-
Yesu Yii Asomafo DumienuSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 80
Yesu Yii Asomafo Dumienu
Bere a Yesu kaa asɛm no bɛyɛ afe ne abosome nsia akyi no, na ɛsɛ sɛ osi gyinae bi a ɛho hia paa. Henanom na na obeyi wɔn ne wɔn ayɛ adwuma? Henanom na na ɔbɛtete wɔn ama wɔadi Kristofo asafo no anim? Ná Yesu hia Yehowa akwankyerɛ ansa na watumi asi gyinae yi. Enti Yesu nko ara kɔɔ bepɔw bi so kɔbɔɔ mpae anadwo mũ nyinaa. Ade kyee no, Yesu frɛɛ n’asuafo no bi, na oyii wɔn mu 12 ma wɔbɛyɛɛ n’asomafo. Wokae wɔn mu bi din? Wɔn din ne Petro, Andrea, Yakobo, Yohane, Filipo, Bartolomeo, Toma, Mateo, Alfeo ba Yakobo, Tadeo, Simon ne Yuda Iskariot.
Andrea, Petro, Filipo, Yakobo
Dumienu yi, na wɔne Yesu betutu akwan. Bere a ɔtetee wɔn wiei no, ɔsomaa wɔn ma wɔn nko ara kɔkaa asɛm no bi. Yehowa maa wɔn tumi a wɔde betu ahonhommɔne na wɔasa ayarefo yare.
Yohane, Mateo, Bartolomeo, Toma
Yesu frɛɛ Dumienu no sɛ ne nnamfo, na na ogye wɔn di. Ná Farisifo no bu asomafo no sɛ wɔnnim nhoma, na wɔyɛ nnipa a wɔba fam. Nanso Yesu tetee wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ayɛ wɔn adwuma no. Ná Yesu behia wɔn wɔ mmere titiriw bi mu. Ebi ne bere a ɔrebewu, ne ne wusɔre akyi. Ná Yesu fi Galilea, na ɛhɔ ara na na Dumienu no mu pii fi. Ná asomafo no bi yɛ awarefo.
Alfeo ba Yakobo, Yuda Iskariot, Tadeo, Simon
Ná asomafo no yɛ nnipa a bɔne wɔ wɔn ho. Ɛtɔ da a, na wɔtumi ka asɛm bi ansa na wɔadwen asɛm no ho. Ná wɔtumi sisi gyinae bɔne nso. Ɛtɔ da nso a, na wɔnto wɔn bo ase wɔ nneɛma ho. Wɔgyee nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse ho akyinnye mpo. Nanso na wɔyɛ nnipa pa a wɔdɔ Yehowa. Wɔn na na wɔbɛhyɛ Kristofo asafo no ase bere a Yesu afi asaase so no.
“Mefrɛ mo nnamfo, efisɛ nea mate afi m’Agya hɔ nyinaa, mama moahu.”—Yohane 15:15
-
-
Yesu Kɔɔ Asɛnka Wɔ Bepɔw SoSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 81
Yesu Kɔɔ Asɛnka Wɔ Bepɔw So
Bere a Yesu paw asomafo 12 no wiei no, osi fii bepɔw no so baa baabi a nnipa bebree ahyia. Ná nkurɔfo no fi Galilea, Yudea, Tiro, Sidon, Siria ne nkurow foforo a ɛbɛn Yordan no. Wɔde ayarefo ne wɔn a ahonhommɔne haw wɔn bae. Yesu saa wɔn nyinaa yare. Afei, ɔtenaa bepɔw no nkyɛn baabi ne wɔn kasae. Ɔkaa sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛfa Onyankopɔn adamfo a, biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ yehia Yehowa wɔ yɛn abrabɔ mu, na yɛdɔ no. Nanso sɛ yɛannɔ nnipa a, yɛrentumi nnɔ Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ obiara na yɛpɛ obiara asɛm, wɔn a wɔmpɛ yɛn asɛm mpo ka ho.
Yesu kaa sɛ: ‘Ɛnyɛ wo nnamfo nko ara na ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn. Ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn a wɔmpɛ w’asɛm nso, na wufi wo komam de nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn. Sɛ obi bo fuw wo a, ɛsɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn ntɛm ara kɔpa no kyɛw. Nea wopɛ sɛ nkurɔfo yɛ ma wo no, wo nso yɛ saa ara ma wɔn.’
Yesu san tuu nkurɔfo no fo wɔ honam fam nneɛma ho. Ɔkaa sɛ: ‘Sɛ Yɛfa Yehowa adamfo a, mfaso wɔ so sen sɛ yebenya sika pii. Ɔkorɔmfo betumi awia wo sika. Nanso sɛ wofa Yehowa adamfo a, obiara rentumi nwia anaa ɔnsɛe saa adamfofa no. Nnwen aduan a wubedi, nea wobɛnom, ne ataade a wobɛhyɛ ho. Hwɛ nnomaa. Bere nyinaa Onyankopɔn ma wɔnya aduan pii di mee. Adwennwen remfa da koro mpo nka wo mfe ho. Kae sɛ Yehowa nim nea wuhia.’
Ná nnipadɔm no ntee nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛ Yesu de no da. Ná wɔn asɔfo no nkyerɛkyerɛɛ wɔn saa da. Adɛn nti na na Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa saa? Efisɛ nea ɔkyerɛkyerɛe no, na ne nyinaa fi Yehowa hɔ.
“Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome.”—Mateo 11:29
-