Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yesu Pamoo Nkurɔfo a Wɔregu Asɔrefie No Ho Fĩ
    Sua Biribi Fi Bible Mu
    • Yesu faa nhama, na ɔde yɛɛ abaa pamoo mmoa fii asɔrefie hɔ. Opiapiaa wɔn a wɔsesa sika no apon guu fam

      ADESUA 76

      Yesu Pamoo Nkurɔfo a Wɔregu Asɔrefie No Ho Fĩ

      Yesu kɔɔ Yerusalem afe 30 Y.B. Saa bere no na ɛyɛ osutɔbere. Ná nnipa pii aba kurow no mu rebedi Twam Afahyɛ. Sɛ wɔredi afahyɛ no a, na wɔde mmoa bɔ afɔre wɔ asɔrefie hɔ. Sɛ ebinom reba asɔrefie hɔ a, na wɔde mmoa a wɔde bɛbɔ afɔre ba. Nanso ebinom de, na wɔtɔ mmoa no wɔ Yerusalem.

      Bere a Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ no, ohuu sɛ nkurɔfo retɔn mmoa wɔ hɔ. Yehowa asɔrefie na na wɔredi gua de apɛ sika! Dɛn na Yesu yɛe? Ɔde ahama yɛɛ abaa, ɛnna ɔde pamoo nguan ne anantwi no nyinaa fii asɔrefie hɔ. Opiapiaa wɔn a wɔsesa sika no apon guu fam, na ohwiee wɔn sika nso guu fam. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔretɔn mmorɔnoma no sɛ: ‘Momfa saa nneɛma yi mfi ha nkɔ! Ɛnsɛ sɛ motɔn nneɛma wɔ me Papa fie!’

      Nea Yesu yɛe no, ɛyɛɛ nkurɔfo a na wɔwɔ asɔrefie hɔ no nwanwa. N’asuafo no kaee nkɔmhyɛ bi a ɛfa Mesia no ho. Ɛka sɛ: ‘Yehowa fie ho mmɔdenbɔ bɛmene me.’

      Akyiri yi, afe 33 Y.B. no, Yesu san pamoo nkurɔfo bi a na wɔregu asɔrefie no ho fĩ. Wamma kwan amma obiara anyɛ biribi a ebegu ne Papa fie ho fĩ.

      “Morentumi nyɛ Onyankopɔn nkoa nsan nyɛ Ahonyade nkoa.”—Luka 16:13

      Nsɛmmisa: Bere a Yesu huu sɛ nkurɔfo retɔn mmoa wɔ asɔrefie hɔ no, dɛn na ɔyɛe? Adɛn nti na Yesu yɛɛ saa?

      Mateo 21:12, 13; Marko 11:15-17; Luka 19:45, 46; Yohane 2:13-17; Dwom 69:9

  • Ɔbea Bi a Ɔwɔ Abura Ho
    Sua Biribi Fi Bible Mu
    • Yesu ne Samariani bea bi rekasa wɔ Yakob abura ho

      ADESUA 77

      Ɔbea Bi a Ɔwɔ Abura Ho

      Bere a Yesu ne n’asuafo no dii Twam Afahyɛ no wiei no, wɔkɔfaa Samaria sɛ wɔresan akɔ Galilea. Yesu gyee n’ahome wɔ baabi a yɛfrɛ hɔ Yakob abura. Ná ɛbɛn kurow bi a yɛfrɛ no Sikar. Bere a Yesu regye n’ahome wɔ hɔ no, n’asuafo no kɔɔ kurom sɛ wɔrekɔtɔ aduan.

      Ɔbea bi baa abura no ho sɛ ɔrebɛsaw nsu. Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Ma me bi nnom.” Ɔbea no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Adɛn nti na wo ne me rekasa? Meyɛ Samariani bea. Yudafo ne Samariafo nkasa.’ Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: ‘Sɛ wunim me a, anka wubebisa me nsu, na mama wo nkwa nsu.’ Ɔbea no bisaa Yesu sɛ: ‘Dɛn na worepɛ akyerɛ? Wunni ade a wɔde saw nsu mpo.’ Yesu kaa sɛ: ‘Obiara a ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da.’ Ɛnna ɔbea no kaa sɛ: “Owura, ma me nsu yi bi.”

      Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: ‘Kɔfrɛ wo kunu bra abura yi ho.’ Ɔbea no kaa sɛ: ‘Minni kunu.’ Yesu kaa sɛ: ‘Woaka nokware. Woaware mpɛn nnum. Seesei, ɔbarima a wo ne no te no, ɔnyɛ wo kunu.’ Ɔbea no kaa sɛ: ‘Mahu sɛ woyɛ odiyifo. Me kuromfo gye di sɛ yebetumi asom Onyankopɔn wɔ bepɔw yi so. Nanso Yudafo de, wɔka sɛ Yerusalem nko ara na yebetumi asom Onyankopɔn. Migye di sɛ, sɛ Mesia no ba a, ɔbɛkyerɛ yɛn ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so som Onyankopɔn.’ Afei, Yesu kaa asɛm bi a na ɔnka nkyerɛɛ obiara da. Ɔkaa sɛ: ‘Mene Mesia no.’

      Yesu ne Samariafo rekasa

      Ɔbea no tuu mmirika kɔɔ ne kurom hɔ kɔka kyerɛɛ Samariafo no sɛ: ‘Ɛyɛ me sɛ mahu Mesia no. Onim me ho nsɛm nyinaa. Mommra mmɛhwɛ!’ Kurow no mufo dii ɔbea no akyi kɔɔ abura no ho kotiee Yesu nkyerɛkyerɛ.

      Samariafo no ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmmɛtena wɔn kurow no mu. Yesu de nna mmienu kyerɛkyerɛɛ wɔn, na nnipa pii gyee no dii. Kurow no mufo ka kyerɛɛ Samariani bea no sɛ: ‘Bere a yetiee ɔbarima yi asɛm no, yehuu sɛ ɔno ne wiase agyenkwa no ampa.’

      “‘Bra!’ na ma nea osukɔm de no biara mmra; ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.”—Adiyisɛm 22:17

      Nsɛmmisa: Adɛn nti na ɛyɛɛ Samariani bea no nwanwa sɛ Yesu ne no kasae? Asɛm bɛn na Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no?

      Yohane 4:1-42

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena