Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Akoa Bi a Ɔyɛɛ Nea Onyankopɔn Pɛ
    Sua Biribi Fi Bible Mu
    • Yosef reguan afi Potifar yere nkyɛn

      ADESUA 14

      Akoa Bi a Ɔyɛɛ Nea Onyankopɔn Pɛ

      Ná Yosef ka Yakob mma nkumaa no ho. Ne nuanom mpanyimfo no huu sɛ wɔn papa pɛ Yosef asɛm paa. Wohwɛ a, na ɛbɛyɛ ne nuanom mpanyimfo no dɛ? Ná wɔn ani bere Yosef, enti na wɔtan no. Yosef soo dae ahorow bi a na ɔnte ase, enti ɔka kyerɛɛ ne nuanom. Yosef nuanom tee dae no ase sɛ, da koro wɔn nyinaa bɛkotow no. Wei maa wɔtan no kɛse!

      Yosef nuanom de no reto amena mu

      Da bi, na Yosef nuanom rehwɛ nguan wɔ kurow bi a ɛbɛn Sekem. Enti Yakob somaa Yosef sɛ ɔnkɔsra wɔn na ɔnhwɛ sɛnea wɔn ho te. Bere a wɔhuu Yosef wɔ akyirikyiri no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ, ‘Akoa a ɔsoso dae no na ɔreba no. Momma yenkum no!’ Enti wɔsoo Yosef mu denneennen, na wɔtow no twenee amena tenten bi mu. Nanso ne nua baako a yɛfrɛ no Yuda kaa sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ mukum no! Mmom, yɛntɔn no na ɔnkɔyɛ akoa.’ Ná Midianfo bi a wɔtɔn nneɛma rekɔ Egypt, enti wɔtɔn Yosef maa wɔn. Midianfo no tuaa sika nnwetɛbona 20 maa ne nuanom no.

      Afei Yosef nuanom de n’ataade hyɛɛ apɔnkye mogya mu. Wɔde atade no kɔmaa wɔn papa na wɔbisaa no sɛ: ‘Ɛnyɛ wo ba no ataade ni?’ Wei maa Yakob adwene yɛɛ no sɛ aboa kɛse bi akum Yosef. Yakob werɛ howee paa. Obiara antumi ankyekye ne werɛ.

      Yosef da afiase

      Wɔtɔn Yosef ma ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Egypt. Ɔpanyin bi a yɛfrɛ no Potifar na ɔtɔɔ no. Nanso na Yehowa ka Yosef ho. Potifar huu sɛ Yosef pɛ adwuma paa, na ɔka nokware nso. Enti ankyɛ koraa na Potifar de biribiara a ɔwɔ hyɛɛ Yosef nsa.

      Potifar yere huu sɛ Yosef ho yɛ fɛ na ɔwɔ ahoɔden nso. Da biara, na maame no ka kyerɛ Yosef sɛ ɔne no nna. Wohwɛ a, Yosef bɛyɛ dɛn? Wampene. Mmom ɔka kyerɛɛ maame no sɛ: ‘Daabi! Ɛyɛ bɔne. Me wura gye me di, na woyɛ ne yere. Sɛ me ne wo da a, na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn!’

      Da bi de, Potifar yere no yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛhyɛ Yosef ama ɔne no ada. Enti osoo Yosef ataade mu denneennen sɛ ɔne no nna, nanso Yosef guanee. Bere a Potifar baa fie no, ne yere ka kyerɛɛ no sɛ Yosef baa ne nkyɛn sɛ ɔne no bɛda. Nanso na maame no retwa atoro. Potifar bo fuwii paa, na ɔde Yosef kɔtoo afiase. Ne nyinaa mu, Yehowa werɛ amfi Yosef.

      “Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Otumfo Nyankopɔn ase na wama mo so bere a ɛsɛ mu.”—1 Petro 5:6

      Nsɛmmisa: Dɛn na Yosef nuanom yɛɛ no? Adɛn nti na wɔde Yosef kɔtoo afiase?

      Genesis 37:1-36; 39:1-23; Asomafo Nnwuma 7:9

  • Yehowa Werɛ Amfi Yosef Da
    Sua Biribi Fi Bible Mu
    • Yosef rekyerɛ Farao dae no ase

      ADESUA 15

      Yehowa Werɛ Amfi Yosef Da

      Yosef da afiase no, Egypt hene Farao sosoo dae, nanso obiara antumi ankyerɛ ase. Farao akoa baako ka kyerɛɛ no sɛ, Yosef betumi akyerɛ dae no ase. Ntɛm ara na Farao ma wɔkɔfaa Yosef bae.

      Farao bisaa Yosef sɛ: ‘Wubetumi akyerɛ me dae no ase?’ Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ: ‘Aduan bebree bɛba Egypt mfe nson. Ɛno akyi no, ɔkɔm bɛba mfe nson. Enti yi obi a onim nyansa na ɔmmoaboa aduan ano mfa nsie, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkɔm renkum wo nkurɔfo.’ Ɛnna Farao nso kaa sɛ: ‘Ɛnde mayi wo! Egypt asaase yi so de, sɛ minni hɔ a, wo na wowɔ hɔ!’ Ɛyɛɛ dɛn na Yosef tumi kyerɛɛ Farao dae no ase? Yehowa na ɔboaa Yosef.

      Yosef rema mmarima bi aboaboa aduan ano asie

      Mfe nson a edi hɔ no, Yosef boaboaa aduan ano siei. Afei ɔkɔm baa wiase nyinaa sɛnea na Yosef aka ato hɔ no. Enti nkurɔfo fii nkurow pii so bɛtɔɔ aduan fii Yosef nkyɛn. Yosef papa Yakob tee sɛ aduan wɔ Egypt. Enti ɔsomaa ne mma du sɛ wɔnkɔtɔ bi mmra.

      Yakob mma no kɔɔ Yosef nkyɛn. Bere a wɔduu hɔ ara pɛ na Yosef huu wɔn. Nanso ne nuanom anhu sɛ ɛyɛ Yosef. Yosef nuanom kotow no. Ɛmaa dae a ɔsoo ne mmofraase no baa mu pɛpɛɛpɛ. Ná Yosef pɛ sɛ ohu sɛ ɔtan da so ara wɔ ne nuanom mu anaa. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Moyɛ akwansrafo. Moaba sɛ morebɛhwɛ yɛn asaase yi, na ama moahu baabi a mubetumi afa abɛyɛ yɛn bɔne.’ Nanso ne nuanom kaa sɛ: ‘Daabi! Yɛyɛ anuanom 12, na yefi Kaanan asaase so. Yɛn nua baako awu, na kumaa no wɔ yɛn papa nkyɛn wɔ fie.’ Ɛnna Yosef kaa sɛ: ‘Ɛnde monkɔfa mo nua kumaa no mmra, ansa na magye nea moaka no adi.’ Enti wɔsan kɔɔ wɔn papa nkyɛn.

      Bere a Yakob abusua no aduan sae no, ɔsan somaa ne mma no kɔɔ Egypt bio. Bere a wɔrekɔ no, wɔde wɔn nua kumaa Benyamin kɔe. Yosef yɛɛ sɛ ɔbɛsɔ ne nuanom ahwɛ. Enti ɔde ne kuruwa (cup) hyɛɛ Benyamin bag mu na ɔkaa sɛ, ne nuanom awia ne kuruwa no. Bere a Yosef nuanom huu kuruwa no wɔ Benyamin bag mu no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa paa. Enti wɔpaa Yosef kyɛw sɛ nea ɔpɛ biara ɔmfa nyɛ wɔn, na wɔn nua Benyamin de, wɔsrɛ sɛ onnyaa no.

      Wei maa Yosef huu sɛ ne nuanom asesa. Afei de, na Yosef yɛ ne ho hwee a ɛnyɛ yiye. Enti osui, na ɔkaa sɛ: ‘Mene mo nua Yosef. Me papa da so te ase anaa?’ Ɛyɛɛ ne nuanom nwanwa paa. Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mommma nea moyɛɛ me no nnhaw mo. Onyankopɔn na ɔde me baa ha sɛ mimmegye mo nkwa. Monyɛ ntɛm nkɔfa me papa mmra ha.’

      Bere a wɔkoduu fie no, wɔkaa anigyesɛm no kyerɛɛ wɔn papa, na wɔkaa sɛ Yosef se wɔmfa no mmra Egypt. Mfe bebree akyi no, Yosef san huu ne papa bio.

      Yosef ne ne papa Yakob reyɛ wɔn ho atuu

      “Sɛ moamfa nkurɔfo mfomso ankyɛ wɔn a, mo Agya nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.”—Mateo 6:15

      Nsɛmmisa: Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so boaa Yosef? Dɛn na Yosef yɛ de kyerɛɛ sɛ, ɔde ne nuanom bɔne akyɛ wɔn?

      Genesis 40:1–45:28; 46:1-7, 26-34; Dwom 105:17-19; Asomafo Nnwuma 7:9-15

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena