Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yesu Bɛyɛɛ Mesia No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
    • Yohane abɔ Yesu asu awie; Onyankopɔn honhom reba Yesu so te sɛ aborɔnoma

      ADESUA 74

      Yesu Bɛyɛɛ Mesia No

      Ná Yohane ka sɛ: ‘Obi a ɔkyɛn me reba.’ Bere a Yesu dii bɛyɛ mfe 30 no, ofii Galilea baa Asubɔnten Yordan ho. Ná Yohane rebɔ nkurɔfo asu wɔ hɔ. Yesu ka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔmmɔ no asu. Nanso Yohane kaa sɛ: ‘Ɛnyɛ me na ɛsɛ sɛ mebɔ wo asu. Wo mmom na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu.’ Yesu ka kyerɛɛ Yohane sɛ: ‘Yehowa pɛ sɛ wobɔ me asu.’ Enti wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan mu, na Yohane de Yesu hyɛɛ nsu no mu ma ɛkataa ne so koraa.

      Bere a Yesu fii nsu no mu no, ɔbɔɔ mpae. Saa bere no ara, ɔsoro buei. Onyankopɔn honhom sian baa Yesu so te sɛ aborɔnoma. Afei Yehowa kasa fii soro sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”

      Bere a Yehowa honhom baa Yesu so no, ɛmaa Yesu bɛyɛɛ Kristo, anaa Mesia no. Afei de, na ɔrebefi ase ayɛ adwuma a Yehowa somaa no sɛ ɔmmɛyɛ wɔ asaase so no.

      Bere a Yesu bɔɔ asu wiei ara pɛ, ɔkɔɔ sare so kodii nna mmaako mmaako 40 wɔ hɔ. Ofii sare so bae no, ɔkɔɔ Yohane nkyɛn. Bere a Yesu reyɛ adu Yohane nkyɛn no, Yohane kaa sɛ: ‘Wei ne Onyankopɔn Guammaa a oyi wiase bɔne fi hɔ no.’ Asɛm a Yohane kae yi maa nkurɔfo huu sɛ Yesu ne Mesia no. Bere a Yesu kɔɔ sare so no, wunim nea esii wɔ hɔ? Ma yɛnhwɛ.

      “Nne bi fi soro bae sɛ: ‘Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.’”—Marko 1:11

      Nsɛmmisa: Adɛn nti na Yohane bɔɔ Yesu asu? Adɛn nti na Yohane kaa sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Guammaa?

      Mateo 3:13-17; Marko 1:9-11; Luka 3:21-23; Yohane 1:29-34; Yesaia 42:1; Hebrifo 10:7-9

  • Ɔbonsam Sɔɔ Yesu Hwɛe
    Sua Biribi Fi Bible Mu
    • Yesu anhuruw amfi asɔrefie no atifi

      ADESUA 75

      Ɔbonsam Sɔɔ Yesu Hwɛe

      Yesu amma abo annan paanoo

      Bere a Yohane bɔɔ Yesu asu wiei no, honhom kronkron de no kɔɔ sare so. Yesu annidi nna mmaako mmaako 40. Enti na ɔkɔm de Yesu paa. Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe. Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa a, ma abo yi nnan paanoo.’ Nanso, Yesu faa Kyerɛwnsɛm mu asɛm de buaa Ɔbonsam sɛ: ‘Wɔakyerɛw sɛ ɛnyɛ aduan nko ara na wonam so bɛtena ase. Ɛsɛ sɛ wutie asɛm biara a efi Yehowa hɔ.’

      Afei Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa a, huruw fi asɔredan no atifi. Na wɔakyerɛw sɛ Onyankopɔn bɛsoma abɔfo ama wɔabɛsɔ wo.’ Nanso, Yesu san de Kyerɛwnsɛm mu asɛm maa no mmuae sɛ: ‘Wɔakyerɛw sɛ ɛnsɛ sɛ wosɔ Yehowa hwɛ.’

      Wiase Ahenni nyinaa a Satan de kyerɛɛ Yesu no, Yesu annye

      Afei Satan de wiase ahenni nyinaa ne emu ahonyade ne emu anuonyam kyerɛɛ Yesu. Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Sɛ wobɔ wo mu ase som me baako pɛ mpo a, mede ahenni yi nyinaa ne emu anuonyam bɛma wo.’ Nanso Yesu buaa sɛ: ‘Fi me so kɔ, Satan! Wɔakyerɛw sɛ Yehowa nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’

      Afei Ɔbonsam fii hɔ kɔe. Abɔfo baa Yesu nkyɛn, na wɔmaa Yesu aduan dii. Efi saa bere no, Yesu kaa Ahenni no ho asɛmpa kyerɛɛ nkurɔfo. Ɛno ne adwuma a Yehowa somaa no sɛ ɔmmɛyɛ wɔ asaase so. Ná nkurɔfo ani gye Yesu nkyerɛkyerɛ ho paa. Enti baabiara a Yesu bɛkɔ no, na wɔdi n’akyi.

      ‘Sɛ [Ɔbonsam] ka atosɛm a, efi ɔno ara ne suban, efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.’—Yohane 8:44

      Nsɛmmisa: Sɔhwɛ mmiɛnsa bɛn na Satan de baa Yesu so? Mmuae bɛn na Yesu de maa Ɔbonsam?

      Mateo 4:1-11; Marko 1:12, 13; Luka 4:1-15; Deuteronomium 6:13, 16; 8:3; Yakobo 4:7

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena