-
Abɔfo Bɛkaa Sɛ Wɔawo YesuSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 70
Abɔfo Bɛkaa Sɛ Wɔawo Yesu
Kaesare Augusto na na odi Roma Ahemman no so. Ɔhyɛɛ mmara sɛ Yudafo nyinaa nkɔ wɔn kurom nkɔkyerɛw wɔn din. Enti Yosef ne Maria kɔɔ Betlehem. Ɛhɔ na na Yosef abusuafo fi. Saa bere no, na aka kakraa bi ama Maria awo.
Bere a wɔduu Betlehem no, baabi a wɔnya tenae no, na ɛhɔ yɛ mmoa dan mu. Ɛhɔ na Maria woo ne ba Yesu. Ɔde ntama kyekyeree abofra no, na ɔde no too mmoa adididaka mu bɔkɔɔ.
Ná nguanhwɛfo bi wɔ abɔnten anadwo rehwɛ wɔn nguan. Ná baabi a wɔwɔ no bɛn Betlehem. Mpofirim ara na ɔbɔfo bi begyinaa wɔn anim. Yehowa anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiae. Ehu kaa nguanhwɛfo no. Nanso, ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munnsuro. Mede asɛmpa rebrɛ mo. Ɛnnɛ, wɔawo Mesia no wɔ Betlehem.’ Saa bere no ara, nguanhwɛfo no huu abɔfo pii wɔ wim. Abɔfo no kaa sɛ: ‘Anuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoe mmra asaase so.’ Afei abɔfo no yerae. Dɛn na nguanhwɛfo no yɛe?
Nguanhwɛfo no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: ‘Momma yɛnkɔ Betlehem seesei ara.’ Ntɛm ara na wɔkɔe. Wɔhuu Yosef ne Maria, ne wɔn ba a wɔawo no foforo no wɔ mmoa dan no mu.
Obiara a ɔtee asɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ nguanhwɛfo no ho dwiriw no. Maria dwinnwen asɛm a ɔbɔfo no kae no ho yiye, na ne werɛ amfi da. Nguanhwɛfo no san kɔhwɛɛ wɔn nguan. Wɔdaa Yehowa ase wɔ nea wɔahu ne nea wɔate no nyinaa ho.
“Mifi Onyankopɔn hɔ na aba ha. Ɛnyɛ me ara na mede me pɛ bae, na mmom Ɔno na ɔsomaa me.”—Yohane 8:42
-
-
Yehowa Bɔɔ Yesu Ho BanSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 71
Yehowa Bɔɔ Yesu Ho Ban
Ná nkurɔfo bi wɔ Israel apuei fam a wɔgye di sɛ nsoromma betumi akyerɛ wɔn kwan. Anadwo bi, mmarima bi a wɔfi Apuei fam huu biribi a ɛte sɛ nsoromma a ɛhyerɛn paa sɛ ɛnam wim. Enti wɔdii akyi. “Nsoromma” no dii wɔn anim de wɔn kopuee Yerusalem. Mmarima no duu hɔ no, wɔbisabisaa nkurɔfo sɛ: ‘Abofra a ɔbɛyɛ Yudafo hene no wɔ he? Yɛaba sɛ yɛrebɛkotow no.’
Bere a Yerusalem hene Herode tee ɔhene foforo bi ho asɛm no, ɛhaw no paa. Ɔhene no bisaa asɔfo mpanyin no sɛ: ‘Ɛhe na wɔkyerɛ sɛ wɔbɛwo saa ɔhene yi?’ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Adiyifo no kaa sɛ wɔbɛwo no wɔ Betlehem.’ Enti Herode frɛɛ mmarima a wɔfi Apuei fam no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ saa abofra yi, na mommɛka baabi a ɔwɔ no nkyerɛ me. Mepɛ sɛ me nso mekɔkotow no.’ Nanso, na ɛyɛ atoro na ɔredi.
“Nsoromma” no san dii wɔn anim bio. Mmarima no dii akyi koduu Betlehem. “Nsoromma” no kogyinaa fie bi atifi, na mmarima no kɔɔ fie no mu. Wɔhuu Yesu ne ne maame Maria. Wɔkotow abofra no, na wɔkyɛɛ no sika kɔkɔɔ, ɛhyɛ, ne kurobow. Enti ɛyɛ ampa sɛ Yehowa na ɔsomaa saa mmarima yi sɛ wɔnkɔhwehwɛ Yesu anaa? Daabi.
Saa anadwo no, Yehowa ka kyerɛɛ Yosef wɔ dae mu sɛ: ‘Herode pɛ sɛ okum Yesu. Fa wo yere ne wo ba no na munguan nkɔ Egypt. Montena hɔ nkosi sɛ mɛka akyerɛ mo sɛ monsan mmra.’ Ntɛm ara na Yosef ne n’abusua kɔɔ Egypt.
Yehowa ka kyerɛɛ mmarima a wɔfi Apuei fam no sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔsan kɔ Herode nkyɛn. Bere a Herode huu sɛ mmarima no ansan amma no, ne bo fuwii paa. Esiane sɛ Herode nsa anka Yesu nti, ɔhyɛɛ mmara sɛ wɔnkunkum mmarimaa nkumaa a wɔn mfe te sɛ Yesu a wɔwɔ Betlehem no nyinaa. Nanso, wɔannya Yesu, efisɛ na Yesu wɔ Egypt nohoa.
Bere bi akyi no, Herode wui. Yehowa ka kyerɛɛ Yosef sɛ: ‘Afei de, mubetumi asan akɔ.’ Enti Yosef, Maria, ne Yesu san kɔɔ Israel, na wɔkɔtenaa Nasaret.
“Saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ . . . , na nea ɛbɛyɛ biara, ebewie nea enti a mesomaa no no.”—Yesaia 55:11
-