-
Yesu Kaa Ahenni No Ho AsɛmSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 78
Yesu Kaa Ahenni No Ho Asɛm
Yesu bɔɔ asu no, ankyɛ na ofii ase kyerɛkyerɛɛ sɛ: ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn.’ Yesu ne n’asuafo no tutuu akwan kɔɔ Galilea ne Yudea. Bere a ɔsan kɔɔ ne kurom Nasaret no, ɔkɔɔ hyiadan mu. Obuee Yesaia nhoma mmobɔwee no mu, na ɔkenkan no den sɛ: ‘Yehowa ama me honhom kronkron sɛnea ɛbɛyɛ a metumi aka asɛmpa no.’ Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, ɛwom sɛ na nnipa pii pɛ sɛ Yesu yɛ anwanwade kyerɛ wɔn de, nanso nea enti paa a Onyankopɔn maa no honhom kronkron ne sɛ ɔde bɛka asɛmpa no. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔretie no no sɛ: ‘Ɛnnɛ na saa nkɔmhyɛ yi abam.’
Ɛno akyi no, Yesu kɔɔ Galilea Po no ho. Ɛhɔ na ohyiaa n’asuafo no mu nnan. Wɔn ne Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane. Ná wɔyi nam wɔ po mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mommra me nkyɛn, na mɛma moayi nnipa.’ Ntɛm ara na wɔgyae nnam a wɔyi no, na wɔbedii Yesu akyi. Wɔkɔɔ Galilea baabiara kɔkaa Yehowa Ahenni no ho asɛm. Wɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu, gua so, ne mmɔnten so. Nnipa bebree dii wɔn akyi ne wɔn kɔɔ baabiara a wɔkɔe. Yesu ho asɛm trɛw kɔɔ baabiara. Wɔn a wɔwɔ Siria nohoa mpo tee Yesu ho asɛm.
Akyiri yi, Yesu maa n’asuafo no bi tumi a wɔde bɛsa nkurɔfo yare, na wɔatu ahonhommɔne. Asuafo no bi nso ne Yesu kɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkurow akɛse mu ne nkuraase. Mmea anokwafo bi nso hwɛɛ Yesu ne n’asuafo no. Wɔn ne Maria Magdalene, Yoana, Susana, ne mmea foforo pii.
Yesu tetee n’asuafo no. Owiei no, ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm no. Bere a wɔreka asɛm no wɔ Galilea nsaase so nyinaa no, nnipa foforo nso bɛyɛɛ asuafo, na wɔbɔɔ asu. Ná nnipa bebree pɛ sɛ wɔbedi Yesu akyi, enti Yesu de wɔn totoo afuw bi a adu bere a ɛsɛ sɛ wɔtwa ho. Ɔkaa sɛ: ‘Mommɔ mpae na Yehowa nsoma adwumayɛfo bebree mmra mmetwa afuw no mu nneɛma.’ Akyiri yi, Yesu yii n’akyidifo no mu 70, na ɔsomaa wɔn mmienu mmienu ma wɔkɔkaa Ahenni no ho asɛm wɔ Yudea ne nkurow a ɛbɛn ho nyinaa. Wɔkaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ nnipa ahorow nyinaa. Bere a asuafo no san baa Yesu nkyɛn no, na wɔpɛ ntɛm aka nea esii ho asɛm akyerɛ Yesu. Ɔbonsam antumi anyɛ biribiara ansiw asɛm a na wɔreka no kwan.
Yesu hwɛ huu sɛ, sɛ ɔkɔ soro a, n’asuafo no bɛtoa adwuma a ɛho hia yi so. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Monkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔnhu Onyankopɔn Asɛm, na mommɔ wɔn asu.’
“Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.”—Luka 4:43
-
-
Yesu Yɛɛ Anwanwade PiiSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 79
Yesu Yɛɛ Anwanwade Pii
Yesu baa asaase so bɛkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa. Yehowa maa Yesu honhom kronkron ma ɔde yɛɛ anwanwade pii de kyerɛɛ nea sɛ ɔbɛyɛ Ɔhene a, ɔbɛyɛ. Otumi saa yare biara. Baabiara a ɔkɔe no, ayarefo baa ne nkyɛn bɛpɛɛ ayaresa, na ɔsaa wɔn nyinaa yare. Wɔn a na wɔn ani afura no huu ade, na wɔn a wɔyɛ mum nso tee asɛm. Afei wɔn a wɔabubu agu fam tumi nantewee, na wɔn a ahonhommɔne rehaw wɔn nso, otu fii wɔn so. Sɛ obi sɔ n’ataade ano mpo a, na otumi nya ayaresa. Baabi a obedu biara na nkurɔfo tu di n’akyi. Bere a ɔpɛ sɛ ogye n’ahome mpo no, wampam obiara.
Da bi, nkurɔfo de ɔbarima bi a wabubu kɔɔ baabi a Yesu te. Nanso na nnipa ahyɛ fie hɔ mã, na na nkurɔfo no nnya kwan nkɔ mu. Enti wɔtuu tokuru wɔ dan no so, ɛnna wɔde ɔbarima no faa mu kɔɔ Yesu nkyɛn. Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: ‘Sɔre nantew.’ Bere a ɔsɔre nantewee no, ɛyɛɛ nkurɔfo no nwanwa.
Bere foforo nso, na Yesu rewura akuraa bi ase, na na mmarima du bi a kwata ayɛ wɔn gyina akyiri baabi. Wɔteɛɛm sɛ: ‘Yesu, boa yɛn!’ Saa bere no, na wɔmma kwan mma akwatafo mmɛn nkurɔfo. Yesu ka kyerɛɛ mmarima no sɛ wɔnkɔ asɔrefie hɔ sɛnea Yehowa Mmara no kyerɛ sɛ akwatafo nya ayaresa a, wɔnyɛ no. Wɔnam kwan so rekɔ no, wɔnyaa ayaresa. Bere a kwatani baako huu sɛ wanya ayaresa no, ɔsan n’akyi bɛdaa Yesu ase, na oyii Onyankopɔn ayɛ. Akwatafo du no, wei nko ara na ɔbɛdaa Yesu ase.
Ná ɔbea bi a wayare mfe 12 repɛ ayaresa denneennen. Ɔfaa Yesu akyi wɔ nnipadɔm mu, na osoo Yesu ataade ano. Ɛhɔ ara na onyaa ayaresa. Ɛbaa saa no, Yesu bisaa sɛ: ‘Hena na ɔde ne nsa kaa me?’ Ná ehu aka ɔbea no, nanso onyaa akokoduru baa Yesu anim bɛkaa nokware. Yesu kyekyee ne werɛ sɛ: ‘Ɔbabea, fa asomdwoe kɔ.’
Hyiadan mu panyin bi a ne din de Yairo kɔsrɛɛ Yesu sɛ: ‘Bra me fie! Me babea ketewa yare paa.’ Nanso bere a Yesu duu Yairo fie no, na abofra no awu. Yesu huu sɛ nnipa bebree abegu fie hɔ na wɔne abofra no abusuafo resu. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munnyae su; abofra no ada kɛkɛ.’ Afei osoo abofra no nsa, na ɔkaa sɛ: ‘Abaayewa, sɔre!’ Ɛhɔ ara na ɔsɔre tenaa ase, na Yesu ka kyerɛɛ n’awofo sɛ wɔmma no biribi nni. Wo de, hwɛ sɛnea n’awofo bɛte nka!
“Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa no, na okyinkyin asaase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam ahyɛ wɔn so nyinaa yare, efisɛ na Onyankopɔn ka ne ho.”—Asomafo Nnwuma 10:38
-