Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nwura a Ɛredɛw
    Sua Biribi Fi Bible Mu
    • Mose wɔ baabi a nwura no redɛw no

      ADESUA 18

      Nwura a Ɛredɛw

      Mose tenaa Midian mfe 40. Ɔwaree, na ɔne ne yere woo mma. Da koro bi, na ɔrehwɛ ne nguan wɔ baabi a ɛbɛn Sinai Bepɔw. Ohuu ade bi a ɛyɛ nwonwa. Ná ogya bi redɛw wɔ nwura bi mu, nanso na ɛnhyew! Mose twe bɛn ho sɛ ɔrekɔhwɛ no yiye. Ɛhɔ ara na ɔtee sɛ ɛnne bi refrɛ no wɔ nwura no mu sɛ: ‘Mose! Gyina baabi a wowɔ no ara. Yi wo nan ase mpaboa, efisɛ asaase a wugyina so no yɛ asaase kronkron.’ Ɛyɛ Yehowa na na ɔnam ɔbɔfo bi so rekasa.

      Ná Mose suro, enti ɔkataa n’anim. Ɛnna ɛnne no kaa sɛ: ‘Mahu sɛnea Israelfo no rebrɛ. Megye wɔn afi Egyptfo nsam na mede wɔn akɔ asaase pa so. Wo na wubedi me nkurɔfo anim de wɔn afi Egypt.’ Wunhu sɛ asɛm no bɛyɛ Mose nwanwa paa?

      Mose bisaa Yehowa sɛ: ‘Sɛ mekɔ na sɛ nkurɔfo no bisa me sɛ, hena na ɔsomaa wo a, dɛn na menka?’ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ka kyerɛ wɔn sɛ, Yehowa, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn na asoma wo.’ Afei Mose kaa sɛ: ‘Na sɛ nkurɔfo no antie me nso ɛ?’ Yehowa yɛɛ biribi de kyerɛɛ Mose sɛ Ɔbɛboa no. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmfa poma a okura no nto fam. Bere a ɔde poma no too fam ara pɛ na ɛdanee ɔwɔ! Bere a Mose soo ɔwɔ no dua mu no, ɛsan danee poma. Ɛnna Yehowa kaa sɛ: ‘Sɛ woyɛ wei a, ɛbɛma Israelfo no ahu sɛ me na masoma wo.’

      Mose san kaa sɛ: ‘Minnim kasa papa.’ Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mɛkyerɛ wo nea wobɛka, na mɛma wo nua Aaron akogya wo.’ Afei de, na Mose ahu sɛ Yehowa bɛboa no, enti ɔfaa ne yere ne ne mma, na ɔsan kɔɔ Egypt.

      “Munnnwinnwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka ho, na wɔde nea mobɛka bɛma mo amonom hɔ ara.”—Mateo 10:19

      Nsɛmmisa: Bere a Mose rehwɛ ne nguan no, dɛn na ohui? Dɛn na na Yehowa pɛ sɛ Mose yɛ?

      Exodus 3:1–4:20; Asomafo Nnwuma 7:30-36

  • Ɔhaw Mmiɛnsa a Edi Kan
    Sua Biribi Fi Bible Mu
    • Mose ne Aaron gyina Farao anim

      ADESUA 19

      Ɔhaw Mmiɛnsa a Edi Kan

      Egyptfo no de Israelfo yɛɛ nkoa. Wɔmaa Israelfo no yɛɛ adwuma denneennen. Yehowa somaa Mose ne Aaron sɛ wɔnkɔka asɛm yi nkyerɛ Farao: ‘Ma me nkurɔfo nkɔ nkɔsom me wɔ sare anaa ɛserɛ so.’ Ná Farao mmu ade koraa, enti ɔkaa sɛ: ‘Nea Yehowa bɛka biara, ɛmfa me ho, meremma Israelfo no nnkɔ.’ Afei Farao hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma pii kaa nea na wɔyɛ no ho. Nanso na Yehowa bɛtwe Farao aso. Wunim nea ɔyɛe? Ɔde Ɔhaw Du baa Egyptfo so. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Farao mpɛ sɛ otie me. Ɔbɛkɔ Asubɔnten Nil no ho anɔpa. Kɔ ne nkyɛn na kɔka asɛm yi kyerɛɛ no. Ma onhu sɛ, esiane sɛ wamma me nkurɔfo ankɔ nti, nsu a ɛwɔ Asubɔnten Nil mu nyinaa bɛdan mogya.’ Mose tiee Yehowa na ɔkɔɔ Farao nkyɛn. Aaron de ne poma no bɔɔ nsu no mu wɔ Farao anim, na nsu no danee mogya. Nsu no mu nam nyinaa wui. Afei, na nsu no bɔn kankaankan. Nsu a ɛwɔ Nil mu nyinaa sɛee. Wonom a, na ɛnyɛ yiye. Ne nyinaa akyi, Farao amma Israelfo no ankɔ.

      Nna mmaako mmaako nson akyi no, Yehowa san somaa Mose sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Farao sɛ: ‘Sɛ woamma me nkurɔfo ankɔ a, mpɔtorɔ bebree bɛba Egypt asaase so.’ Aaron maa ne poma so kyerɛɛ soro na mpɔtorɔ bebree baa Egypt asaase so. Mpɔtorɔ no kowurawuraa wɔn afie ne wɔn nkyɛnsee mu. Ebi nso kɔɔ wɔn mpa so. Baabiara a wɔbɛfa biara, na mpɔtorɔ wɔ hɔ. Farao ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmpa Yehowa kyɛw na ɔhaw no nnyae. Ɔkaa sɛ, sɛ ɔhaw no gyae a ɔbɛma Israelfo no akɔ. Enti Yehowa maa ɔhaw no gyaee. Ɛnna Egyptfo no prapraa mpɔtorɔ a awuwu no boaboaa ano. Ná ɔman no mu nyinaa bɔn papaapa. Wei nso ampusuw Farao, na wamma nkurɔfo no ankɔ.

      Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: ‘Ma Aaron mfa ne poma no mmɔ fam, na mfuturu a ɛwɔ fam no bɛdan ntummoa anaa mmoa nketenkete a wɔkeka.’ Ɛhɔ ara na mmoa nketenkete no baa baabiara. Ɛbaa saa no, Farao nkurɔfo no bi ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɔhaw yi de, efi Onyankopɔn.’ Nanso Farao kɔɔ so yɛɛ asoɔden, na wamma Israelfo ankɔ.

      Ɔhaw du no mu mmiɛnsa a ɛbaa Egypt so ni: Asubɔnten Nil no danee mogya, mpɔtorɔ, ne ntummoa bae

      “Mɛma wɔahu me tumi ne m’ahoɔden, na wobehu sɛ me din ne Yehowa.”—Yeremia 16:21

      Nsɛmmisa: Ɔhaw mmiɛnsa bɛn na edii kan bae? Adɛn nti na Yehowa de saa ɔhaw no bae?

      Exodus 5:1-18; 7:8–8:19; Nehemia 9:9, 10

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena