-
Abofra YesuSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 72
Abofra Yesu
Yosef, Maria ne wɔn ba Yesu tenaa Nasaret. Ná wɔn mmabarima ne wɔn mmabaa a aka nso ka wɔn ho. Ná Yosef yɛ kapenta adwuma de hwɛ n’abusua. Yosef kyerɛkyerɛɛ n’abusua no Yehowa ne ne Mmara ho asɛm. Ná ɔne n’abusua no kɔ hyiadan mu daa kɔsom. Afe biara nso, na wɔkɔ Yerusalem kodi Twam Afahyɛ no.
Bere a Yesu dii mfe 12 no, ɔne n’abusua twaa kwantenten kɔɔ Yerusalem sɛnea na wɔtaa yɛ no. Ná nnipa a wɔrebedi Twam Afahyɛ no dɔɔso paa wɔ kurow no mu. Afahyɛ no akyi, Yosef ne Maria sii mu sɛ wɔresan akɔ wɔn fie. Wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ ebia Yesu afra nnipadɔm a wɔretu kwan no mu. Nanso bere a wɔhwehwɛɛ no wɔ wɔn abusuafo mu no, wɔanhu no.
Yosef ne Maria san wɔn akyi kɔɔ Yerusalem. Wɔde nnansa kyini hwehwɛɛ wɔn ba no. Awiei koraa no, wɔkɔɔ asɔrefie hɔ. Wɔduu hɔ no, wɔhuu sɛ Yesu te akyerɛkyerɛfo no mfinimfini ayɛ aso retie wɔn. Ná ɔrebisabisa wɔn nsɛm a ɛtɔ asom nso. Akyerɛkyerɛfo no ani gyee Yesu ho paa. Enti wɔn nso fii ase bisabisaa no nsɛm. Mmuae a Yesu de maa wɔn no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Wɔhuu sɛ Yesu te Yehowa Mmara no ase.
Bere a Yesu yerae no, ɛhaw Yosef ne Maria paa. Enti Maria kaa sɛ: ‘Me ba, yɛahwehwɛ wo abrɛ! Ɛhe na wokɔe?’ Yesu kaa sɛ: ‘Munnim sɛ ɛsɛ sɛ metena m’Agya fie?’
Yesu ne n’awofo san kɔɔ wɔn fie wɔ Nasaret. Yosef kyerɛɛ Yesu kapenta adwuma no. Bere a Yesu yɛ aberante no, wohwɛ a, na ne suban te sɛn? Bere a Yesu renyin no, onyaa nyansa pii. Afei nso, Onyankopɔn ne nnipa nyinaa pɛɛ n’asɛm paa.
“O me Nyankopɔn, nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, na wo mmara wɔ me koma mu tɔnn.”—Dwom 40:8
-
-
Yohane Siesiee Kwan MuSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 73
Yohane Siesiee Kwan Mu
Bere a Sakaria ne Elisabet ba Yohane nyinii no, ɔbɛyɛɛ odiyifo. Yehowa maa Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ Mesia no reba. Yohane ankyerɛkyerɛ wɔ hyiadan ne nkurow mu, na mmom na ɔkyerɛkyerɛ wɔ sare so. Nnipa fii Yerusalem ne Yudea nyinaa betiee Yohane. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a, gye sɛ wɔgyae nneɛma bɔne yɛ. Bere a nkurɔfo tiee Yohane no, wɔn mu pii sakraa wɔn adwene fii wɔn bɔne ho, na Yohane bɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.
Ná Yohane nhaw ne ho pii wɔ asetenam. Ná ɔhyɛ ntaade a wɔde yoma nwi ayɛ, na mmebɛw ne wuram ɛwo na na odi. Ná nkurɔfo pɛ sɛ wɔhu sɛ Yohane yɛ onipa bɛn. Farisifo ne Sadukifo a na wɔyɛ ahantan no mpo bɛhwɛɛ no. Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ mosakra na munu mo ho fi mo bɔne ho. Ɛyɛ a moka sɛ moyɛ Abraham mma, nanso ɛnsɛ sɛ ɛno nti munya adwene sɛ moyɛ nnipa soronko. Ɛno nkyerɛ sɛ moyɛ Onyankopɔn mma.’
Nnipa pii baa Yohane nkyɛn bebisaa no sɛ: ‘Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛasɔ Onyankopɔn ani?’ Yohane ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: ‘Sɛ mowɔ ntaade nguguso mmienu a, momfa baako mma obi a ɔrepɛ bi.’ Wunim nea enti a Yohane kaa saa? Ná ɔpɛ sɛ n’asuafo no hu sɛ, sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ wɔdɔ nnipa.
Yohane ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyigye tow no sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ mudi nokware, na ɛnsɛ sɛ musisi obiara.’ Ɔka kyerɛɛ asogyafo nso sɛ: ‘Munnnye braeb, na ɛnsɛ sɛ mudi atoro nso.’
Asɔfo ne Lewifo nso baa Yohane nkyɛn bebisaa no sɛ: ‘Woyɛ onipa bɛn? Obiara pɛ sɛ ohu onipa kõ a woyɛ.’ Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mene ɛnne a ɛreteɛm wɔ sare so akyerɛ nkurɔfo kwan akɔ Yehowa nkyɛn sɛnea odiyifo Yesaia kae no.’
Nkurɔfo ani gyee nea na Yohane rekyerɛkyerɛ wɔn no ho. Nnipa pii bisaa sɛ Yohane ne Mesia no anaa. Nanso, Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Obi a ɔkyɛn me koraa reba. Mensɛ mpo sɛ mɛsan ne mpaboa hama. Me de, mebɔ asu nsu mu, nanso ɔno de, ɔde honhom kronkron na ɛbɛbɔ asu.’
“Ɔbarima yi bae sɛ ɔrebedi adanse. Ɔbae sɛ ɔrebedi hann no ho adanse, sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa ahorow nyinaa bɛfa no so agye adi.”—Yohane 1:7
-