Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Elisabet Awo Ba
    Sua Biribi Fi Bible Mu
    • Sakaria ka kyerɛɛ ne nnamfo ne n’abusuafo sɛ yɛbɛfrɛ ne ba no Yohane

      ADESUA 68

      Elisabet Awo Ba

      Bere a wɔsan too Yerusalem afasu no wiei no, bɛboro mfe 400 twaa mu. Ná ɔsɔfo bi ne ne yere te kurow bi a ɛbɛn Yerusalem. Yɛfrɛ ɔbarima no Sakaria, ɛnna ɔbea no nso de Elisabet. Ná wɔaware mfe pii, nanso na wɔnni mma. Da bi, Sakaria kɔhyew aduhuam wɔ asɔrefie kronkronbea hɔ, na ɔbɔfo Gabriel yii ne ho adi kyerɛɛ no. Ehu kaa Sakaria, nanso Gabriel kaa sɛ: ‘Nsuro. Mede asɛmpa fi Yehowa hɔ rebrɛ wo. Wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima, na yɛbɛfrɛ no Yohane. Yehowa ayi Yohane sɛ ɔmmɛyɛ adwuma titiriw bi.’ Sakaria bisaa ɔbɔfo no sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn agye wo adi? Me ne me yere nyinaa anyin dodo sɛ yɛbɛwo ba.’ Gabriel kaa sɛ: ‘Onyankopɔn na wasoma me sɛ memmɛka saa asɛm yi nkyerɛ wo. Nanso esiane sɛ woannye me anni nti, worentumi nkasa kosi sɛ wɔbɛwo abofra no.’

      Saa da no de, Sakaria hyɛɛ kronkronbea hɔ kyɛe paa. Enti afei bere a opuei no, na nnipa a wɔretwɛn wɔ abɔnten hɔ no pɛ sɛ wɔhu asɛm a asi. Ná Sakaria ntumi nkasa. Ne nsa nko ara na na ɔde reyɛ nsɛnkyerɛnne. Enti nkurɔfo no huu sɛ Sakaria ate asɛm bi afi Onyankopɔn hɔ.

      Bere bi akyi no, Elisabet nyinsɛnee. Ɔwoo ɔbabarima sɛnea ɔbɔfo no kae no. Elisabet nnamfo ne n’abusuafo bɛhwɛɛ abofra no. Wɔn ani gyee paa sɛ Elisabet awo ba. Elisabet kaa sɛ: ‘Yɛbɛfrɛ abofra no Yohane.’ Wɔn a wɔbɛhwɛɛ abofra no kaa sɛ: ‘Obiara nni w’abusua mu a ne din de Yohane. Fa abofra no papa din to no, na frɛ no Sakaria.’ Nanso Sakaria kyerɛw sɛ: ‘Ne din de Yohane.’ Ɛhɔ ara na Sakaria tumi kasaa bio! Abofra no ho nsɛm trɛw kɔɔ Yudea nyinaa, na nkurɔfo bisaa sɛ: ‘Abofra yi nyin a, ɔbɛyɛ onipa bɛn?’

      Afei honhom kronkron hyɛɛ Sakaria mã. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Nhyira nka Yehowa. Ɔhyɛɛ Abraham bɔ sɛ ɔbɛma ogyefo bi abegye yɛn. Ɔno ne Mesia no. Yohane bɛyɛ odiyifo, na ɔno na obesiesie kwan mu ama Mesia no.’

      Elisabet busuani Maria nso, biribi soronko sii n’asetenam. Yebehu ɛho asɛm wɔ ti a edi hɔ no mu.

      “Nnipa fam de eyi rentumi nyɛ yiye, nanso Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.”—Mateo 19:26

      Nsɛmmisa: Asɛm bɛn na Gabriel ka kyerɛɛ Sakaria? Adwuma titiriw bɛn na na Yohane bɛyɛ?

      Mateo 11:7-14; Luka 1:5-25, 57-79; Yesaia 40:3; Malaki 3:1

  • Gabriel Baa Maria Nkyɛn
    Sua Biribi Fi Bible Mu
    • Ɔbɔfo Gabriel baa Maria nkyɛn

      ADESUA 69

      Gabriel Baa Maria Nkyɛn

      Ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ dae mu

      Ná Elisabet wɔ busuani bi a yɛfrɛ no Maria. Ná Maria yɛ ababaa a ɔte kurow bi a yɛfrɛ no Nasaret mu, na na Nasaret wɔ Galilea. Ná Yosef ne Maria ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware. Ná Yosef yɛ kapentani. Bere a Elisabet nyinsɛn abosome nsia no, ɔbɔfo Gabriel baa Maria nkyɛn. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Maria sɛ: ‘Maria, asomdwoe nka wo. Woanya Yehowa anim dom kɛse.’ Maria ante asɛm a ɔbɔfo Gabriel kae no ase. Enti ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wubenyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima. Ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu. Ɔbɛyɛ Ɔhene. N’Ahenni bɛtena hɔ daa.’

      Maria kaa sɛ: ‘Me ne ɔbarima nnae. Mɛyɛ dɛn atumi awo ba?’ Gabriel buaa sɛ: ‘Biribiara nni hɔ a Yehowa rentumi nyɛ. Honhom kronkron bɛba wo so, na wobɛwo ɔbabarima. Wo busuani Elisabet nso anyinsɛn.’ Ɛnna Maria kaa sɛ: ‘Meyɛ Yehowa abaawa. Ɛnyɛ hɔ mma me sɛnea woaka no.’

      Yosef waree Maria a na wanyinsɛn no

      Maria kɔɔ kurow bi a ɛda mmepɔw so sɛ ɔrekɔsra Elisabet. Bere a Maria kyiaa Elisabet no, abofra a ɔhyɛ Elisabet yafunu mu no huruwii. Honhom kronkron hyɛɛ Elisabet mã, na ɔkaa sɛ: ‘Maria, Yehowa ahyira wo. Ɛyɛ hokwan na manya sɛ me Wura maame aba me fie.’ Maria kaa sɛ: ‘Mede me koma nyinaa yi Yehowa ayɛ.’ Maria tenaa Elisabet nkyɛn abosome mmiɛnsa. Ɛno akyi no, ɔkɔɔ ne fie wɔ Nasaret.

      Bere a Yosef tee sɛ Maria anyinsɛn no, na ɔpɛ sɛ otwa aware nhyehyɛe no mu. Nanso, ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yosef sɛ: ‘Nsuro sɛ wobɛware no. Ɔnyɛɛ bɔne biara.’ Enti Yosef waree Maria, na ɔde no kɔɔ ne fie.

      “Nea ɛsɔ Yehowa ani biara no, ɔyɛ wɔ ɔsoro ne asaase so.”—Dwom 135:6

      Nsɛmmisa: Asɛm bɛn na Gabriel ka kyerɛɛ Maria faa ne ba a na ɔbɛwo no no ho? Nea esii wɔ Elisabet ne Maria asetenam no, ɛma wɔtee nka sɛn?

      Mateo 1:18-25; Luka 1:26-56; Yesaia 7:14; 9:7; Daniel 2:44; Galatifo 4:4

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena