-
Rahab De Akwansrafo No SieiSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 30
Rahab De Akwansrafo No Siei
Akwansrafo bi fi Israel kɔɔ Yeriko kurow no mu. Wɔtenaa ɔbea bi a yɛfrɛ no Rahab fie. Bere a Yeriko hene tee no, ɔsomaa asogyafo kɔɔ Rahab fie. Rahab de akwansrafo mmienu no siee ne dan no atifi, na ɔmaa asogyafo no faa baabi foforo. Ɔka kyerɛɛ akwansrafo no sɛ: ‘Mɛboa mo efisɛ minim sɛ Yehowa ka mo ho, na mubedi asaase yi so nkonim. Mesrɛ mo, monhyɛ me bɔ sɛ mubegye m’abusua nkwa.’
Akwansrafo no ka kyerɛɛ Rahab sɛ: ‘Yɛhyɛ wo bɔ sɛ bɔne biara rento obiara wɔ fie ha.’ Wɔkaa sɛ: ‘Fa ahama kɔkɔɔ sɛn wo mpoma no ho, na w’abusuafo benya nkwa.’
Rahab de ahama kyekyeree ne mpoma ho maa akwansrafo no faa ho sii fam. Wɔde wɔn ho kosiee mmepɔw so nnansa ansa na wɔresan akɔ Yosua nkyɛn. Afei Israelfo twaa Asubɔnten Yordan no, na wɔsiesiee wɔn ho sɛ wɔbɛko afa asaase no. Kurow a edi kan a wɔdii so nkonim ne Yeriko. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ da biara, wɔnnantew ntwa kurow no ho nhyia baako. Wɔyɛɛ saa nnansia, na da a ɛtɔ so nson no de, wɔnantew twaa kurow no ho hyiae mpɛn nson. Ɛno akyi no, asɔfo no hyɛn wɔn abɛn no, na asogyafo no nso teɛteɛɛm denneennen. Ɛbaa saa no, kurow no afasu nyinaa bubu guu fam! Ná Rahab fie no si ɔfasu no so. Nanso ɛno de, ammubu. Rahab ne n’abusuafo nyaa nkwa, efisɛ onyaa Yehowa mu gyidi.
“Rahab nso, bere a ogyee mmarima a wɔsomaa wɔn no kama na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no, ɛnkyerɛ sɛ nnwuma so na wɔnam buu no bem anaa?”—Yakobo 2:25
-
-
Yosua Ne Gibeonfo NoSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 31
Yosua Ne Gibeonfo No
Nea ɛtoo Yeriko no, nkurow a ɛwɔ Kaanan nyinaa tee ho asɛm. Enti ahemfo anaa ahene a wɔwɔ hɔ no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka abom na wɔne Israelfo ako. Nanso Gibeonfo de, wɔfaa adwene foforo. Wɔhyɛɛ ntaade a atetew kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Yefi asaase a ɛwɔ akyirikyiri so na aba. Yɛate Yehowa ho asɛm. Nea ɔyɛ maa mo wɔ Egypt ne Moab nso, yɛate. Hyɛ yɛn bɔ sɛ morenyɛ yɛn hwee, na yɛn nso yɛbɛyɛ mo nkoa.’
Yosua gyee nea wɔkae no dii, enti ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔrenyɛ wɔn hwee. Nnansa akyi no, ohuu sɛ, sɛɛ na nkurɔfo no mfi akyirikyiri asaase so. Ná wɔyɛ Kaananfo. Enti Yosua bisaa Gibeonfo no sɛ: ‘Adɛn nti na mudii atoro kyerɛɛ yɛn?’ Wɔkaa sɛ: ‘Ná yesuro! Yenim sɛ Yehowa mo Nyankopɔn reko ma mo. Yɛsrɛ mo, mma munkum yɛn.’ Yosua dii ne bɔhyɛ so, na wankum wɔn.
Ankyɛ koraa na Kaanan ahemfo nnum ne wɔn asogyafo fii ase hunahunaa Gibeonfo no. Yosua ne n’asogyafo nantew anadwo no nyinaa sɛ wɔrekogye wɔn afi wɔn atamfo no nsam. Ade kyee no, anɔpa paa na ɔko no fii ase. Kaananfo no fii ase guanee. Nanso baabiara a wɔfae no, Yehowa maa abo akɛse fii soro bekunkum wɔn. Afei Yosua srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma owia no nnyina. Ná owia no nnyinaa da. Ɛnde, dɛn na ɛmaa Yosua srɛɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ saa? Efisɛ na Yosua gye Yehowa di. Saa da no, owia gyinaa faako ara kosii sɛ Israelfo no dii Kaanan ahemfo no ne wɔn asogyafo no so nkonim.
“Momma mo ‘Yiw’ nyɛ yiw, na mo ‘Daabi’ nyɛ daabi, efisɛ nea ɛboro eyinom so no fi ɔbɔnefo no.”—Mateo 5:37
-