Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
© 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
SEPTEMBER 1-7
BIBLE MU AKORADE | MMEBUSƐM 29
Gyidi Ne Amanne a Ɛnsɔ Yehowa Ani No, Nnye Nntom
wp16.06 6, adaka
Wɔn A Wɔte Ɔsoro No Ho Anisoadehu
Gyidihunu afa nnipa bebree dommum, na ahonhommɔne ho hu akyekyere nnipa pii nso. Enti wɔde nneɛma te sɛ bansere, kawa, ne nsɛbɛ abɔ wɔn ho ban. Ebinom nso adi aduru. Ɛho nhia sɛ wo deɛ, woyɛ saa. Bible no ma yɛn saa awerɛhyem yi: “Yehowa de, n’aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.” (2 Beresosɛm 16:9) Yehowa yɛ nokware Nyankopɔn na ɔwɔ tumi sen Satan koraa. Enti sɛ wode wo ho to no so a, ɔbɛbɔ wo ho ban.
Sɛ Yehowa bɛbɔ wo ho ban a, gye sɛ wusua nea ɔpɛ, na woyɛ. Nhwɛso bi ni. Asomafo no bere so no, Kristofo a na wɔwɔ Efeso a wodi asumansɛm no de wɔn nhoma ba bɛhyew no. (Asomafo Nnwuma 19:19, 20) Saa ara nso na sɛ wopɛ sɛ Onyankopɔn bɔ wo ho ban a, ɛsɛ sɛ wosɛe biribiara a wode di asumansɛm te sɛ bansere, kawa, nsɛbɛ, nhoma ne ade biara a ɛte saa.
w19.04 17 ¶13
Mfa Wo Ho Nhyɛ Owu Ho Amanne a Ɛne Bible Nhyia Mu
13 Sɛ wonte amanne anaa nneyɛe bi ase a, bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma wo nyansa na nya gyidi sɛ ɔbɛboa wo. (Kenkan Yakobo 1:5.) Afei yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ne mpanyimfo a wɔwɔ asafo a wowom no mmɔ ho nkɔmmɔ. Wɔrenkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ, na mmom wobetumi atwe w’adwene asi Bible nnyinasosɛm bi te sɛ nea yɛrebesusuw ho yi so. Wutu saa anammɔn yi a, na woretete ‘w’adwene,’ na ɛbɛboa wo ama woatumi ‘ahu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’—Heb. 5:14.
w18.11 11 ¶12
“Mɛnantew Wo Nokware Mu”
12 Amanne ne nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia. Ebia yɛn abusuafo, yɛn mfɛfo adwumayɛfo, ne yɛn mfɛfo sukuufo bɛtwetwe yɛn sɛ yɛne wɔn nni wɔn afahyɛ ahorow. Sɛ wɔhyɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nhyɛ amanne ne nnapɔnna a ɛnsɔ Yehowa ani mu a, dɛn na ɛbɛboa yɛn? Ehia sɛ yɛkae nea enti pa ara a Yehowa ani nnye nneyɛe a ɛte saa ho. Nea ɛyɛe a saa nnapɔnna no bae no, sɛ yɛyɛ ho nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu a, ɛbɛboa yɛn. Sɛ yɛma nea enti a Kyerɛwnsɛm no ka sɛ mma yenni nnapɔnna a ɛte saa no tena yɛn adwenem a, ɛma yehu pa ara sɛ yɛrebɔ yɛn bra sɛnea “ɛsɔ Awurade ani.” (Efe. 5:10) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa ne n’Asɛm a ɛyɛ nokware no so a, ɛbɛboa yɛn na ɛremma ‘yensuro nnipa.’—Mmeb. 29:25.
Tweetwee Bible Mu
it “Adɛfɛdɛfɛ” ¶1
Adɛfɛdɛfɛ
Adɛfɛdɛfɛ yɛ asɛm a obi hyɛ da nwene de kamfo obi sɛnea ɛbɛyɛ a onipa a ɔrekamfo no no tirim bɛyɛ no dɛ. Afei adɛfɛdɛfɛ san kyerɛ sɛ, onipa bi bɛka nsɛm a ɛboro so, nsɛm a ɛnyɛ nokware, ne nsɛm a emfi ne komam de abɔ ne yɔnko aba so. Mpɛn pii no, nkurɔfo a wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn yɔnko no, wɔde wɔn ano fa onipa a wɔredɛfɛdɛ no no ho sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔredɛfɛdɛfɛ no no ti bɛda, na n’adwene ayɛ no sɛ gyama ne ho hia paa. Enti adɛfɛdɛfɛ pira nea wɔredɛfɛdɛfɛ no no. Nea enti a nkurɔfo dɛfɛdɛfɛ afoforo ne sɛ wɔbenya nnipa a wɔredɛfɛdɛfɛ wɔn no anim anuonyam, anaasɛ wɔbenya biribi afi wɔn hɔ. Afei nso, wɔyɛ saa na ama onipa a wɔredɛfɛdɛfɛ no no adwene aba wɔn so ama wayɛ biribi ama wɔn, anaa wɔde hyɛ onipa a wɔredɛfɛdɛfɛ no no anuonyam. Mpɛn pii no, nkurɔfo dɛfɛdɛfɛ obi de sum no afiri. (Mme 29:5) Obi dɛfɛdɛfɛ ne yɔnko a, ɛkyerɛ sɛ, nyansa a efi soro no, nea ɔredɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no nni bi. Mmom, wiase nyansa na ɔwɔ, efisɛ obi a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no, ɔyɛ pɛsɛmenkominya, ɔyɛ nhwehwɛanim, na ɔyɛ nyaatwom nso. (Yak 3:17) Suban ahorow a edidi so yi, emu biara nni hɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani: Nyaatwom, atorodi, nnipa a wɔhoahoa wɔn de hyɛ wɔn anuonyam, ne obi ano a ɔde fa afoforo ho.—2Ko 1:12; Ga 1:10; Efe 4:25; Kol 3:9; Adi 21:8.
SEPTEMBER 8-14
BIBLE MU AKORADE | MMEBUSƐM 30
“Mma Me Ohia Anaa Ahonyade”
w18.01 24-25 ¶10-12
Ɔdɔ Bɛn Na Ɛma Yɛn Ani Gye Ankasa?
10 Nokwasɛm ne sɛ, yɛn nyinaa hia sika. Sika bɔ yɛn ho ban wɔ ɔkwan bi so. (Ɔsɛnk. 7:12) Nanso, yemmisa sɛ, sɛ sika a obi wɔ yɛ nea ɔde twitwa ne ho nkutoo a, n’ani betumi agye paa anaa? Yiw, n’ani betumi agye paa! (Kenkan Ɔsɛnkafo 5:12.) Yake ba Agur kyerɛwee sɛ: “Mma me ohia anaa ahonyade. Ma me aduan a ɛbɛso me na minni.” Nea enti a na ɔbarima no mpɛ sɛ obedi hia buruburoo no, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛte ase. Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, na ɔmpɛ sɛ ohia bepiapia no ama wabɔ korɔn. Efisɛ ɔbɔ korɔn a, obegu Onyankopɔn din ho fĩ. Nanso, adɛn nti na ɔbɔɔ mpae sɛ ɔmpɛ sɛ onya ahonyade pii? Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ a meremmee na mempa wo nka sɛ: ‘Hena ne Yehowa?’” (Mmeb. 30:8, 9) Ebia wunim nnipa bi a wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn so, na mmom wɔde wɔn ho to wɔn ahonyade so.
11 Nnipa a wɔn ani bere sika ntumi nsɔ Onyankopɔn ani. Yesu kae sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; efisɛ sɛ wantan obiako na wannɔ ɔfoforo no a, ɔbɛbata obiako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.” Yesu fii n’asɛm no ase sɛ: “Munnyae ademude a mohyehyɛ wɔ asase so no, baabi a nwewee ne nkannare sɛe no, na akorɔmfo bubu kowia. Mmom no, monhyehyɛ mo ademude ɔsoro, baabi a nwewee anaa nkannare nsɛe no, na akorɔmfo mmubu nkowia.”—Mat. 6:19, 20, 24.
12 Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wɔn ani ammere ahonyade a, ɛma wɔn ani gye paa. Ɛsan nso ma wonya bere pii som Yehowa. Jack te United States. Ná ɔwɔ ofie kɛse ne adwuma bi, nanso ɔtɔn ne nyinaa. Efisɛ ohui sɛ ɔyɛ saa a ɛbɛma wanya kwan ne ne yere ayɛ akwampae adwuma. Ɔkae sɛ: “Ná ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛtɔn yɛn fie fɛfɛ ne yɛn agyapade a ɛwɔ ɔman no mu no. Nanso mfe bi a atwam no, esiane adwumam nsɛnnennen nti, mɛba fie no na mayɛ basaa. Me yere a ɔyɛ daa kwampaefo no deɛ, bere nyinaa na n’ani agye. Ná me yere taa ka sɛ, ‘Adwumawura biara nni hɔ a ɔbɛto m’adwumawura!’ Seesei a me nso mereyɛ akwampae adwuma no, yɛn mmienu nyinaa reyɛ adwuma ama Owura koro no ara, ɔno ne Yehowa.”
w87 5/15 30 ¶8
Suro Yehowa, Na W’ani Begye
◆ 30:15, 16—Nhwɛso a wɔde ama wɔ kyerɛwnsɛm yi mu no, ɛkyerɛ sɛn?
Ɛma yehu sɛnea adifudepɛ te; sɛ obi yɛ odifudepɛfo a, nea ɔwɔ biara nsɔ n’ani. Amemem twe mogya hyɛ wɔn yafunu mã, nanso wɔmmee da. Saa ara na nnipa a wɔyɛ adifudepɛfo nso te. Daa wɔpere hwehwɛ sika bebree ne tumi pii, nanso ɛmmee wɔn da. Ɔdamoa nso, saa ara na ɛte. Ebue n’anom bere nyinaa mene nnipa a wɔawuwu, nanso ɛmmee, kyerɛ sɛ, ayɛ krado sɛ ɛbɛmene awufo pii. Ɔyafunu a ɛnwo nso, ‘ɛteɛm’ hwehwɛ mma bere nyinaa. (Genesis 30:1) Asaase a ɔpɛ asi so ama ɛso akyen no, sɛ osu tɔ a, ɛnonom nsu no, nanso ɛnkyɛ koraa na ɛso asan awo ayɛ wosee. Sɛ wɔtow nneɛma gu ogya mu ma ɛdɛw buruburuw a, biribiara a ɛbɛn no a ogya betumi ahyew no, ɛtrɛtrɛw kɔhyew no. Saa ara na nnipa a wɔyɛ adifudepɛ nso te. Nanso, nnipa a Onyankopɔn nyansa kyerɛ wɔn kwan de, wɔnte saa. Wɔmma pɛsɛmenkominya mmpiapia wɔn mma wɔnnyɛ adifudepɛ.
w11 6/1 10 ¶4
Ɛdɛn Na Wobɛyɛ Na Woanni Ammoro Sika a Wunya So?
Sie sika ansa na woatɔ ade. Ɛyɛ a nkurɔfo ka sɛ, tete no na na yesie sika ansa na yɛatɔ ade. Nanso, nea ɛwom ne sɛ, sɛ wompɛ sɛ wokɔ sikasɛm mu ahokyere mu a, ade baako a ɛbɛboa wo paa ne sɛ wubesie sika ansa na woatɔ ade. Esiane sɛ nnipa pii sie sika ansa na wɔatɔ ade nti, ɛmma ɛka ne ɛho nsiho a ebu nnipa kɔn mu mmene wɔn. Sɛ wufirifiri nneɛma a, ɛho nsiho no nti, ebewie ase no, na biribiara a wotɔe no bo kɔ soro. Bible ka ntɛtea ho asɛm sɛ, wɔnim “nyansa,” efisɛ wɔsie anaa ‘wɔboaboa wɔn aduan ano wɔ twabere mu,’ na akyiri yi na wɔadi.—Mmebusɛm 6:6-8; 30:24, 25.
w24.06 13 ¶18
Tena Yehowa Ntamadan Mu Afebɔɔ!
18 Eye sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn mu ahu yɛn suban wɔ sika ho. Bisa wo ho sɛ: ‘Metaa dwinnwen sika ne nneɛma a metumi atotɔ ho anaa? Sɛ mekɔbɔ bosea a, ɛyɛ a metwentwɛn me nan ase sɛ metua; ɛyɛ a ɛyɛ me sɛ onipa no de, onhia sika no anaa? Sika ma mete nka sɛ me nso meyɛ obi, nanso me nsam yɛ den anaa? Sɛ onua anaa onuawa bi wɔ sika a, ɛyɛ a mibu no sɛ ɔyɛ sikanibere anaa? Asikafo na me ne wɔn bɔ, na mitwa ahiafo gya anaa?’ Yɛanya hokwan kɛse paa sɛ yɛabɛsoɛ Yehowa ntamadan mu. Sɛ yɛmpɛ sɛ saa hokwan no bɛbɔ yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛn ani ammere sika. Yɛyɛ saa a, Yehowa rennyaw yɛn da!—Kenkan Hebrifo 13:5.
Tweetwee Bible Mu
w09 4/15 17 ¶11-13
Abɔde Ma Yehu Yehowa Nyansa
11 Okukuban nso yɛ aboa ketewa a yebetumi asua biribi a ɛho hia afi ne hɔ. (Monkenkan Mmebusɛm 30:26.) Ɔte sɛ adanko kɛse, nanso ɔno de, n’aso yɛ ntiantiaa nkuruwankuruwa, na n’anan yɛ ntiantiaa. Saa aboa ketewa yi te abotan mu. Okukuban ani a ehu ade kɔ akyiri no bɔ ne ho ban, na ntokuru ne akam a ɛdeda abotan a ɔte mu no mu bɔ ne ho ban fi mmoa a wɔkyere no we ho. Wɔbɔɔ okukuban sɛ ɔne nkukuban foforo mmom ntena, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya ahobammɔ na ama ne ho ayɛ no hyew wɔ awɔwbere mu.
12 Dɛn na yebetumi asua afi okukuban hɔ? Nea edi kan, hyɛ no nsow sɛ saa aboa yi hwɛ ne ho so yiye sɛnea ɛbɛyɛ a aboa bi nkyere no nwe. Ɔde n’ani a ehu ade kɔ akyiri no hu mmoa a wobetumi akyere no awe no wɔ akyirikyiri, na ɔbɛn baabi a ntokuru ne akam deda a obetumi akohyem de abɔ ne ho ban. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛma yɛn ani da hɔ yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahu asiane a ɛwɔ Satan wiase yi mu no. Ɔsomafo Petro tuu Kristofo fo sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn. Mo tamfo Ɔbonsam nenam sɛ gyata a ɔbobom apɛ obi amene no.” (1 Pet. 5:8) Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔkɔɔ so wɛnee, na ɔmaa n’ani daa hɔ wɔ mmɔden biara a Satan bɔe sɛ ɔbɛma wagyae Ne mũdi mu no ho. (Mat. 4:1-11) Yesu yɛɛ nhwɛso pa maa n’akyidifo!
13 Ɔkwan biako a yebetumi afa so awɛn ne sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ nhyehyɛe a Yehowa ayɛ a ɔde bɔ yɛn ho ban no mu. Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu Onyankopɔn Asɛm a yebesua ne Kristofo nhyiam ahorow a yɛbɛkɔ so. (Luka 4:4; Heb. 10:24, 25) Bio nso, sɛnea nkukuban bom tena ma wonya ahobammɔ no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛne yɛn mfɛfo Kristofo bɔ sɛnea ɛbɛyɛ a “obiara benya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ.” (Rom. 1:12) Sɛ yɛyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya Yehowa ahobammɔ a, yɛda no adi sɛ yɛne odwontofo Dawid yɛ adwene wɔ asɛm a ɔkyerɛwee yi ho sɛ: “Yehowa ne me botan ne m’abannennen, ne me Gyefo. Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na miguan metoa no.”—Dw. 18:2.
SEPTEMBER 15-21
BIBLE MU AKORADE | MMEBUSƐM 31
Maame Bi De Afotu Pa Maa Ne Ba—Nea Yebetumi Asua Afi Mu
w11 4/1 19 ¶7-8
Fa Abrabɔ Gyinapɛn a Eye Dua Wo Mma Mu
Ma wonhu ɔbea ne ɔbarima nna ho nokwasɛm nyinaa. Kɔkɔbɔ ho hia. (1 Korintofo 6:18; Yakobo 1:14, 15) Nanso, Bible no ka nna ho asɛm titiriw sɛ ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, na ɛnyɛ Satan afiri. (Mmebusɛm 5:18, 19; Solomon Nnwom 1:2) Sɛ woka asiane a ɛwom nkutoo ho asɛm kyerɛ wo mma a wɔadu mpanyin afe so no a, ɛbɛma wɔanya nna ho adwene a ɛnteɛ a ennyina kyerɛw nsɛm so. Ɔbea bi a ɔwɔ France, a wɔfrɛ no Corrina ka sɛ: “Na m’awofo taa twe adwene si nna mu ɔbrasɛe so, na ɛma mibenyaa adwene a ɛmfata wɔ ɔbea ne ɔbarima nna ho.”
Hwɛ hu sɛ, wo mma behu ɔbea ne ɔbarima nna ho nokwasɛm nyinaa. Ɛna bi a ɔwɔ Mexico a wɔfrɛ no Nadia ka sɛ: “Nea bere nyinaa mabɔ mmɔden sɛ mɛma me mma a wɔadu mpanyin afe so no ahu ne sɛ, nna yɛ ade papa a Yehowa Nyankopɔn bɔ maa nnipa sɛ wɔmfa nnye wɔn ani. Nanso awarefo nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn ho da. Ebetumi ama yɛanya anigye na ebetumi nso de ɔhaw abrɛ yɛn, nanso ne nyinaa gyina sɛnea yɛde bedi dwuma so.”
ijwhf asɛm 4 ¶11-13
Sɛnea Wobɛka Nsã Ho Asɛm Akyerɛ Wo Mma
Ntwɛn mma wo ba no mmebisa wo ansa. Agya bi a ɔwɔ Britain a ne din de Mark ka sɛ, “Sɛ wo ne wo mma nkumaa reka asanom ho asɛm a, wɔn adwene betumi atu afra. Mibisaa me babarima a wadi mfe nwɔtwe sɛ, ɔhwɛ a ɛyɛ papa sɛ yɛnom nsã anaa ɛnyɛ papa? Esiane sɛ mankyere no antena ase sɛ merebisabisa no nsɛm nti, ofii ne koma mu kasae a wamfa biribiara ansie me.”
Sɛ wotaa ne wo ba ka nsã ho asɛm a, ɛbɛboa no pa ara. Hwɛ mfe a wo ba no adi ho na wo ne no nsusuw ɔhaw a asanom betumi akɔfa aba ho. Ma onhu sɛ, sɛ ɔreka kar na ɔnom nsã a, obetumi anya akwanhyia na asanom nso betumi ama ɔde ne ho akɔhyɛ aguamammɔ mu.
Yɛ nhwɛso pa. Mmofra te sɛ foam a etumi nonom nsu. Mmofra taa suasua nkurɔfo a atwa wɔn ho ahyia. Nhwehwɛmu ma yehu sɛ awofo pa ara na mmofra taa suasua wɔn. Wei kyerɛ sɛ, sɛ wonom nsã de tew wo brɛ so anaa wode dwudwo wo ho a, wo ba no nso besusuw sɛ, sɛ adwinnwen hyɛ obi so a, ɛsɛ sɛ ɔnom nsã. Enti yɛ nhwɛso pa ma wo ba no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ yiye wɔ asanom ho.
g17.6 9 ¶5
Kyerɛkyerɛ Wo Mma na Wɔmmrɛ Wɔn Ho Ase
Hyɛ no nkuran ma ɔnyɛ nkurɔfo papa. Ma wo ba nhu sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Wobɛyɛ no sɛn? Ebia na nkurɔfo bi hia mmoa na wɔatumi akodi gua, akɔfa kar, anaa wɔasiesie biribi. Wubetumi ne wo ba no abom akyerɛw saafo no din. Afei wo ne wo ba no nkɔboa saa nkurɔfo no bi. Ma wo ba no nhu sɛ, sɛ woboa nkurɔfo a, w’ani gye na wo koma tɔ wo yam. Woyɛ saa a, wode wo nhwɛso bɛkyerɛkyerɛ wo ba ama wabrɛ ne ho ase. Ɛno ne ɔkwan a eye sen biara a wobɛkyerɛ no ahobrɛase.—Bible mu asɛm: Luka 6:38.
Tweetwee Bible Mu
w92 11/1 11 ¶7-8
Nhomasua Wɔ Bible Mmere Mu
7 Wɔ Israel no, na agya ne ɛna nyinaa kyerɛkyerɛ mma fi wɔn mmofraase pɛɛ. (Deuteronomium 11:18, 19; Mmebusɛm 1:8; 31:26) Wɔ Fransefo Dictionnaire de la Bible mu no, Bible ɔdenimfo E. Mangenot kyerɛwee sɛ: “Sɛ abofra fi ase kasa pɛ a, osua Mmara no mu nsɛm kakra. Ne na tĩ nkyekyem bi mu kyerɛ no; sɛ ohu a, ɔde foforo ka ho. Akyiri yi, wɔde emu nsɛm a mmofra no tumi fi wɔn tirim ka dedaw a wɔakyerɛw hyɛ wɔn nsam. Enti wɔkyerɛɛ wɔn akenkan, na bere a wɔanyinyin no, na wobetumi atoa wɔn nyamesom nkyerɛkyerɛ no so denam Awurade mmara no a wɔbɛkenkan na wɔasusuw ho no so.”
8 Eyi kyerɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ kwan titiriw a wɔfaa so ne sua a wosua ade gu tirim. Ná ɛsɛ sɛ nneɛma a wɔasua a ɛfa Yehowa mmara ne sɛnea ɔne ne nkurɔfo di ho no sian kɔ koma no mu. (Deuteronomium 6:6, 7) Ná ɛsɛ sɛ wodwen ho. (Dwom 77:11, 12) Sɛnea ɛbɛboa mmofra ne mpanyimfo ma wɔakae no, wɔde nneɛma ahorow a ɛboa ma wotumi kaakae nsɛm dii dwuma. Eyinom mu bi ne nsɛm a wɔma ɛsono nkyerɛwde a edi emu biara kan a wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso (te sɛ nea ɛte wɔ Mmebusɛm 31:10-31, NW); alliteration (nsɛmfua a nkyerɛwde anaa nnyigyei koro no ara na wɔde fi ase); ne nɔma a na wɔde di dwuma, te sɛ nea ɛwɔ Mmebusɛm ti 30 ɔfã a etwa to no. Nea ɛyɛ anigye no, Gezer Kalenda a ɛyɛ tete Hebrifo nkyerɛwee nhwɛso a akyɛ sen biara no biako no yɛ nea abenfo bi susuw sɛ ɛyɛ sukuu mmofra ade a na ɛboa ma wɔkae nneɛma.
SEPTEMBER 22-28
BIBLE MU AKORADE | ƆSƐNKAFO 1-2
Monkɔ So Ntete Nkyirimma
w17.01 27-28 ¶3-4
‘Nea Wote Fii M’anom no, Fa Hyɛ Nnipa Anokwafo Nsa’
3 Yɛn mu pii wɔ hɔ a, yɛn ani gye ɔsom hokwan a yɛwɔ no ho, na yɛn yam a anka yɛbɛyɛ no afebɔɔ. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, efi Adam bere so nyinaa, awo ntoatoaso kɔ a, na awo ntoatoaso foforo aba. (Ɔsɛnk. 1:4) Wei ayɛ nsɛnnennen ama nokware Kristofo. Adwuma a Yehowa nkurɔfo reyɛ no, emu atrɛw na nneɛma pii abɛka ho. Wei nti ɛho abehia sɛ yɛde abɛɛfo mfiri yɛ nnwuma pii. Saa mfiri yi nso, ɛnnɛ wei ba a, ɔkyena na foforo aba. Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no bi wɔ hɔ a, ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wɔde mfiri a aba so yi bɛyɛ adwuma. (Luka 5:39) Sɛ wonim mu mpo a, ade rekye a ade resã nyinaa na wɔn ahoɔden so retew. Nanso mmerante deɛ wɔwɔ ahoɔden. (Mmeb. 20:29) Ɛno nti ɛfata sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim no tete mmerante na wɔde asɛyɛde akɛse hyɛ wɔn nsa. Wɔyɛ saa a, ɛkyerɛ ɔdɔ.—Kenkan Dwom 71:18.
4 Wɔn a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no, ɛtɔ da a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔde bi bɛma mmerante. Ebinom suro sɛ anhwɛ a hokwan a ɛda wɔn koma so no befi wɔn nsa. Afoforo nso suro sɛ, sɛ ekodi mmerante nsam a, ebia na wɔanyɛ no sɛnea wɔpɛ. Ebinom nso adwene ne sɛ wonni bere a wɔde bɛtete obi foforo. Anuanom mmerante nso, sɛ wɔmfaa asɛyɛde bebree mmaa mo a, munnya ntoboase; monnyɛ peterepetere.
Tweetwee Bible Mu
it “Ɔsɛnkafo” ¶1
Ɔsɛnkafo
Ahemfo a na wɔdi Israel man no so no, na wɔdi ade wɔ Yehowa akwankyerɛ ase. Enti adwuma a na Israel hene yɛ no, Hebri asɛmfua Qo·heʹleth (a ne nkyerɛase ne “Ɔsɛnkafo; Ɔnoboaboafo; Nea Ɔboaboa Asafo Ano; Dɔmfrɛfo”) kyerɛkyerɛ mu yiye paa. (Ɔsɛ 1:1, 12) Ná ɛyɛ ɔhene a odi Israel so no asɛde sɛ ɔboaboa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so no nyinaa ano ma wɔdi Onyankopɔn a ɔno ne wɔn Hene ankasa no nokware. (1Ah 8:1-5, 41-43, 66) Enti nea na wɔgyina so kyerɛ sɛ ɔhene bi yɛ ɔhene pa anaa ɔhene bɔne ne sɛ, odii ɔman no anim ma wɔsom Yehowa yiye, anaasɛ wanyɛ saa. (2Ah 16:1-4; 18:1-6) Ɔsɛnkafo no, ɔno ne Solomon. Ná Solomon abɔ ne ho mmɔden aboaboa Israelfo no ne amamfrafo a wɔka wɔn ho no ano, anaa wakasa akyerɛ wɔn ama wɔsom wɔ asɔrefie hɔ. Ɔsɛnkafo nhoma yi mu de, nea na Solomon reyɛ ne sɛ ɔbɛboaboa Onyankopɔn nkurɔfo ano, anaa ɔbɛkasa akyerɛ wɔn ama wɔatwe wɔn ho afi wiase yi mu nnwuma funu a mfaso nni so no ho. Afei nso, esiane sɛ na ɔman no ahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn nti, na ɔreboaboa wɔn ano ama wɔayɛ nnwuma a ɛfata wɔn Nyankopɔn no. Hebri asɛmfua Qo·heʹleth no, wɔkyerɛɛ ase Ek·kle·si·a·stesʹ wɔ Greek Septuagint nkyerɛase no mu. Asɛmfua Ek·kle·si·a·stesʹ no na yɛakyerɛ ase “Ɔsɛnkafo” wɔ yɛn Twi Bible ahorow mu no. Nea Ek·kle·si·a·stesʹ kyerɛ ne, “asafo bi muni, anaa obi a ɔka nnipadɔm bi ho.”
SEPTEMBER 29–OCTOBER 5
BIBLE MU AKORADE | ƆSƐNKAFO 3-4
Ahama a Ɛbɔ Ho Mmiɛnsa No, Monhyɛ Mu Den
ijwhf asɛm 10 ¶2-8
Mma Abɛɛfo Mfiri Nnnye Wo Mmmɔ So
● Sɛ wode abɛɛfo mfiri yɛ adwuma ne kwan so a, ebetumi ama w’aware ayɛ yiye. Awarefo sei, sɛ obiara kɔ n’adwuma a, wotumi de di nkitaho sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛte ne yɔnko nka.
“Sɛ wokyerɛw text message ketewa bi kɔma wo kunu anaa wo yere ka kyerɛ no sɛ ‘Medɔ wo’ anaa ‘Mafe wo’ a, ɛboa paa.”—Jonathan.
● Sɛ woamfa abɛɛfo mfiri anyɛ adwuma ne kwan so a, ebetumi ama w’aware ayɛ basaa. Ebinom wɔ hɔ a, daa na wɔn ani si wɔn fon anaa wɔn kɔmputa so. Ɛba saa a, wonnya wɔn yere anaa wɔn kunu ho adagyew papa.
“Minim paa sɛ da bi wɔ hɔ a, me kunu nyae a anka ɔne me bedi nkɔmmɔ paa, nanso fon a m’ani si so nti, ɛyɛ a na wapɛ ne baabi atena.”—Julissa.
● Ebinom ka sɛ, sɛ wɔn ani si fon anaa kɔmputa so mpo a, wobetumi ne wɔn yere anaa wɔn kunu adi nkɔmmɔ kama. Awuraa bi a yɛfrɛ no Sherry Turkle asua nnipa ho nsɛm kɔ akyiri paa. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, “Sɛ obi ka sɛ obetumi akeka nneɛma abɔ so ayɛ ne nyinaa yiye a, ɛnyɛ nokware.” Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wutumi keka nneɛma pii bɔ so yɛ ne nyinaa a, ɛkyerɛ sɛ woyɛ adeɛ, nanso ɛnte saa. Awuraa no toaa n’asɛm no so sɛ, “Sɛ wokeka nneɛma bɔ so pii a, ebiara nni hɔ a wubetumi ayɛ no yiye.”
“Sɛ me ne me kunu bɔ nkɔmmɔ a, m’ani gye paa, nanso sɛ yɛrebɔ nkɔmmɔ na ɔresan ayɛ biribi foforo a, ɛmma m’ani nnye. Sɛ me ne no rebɔ nkɔmmɔ na ɔde ne fon anaa ne kɔmputa reyɛ biribi foforo a, ɛyɛ me sɛ me ho nhia no.”—Sarah.
Nea yɛreka akosi: Abɛɛfo mfiri betumi ama w’aware ayɛ yiye, na ebetumi nso ama no agyigya. Ne nyinaa ne sɛnea wode bɛyɛ adwuma.
w23.05 23-24 ¶12-14
Ma “Yah Gyaframa” No Nkɔ So Nnɛw
12 Sɛn na awarefo betumi asuasua Akwila ne Priskila? Wo de, nneɛma pii a ɛsɛ sɛ wo ne wo kunu anaa wo yere yɛ no, susuw ho hwɛ. Mubetumi abom ayɛ saa nneɛma no bi anaa? Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Akwila ne Priskila boom kaa asɛmpa no. Mo nso, ɛyɛ a motaa bom yɛ saa? Akwila ne Priskila boom yɛɛ adwuma nso. Ebia ɛsono adwuma a woyɛ, ɛnna ɛsono wo hokafo nso de, nanso mubetumi abom ayɛ fie nnwuma no bi anaa? (Ɔsɛnk. 4:9) Sɛ mobom yɛ adwuma bi a, ɛma muhu sɛ moyɛ baako, na munya hokwan bɔ nkɔmmɔ. Robert ne Linda aware bɛboro mfe 50. Robert ka sɛ: “Nokwasɛm ne sɛ, yennya bere pii mfa nnye yɛn ani. Nanso sɛ merehohoro nkyɛnsee mu na me yere repopa mu, anaa sɛ mewɔ abɔnten redɔw na ɔbɛboa me a, ɛma m’ani gye paa. Sɛ yɛbom yɛ nneɛma a, ɛma yɛyɛ baako, na ɛma ɔdɔ a ɛwɔ yɛn ntam no yɛ kɛse.”
13 Monkae sɛ, te a mote bom no ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ mobɛyɛ baako. Ɔbea warefo bi a ɔwɔ Brazil ka sɛ: “Nnansa yi, nneɛma a ɛtwetwe nnipa adwene adɔɔso, enti mahu sɛ yebetumi anya adwene sɛ bɔ a yɛabom te dan baako mu no ara kɛkɛ kyerɛ sɛ yenya bere ma yɛn ho. Mahu sɛ te a yɛte bom akyi no, biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ. Ɛne sɛ menya bere ama me kunu.” Yɛnhwɛ Bruno ne ne yere Tays nso. Wɔhwɛ sɛ obiara benya bere ama ne yɔnko. Ɔbarima no ka sɛ: “Sɛ yɛregye yɛn ahome a, yɛpɛ baabi de yɛn fon to sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya bere ama yɛn ho.”
14 Na sɛ wo ne wo kunu anaa wo yere ani nnye ho sɛ mobɛbom ayɛ nneɛma nso ɛ? Ebia ɛsono nea mo mu biara ani gye ho, anaa ebia obiara ho yɛ ne yɔnko ahi. Sɛ saa a, dɛn na mubetumi ayɛ? Momma yɛnsan nhwɛ anyina a yɛde asɔ gya a yedii kan kaa ho asɛm no. Ɛnyɛ sɛ wosɔɔ gya no ara a na afi ase redɛw brambrambram. Ehia sɛ wode anyina no bi hyehyɛ mu nkakrankakra. Mo nso, saa ara na da biara mubetumi apɛ bere kakra de ayɛ nneɛma bi abom. Monhwɛ sɛ mobɛyɛ biribi a mo mmienu nyinaa ani gye ho, na ɛnyɛ biribi a ɛbɛkɔ akɔfa akasakasa aba. (Yak. 3:18) Mufi ase nkakrankakra a, ebetumi ama moasan ahyɛ mo dɔ no mu gya.
w23.05 21 ¶3
Ma “Yah Gyaframa” No Nkɔ So Nnɛw
3 Sɛ “Yah gyaframa” no bɛkɔ so adɛw wɔ aware bi mu a, ɛsɛ sɛ awarefo no mu biara yere ne ho fa Yehowa adamfo denneennen. Sɛn na saa ayɔnkofa yi boa wɔn aware no? Ayɔnkofa a awarefo no ne wɔn soro Agya no wɔ no, sɛ ɛsom bo ma wɔn a, wɔntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde n’afotu bɛyɛ adwuma. Ɛba saa a, ɔhaw a ebetumi ama wɔn dɔ ano adwo no, wɔtumi kwati anaa wɔtumi gyina ano. (Kenkan Ɔsɛnkafo 4:12.) Afei nso, wɔn a wɔne Yehowa wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbesuasua ne su te sɛ ayamye, abotare, ne bɔnefakyɛ. (Efe. 4:32–5:1) Awarefo a wɔda su a ɛte saa adi no, ɛnyɛ den sɛ ɔdɔ a ɛwɔ wɔn ntam no bɛkɔ so anyin. Onuawa bi a ne din de Lena a waware bɛboro mfe 25 ka sɛ, “Obi a ɔdɔ Yehowa de, ɛnyɛ den sɛ wobɛdɔ no, na woabu no.”
Tweetwee Bible Mu
it “Ɔdɔ” ¶39
Ɔdɔ
“Ɔdɔ Wɔ Ne Bere.” Yehowa dɔ nnipa nyinaa, gye nkurɔfo a obu wɔn sɛ wɔmfata, ne wɔn a wɔasi bɔne kwan so. Onyankopɔn de, ɔda ne dɔ adi kyerɛ nnipa nyinaa kosi sɛ ebinom bɛda wɔn ho adi sɛ wɔtan no. Sɛ ɛba saa a, ɛnde Onyankopɔn nnɔ wɔn bio. Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo nyinaa dɔ adetrenee, na wɔkyi adebɔne. (Dw 45:7; Heb 1:9) Nkurɔfo a wɔkyi nokware Nyankopɔn no kɔkɔɔkɔ de, wɔmfata sɛ oyi ne dɔ adi kyerɛ wɔn. Nokwasɛm ne sɛ, mfaso biara nni so sɛ Onyankopɔn bɛkɔ so ada ne dɔ adi akyerɛ nkurɔfo a wɔkyi no no. Nkurɔfo a wɔte saa no, wɔmfa Onyankopɔn dɔ nyɛ hwee. (Dw 139:21, 22; Yes 26:10) Enti, sɛ Onyankopɔn tan wɔn a, ɛyɛ ne kwan so, na wahyɛ bere ato hɔ a ɔde bɛsɛe wɔn.—Dw 21:8, 9; Ɔsɛ 3:1, 8.
OCTOBER 6-12
BIBLE MU AKORADE | ƆSƐNKAFO 5-6
Nea Yɛyɛ a Ɛkyerɛ Sɛ Yɛwɔ Obu Kɛse Ma Yɛn Nyankopɔn Kokuroko No
w08 8/15 15-16 ¶17-18
Momma Yenni Yɛn Ho Ni Mfa Nhyɛ Yehowa Anuonyam
17 Bible ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yedi yɛn ho ni wɔ ɔkwan soronko so, titiriw, bere a yɛresom Yehowa no. Ɔsɛnkafo 5:1 ka sɛ: “Sɛ worekɔ Onyankopɔn fi a, wɛn w’anan.” Bere a Mose ne Yosua kɔɔ beae bi a na ɛhɔ yɛ kronkron no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonyi wɔn nan ase mpaboa. (Ex. 3:5; Yos. 5:15) Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi de kyerɛ sɛ wɔwɔ obu anaa osuro pa ma Onyankopɔn. Wɔka kyerɛɛ Israel asɔfo sɛ wɔnhyɛ twakoto mfa ‘nkata wɔn adagyaw so.’ (Ex. 28:42, 43) Twakoto a na wɔhyɛ no amma wɔn ho angu hɔ bere a na wɔrebɔ afɔre no. Ná ɛsɛ sɛ asɔfo abusua no muni biara di ne ho ni sɛnea Onyankopɔn akyerɛ wɔn no.
18 Ɛnde, sɛ́ Yehowa asomfo no, ɛsɛ sɛ yedi yɛn ho ni, na yɛda obu adi wɔ biribiara a yɛyɛ mu. Sɛ afoforo bebu yɛn na wɔadi yɛn ni a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa yebu yɛn ho. Ɛnsɛ sɛ nidi a yɛda no adi no yɛ nyaatwom anaa ntadehyɛ mu. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nea nnipa hwɛ, na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea Onyankopɔn hwɛ, na ɛno ne yɛn komam. (1 Sam. 16:7; Mmeb. 21:2) Ɛsɛ sɛ yedi yɛn ho ni wɔ biribiara a yɛyɛ mu, na ɛsɛ sɛ yɛma ɛka yɛn nneyɛe, yɛn abrabɔ, yɛne afoforo ntam abusuabɔ, ne sɛnea yɛn ankasa yebu yɛn ho mpo. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yedi yɛn ho ni wɔ asɛm biara a yɛka ne nea yɛyɛ mu, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa bere nyinaa. Yɛde ɔsomafo Paulo asɛm yi yɛ adwuma wɔ yɛn abrabɔ, yɛn nneyɛe, yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie mu. Ɔkae sɛ: “Yɛnto hintidua biribiara mu, na amma wɔannya yɛn som adwuma no ho asɛm biara; na mmom ade nyinaa mu yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn asomfo.” (2 Kor. 6:3, 4) ‘Yɛhyɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ no kama wɔ ade nyinaa mu.’—Tito 2:10.
w09 11/15 11 ¶21
Sua Bible Na Ɛmma Wo Mpaebɔ Ntu Mpɔn
21 Yesu de gyidi a emu yɛ den bɔɔ mpae wɔ obu mu. Sɛ nhwɛso no, ansa na ɔrenyan Lasaro no, “Yesu maa n’ani so kyerɛɛ soro kae sɛ: ‘Agya, meda wo ase sɛ woatie me. Nokwarem ni, minim sɛ wutie me daa.’” (Yoh. 11:41, 42) So wo mpaebɔ da no adi sɛ wowɔ obu kɛse ne gyidi a ɛte saa? Wode, susuw Yesu mpaebɔ a ɔde yɛɛ nhwɛso a obu wom no ho hwɛ, na wubehu sɛ emu nsɛntitiriw paa no fa Yehowa din ho a wɔbɛtew, n’Ahenni a ɛreba, ne n’apɛde a wɔbɛyɛ ho. (Mat. 6:9, 10) Susuw w’ankasa mpaebɔ ho hwɛ. So ɛda adi sɛ Yehowa Ahenni, n’apɛde a wɔbɛyɛ, ne ne din kronkron no a wɔbɛtew ho no na ɛho hia wo paa? Saa na ɛsɛ sɛ ɛyɛ.
w17.04 6 ¶12
“Nea Woahyɛ Ho Bɔ no, Tua”
12 Asubɔ yɛ anammɔn a edi kan koraa a yetu sɛ yɛbɛsom Yehowa. Yɛbɔ asu wie a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di Onyankopɔn nokware na yɛbɔ yɛn bra sɛnea yehyiraa yɛn ho so maa Onyankopɔn sɛ yɛbɛyɛ no. Enti yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Efi bere a mebɔɔ asu no, nkɔso bɛn na manya wɔ Onyankopɔn som mu? Mifi me koma nyinaa mu resom Yehowa anaa? (Kol. 3:23) Metaa bɔ mpae? Mekenkan Onyankopɔn Asɛm no daa? Mekɔ asafo nhyiam bere nyinaa? Mekɔ asɛnka daa sɛnea metumi? Anaasɛ nsi ne ahokeka a mede yɛ saa nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho no, ano abrɛ ase ɔkwan bi so?’ Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ yɛkɔ so de gyidi ka yɛn nimdeɛ, yɛn boasetɔ, ne yɛn nyamesom pa ho a, yɛrenyɛ mmerɛw wɔ Yehowa som mu.—Kenkan 2 Petro 1:5-8.
Tweetwee Bible Mu
w20.09 31 ¶3-5
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Ɔsɛnkafo 5:8 ka otumfoɔ bi a ɔhyɛ ahiafo so na ɔkyea wɔn atemmu ho asɛm. Ɛsɛ sɛ saa otumfoɔ no kae sɛ ɛbɛyɛ sɛ obi a ɔwɔ aban mu a ɔwɔ tumi sen no rehwɛ nea ɔreyɛ. Saa atumfoɔ yi akyi no, ebia ebinom wɔ hɔ a wɔwɔ tumi sen wɔn. Awerɛhosɛm ne sɛ nnipa aban mu no, ebetumi aba sɛ saa atumfoɔ yi nyinaa kɛtɛasehyɛ ne porɔwee ahyɛ wɔn ma, na wei nti ɛma ɔmanfo no hu amane.
Sɛ mpo ayɛ sɛ nea anidaso biara nni hɔ a, yebetumi anya awerɛkyekye efisɛ yenim sɛ Yehowa ‘rehwɛ wɔn a wɔkorɔn’ wɔ nnipa aban mu no. Yebetumi de yɛn asɛm ato Onyankopɔn anim na yɛadan yɛn adesoa ato no so. (Dw. 55:22; Filip. 4:6, 7) Yenim sɛ “Yehowa de, n’aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.”—2 Be. 16:9.
Enti Ɔsɛnkafo 5:8 ma yehu nea ɛkɔ so paa wɔ nnipa aban mu; ɛma yehu sɛ bere nyinaa obi wɔ tumi sen obi. Afei nso kyerɛwsɛm no ma yehu sɛ, sɛ yɛka obi a ɔwɔ tumi sen obiara a, obiara nto Yehowa efisɛ ɔno ne Otumfoɔ Pumpuni. Seesei ɔnam ne ba Yesu Kristo a ɔyɛ Ahenni no so Hene redi tumi. Ade nyinaa so Tumfoɔ a ɔrehwɛ yɛn nyinaa no bu atɛntrenee na ɔne obiara di no yiye. Saa ara na ne Ba no nso te.
OCTOBER 13-19
BIBLE MU AKORADE | ƆSƐNKAFO 7-8
‘Kɔ Awerɛhow Fie’
it “Awerɛhow” ¶9
Awerɛhow
Awerɛhodi Wɔ Ne Bere. Ɔsɛnkafo 3:1, 4 ka sɛ, “osũ wɔ ne bere, ɛnna ɔserew nso wɔ ne bere; benabɔ wɔ ne bere, ɛnna asaw nso wɔ ne bere.” Esiane sɛ owu sensɛn nnipa nyinaa kɔn mu nti, Bible ka sɛ anyansafo koma nni anigye fie, na mmom ɛwɔ ‘awerɛhow fie.’ (Ɔsɛ 7:2, 4; fa toto Mme 14:13 ho.) Enti sɛ obi wu a, onyansafo mmu n’ani ngu so nkogye n’ani, mmom ɔkɔ awerɛhow fie hɔ kɔma hyɛden, na ɔkyekye wɔn a wɔn biribi awu no werɛ. Wei boa no ma ɔkae sɛ, ɔno nso betumi awu, na ɛma ofi ne komam brɛ ne ho ase hyɛ Ɔbɔadeɛ no ase.
w19.06 23 ¶15
Boa Afoforo Ma Wonnyina Ateetee Ano
15 Mfe bi a atwam no, William yere wui. William kaa sɛ: “Sɛ afoforo ka nneɛma pa a wɔkae wɔ me yere ho kyerɛ me a, m’ani sɔ; ɛma minya awerɛhyem sɛ na nkurɔfo dɔ no, na na wobu no. Ɔkwan a wɔfa so kyekye me werɛ yi boa me pa ara. Nsɛm a wɔka no kyekye me werɛ, efisɛ na me yere da me koma so ankasa, na ɔno ara na na okurakura me.” Bianca yɛ okunafo. Ɔkaa sɛ: “Sɛ afoforo ne me bɔ mpae, na wɔne me kenkan kyerɛwnsɛm baako anaa mmienu a, ɛkyekye me werɛ. Sɛ wɔka me kunu ho asɛm a, ɛboa me, na me nso mereka ne ho asɛm na wɔyɛ aso tie a, ɛhyɛ me nkuran.”
w17.07 15 ¶16
“Mo ne Wɔn a Wosu Nsu”
16 Sɛ yɛne onua anaa onuawa bi a wahwere ne dɔfo bɔ mpae a, etumi kyekye ne werɛ. Yɛbɔ mpae ma no nso a, ɛboa paa. Ebia na awerɛhow amene wo na wopɛ sɛ wusu mpo. Ɛba saa a, ebetumi ayɛ den ama wo sɛ wo ne onii no bɛbɔ mpae. Wo nne betumi apopo na woasu mpo, nanso sɛ wumia w’ani a, wo mpaebɔ no betumi akyekye ne werɛ paa. Dalene kaa nea ɛtoo no. Ɔkae sɛ: “Ɛtɔ da na anuanom mmea bi bɛsra me a, ɛyɛ a meka kyerɛ wɔn sɛ wɔne me mmɔ mpae. Wofi mpaebɔ no ase a, mpɛn pii no wonhu nea wɔnka. Nanso ɛnkyɛ na wɔn nsɛm asisi so. Afei wobɛhwɛ na wɔreka nsɛm a ɛka koma paa. Wɔn gyidi a ɛyɛ den, wɔn dɔ, ne sɛnea wɔwɔ tema no hyɛ me den paa.
w17.07 16 ¶17-19
“Mo ne Wɔn a Wosu Nsu”
17 Ɛsono sɛnea obiara di awerɛhow. Ebi deɛ kyɛ paa, na ebinom nso deɛ nkyɛ saa. Sɛ ade tɔ obi ani a, ahyɛase no, nnamfo ne abusuafo pii begyam no. Nanso, abosome bi akyi no, na obiara agyaw no hɔ akɔtoa n’adwuma so. Enti nyi nea ne dɔfo awu no baako nhyɛ ne nsa. Bible ka sɛ: “Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.” (Mmeb. 17:17) Sɛ obi a wahwere ne dɔfo de bere kakraa bi na ebedi awerɛhow oo, sɛ ɔde bere pii oo, ɛsɛ sɛ ne nuanom Kristofo kɔ so kyekye ne werɛ.—Kenkan 1 Tesalonikafo 3:7.
18 Kae sɛ, sɛ obi dɔfo wu a, nneɛma pii betumi akae ne yaw. Ebi ne sɛ edu da a ne dɔfo no wui biara a, ne werɛ betumi ahow. Afei, nnwom, mfonini, dwumadi ahorow, biribi hua, nnyigyei bi, anaa bere pɔtee bi wɔ afe no mu nso betumi ama wadi awerɛhow. Sɛ obi aware mu hokafo wu, na ɛsɛ sɛ ɔno nko ara yɛ nneɛma bi a na wɔbom yɛ a, ɛno nso betumi ama wadi yaw pii. Ebi ne ɔmansin nhyiam anaa Nkaedi. Onua bi a ne yere wui kae sɛ: “Ná minim sɛ ɛda a yɛde waree no du a, ɛbɛhaw me paa. Ampa-ne-ampa ara, eduu so no, na ɛnyɛ mmerɛw. Nanso anuanom mmea ne mmarima bi yɛɛ nhyehyɛe too pon kakra maa me ne me nnamfo a yɛbɔ kosua tafere. Wɔyɛɛ saa na amma manyɛ ankonam.”
19 Nanso kae sɛ, ɛnyɛ mmere titiriw nko ara na ɛsɛ sɛ yɛkyekye wɔn a ade atɔ wɔn ani werɛ. Junia ka sɛ: “Mpɛn pii no, sɛ ɛnyɛ mmere titiriw, na afoforo bɛboa wo hyɛ wo nkuran a, ɛboa paa. Sɛ wokyekye onipa no werɛ wɔ mmere a ɛte saa mu a, etumi ma ne koma tɔ ne yam.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi hwere ne dɔfo a, awerɛhow a odi no, yɛrentumi nyi ne nyinaa mfi hɔ. Nanso yebetumi ayɛ nneɛma bi de aboa no ama ne koma atɔ ne yam na akyekye ne werɛ. (1 Yoh. 3:18) Gaby ka sɛ: “Meda Yehowa ase paa sɛ ɔhaw yi nyinaa mu no, ɔmaa mpanyimfo no boaa me na wɔanyi me baako anhyɛ me nsa. Nea wɔyɛe no ama mete nka sɛ Yehowa ayɛ me atuu.”
Tweetwee Bible Mu
w23.03 31 ¶18
“Ɛno Na Ɛbɛma Nnipa Nyinaa Ahu Sɛ Moyɛ M’asuafo”
18 Sɛ yɛn nua bi yɛ biribi tia yɛn a, ɛtɔ mmere bi a, ebia yɛbɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne nkyɛn ne no kosiesie. Nanso ansa na yɛbɛyɛ saa no, yebetumi abisa yɛn ho nsɛm a edidi so yi: ‘Minim asɛm no ani so yiye?’ (Mmeb. 18:13) ‘Ebetumi aba sɛ wanhyɛ da na ɔyɛe anaa?’ (Ɔsɛnk. 7:20) ‘Me nso madi mfomso a ɛte saa pɛn anaa?’ (Ɔsɛnk. 7:21, 22) ‘Sɛ meyɛ sɛ me ne no rekosiesie a, ɛbɛsɛe asɛm no koraa anaa?’ (Kenkan Mmebusɛm 26:20.) Sɛ yegye bere dwinnwen nsɛmmisa a ɛtete saa ho a, ebia ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nua no bɛka yɛn na yɛabu yɛn ani agu nea wayɛ yɛn no so.
OCTOBER 20-26
BIBLE MU AKORADE | ƆSƐNKAFO 9-10
Ɔhaw Ahorow a Worefa Mu No, Kɔ So Nya Ho Adwempa
w13 8/15 14 ¶20-21
Mma Wo ‘Koma Nhuru Nhyɛ Yehowa’ Da
20 Hu baabi a ɔhaw no fi. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu baabi a ɔhaw no fi? Asɛm no ne sɛ ɛtɔ da bi a na ɔhaw no fi yɛn ankasa. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde ɛsɛ sɛ yegye tom. (Gal. 6:7) Ɛnsɛ sɛ yɛde hyɛ Yehowa. Adɛn nti na nyansa nnim sɛ yɛde bɛhyɛ no? Ma yɛnyɛ mfatoho bi. Yɛmfa no sɛ drɔbani bi reka kar a eguan paa, na bere a oduu kɔɔf bi so no, wanto ne bo ase ɛnna onyaa akwanhyia. Wohwɛ a ɛsɛ sɛ ɔka sɛ nea ɔyɛɛ kar no na wama asɛm ato no? Dabida! Yɛn nso Yehowa ama yɛn hokwan a yɛn ankasa de besi gyinae a yɛpɛ. Nanso wakyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so asisi gyinae pa. Enti sɛ yedi mfomso a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde kɔto yɛn Bɔfo no so?
21 Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ yɛn haw nyinaa fi yɛn ankasa mfomso. Bible ma yehu biribi foforo a ɛma yehu amane. Ɛka sɛ ‘asiane to yɛn nyinaa bere a yɛnhwɛ kwan.’ (Ɔsɛnk. 9:11) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ Satan Bonsam ne bɔne nyinaa kɔfabae. (1 Yoh. 5:19; Adi. 12:9) Ɔno ne yɛn tamfo, na ɛnyɛ Yehowa!—1 Pet. 5:8.
w19.09 4 ¶10
Yehowa Asomfo a Wɔbrɛ Wɔn Ho Ase Som Bo Ma No
10 Afei nso, yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yebegyina nsɛnnennen ano. Nokwasɛm ne sɛ, ɛtɔ da a yebehu anaa ɛbɛyɛ yɛn sɛ nneɛma bi nkɔ yiye anaa afoforo ne yɛn nni no yiye. Ɔhene Solomon nyansafo no kaa sɛ: “Mahu nkoa a wɔtete apɔnkɔ so bere a adehye nenam fam te sɛ nkoa.” (Ɔsɛnk. 10:7) Ɛnyɛ bere nyinaa na nkurɔfo kamfo wɔn a wɔbɔ wɔn ho mmɔden paa no. Ɛtɔ da a, nkurɔfo a wɔmmɔ wɔn ho mmɔden mmom na afoforo kamfo wɔn na wogye wɔn tom. Nanso, Solomon hui sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ, na ɛnsɛ sɛ yɛde nneɛma a yehu sɛ ɛnkɔ yiye haw yɛn ho. (Ɔsɛnk. 6:9) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ, sɛ nneɛma nkɔ sɛnea yɛpɛ a yɛbɛfa no saa ara, na yɛrenhwɛ kwan sɛ nneɛma bɛkɔ sɛnea yɛpɛ.
w11 10/15 8 ¶1-2
So Mfaso Wɔ Nea Wode Gye W’ani So?
BIBLE da no adi pefee sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye wɔ yɛn asetena mu. Sɛ nhwɛso no, Dwom 104:14, 15 ka sɛ Yehowa ma ‘aduan fi asase mu ba, ɔde nsã ma ɔdesani ma ne koma ani gye, ne ngo a ɛma nnipa anim yɛ hyɛɛhyɛɛ, ne aduan a ɛwowaw ɔdesani koma.’ Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa na ɔma afifide nyin sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya aduan, ngo, ne nsa a ɛboa yɛn ma yetumi tena ase. Ɛwom sɛ sɛ yɛannom nsa a yebetumi atena ase de, nanso nsa betumi ama ‘ɔdesani koma ani agye.’ (Ɔsɛnk. 9:7; 10:19) Nokwarem no, Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye, ɔpɛ sɛ yɛn koma ‘tɔ yɛn yam.’—Aso. 14:16, 17.
2 Enti, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɛyɛ mfomso sɛ yɛde yɛn bere kakra ‘bɛhwɛ ewim nnomaa’ ne “wuram sukooko.” Sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛte saa a, ebetumi ama yɛanya ahoɔden na ama yɛanya anigye kɛse wɔ yɛn asetena mu. (Mat. 6:26, 28; Dw. 8:3, 4) Anigye a yenya wɔ asetena mu ne apɔwmuden yɛ “Onyankopɔn akyɛde.” (Ɔsɛnk. 3:12, 13) Sɛ yebu bere a yɛde gye yɛn ani no sɛ ɛka saa akyɛde no ho a, ɛbɛma yɛde saa bere no agye yɛn ani ma asɔ Onyankopɔn a ɔde saa akyɛde no maa yɛn no ani.
Tweetwee Bible Mu
it “Nseku, Dinsɛe” ¶4, 8
Nseku, Dinsɛe
Nsekudi tumi kowie dinsɛe mu, na etumi dane bɔne ma dinsɛefo no. Nyansa wɔ asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 10:12-14 no mu paa. Ɛhɔ ka sɛ: “Ɔkwasea ano de, ɛsɛe ɔno ara. N’anom asɛm a edi kan yɛ nkwaseasɛm, na n’asɛm a etwa to yɛ abɔdamsɛm pɔtɔɔ. Ɔkwasea de, n’ano nna.”
Ɛwom sɛ ɛtɔ da a, nseku tumi dane dinsɛe, anaa etumi kowie dinsɛe mu, nso ɛnyɛ bere nyinaa na nseku anaa nsekudi haw adwene. Dinsɛe de, ɛsɛe ade bere nyinaa, ɛma nkurɔfo di yaw bere nyinaa, na ɛde akasakasa ba bere nyinaa nso. Ɛtɔ da a, adwemmɔne na ɛma obi sɛe ne yɔnko din. Ɛtɔ da nso a, ɛnte saa. Nanso ne nyinaa mu no, obi a ɔsɛe nkurɔfo din no sɛe ɔne Onyankopɔn ntam, efisɛ nneɛma a Onyankopɔn kyi no, “obiara a ɔsɛe anuanom ntam” ka ho. (Mme 6:16-19) Greek asɛmfua a wɔkyerɛ ase “dinsɛefo,” anaa ‘nea otwa asɛm to nkurɔfo so’ no ne di·aʹbo·los. Esiane sɛ Satan “Ɔbonsam” na ɔsɛe Onyankopɔn din sen obiara nti, Bible de asɛmfua di·aʹbo·los frɛ no sɛ n’abodin. (Yoh 8:44; Adi 12:9, 10; Ge 3:2-5) Wei ma yehu sɛ, nsɛm a wɔtwa to nkurɔfo so de sɛe wɔn din no, nea ɔde bae ne Satan Ɔbonsam.
OCTOBER 27–NOVEMBER 2
BIBLE MU AKORADE | ƆSƐNKAFO 11-12
Hwɛ W’apɔwmuden Yiye, Na Ama W’ani Agye Wɔ Asetenam
g 3/15 13 ¶6-7
Mframa ne Owia—Ɛsa Yare
Biribi wɔ owia hann mu a ɛno nso tumi kunkum yaremmoawa. Nwoma bi a wɔato din Journal of Hospital Infection nso kyerɛkyerɛ mu sɛ, “yaremmoawa a ɛnenam mframa mu no pii ntumi nnyina owia hann ano.”
Wobɛyɛ dɛn anya mframa ne owia so mfasoɔ? Ɛyɛ a pue abɔnten na wɔatumi ahome mframa pa. Wobɛtumi nso ato awia kakra. Wei nyinaa bɛma woanya apɔmuden.
w23.02 21 ¶6-7
Nkwa a Onyankopɔn De Ama Wo No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo
6 Ɛwom sɛ Bible nyɛ apɔwmuden nhoma anaa nhoma a ɛkyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yedi ne nea ɛnsɛ sɛ yedi, nanso ɛma yehu Yehowa adwene wɔ nneɛma a ɛtete saa ho. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yehowa tu yɛn fo sɛ, “nneɛma a ebetumi apira” yɛn nipadua no, yenyi mfi yɛn akwan mu. (Ɔsɛnk. 11:10) Bible kasa tia adidi mmoroso ne asanom bebrebe efisɛ emu biara betumi adi yɛn awu. (Mmeb. 23:20) Yehowa pɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so na yɛannidi anaa yɛannom nsa antra so.—1 Kor. 6:12; 9:25.
7 Yebetumi de yɛn nyansa asisi gyinae a ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nkwa a Onyankopɔn de ama yɛn no paa. (Dw. 119:99, 100; kenkan Mmebusɛm 2:11.) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛnyɛ biribiara na ɛsɛ sɛ yedi. Sɛ yɛn ani gye aduan bi ho, na yɛn ara yenim sɛ yedi a ɛma yɛyare a, ɛnyɛ obi na ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ yɛn sɛ yennyae di. Afei nso, sɛ yetumi da yiye, yɛtaa teɛteɛ yɛn apɔw mu, yedi yɛn ho ne yɛn afie ni a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ yɛn ade nyansam.
w24.09 2 ¶2-3
“Momfa Asɛm No Nyɛ Adwuma”
2 Yehowa asomfo de, yɛwɔ anigye. Adɛn ntia? Nea ɛma yɛn ani gye no dɔɔso; baako a ɛho hia paa ne sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no daa, na yɛyere yɛn ho de yɛ adwuma.—Kenkan Yakobo 1:22-25.
3 Sɛ yɛde ‘asɛm no yɛ adwuma’ a, ɛboa yɛn wɔ akwan pii so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nea yesua wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, sɛ yɛde yɛ adwuma a, ɛma Yehowa gye yɛn tom. Wei ma yɛn ani gye. (Ɔsɛnk. 12:13) Nea yesua wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, sɛ yɛde bɔ yɛn bra a, ɛma yɛne yɛn abusuafo ne yɛn nuanom Kristofo tena fɛfɛɛfɛ. Ebia w’ankasa woahu biribi a ɛte saa wɔ w’asetenam. Afei nso, ɔhaw a wɔn a wɔntie Yehowa hyia no, emu bebree wɔ hɔ a, yɛkwati. Nokwasɛm ne sɛ, yɛne Ɔhene Dawid yɛ adwene. Bere a ɔkaa Yehowa mmara, n’ahyɛde ne n’atemmusɛm ho asɛm wiei no, ɔkaa sɛ: “Nea odi so no nya akatua kɛse.”—Dw. 19:7-11.
Tweetwee Bible Mu
it “Honhom Mu” ¶10
Honhom Mu
Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ, mmarima a Onyankopɔn ma wɔkyerɛw Bible no, ɛnyɛ sɛ na wɔte sɛ robɔt a nea Onyankopɔn bɛka no, na wɔakyerɛw kɛkɛ. Yɛkenkan Bible a, ɛka fa ɔsomafo Yohane ho sɛ, Adiyisɛm a efi “Onyankopɔn home” mu no, Onyankopɔn de maa ɔbɔfo bi, na ɔbɔfo no nam “nsɛnkyerɛnne” so de brɛɛ Yohane. Afei Yohane nso, “asɛm a Onyankopɔn de mae ne adanse a Yesu Kristo de mae, yiw, nea ohui nyinaa no, odii ho adanse.” (Adi 1:1, 2) “Honhom mu” na Yohane ‘baa Awurade da no mu.’ Wɔka kyerɛɛ Yohane sɛ: “Nea wuhu no, kyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee mu.” (Adi 1:10, 11) Enti, ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn hui sɛ eye sɛ ɔbɛma mmarima a wɔkyerɛw Bible no de wɔn ankasa adwene bɛyɛ adwuma de apaw nsɛmfua ne nsɛm a wɔde bɛkyerɛw nneɛma a wɔhui wɔ anisoadehu mu no ne ɛho nkyerɛkyerɛmu. (Hab 2:2) Nanso, wei nkyerɛ sɛ Onyankopɔn gyaa wɔn ma wɔkyerɛw biribiara a wɔn ankasa pɛ, mmom ɔhwɛ ma wɔkyerɛw no yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw no bɛyɛ nokware na ɛne Yehowa atirimpɔw nso ahyia. (Mme 30:5, 6) Asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 12:9, 10 no ma yehu sɛ, Onyankopɔn maa mmarima a wɔkyerɛw Bible no nso yɛɛ biribi boae. Ɛma yehu sɛ wɔdwinnwen nneɛma ho, wɔyɛɛ nhwehwɛmu, ɛnna wɔhyehyɛɛ nsɛm no yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbenya nsɛm a ɛyɛ dɛ, na wɔakyerɛw nsɛm a ɛyɛ nokware no pɛpɛɛpɛ.’—Fa toto Lu 1:1-4 ho.