-
Esra Kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn MmaraSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 66
Esra Kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Mmara
Israelfo dodow no ara san kɔɔ Yerusalem. Wɔkodui no, bɛyɛ mfe 70 twaa mu, nanso na Israelfo no bi da so ara wɔ Persia Ahemman no afã bi. Ná wɔn mu baako yɛ ɔsɔfo. Ne din de Esra. Ná ɔkyerɛkyerɛ Yehowa Mmara. Esra tee sɛ nkurɔfo a wɔwɔ Yerusalem no nni Mmara no so. Enti, na Esra pɛ sɛ ɔkɔ hɔ kɔboa wɔn. Persia Hene Artasasta ka kyerɛɛ Esra sɛ: ‘Onyankopɔn ama wo nyansa sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akyerɛkyerɛ ne Mmara. Kɔfa obiara a ɔpɛ sɛ ɔne wo kɔ no, na wo ne no nkɔ.’ Esra ne wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ Yerusalem no nyinaa hyiae. Ná ɔkwan a wɔrebetwa no ware. Enti wɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmɔ wɔn ho ban ma wɔnkodu asomdwoe mu. Afei wɔsii mu kɔe.
Abosome nnan akyi, wɔduu Yerusalem. Ɔman no mu mpanyimfo ka kyerɛɛ Esra sɛ: ‘Israelfo ayɛ Yehowa so asoɔden, na wɔawareware mmea a wɔsom abosom.’ Dɛn na Esra yɛe? Esra buu nkotodwe wɔ nkurɔfo no anim, na ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, woayɛ nneɛma pii ama yɛn, nanso yɛayɛ bɔne atia wo.’ Nkurɔfo no nuu wɔn ho de, nanso na wɔda so ara reyɛ nneɛma bɔne. Esra yii mpanyimfo ne atemmufo bi sɛ, wɔnhwehwɛ saa nsɛm no mu. Bere a abosome mmiɛnsa baa awiei no, na wɔapam wɔn a wɔnsom Yehowa no.
Mfe dumienu twaa mu. Wɔsan sii Yerusalem afasu no wɔ mfe dumienu no mu. Saa bere no, Esra boaboaa nkurɔfo no ano wɔ abɔnten sɛ ɔrebɛkenkan Onyankopɔn Mmara no akyerɛ wɔn. Bere a Esra buee nhoma no mu no, nkurɔfo no sɔre gyinaa hɔ. Esra yii Yehowa ayɛ, na nkurɔfo no nso momaa wɔn nsa so de kyerɛɛ sɛ wɔgye tom. Afei Esra kenkan Mmara no, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu. Nkurɔfo no nso yɛɛ aso tiei. Wɔgye toom sɛ wɔasan atwe wɔn ho afi Yehowa ho, enti wɔsui. Ade kyee no, Esra san kenkan Mmara no mu nsɛm pii kyerɛɛ nkurɔfo no. Wɔhuu sɛ ɛrenkyɛ na Apata Afahyɛ no bere aso. Ɛhɔ ara na wɔfii ase boaboaa wɔn ho maa afahyɛ no.
Nkurɔfo no de nnanson gyee wɔn ani wɔ afahyɛ no ase, na wɔdaa Yehowa ase sɛ wama wɔanya nnɔbae pii. Efi Yosua bere so besi saa bere no, na wɔnnii Apata Afahyɛ a ɛte saa da. Bere a nkurɔfo no dii afahyɛ no wiei no, wɔboaboaa wɔn ho ano. Wɔbɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, wo na wugyee yɛn fii nkoasom mu. Wo na womaa yɛn aduan wɔ sare so, na wo na wode asaase fɛfɛɛfɛ yi maa yɛn. Nanso, yɛayɛ wo so asoɔden mpɛn pii. Wosomaa adiyifo ma wɔbɛbɔɔ yɛn kɔkɔ, nanso yɛantie. Ne nyinaa akyi, wunyaa yɛn ho abotare. Wudii ɛbɔ a wohyɛɛ Abraham no so. Afei yɛhyɛ bɔ sɛ yebetie wo.’ Nkurɔfo no kyerɛw ɛbɔ a wɔhyɛe no too hɔ. Afei, ɔman no mu mpanyimfo, Lewifo, ne asɔfo no de wɔn nsa hyɛɛ ase.
“Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!”—Luka 11:28
-
-
Yerusalem AfasuSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 67
Yerusalem Afasu
Momma yɛnkɔ yɛn akyi kakra nkɔhwɛ nea ɛyɛe a wɔsii Yerusalem afasu no. Nehemia yɛ Israelni, na na ɔyɛ Ɔhene Artasasta somfo. Ná ɔte Persiafo kurow Susan mu. Nehemia nuabarima fii Yuda bɛkaa awerɛhosɛm bi kyerɛɛ no. Ɔbɛkaa sɛ: ‘Nkurɔfo a wɔsan baa Yerusalem no, wɔnni ahobammɔ. Kurow no afasu ne apon a Babilonfo bubui no, besi nnɛ obiara nsii.’ Asɛm no haw Nehemia. Ná Nehemia pɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kɔboa. Enti ɔbɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhene no bɛma no akɔ.
Akyiri yi, ɔhene no huu sɛ Nehemia anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ. Ɔhene no bisaa no sɛ: ‘Minhuu wo sei da. Ɛyɛ asɛm bɛn?’ Nehemia kaa sɛ: ‘Me kurom Yerusalem asɛe, adɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ?’ Ɔhene no bisaa no sɛ: ‘Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?’ Ntɛm ara na Nehemia bɔɔ mpae wɔ ne tirim. Afei ɔkaa sɛ: ‘Mesrɛ wo, ma menkɔ Yerusalem nsan nkosi afasu no.’ Ɔhene Artasasta ka kyerɛɛ Nehemia sɛ obetumi akɔ. Ɔhene no yɛɛ nhyehyɛe maa no, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atwa kwantenten no akodu asomdwoe mu. Afei, ɔmaa Nehemia yɛɛ Yuda man no so amrado. Ɔmaa no nnua a ɔde bɛyɛ kurow no apon nso.
Bere a Nehemia duu Yerusalem no, ɔkɔhwɛɛ kurow no afasu no. Afei ɔboaboaa asɔfo ne mpanyimfo no ano, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Yɛn asɛm ayɛ mmɔbɔ. Ɛsɛ sɛ yesiesie ha.’ Nkurɔfo no penee so, na wɔfii ase sɛ wɔresan asi afasu no.
Nanso, Israelfo no atamfo binom serew wɔn. Wɔkaa sɛ: ‘Wuram kraman mpo betumi abubu ɔfasu a moresi yi.’ Adwumayɛfo no amma nsɛm a wɔn atamfo kae no ammu wɔn abam. Wɔkɔɔ so yɛɛ adwuma no. Ɔfasu no kɔɔ soro, na ɛyɛɛ den.
Atamfo no yɛɛ wɔn adwene sɛ, wɔbɛfa akwan horow so aba Yerusalemfo no so prɛko pɛ. Bere a Yudafo no tee nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ no, wɔn koma tui. Nanso Nehemia kaa sɛ: ‘Munnsuro, Yehowa ka yɛn ho.’ Ɔmaa awɛmfo bɔɔ adwumayɛfo no ho ban. Enti atamfo no antumi ammɛto anhyɛ wɔn so.
Nna 52 pɛ no, wɔtoo afasu no wiei, na wɔsisii apon no nso. Nehemia de Lewifo no nyinaa baa Yerusalem sɛ wɔrebehyira afasu no so. Ɔhyehyɛɛ wɔn yɛɛ wɔn nnwontofo akuw mmienu. Wɔforoo stɛps a ɛwɔ Nsuaniwa Pon no ho kɔɔ ɔfasu no atifi. Nnwontofo kuw no baako de wɔn ani kyerɛɛ nifa, baako nso de wɔn ani kyerɛɛ benkum. Wɔnantew faa kurow no ho hyiae. Wɔhyɛn ntorobɛnto, wɔbɔɔ nnawuru, ne asanku de too nnwom maa Yehowa. Esra ne nnwontofo kuw baako kɔe, na Nehemia nso ne baako kɔe. Wɔnantewee ara kosii sɛ wɔhyiae wɔ asɔrefie hɔ. Nnipa a wɔwɔ Yerusalem no nyinaa bɔɔ afɔre maa Yehowa, na wɔgyee wɔn ani. Mmarima, mmea, ne mmofra nyinaa gyee wɔn ani. Nnipa a wɔwɔ akyirikyiri no mpo tee nnwom a na wɔde anigye reto no.
“Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye.”—Yesaia 54:17
-