-
Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Fii Ase Dii Tumi?—Ɔfã 1Ɔwɛn-Aban—2014 | October 1
-
-
YEHOWA DANSEFO BI NE OBI BƆ NKƆMMƆ
Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Fii Ase Dii Tumi?—Ɔfã 1
Nkɔmmɔ a ɛdi so yi yɛ nkɔmmɔ a Yehowa Adansefo taa ne nkurɔfo bɔ no bi. Ma yɛmfa no sɛ Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Seth akɔ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Dan fie.
‘YERE WO HO HWEHWƐ’ NTEASE
Seth: Dan, m’ani gye sɛnea woma kwan ma yɛsua Bible no ho paa.a Da a ɛtwa to a yɛhyiae no, wobisaa asɛm bi faa Onyankopɔn Ahenni ho. Wobisaa sɛ, adɛn nti na Yehowa Adansefo ka sɛ Ahenni no fii ase dii tumi afe 1914?
Dan: Aane, na merekenkan mo nhoma bi, na na ɛreka biribi sɛ Onyankopɔn Ahenni no fii ase dii tumi afe 1914. Ɛno maa m’adwenem yɛɛ me naa kakra, efisɛ moka sɛ mo nkyerɛkyerɛ nyinaa fi Bible mu.
Seth: Ɛyɛ nokware.
Dan: Makenkan Bible afi ti akɔsi ti, nanso menkae sɛ mahu afe 1914 ho biribiara wom. Ɛno nti, mekɔɔ Intanɛt so kɔhwehwɛɛ Bible ahorow mu hwɛe sɛ ebia mɛhu “afe 1914” a, nanso manhu biribiara saa.
Seth: Woayɛ ade paa o! Nea enti a mereka saa ne sɛ, woatumi akenkan Bible mũ no nyinaa. Metumi hu sɛ w’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho paa.
Dan: Ɛnde ɛnyɛ sɛ woreka yi. Nhoma biara ne no nsɛ.
Seth: Me ne wo yɛ adwene. Woayɛ ade nso sɛ biribi kyere w’adwene a, wohwehwɛ ho mmuae wɔ Bible mu. Bible ka sɛ ‘yɛnyere yɛn ho nhwehwɛ’ ntease,b na ɛno ara na woreyɛ yi. Kɔ so saa ara.
Dan: Meda ase. Mepɛ sɛ mete Bible no ase yiye. Enti meyɛɛ nhwehwɛmu no bi kaa ho, na mehuu sɛ nhoma a wo ne me sua no ka afe 1914 ho asɛm. Sɛ mɛkae a, na ɛfa ɔhene bi dae ho. Dae no mu no, ɔhuu dua kɛse tenten bi a wɔtwaa so. Nanso akyiri yi, ɛsan fifii.
Seth: Mahu saa nkɔmhyɛ no. Ɛwɔ Daniel ti 4. Babilon hene Nebukadnesar na ɔsoo saa dae no.
Dan: Ahaa, ɛno a. Makenkan saa nkɔmhyɛ no araa, nanso menhu biribiara wom a ɛfa Onyankopɔn Ahenni anaa afe 1914 ho.
Seth: Mma no nhaw wo. Odiyifo Daniel mpo a Onyankopɔn ma ɔkyerɛw saa asɛm no, ɛnyɛ nea ɔkyerɛwee nyinaa na na ɔte ase.
Dan: Saa?
Seth: Aane. Wo de, hwɛ asɛm a Daniel 12:8 ka. Ɛka sɛ: “Metee, nanso mante ase.”
Dan: Ei, sɛɛ ɛnyɛ me nko ara.
Seth: Nea ɛte ne sɛ, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel nhoma mu no, na bere nsoe sɛ Onyankopɔn bɛma nnipa ate ne nyinaa ase. Ɛno nti na Daniel ante ase no. Nanso, ɛnnɛ ne bere a yɛbɛtumi ate ase yiye.
Dan: Dɛn na ɛma woka saa?
Seth: Wo de ma yɛntoa akenkan no so wɔ Daniel 12:9. Ɛhɔ ka sɛ: “Wɔato nsɛm no mu asɔ ano kosi awiei bere no.” Ɛno kyerɛ sɛ “awiei bere no” nnui a, obiara ntumi nte saa nkɔmhyɛ no ase. Ɛrenkyɛ koraa, yɛbɛhu wɔ nhoma a yɛresua no mu sɛ awiei bere a Bible kaa ho asɛm no, ɛno mu na yɛwɔ no.c
Dan: Enti Daniel nkɔmhyɛ no, wobɛtumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ me?
Seth: Mɛbɔ me ho mmɔden.
DAE A NEBUKADNESAR SOE NO
Seth: Wo de, ma menni kan mmɔ dae a Ɔhene Nebukadnesar soe no mua, na afei yɛnhwɛ nea ɛkyerɛ.
Dan: Yoo, mate.
Seth: Dae no mu no, Nebukadnesar huu dua kɛse bi a ne tenten kɔka soro. Afei ɔtee sɛ Onyankopɔn bɔfo reka sɛ wɔntwa dua no nto fam. Nanso Onyankopɔn kaa sɛ dua no dunsin de, wɔnnya wɔ asase mu. Ɔtoaa so sɛ, “mmere ason” akyi no, dua no bɛsan afefɛw.d Saa nkɔmhyɛ no dii kan baa mu wɔ Ɔhene Nebukadnesar ankasa so. Sɛnea na dua no tenten kɔka soro no, saa ara na na Nebukadnesar yɛ ɔhenkɛse. Wɔtwaa dua no too hɔ “mmere ason,” na biribi saa na ɛtoo Nebukadnesar. Wokae nea ɛsii?
Dan: Dabi o.
Seth: Bible ma yɛhu sɛ Nebukadnesar bɔɔ dam, na ɛbɛyɛ sɛ ɛdii mfe ason. Saa bere no, n’ahenni no so twae. Nanso, mmere ason no soe no, Nebukadnesar ani so tetee no, na wɔsan de no sii n’ahenni no so bio.e
Dan: Nea woaka yi nyinaa mate ase o. Nanso menhu sɛnea ɛfa Onyankopɔn Ahenni ne afe 1914 ho.
Seth: Ma menka no sei, saa nkɔmhyɛ no wɔ asekyerɛ mmienu. Ɛdii kan baa mu bere a Ɔhene Nebukadnesar ahenni so twae no. Nea ɛto so mmienu no baa mu bere a Onyankopɔn ahenni so twae no. Enti, nea ɛto so mmienu no fa Onyankopɔn soro Ahenni ho.
Dan: Dɛn na ɛma wohu sɛ nkɔmhyɛ no san fa Onyankopɔn soro Ahenni ho?
Seth: Nkɔmhyɛ no ara ka biribi saa. Daniel 4:17 ma yɛhu sɛ, Onyankopɔn ma wɔhyɛɛ saa nkɔm no “na ama ateasefo ahu sɛ Ɔsorosoroni no na odi adesamma ahenni so tumi, na obiara a ɔpɛ no, ɔde ma no.” Woahu sɛ ɛkaa sɛ “adesamma ahenni”?
Dan: Aane. Ɛse, “Ɔsorosoroni no na odi adesamma ahenni so tumi.”
Seth: Mo! Wohwɛ a, hena ne “Ɔsorosoroni” no?
Dan: Megye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn.
Seth: Woayɛ ade. Enti saa asɛm no ma yɛhu sɛ ɛnyɛ Nebukadnesar nko ara na saa nkɔmhyɛ no fa ne ho. Ɛsan fa “adesamma ahenni” anaasɛ tumi a Onyankopɔn di wɔ adesamma so no ho. Wohwɛ Daniel nhoma no mu nsɛm foforo a, ɛma wonya saa ntease no.
Dan: Mente ase.
ADE A DANIEL NHOMA NO KA HO ASƐM KƐSE
Seth: Biribi wɔ hɔ a Daniel nhoma no ka ho asɛm kɛse. Ɛno ne Onyankopɔn Ahenni a ne Ba Yesu bɛdi so hene no. Wo de, yɛnhwɛ asɛm a ɛwɔ Daniel 2:44 no. Mepa wo kyɛw, wobɛtumi akenkan hɔ ama me?
Dan: Yoo. Ɛhɔ kan sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni bi so. Wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw ahenni no mma ɔman foforo biara. Ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”
Seth: Meda ase. Wohwɛ nea yɛakenkan yi a, ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho?
Dan: Hmm. Kyerɛ mu kakra ɛ.
Seth: Yoo. Sɛ wohyɛɛ no nsow a, ɔkaa sɛ saa Ahenni no, “ebegyina daa.” Yɛnim sɛ Onyankopɔn Ahenni de, ɛbɛgyina daa, nanso nnipa aban ɛ? Wohwɛ a, ɛno nso bɛgyina daa?
Dan: Mennye nni.
Seth: Nkɔmhyɛ foforo bi wɔ Daniel nhoma no mu a ɛno nso fa Onyankopɔn soro Ahenni no ho. Ɛwɔ Daniel 7:13, 14. Ɛfa ɔhene bi a ɔbɛba daakye ho. Ɛka sɛ: “Ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no sɛ aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa nsom no. Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea wɔrensɛe no da.” Dɛn na wohui wɔ nkɔmhyɛ no mu a ɛfa yɛn nkɔmmɔ yi ho?
Dan: Ɛkaa ahenni bi ho asɛm.
Seth: Ɛno ara ne no. Ɛnyɛ ahenni biara kɛkɛ. Wo de hwɛ, nkɔmhyɛ no san kaa sɛ Ahenni no bɛdi “aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa” so. Ɛno kyerɛ sɛ saa Ahenni no bɛdi wiase nyinaa so.
Dan: Ampa o. Ɛno mpo de, m’adwene ankɔ so.
Seth: Afei nso hwɛ biribi foforo a nkɔmhyɛ no ka ho asɛm. Ɛse: “Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea wɔrensɛe no da.” Wonhu sɛ ɛne nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 2:44 no sɛ paa?
Dan: Ɛyɛ nokware. Ɛne no sɛ.
Seth: Ɛbɛsi ha no, yɛnhwɛ sɛ yɛbɛtumi abɔ nea yɛasusuw ho no mua anaa. Onyankopɔn ma wɔhyɛɛ nkɔm a ɛwɔ Daniel ti 4 no sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo bɛhu sɛ “Ɔsorosoroni no na odi adesamma ahenni so tumi.” Ɛno nko ara mpo kyerɛ sɛ nkɔmhyɛ no, na ɛnyɛ Nebukadnesar nko ara so na ɛbɛba mu. Yɛhwɛ Daniel nhoma no mu a, yɛhu nkɔmhyɛ pii a ɛfa Onyankopɔn Ahenni a ne Ba bɛdi so hene no ho. Enti wonnye nni sɛ ɛbɛtumi aba sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ti 4 no nso fa Onyankopɔn Ahenni no ho?
Dan: Ebia. Nanso mennya nhuu nea ɛne afe 1914 wɔ yɛ.
“MMERE ASON NTWA NE TI SO”
Seth: Wokae sɛ bere a nkɔmhyɛ no dii kan baa mu no, na dua no gyina hɔ ma Ɔhene Nebukadnesar? N’ahenni so twae mmere ason sɛnea wɔtwaa dua no too hɔ mmere ason no. Saa bere no nyinaa, na Nebukadnesar abɔ dam. Mmere ason no baa awiei bere a Nebukadnesar ani so tetee no na wɔsan de no sii n’ahenni so bio no. Akyiri yi, nkɔmhyɛ no baa mu ne mprenu so. Saa bere no, Onyankopɔn ahenni so twae kakra. Nanso, ɛnyɛ mfomso bi a Onyankopɔn dii nti na ɛbaa saa.
Dan: Worepɛ akyerɛ sɛn?
Seth: Bible ka sɛ ahemfo a na wɔdi Israelfo so wɔ Yerusalem no, na wɔte “Yehowa ahengua” so.f Ná wɔgyina Onyankopɔn ananmu di ne nkurɔfo so. Enti na ɛte sɛ Onyankopɔn na ɔredi hene. Nanso, ɛduu baabi no, na ahemfo no mu pii mfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee, na ɔmanfo no mu pii dii wɔn akyi. Israelfo asoɔden nti, Onyankopɔn maa Babilonfo dii wɔn so afe 607 A.Y.B. Ɛfi saa bere no, ɔhene biara nni hɔ a ɔtenaa Yehowa ahengua so wɔ Yerusalem bio. Ɛno nti, yɛbɛtumi aka sɛ Onyankopɔn ahenni so twae. Nea yɛaka abɛsi yi, woate ase?
Dan: Mate ase.
Seth: Enti afe 607 A.Y.B. na mmere ason anaa bere a Onyankopɔn ahenni so twae no fii ase. Sɛ mmere ason no ba awiei a, Onyankopɔn bɛyi ɔhene foforo ama watena n’ahengua so. Nanso, saa ɔhene no de, ɔbɛyi no wɔ soro. Saa bere no, nkɔmhyɛ afoforo a yɛakenkan wɔ Daniel nhoma mu no bɛba mu. Enti asɛm no ne sɛ: Bere bɛn na mmere ason no baa awiei? Sɛ yɛnya saa asɛm no ho mmuae a, ɛnde yɛbɛhu bere a Onyankopɔn soro Ahenni fii ase dii tumi.
Dan: Ma menhwɛ. Gyama ɛbaa awiei afe 1914, meboa?
Seth: Saa pɛpɛɛpɛ!
Dan: Nanso yɛyɛ dɛn hu saa?
Seth: Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkaa sɛ mmere ason no nnya mmaa awiei.g Enti na ɛkyerɛ sɛ ɛbɛkyɛ paa ansa na adu. Mmere ason no hyɛɛ ase koraa ansa na Yesu reba asase so; ɔkɔɔ soro mpo, na ɛmmaa awiei. Kae nso sɛ, Bible kaa sɛ “awiei bere no”h mu na Daniel nkɔmhyɛ no mu bɛda hɔ. Bɛyɛ mfe 40 ansa na afe 1914 reba no, Bible asuafo hwehwɛɛ saa nkɔmhyɛ no ne nkɔmhyɛ afoforo mu yiye. Wɔbɛhuu sɛ mmere ason no bɛba awiei afe 1914. Ɛfi saa bere no, sɛ yɛhwɛ nneɛma a asisi wɔ wiase nso a, ɛda adi pefee sɛ ampa, afe 1914 na Onyankopɔn Ahenni no fii ase dii ade wɔ soro. Saa afe no mu na wiase yi duu ne nna a ɛdi akyiri anaa awiei mmere no mu. Menim sɛ ebia ayɛ w’adwenem bebree kakra . . .
Dan: Ɛnyɛ ɛne sɛ woreka yi. Gye sɛ mesan kenkan nea yɛasusuw ho no bio na manya mu ntease yiye.
Seth: Mma no nhaw wo. Me nso, ɛnyɛ da koro na mede tee ase. Nanso megye di sɛ anyɛ hwee koraa no, yɛn nkɔmmɔ yi ama woahu sɛ nea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ fa Ahenni no ho no, ɛfi Bible mu.
Dan: Ɛyɛ nokware. Sɛnea mode Bible foa mo nkyerɛkyerɛ nyinaa so no, m’ani gye ho paa.
Seth: Metumi hu sɛ wo nso wopɛ sɛ woyɛ saa. Sɛnea madi kan aka no, menim sɛ nea yɛreka ho asɛm yi bɛyɛ w’adwenem hwanyann kakra. Ɛnyɛ dɛn ara a nneɛma bi da so kyere w’adwene. Emu baako ne sɛ, yɛabɛhu sɛ mmere ason no fa Onyankopɔn soro Ahenni ho, na ɛfii ase afe 607 A.Y.B. Nanso dɛn na ɛma yɛhu sɛ afe 1914 na mmere ason no baa awiei?i
Dan: Ampa. Ná ɛkyere m’adwene kakra.
Seth: Bible no ara boa yɛn ma yɛhu bere tenten a mmere ason no dii. Wopɛ sɛ da a mɛsan aba no, yɛka ho asɛm anaa?
Dan: Anka m’ani bɛgye paa.
Bible mu asɛm bi wɔ hɔ a ɛkyere w’adwene anaa? Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ne wɔn som mu nneɛma bi wɔ hɔ a wopɛ sɛ wote ase yiye anaa? Sɛ saa a, bere biara a wobɛhyia Yehowa Dansefo bi no, mma no nhaw wo sɛ wobɛbisa no. N’ani bɛgye ho sɛ ɔne wo bɛbɔ saa nsɛm no ho nkɔmmɔ.
a Yehowa Adansefo taa ne nkurɔfo yɛ Bible adesua a wɔnnye sika.
c Hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 9. Yehowa Adansefo na wɔtintimii.
g Bere a Yesu reka nna a ɛdi akyiri no ho asɛm no, ɔkaa sɛ: “Amanaman no betiatia Yerusalem [a na egyina hɔ ma Onyankopɔn ahenni] so, kosi sɛ amanaman mmere a wɔahyɛ no bewie du.” (Luka 21:24) Enti Yesu baa asase so nyinaa na Onyankopɔn ahenni no so atwa, na ɛtoaa so kɔsii nna a ɛdi akyiri no mu.
i Hwɛ asɛm a ɛne “1914—Afe Titiriw Wɔ Bible Nkɔmhyɛ Mu.” Ɛwɔ nhoma a wɔato din Dɛn Na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no nkekaho afã hɔ.
Ɔwɛn-Aban foforo bɛba abɛkyerɛkyerɛ saa asɛm no mu ama yɛahu nea Bible ka wɔ mmere ason no tenten ho.
-
-
Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Fii Ase Dii Tumi? (Ɔfã 2)Ɔwɛn-Aban—2014 | November 1
-
-
YEHOWA DANSEFO BI NE OBI BƆ NKƆMMƆ
Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Fii Ase Dii Tumi?—Ɔfã 2
Nkɔmmɔ a ɛdi so yi yɛ nkɔmmɔ a Yehowa Adansefo taa ne nkurɔfo bɔ no bi. Ma yɛmfa no sɛ Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Seth asan akɔ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Dan fie.
DAE A NEBUKADNESAR SOE NO, YƐNKAE YƐN HO KAKRA
Seth: Dan, m’ani agye sɛ yɛasan ahyia. Sɛnea nnawɔtwe biara yɛnya kwan sua Bible no, m’ani gye ho paa.a Sɛ́ wo ho ye deɛ?
Dan: Me ho ye paa.
Seth: Asɛmpa. Nnaano a mebaa ha no, yɛhwɛɛ nea enti a Yehowa Adansefo ka sɛ Onyankopɔn soro Ahenni fii ase dii tumi wɔ afe 1914 mu.b Sɛnea da no yɛkaa ho asɛm no, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ti 4 no, biribi wom a ɛboa ma yɛnya saa ntease no. Wokae asɛm a ɛwɔ hɔ?
Dan: Ɛnyɛ dae a Ɔhene Nebukadnesar soe a ɛfa dua kɛse bi ho no?
Seth: Ɛno ara ne no. Nebukadnesar huu dua kɛse bi a ne tenten kɔka soro wɔ saa dae no mu. Ɔtee sɛ Onyankopɔn bɔfo bi de ahyɛde rema sɛ wɔntwa dua no nto fam na wɔnnya ne dunsin ne ne nhin wɔ asase mu. Ɔbɔfo no kaa sɛ “mmere ason” akyi no, dua no bɛsan afifi.c Afei nso yɛhui sɛ nkɔmhyɛ no bɛba mu mprenu. Wokae sɛnea ɛdii kan baa mu no?
Dan: Ɛbaa mu wɔ Nebukadnesar ankasa so, meboa? Ɔbɔɔ dam mfe ason.
Seth: Saa pɛpɛɛpɛ. Nebukadnesar bɔɔ dam, enti ne tumidi no so twae kakra. Nanso akyiri yi nkɔmhyɛ no baa mu ne mprenu so. Saa bere no deɛ Onyankopɔn Ahenni mmom na ɛso twaa mmere ason. Yɛsuae sɛ mmere ason no fii ase bere a wɔsɛee Yerusalem afe 607 A.Y.B. no. Ɛfi saa bere no, obiara antena Yehowa Nyankopɔn ahengua so anni ne nkurɔfo so hene wɔ asase so bio. Nanso nkɔmhyɛ no kaa sɛ mmere ason no ba awiei a, Onyankopɔn bɛyi Ɔhene foforo ma wadi ne nkurɔfo so. Saa Ɔhene no deɛ ɔbɛtena soro. Nea ɛno kyerɛ ne sɛ, sɛ mmere ason no ba awiei a, Onyankopɔn soro Ahenni no bɛfi ase adi tumi. Nnaano nkɔmmɔ no ma yɛhuu bere a mmere ason no fii ase. Enti sɛ yɛtumi hu bere tenten a ɛdii a, ɛnde ɛbɛma yɛahu bere a Onyankopɔn soro Ahenni no fii ase dii tumi. Baabi a yɛde abɛsi yi, megye di sɛ woakae nea yɛbɔɔ ho nkɔmmɔ no?
Dan: Aane, sɛnea woabobɔ so bio no ama makae.
Seth: Eye paa. Ɛnde yɛntoa so ɛ, na yɛnhwɛ mmere ason no tenten. Masan akɔ mu bio sɛnea ɛbɛyɛ a mɛkae emu nsɛntitiriw no. Mɛbɔ me ho mmɔden ahwɛ sɛ metumi ama emu ada hɔ a.
Dan: Yoo mate.
MMERE ASON NO BA AWIEI—AWIEI MMERE NO FI ASE
Seth: Bere a nkɔmhyɛ no dii kan baa mu wɔ Nebukadnesar so no, na mmere ason no yɛ mfe ason ankasa. Nanso, sɛ ɛba mu wɔ Onyankopɔn Ahenni so de a, mmere ason no renyɛ mfe ason paa.
Dan: Dɛn nti na woreka saa?
Seth: Wo deɛ hwɛ biribi. Wɔsɛee Yerusalem afe 607 A.Y.B., na saa bere no na mmere ason no fii ase. Sɛ yɛkan mfe ason fi saa bere no a, ɛde yɛn bɛsi afe 600 A.Y.B. Nanso saa afe no, biribi titiriw biara ansi a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho. Afei nso, sɛnea yɛaka dedaw no, mfe pii akyi a Yesu baa asase so no, ɔkaa sɛ mmere ason no nnya mmaa awiei.
Dan: Ampa. Mekae sɛ yɛkaa ho asɛm.
Seth: Ɛno kyerɛ sɛ mmere ason no nyɛ mfe ason kɛkɛ; ɛboro saa koraa.
Dan: Ɛnde ɛyɛ mfe sɛn?
Seth: Adiyisɛm nhoma a ɛwɔ Bible mu no, emu nsɛm ne Daniel nhoma no mu nsɛm di nsɛ. Enti Adiyisɛm nhoma no boa yɛn ma yɛhu mmere ason no tenten. Ɛka mmere abiɛsa ne fã ho asɛm, na ɛka sɛ ne tenten yɛ nna 1,260.d Mmere abiɛsa ne fã no, sɛ wode bɔ ho mmienu a, wobɛnya mmere ason. Enti sɛ mmere abiɛsa ne fã no yɛ nna 1,260 a, ɛnde mmere ason no bɛyɛ nna 1,260 no mmɔho mmienu, na ɛno yɛ nna 2,520. Mesrɛ wo, wote ase?
Dan: Aane, mete ase. Nanso menhu nea ɛwɔ asɛm yi mu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no fii ase dii tumi afe 1914.
Seth: Ɛte saa. Nanso wo deɛ ma yɛnhwɛ. Bible nkɔmhyɛ mu no, ɛtɔ da a wɔde da koro gyina hɔ ma afe.e Sɛ yɛde saa asɛm no yɛ adwuma a, ɛnde mmere ason no dodow bɛyɛ mfe 2,520. Afei sɛ yɛhyɛ ase kan mfe 2,520 fi afe 607 A.Y.B. a, ɛde yɛn ba afe 1914.f Ɛno na ɛma yɛhu sɛ afe 1914 mu na mmere ason no baa awiei maa Yesu fii ase dii tumi sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no so Hene. Wohwɛ nso a, wobɛhu sɛ ɛfi afe 1914 no, nneɛma titiriw bi asisi. Saa nneɛma no, Bible ka too hɔ sɛ, sɛ ɛsisi a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ awiei mmere no mu.
Dan: Nneɛma bɛn saa?
Seth: Yesu kaa asɛm bi wɔ Mateo 24:7. Saa asɛm no, ɛfa nneɛma a ɛbɛsisi bere a Yesu afi ase redi tumi wɔ soro no ho. Yesu kaa sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahenni atia ahenni, na aduankɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.” Hyɛ no nsow sɛ, Yesu kaa sɛ saa bere no aduankɔm ne asasewosow bɛba. Wohwɛ nea akɔ so wɔ wiase bɛyɛ mfe ɔha ni a, wonhu sɛ saa nneɛma no asisi ampa?
Dan: Ampa, asisi bebree.
Seth: Yesu kaa wɔ saa kyerɛwsɛm no ara mu sɛ, sɛ ɔfi ase di Onyankopɔn soro Ahenni no so hene a, ako bɛba. Adiyisɛm nhoma a ɛwɔ Bible mu no nso kaa awiei bere no ho asɛm sɛ, ɛnyɛ sɛ nkurɔfo bɛko wɔ wɔn man mu kɛkɛ. Mmom no, ɔko a ɛbɛkɔ so no bi bɛka wiase nyinaa.g Wokae bere a wiase ko a ɛdi kan no bae?
Dan: Afe 1914. Ɛnyɛ saa afe no ara na woreka sɛ Yesu fii ase dii tumi no? Wonim, mennwenee ho saa da.
Seth: Wo de hwɛ o. Mmere ason ho nkɔmhyɛ no ne Bible mu nkɔmhyɛ afoforo a ɛfa awiei mmere ho no, sɛ wokeka si ani a, emu da hɔ. Ɛno nti Yehowa Adansefo gye di sɛ Yesu fii ase dii Onyankopɔn soro Ahenni no so Hene afe 1914, na saa afe no ara nso na awiei mmere no fii ase.h
Dan: Emu yɛ me den kakra.
Seth: Woka saa a, mete wo ase. Sɛnea nnaano meka kyerɛɛ wo no, me nso ɛdii mmere kakra ansa na merete ase yiye. Nanso ɛde bɛsi ha yi, megye di sɛ yɛn nkɔmmɔ no ama woahu sɛ ɛwom, Bible nka afe 1914 ho asɛm pɔtee, nanso nea Yehowa Adansefo ka fa 1914 ho no nyinaa fi Kyerɛwnsɛm mu.
Dan: Menim saa. Mommɔ mo tirim nka biribiara. Asɛm biara a moka no, mode Bible foa so. Nanso wobɛka sɛ ɛyɛ nwonworann kakra. Dɛn nti na Onyankopɔn anyi anim wɔ Bible mu sɛ afe 1914 na Yesu bɛfi ase adi hene wɔ soro?
Seth: Woabisa bi paa. Nea ɛte ne sɛ, nneɛma pii wɔ Bible mu a Onyankopɔn anka no pen ankyerɛ yɛn. Ɛnde adɛn nti na Onyankopɔn ma wɔkyerɛw Bible no kwan bi so a gye sɛ woayɛ nhwehwɛmu ansa na woate ase? Ebia akyiri yi yɛbɛtumi aka ɛno ho asɛm.
Dan: Anka ɛbɛyɛ me dɛ paa.
Bible mu asɛm bi wɔ hɔ a ɛkyere w’adwene anaa? Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ne wɔn som mu nneɛma bi wɔ hɔ a wopɛ sɛ wote ase yiye anaa? Sɛ saa a, bere biara a wobɛhyia Yehowa Dansefo bi no, mma no nhaw wo sɛ wobɛbisa no. N’ani bɛgye ho sɛ ɔne wo bɛbɔ saa nsɛm no ho nkɔmmɔ.
a Yehowa Adansefo taa ne nkurɔfo yɛ Bible adesua a wɔnnye sika.
b Hwɛ asɛm a wɔato din “Yehowa Dansefo Bi Ne Obi Bɔ Nkɔmmɔ—Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Fii Ase Dii Tumi?—Ɔfã 1”; ɛwɔ October 1, 2014 Ɔwɛn-Aban mu.
c Hwɛ Daniel 4:23-25.
d Hwɛ Adiyisɛm 12:6, 14.
e Hwɛ Numeri 14:34; Hesekiel 4:6.
f Hwɛ ɔfã a wɔato din “Dua Ho Dae a Nebukadnesar Soe” no.
g Hwɛ Adiyisɛm 6:4.
h Hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 9. Yehowa Adansefo na wɔtintimii.
-