sɛ ɔnna ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔnokwafo, na ɔnkyerɛ sɛ ɔde koma a emu tew na ɛsom Yehowa.

w19.02 5 ¶10

Kura Wo Mũdi Mu!

10 Sobo koro no ara na Satan de bɔ yɛn mu biara. Ɛfa wo ho sɛn? Nea Satan reka ankasa ne sɛ wonnɔ Yehowa Nyankopɔn, na wubegyae Yehowa som de apere wo nkwa, na worenkura wo mũdi mu! (Hiob 2:​4, 5; Adi. 12:10) Ɛno ma wote nka sɛn? Ɛyɛ wo yaw, ɛnte saa? Nanso, susuw saa asɛm yi ho hwɛ: Yehowa gye wo di, enti wama woanya hokwan soronko bi. Yehowa ama Satan kwan sɛ ɔnsɔ wo nhwɛ sɛ wubekura wo mũdi mu anaa. Yehowa wɔ ahotoso sɛ wubetumi akura wo mũdi mu na woaboa ama ada adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa wo ama woayɛ saa. (Heb. 13:6) Hwɛ hokwan a woanya sɛ amansan Hene no wɔ wo mu ahotoso! Woahu nea enti a ehia pa ara sɛ wukura wo mũdi mu? Ɛma yetumi bɔ Satan atosɛm no gu, na yɛkamfo din pa a yɛn Agya no wɔ, na yegyina ne tumidi akyi. Dɛn na yɛbɛyɛ na ama yɛatumi akura yɛn mũdi mu?

Tweetwee Bible Mu

w21.04 11 ¶9

Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Nsɛm a Etwa To a Yesu Kae No Mu?

9 Dɛn na Yesu kae? Aka bere tiaa bi ama Yesu awu no, ɔteɛɛm sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woapa me?” (Mat. 27:46) Bible nka nea enti a Yesu kaa saa asɛm yi. Nanso dɛn na saa asɛm no ma yehu? Ade baako ne sɛ, saa asɛm no a Yesu kae no maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 22:1 no baa mu. Afei nso, saa asɛm no ma yehu sɛ Yehowa ammɔ ne Ba no ho “ban.” (Hiob 1:10) Yesu hui sɛ na n’Agya ayi ne nsa afi ne ho koraa sɛnea ɛbɛyɛ a n’atamfo bɛsɔ no ahwɛ akosi owu mu. Onipa biara nhyiaa sɔhwɛ a ɛte sɛ Yesu de no bi saa da. Afei nso, asɛm a Yesu kae no sii so dua sɛ na ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛfata sɛ wokum no.

OCTOBER 9-15

BIBLE MU AKORADE | HIOB 4-5

“Hwɛ Yiye Na Woannye Nsɛm Nyinaa Anni”

it-1 713 ¶11

Elifas

2. Ɔka Hiob nnamfo mmiɛnsa no ho. (Hio 2:11) Ná ofi Teman, enti ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Esau babarima panyin no aseni. Wei kyerɛ sɛ na Elifas yɛ Abraham aseni. Enti wohwɛ mu a, na ɔyɛ Hiob busuani. Ade a na Elifas ne n’asefo de hoahoa wɔn ho ne wɔn nyansa. (Yer 49:7) “Gyamserefo” mmiɛnsa no nyinaa, Elifas na na ɔyɛ titiriw, enti ebetumi aba sɛ na ɔno ne panyin. Mprɛnsa a wɔn nyinaa kasae no, Elifas na odii kan kasae; ɔno nso na na ne nsɛm dɔɔso.

w05 9/15 26 ¶2

Ko Tia Nsusuwii Bɔne!

Bere a na Elifas reka anwonwade a bere bi ohui ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Honhom bi twaam faa m’ani so, me ho nhwi nyinaa sɔre gyinagyinae: egyinae, nanso manhu ne su, suban bi gyinagyina m’ani so, metee nne bɔkɔɔ bi.” (Hiob 4:​15, 16) Honhom bɛn na enyaa Elifas nsusuwii so tumi saa no? Akyinnye biara nni ho sɛ ne kasatia no da no adi sɛ na honhom no nyɛ Onyankopɔn abɔfo anokwafo no bi. (Hiob 4:​17, 18) Ná ɛyɛ honhommɔne bi. Sɛ ɛnte saa a, ɛnde dɛn nti na Yehowa kaa Elifas ne ne nnamfo baanu no anim sɛ wɔaka atosɛm? (Hiob 42:7) Yiw, na adaemone anya Elifas so tumi. Ná nea ɔreka no ne Onyankopɔn adwene nhyia.

w10 2/15 19 ¶5-6

Ko Tia Satan Atosɛm

Satan faa Hiob nnamfo baasa a wɔkɔsraa no no mu biako a wɔfrɛ no Elifas so kae sɛ nnipa yɛ mmerɛw dodo sɛ wɔbɛko atia Satan. Bere a Elifas reka nnipa ho asɛm sɛ “wɔn a wɔtete dɔtedan mu” no, ɔka kyerɛɛ Hiob sɛ: “Wɔn fapem yɛ dɔte . . . ! Wɔyam wɔn ntɛm sen abubummabaa. Ebefi anɔpa akosi anwummere no, na wɔayam koraa; wɔyera korakora a obiara nnwen ho.”—Hiob 4:​19, 20.

Wɔde yɛn toto “anwenne”—nkuku a wɔde dɔte anwene a ɛbobɔ—ho wɔ Kyerɛwnsɛm no fã bi. (2 Kor. 4:7) Esiane bɔne ne sintɔ a wɔde woo yɛn nti, yɛyɛ mmerɛw. (Rom. 5:12) Yɛn ankasa yenni ahoɔden a yɛde bɛko atia Satan. Nanso, yɛn a yɛyɛ Kristofo no betumi anya Yehowa mmoa. Ɛmfa ho sɛ yɛwɔ mmerɛwyɛ no, yɛsom bo wɔ Onyankopɔn ani so. (Yes. 43:4) Bio nso, Yehowa de honhom kronkron ma wɔn a wobisa no. (Luka 11:13) Ne honhom betumi ama yɛanya “tumi a ɛboro onipa de so,” na ama yɛatumi agyina amanehunu biara a Satan de ba yɛn so no ano. (2 Kor. 4:7; Filip. 4:13) Sɛ yɛde ‘gyidi gyina hɔ pintinn’ ne Ɔbonsam di asi a, Onyankopɔn bɛma yɛn ase atim na yɛayɛ den. (1 Pet. 5:​8-10) Enti, ɛnsɛ sɛ yesuro Satan Ɔbonsam.

mrt 32 ¶13-17

Hwɛ Yiye Na Woannye Nsɛm Nyinaa Anni

● Hwɛ baabi a asɛm no fi, na hwehwɛ mu hwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa

Nea Bible aka: “Monhwehwɛ nneɛma nyinaa mu nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa.”—1 Tesalonikafo 5:21.

Wote asɛm bi a, ansa na wubegye adi anaa wode bɛsɛnde obi no, di kan hwehwɛ mu hwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa. Sɛ ɛyɛ asɛm bi a ɛda obiara ano anaa biribi a nkurɔfo reka ho asɛm bebree wɔ TV ne radio so mpo a, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ mu. Wobɛyɛ no sɛn?

Hwɛ baabi a asɛm no fi. Sɛ TV steehyin, radio steehyin, anaa nnwumakuw bi de asɛm bi reto gua a, ɛtɔ da a mfaso a wɔrepɛ nti, wɔtumi kyinkyim no. Wɔtumi nso ka asɛm no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma amanyɔkuw bi asɛm ayɛ dɛ. Enti wote asɛm bi fi baabi a, tietie mu bi ka ho; hwɛ nea nsɛnkyerɛwfo afoforo aka afa ho. Ɛtɔ da nso a, wobɛhwɛ na w’adamfo bi de asɛm bi afa email so abrɛ wo, anaa ɔde ato sohyia midia so. Ebia na saa asɛm no nyɛ nokware, nso w’adamfo no nnim no saa. Enti nsɛm a ɛte saa no, ansa na wubegye adi no, di kan hwɛ sɛ hena koraa na odii kan de saa asɛm no too gua.

Hwɛ hu sɛ asɛm no nyinaa yɛ nokware, na ɛnsesae. Hwehwɛ mu hu da a asɛm no sii. Afei nso, hwɛ sɛ wubenya adanse a edi mu a ɛfoa asɛm a wɔreka no so. Ɛtɔ da nso a, nsɛm no bi wɔ hɔ a, wubehu sɛ wɔabɔ no mua ayiyi bi afi mu. Ebi nso a, na wɔahyɛ da aka no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wo werɛ ahow, ɛbɛhyɛ wo abufuw, anaa ɛbɛma woanya atenka foforo bi. Nsɛm a ɛtete saa nyinaa, ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye paa wɔ ho.

Tweetwee Bible Mu

w03 5/15 22 ¶5-6

Muntintim, na Moadi Nkonim Wɔ Nkwa Ho Mmirikatu no Mu

Nokware asomfo ahyehyɛde a ɛwɔ wiase nyinaa no muni a yɛbɛyɛ no betumi ama yɛatim kɛse. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yɛne wiase nyinaa onuayɛ kuw a wɔwɔ dɔ no bɔ! (1 Petro 2:17) Na yɛn nkɛntɛnso betumi ama yɛn mfɛfo gyidifo atim.

Susuw ɔbarima Hiob a ɔteɛ nneyɛe pa no ho. Elifas a na ɔyɛ ɔwerɛkyekyefo nkontomponi no mpo gyee asɛm a ɛka sɛ: “Wo nsɛm ama nea ɔrebɛhwe ase agyina, na nankroma a agurow no, woahyɛ no den” no toom. (Hiob 4:4) Yɛreyɛ yɛn ade dɛn wɔ eyi ho? Yɛn sɛ ankorankoro no wɔ asɛyɛde sɛ yɛboa yɛn nuanom ma wogyina mu wɔ Onyankopɔn som mu. Wɔ yɛne wɔn nsɛnni mu no, yebetumi ayɛ yɛn ade ma ɛne nsɛm yi ahyia: “Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mummia anankoroma a agow mu.” (Yesaia 35:3) Ɛnde dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wobɛhyɛ mfɛfo Kristofo mu biako anaa baanu den na woahyɛ wɔn nkuran bere biara a wo ne wɔn behyia no? (Hebrifo 10:​24, 25) Nkamfo a ɛhyɛ nkuran ne anisɔ a yebenya ama mmɔden a wɔkɔ so bɔ sɛ wɔbɛsɔ Yehowa ani no betumi aboa wɔn yiye ma wɔatim a adwene no ne sɛ wobedi nkonim wɔ nkwa ho mmirikatu no mu.

OCTOBER 16-22

BIBLE MU AKORADE | HIOB 6-7

“Asetena Afono Wo Anaa?”

w06 3/15 14 ¶10

Hiob Nhoma no mu Nsɛntitiriw

7:1; 14:14—Dɛn na “ɔpaani nna” anaa ‘akõdi nna’ no kyerɛ? Ná Hiob amanehu no mu yɛ den ara ma obuu asetra sɛ adwumaden a ɛyɛ mfonoe. (Hiob 10:17) Esiane sɛ bere a obi kodi wɔ ɔdamoa mu—efi bere a owu kosi bere a wobenyan no—yɛ nhyɛ nti, Hiob de totoo adwumaden a ɛyɛ mfonoe ho.

w20.12 16 ¶1

‘Yehowa Gye Wɔn a Wɔn Abam Abu’

ƐTƆ da a, sɛnea yɛn nkwa nna yɛ tiaa na ‘ɔhaw ahyɛ mu’ mã no, ɛbɛma yɛadwinnwen. (Hiob 14:1) Enti sɛ ɛtɔ da na yɛn abam bu a, ɛnyɛ nwonwa. Tete no, Yehowa asomfo pii nso tee nka saa ara. Wɔn mu bi mpo de, na wɔpɛ sɛ wowu. (1 Ahe. 19:​2-4; Hiob 3:​1-3, 11; 7:​15, 16) Nanso Yehowa, Onyankopɔn a wɔde wɔn ho too no so no kyekyee wɔn werɛ, na ɔhyɛɛ wɔn den bere nyinaa. Wɔkyerɛw wɔn ho nsɛm too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkyekye yɛn werɛ na yɛasua biribi afi mu.—Rom. 15:4.

g 1/12 16-17

Bere a Wote Nka sɛ Di Wo Ho Dɔm

Ɛwom sɛ ebia wo tebea no ama wo ho yeraw wo de, nanso kae sɛ ɛnyɛ wo nko, na nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛkame ayɛ sɛ nnɛ, obiara rehyia ɔhaw bi. Bible no ka sɛ: “Abɔde nyinaa kɔ so penepene, na wohu amane.” (Romafo 8:22) Mfiase no ebetumi ayɛ te sɛ nea wo haw no rentwa da, nanso bere rekɔ so no, nneɛma betumi ayɛ yiye. Nanso mprempren, dɛn na ebetumi aboa?

Ka sɛnea wote nka no kyerɛ w’adamfo a ne ho akokwaw a wowɔ ne mu ahotoso. Bible no ka sɛ: “Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.” (Mmebusɛm 17:17) Ɔtreneeni Hiob a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Bible mu no kaa sɛnea ɔte nka ho asɛm kyerɛɛ afoforo bere a na ɔrehu amane no. Bere a ɔkaa sɛnea na ɔte nka no ho asɛm sɛ “me nkwa yɛ me kra abofono” no, ɔkae sɛ: “Mɛpae mu aka me haw. Mɛkasa me kra awerɛhow mu!” (Hiob 10:1) Afoforo a wobɛka w’asɛm akyerɛ wɔn no betumi atew wo haw no so, na ebetumi ama woanya ho adwene foforo.

Ka wo komam nsɛm kyerɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu. Ebinom susuw sɛ mpaebɔ yɛ biribi a ɛma obi te asomdwoe nka kɛkɛ, nanso Bible no nka saa. Dwom 65:2 frɛ Yehowa Nyankopɔn “mpaebɔ Tiefo,” na 1 Petro 5:7 ka sɛ: “Odwen mo ho.” Bible no kɔ so si hia a ɛho hia sɛ yɛkɔ so de yɛn ho to Onyankopɔn so no so dua. Sɛ nhwɛso no:

“Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.”—MMEBUSƐM 3:​5, 6.

‘Yehowa bɛyɛ wɔn a wosuro no apɛde ama wɔn, na obetie wɔn sufrɛ na wagye wɔn.’—DWOM 145:19.

“Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.”—1 YOHANE 5:14.

“Yehowa ne amumɔyɛfo ntam kwan ware, na treneefo mpaebɔ de, otie.”—MMEBUSƐM 15:29.

Sɛ woka nsɛnnennen a worehyia no ho asɛm kyerɛ Onyankopɔn a, ɔbɛboa wo. Ntease pa nti na Bible no hyɛ wo nkuran sɛ ‘fa wo ho to no so daa. Yi wo koma mu nsɛm adi nkyerɛ no.’—Dwom 62:8.

Tweetwee Bible Mu

w20.04 16 ¶10

Tie Afoforo, Hu Wɔn Yiye, Na Nya Ayamhyehye Ma Wɔn

10 Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte yɛn nuanom ase a, na yɛresuasua Yehowa. Hu wo nuanom yiye. Ansa na asafo nhyiam befi ase ne bere a moapɔn no, wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Wo ne wɔn nkɔ asɛnka, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma wommedidi wɔ wo fie. Woyɛ saa a, wubehu sɛ onuawa bi a na ɛyɛ wo sɛ ɔmpɛ nnipa no, sɛɛ ɔfɛre ade. Anaa onua bi a na wususuw sɛ sika agye n’adwene no, sɛɛ ɔpɛ ahɔhoyɛ paa. Anaa nea enti a abusua bi ntaa mmedu asafo nhyiam ase ntɛm ne sɛ wɔrehyia ɔsɔretia. (Hiob 6:29) Ɛwom, ɛnsɛ sɛ ‘yɛde yɛn ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu.’ (1 Tim. 5:13) Nanso, ɛsɛ sɛ yehu biribi fa yɛn nuanom ho ne nea wɔafa mu wɔ asetena mu. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛate wɔn ase.

OCTOBER 23-29

BIBLE MU AKORADE | HIOB 8-10

“Onyankopɔn Dɔ a Enni Huammɔ No Boa Yɛn Na Satan Annaadaa Yɛn”

w15 7/1 12 ¶3

Enti Yɛbɛtumi Ayɛ Nea Ɛsɔ Onyankopɔn Ani?

Hiob huu amane pii wɔ n’asetenam, na ɛte sɛ nea wɔne no anni no yie. Ɛno nti, ɔnyaa adwene a ɛmfata; n’adwene yɛɛ no sɛ sɛ ɔdi nokware oo, wanni nokware oo ɛmfa Onyankopɔn ho. (Hiob 9:​20-22) Ná Hiob bu ne ho treneeni dodo, enti afoforo bɛnyaa adwene sɛ obu ne ho sɛ ɔtene sene Onyankopɔn.—Hiob 32:​1, 2; 35:​1, 2.

w21.11 6 ¶14

Yehowa Dɔ a Enni Huammɔ No, Dɛn Na Wusua Fi Mu?

14 Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ bɔ yɛn ho ban na yɛne ne ntam ansɛe. Dawid bɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Wone me hintabea; wobɛkora me so na mankɔ ahohia mu. Na wode ahurusi na ebetwa me ho ahyia efisɛ mahu nkwagye. . . . Nea ɔde ne ho to Yehowa so no, ne dɔ a enni huammɔ twa ne ho hyia.” (Dw. 32:​7, 10) Tete no, na wɔtow fasu twa kurow bi ho hyia sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ ɔmanfo no ho ban. Saa ara na Yehowa dɔ a enni huammɔ nso twa yɛn ho hyia, na ɛbɔ yɛn ho ban na biribiara ansɛe yɛne Yehowa ntam. Afei nso, Yehowa dɔ a enni huammɔ nti, ɔtwe yɛn ba ne nkyɛn.—Yer. 31:3.

Tweetwee Bible Mu

w10 10/15 6-7 ¶19-20

“Hena Na Wahu Yehowa Adwene?”

19 Dɛn na yɛahu wɔ “Yehowa adwene” ho? Ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm boa yɛn ma yehu Yehowa adwene yiye. Ɛnsɛ sɛ yegyina yɛn adwene, yɛn gyinapɛn, ne yɛn nsusuwii a ɛtɔ sin no so bu Yehowa atɛn da. Hiob kae sɛ: “[Onyankopɔn nyɛ] onipa te sɛ me na me ne no ayiyi nsɛm ano, anaa me ne no adi asɛm.” (Hiob 9:32) Sɛ yefi ase hu Yehowa adwene sɛnea Hiob hui no a, ɛbɛka yɛn koma ma yɛaka sɛ: “Hwɛ! Eyinom yɛ ne nnwuma mu ketewaa bi, na ne ho asɛm kakraa bi na atwa onipa asom! N’aprannaa kɛse no de, hena na obetumi ate ase?”—Hiob 26:14.

20 Sɛ yɛrekenkan Kyerɛwnsɛm no na sɛ yehyia asɛm bi a ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase, titiriw nea ɛfa Yehowa adwene ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Sɛ yɛyɛ asɛm no ho nhwehwɛmu na yɛannya ho mmuae a ɛtɔ asom a, yebetumi afa no sɛ ɛyɛ Yehowa mu ahotoso a yɛwɔ ho sɔhwɛ. Momma yɛnkae sɛ, ɛtɔ mmere bi a, nsɛm bi ma yenya hokwan da no adi sɛ yɛwɔ nea Yehowa yɛ biara mu ahotoso. Momma yemfi ahobrɛase mu nnye ntom sɛ ɛnyɛ biribiara a Yehowa yɛ na yɛte ase. (Ɔsɛnk. 11:5) Ɛno bɛka yɛn ma yɛagye asɛm a ɔsomafo Paulo kae yi atom. Ɔkae sɛ: “O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ mu dɔ fa! Hwɛ, wɔrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu, na wɔrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da! Na ‘hena na wabehu Yehowa adwene, anaasɛ hena na wabɛyɛ ne fotufo?’ Anaasɛ, ‘Hena na wadi kan ama no biribi a enti ɛsɛ sɛ otua hyɛ mu?’ Efisɛ ade nyinaa fi ne mu, ɛnam ne so, na ɛwɔ no. Ɔno na anuonyam nka no daa daa. Amen.”—Rom. 11:​33-36.

OCTOBER 30–NOVEMBER 5

BIBLE MU AKORADE | HIOB 11-12

“Nneɛma Mmiɛnsa a Ɛbɛma Yɛanya Nyansa De Abɔ Yɛn Bra”

w09 4/15 6 ¶17

Hiob Yii Yehowa Din Ayɛ

17 Dɛn na ɛboaa Hiob ma ɔkɔɔ so dii nokware? Ɛda adi pefee sɛ ansa na amanehunu reba Hiob so no, na ɔne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den dedaw. Ɛwom sɛ yenni adanse biara a ɛkyerɛ sɛ na Hiob nim sɛ Satan abɔ Yehowa sobo de, nanso na Hiob asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so adi nokware. Ɔkae sɛ: “Enkosi sɛ megyaa mu no, merennyaa me nokwaredi mu da!” (Hiob 27:5) Ɛyɛɛ dɛn na Hiob ne Yehowa nyaa abusuabɔ a emu yɛ den saa? Akyinnye biara nni ho sɛ n’ani gyee nsɛm a na wate afa sɛnea Onyankopɔn ne Abraham, Isak, ne Yakob a na wɔyɛ n’abusuafo no dii no ho. Abɔde a Hiob hwɛe nso ma otumi huu Yehowa su ahorow pii.—Monkenkan Hiob 12:​7-9, 13, 16.

w21.06 10 ¶10-12

Yehowa Ka Wo Ho, Enti Wonyɛ Ankonam

10 Wo ne wo nuanom Kristofo mfa nnamfo. Anuanom a ɛwɔ asafo no mu a wubetumi asua biribi afi wɔn hɔ no, fa wɔn nnamfo. Sɛ wo ne wɔn mmɔ tipɛn anaa ɛsono baabi a wofi mpo a, wubetumi afa wɔn nnamfo. Bible ma yehu sɛ “nkwakoraa mu na nyansa wɔ.” (Hiob 12:12) Wɔn a wɔn ani afi wɔ asafo no mu no betumi asua biribi afi mmofra mpo hɔ. Ná Yonatan anyin sen Dawid koraa, nanso wotumi faa adamfo denneennen. (1 Sam. 18:1) Dawid ne Yonatan hyiaa ɔhaw a emu yɛ den pii, nanso wɔn mu biara boaa ne yɔnko ma otumi som Yehowa. (1 Sam. 23:​16-18) Irina a ɔno nko ara na ɔyɛ Ɔdansefo wɔ n’abusua mu no ka sɛ: “Yebetumi afa yɛn nuanom Kristofo sɛ yɛn awofo ne yɛn nuanom ankasa. Yehowa betumi afa wɔn so ama yɛn nsa aka nea yɛahwere biara.”

11 Sɛ wopɛ sɛ wofa obi adamfo a, ebetumi ayɛ den. Na sɛ wofɛre ade a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa. Ratna yɛ onuawa a ɔfɛre ade; ohyiaa ɔsɔretia pii ansa na ɔrehu nokware no. Ɔka sɛ: “Mibehui sɛ na mihia me nuanom Kristofo mmoa.” Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛma obi ahu nea worefa mu, nanso sɛ woka wo komam asɛm kyerɛ wo yɔnko a, ɛma mo adamfofa no mu yɛ den. Wo nnamfo pɛ sɛ wɔhyɛ wo nkuran na wɔboa wo, nanso gye sɛ wotɔn wo yare na woanya ano aduru.

12 Sɛ wopɛ sɛ wunya nnamfo a, ɔkwan titiriw baako a wubetumi afa so ne sɛ wo ne wo mfɛfo Kristofo bɛkɔ asɛnka. Carol a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Me ne anuanom mmea bebree akɔ asɛnka, na me ne wɔn ayɛ nneɛma foforo wɔ Yehowa som mu. Wei ama manya nnamfo pa pii. Yehowa afa saa nnamfo yi so aboa me mfe pii.” Sɛ woyere wo ho ne wo nuanom Kristofo fa adamfo a, wo brɛ renyɛ kwa da. Sɛ ankonamyɛ nti, wobotow a, Yehowa bɛfa saa nnamfo no so ahyɛ wo den.—Mmeb. 17:17.

it-2 1190 ¶2

Nyansa

Nyankopɔn Nyansa. Yehowa Nyankopɔn na ne nyansa wie pɛyɛ. Ɛno nti yebetumi aka sɛ “ɔno nko ara na ɔyɛ onyansafo.” (Ro 16:27; Adi 7:12) Nyansa nso, ɛne nimdeɛ na ɛnam. Sɛ yɛka sɛ obi wɔ biribi ho nimdeɛ a, ɛkyerɛ sɛ onim saa ade no ho nsɛm. Bible ma yehu sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ a ‘ofi mmeresanten kosi mmeresanten.’ (Dw 90:​1, 2) Wei nti, onim amansan yi ho biribiara; onim biribiara a ɛwom, onim nneɛma a ɔde yɛe, na onim biribiara a akɔ so wɔ amansan yi mu fi tete de besi nnɛ. Afei nso, sɛnea ɔbɔɔ amansan yi nti, biribiara nam ne kwan mu. Wayɛ abɔde mu mmara a ɛma biribiara kɔ so wɔanowɔano. Ebi ne sɛ, sɛnea nsu tɔ na edi akɔneaba wɔ asaase so, sɛnea awia pue anɔpa na ɛkɔtɔ anwummere, ne nneɛma a ɛtete saa no, ɛnsesa da. Ɛno na nnipa gyina so yɛ wɔn biribiara; sɛ ɛyɛ mfiri bi na wɔreyɛ oo, sɛ nhwehwɛmu bi na wɔreyɛ oo, ɛno na wɔgyina so yɛ ne nyinaa. (Hio 38:​34-38; Dw 104:24; Mme 3:19; Yer 10:​12, 13) Enti sɛ Nyankopɔn atumi ahyehyɛ abɔde ho mmara a ɛma biribiara kɔ so wɔanowɔano saa a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ abrabɔ ho mmara a ɔde ama yɛn no nso, ɛho hia paa na yɛatumi atutu yɛn anammɔn yiye na asi yɛn yiye wɔ abrabɔ mu. (De 32:​4-6) Onyankopɔn de, biribiara nni hɔ a ɛboro ne ntease so. (Yes 40:​13, 14) Ɛwom, nneɛma a etia ne mmara no, ɛtɔ da a ɔhwɛ ma ebi kɔ so, na ebi tumi kɔ yiye kakra mpo. Nanso nea ebesi daakye paa de, ɛwɔ ne nsam, na sɛnea ɛte biara, n’apɛde na ɛbɛyɛ hɔ, na nea waka no, “nea ɛbɛyɛ biara” ɛbɛba mu.—Yes 55:​8-11; 46:​9-11.

Tweetwee Bible Mu

w08 8/1 11 ¶5

Mmabun a Yɛne Wɔn Bɛbɔ Nkɔmmɔ

▪ ‘So ɛyɛ a mihu nea ɔrepɛ akyerɛ ankasa?’ Hiob 12:11 ka sɛ: “So ɛnyɛ asõ na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduan hwɛ?” Saa bere yi paa na ehia sɛ woka wo ba ‘nsɛm hwɛ.’ Mmabun taa ka nsɛm penpen. Sɛ nhwɛso no, ebia wo ba bɛka sɛ, “Bere biara woyɛ me sɛ abofra!” anaa “Wuntiee me da.” Sɛ anka wode w’adwene besi nsɛm bi te sɛ “bere biara” ne “da” so no, hu sɛ ɛnyɛ saa ankasa na wo ba no repɛ akyerɛ. Sɛ nhwɛso no, “Bere biara woyɛ me sɛ abofra,” betumi akyerɛ, “Mete nka sɛ wunni me mu ahotoso,” ɛnna “Wuntiee me da,” nso betumi akyerɛ, “Mepɛ sɛ meka sɛnea mete nka ankasa kyerɛ wo.” Bɔ mmɔden hu nea ɔrepɛ akyerɛ ankasa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena