Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 7/8 kr. 30
  • Krataa Soronko Bi a Wɔkyerɛw Kɔmaa Wɔn Awofo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa Soronko Bi a Wɔkyerɛw Kɔmaa Wɔn Awofo
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Na Metumi Ayɛ Na M’awofo Agye Me Adi?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Mmara a M’awofo Ahyehyɛ Ama Me No, Mɛyɛ Dɛn Ne Wɔn Aka Ho Asɛm?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Adɛn Nti Na M’awofo Mma Kwan Mma Minnye M’ani Koraa?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 7/8 kr. 30

Krataa Soronko Bi a Wɔkyerɛw Kɔmaa Wɔn Awofo

Nnansa yi ara, mmeawa baanu bi a wɔwɔ Spain kyerɛwee krataa kɔmaa wɔn awofo de daa wɔn ase. Emu nsɛm no bi ni:

De kɔma yɛn awofo a yɛdɔ wɔn, Pepe ne Vicenta:

Ɛhe mpo na yemfi ase mfi? Yɛwɔ nneɛma pii a yɛpɛ sɛ yɛka, na ɛyɛ den sɛ yɛde nsɛmfua kakraa bi bɛka ne nyinaa. Yɛpɛ sɛ yɛda mo ase wɔ mfe 17 ne 15 a mufi ɔdɔ mu hwɛɛ yɛn yiye no ho.

Yɛn ani mpaa mo nsusuwii ne akwankyerɛ ahorow no so da. Ɛtɔ mmere bi a na yɛnte nea enti a ɛsɛ sɛ yɛba fie wɔ bere bi a wɔahyɛ mu, nanso seesei, sɛ yɛhwɛ sɛnea mmofra a wɔamma wɔn bere ho anohyeto no abrabɔ akowie wɔn no a, yehu sɛ saa mmara no abɔ yɛn ho ban.

Mo nhwɛso a moyɛe wɔ Kristofo nhyiam a wɔkɔ wɔ Ahenni Asa so a moantotom da gye sɛ ntease pa bi nti no aboa yɛn kɛse te sɛ asɛnka a na yɛne mo kɔ Kwasida biara no. Sɛ edu Kwasida anɔpa a, yemmisa obi ansa na yɛakɔ asɛnka. Yenim pefee sɛ yɛbɛkɔ!

Yesuaa ahɔhoyɛ nso kaa yɛn ntetee no ho. Nnipa pii bɛsraa yɛn wɔ fie, na na bere nyinaa moyɛ nea mubetumi nyinaa ma wɔn. Ná yɛyɛ mmofra de, nanso yɛde yɛn aniwa huu eyi, na yɛn ani sɔe sɛ yɛwɔ awofo a wɔyɛ soronko saa.

Obiara nni hɔ a ɔte yɛn ase na onim yɛn sen mo. Moyɛ yɛn nnamfo pa, a yɛwɔ mo mu ahotoso koraa.

Nea yɛpɛ sɛ yɛka de wie ne sɛ yɛdɔ mo. Moyɛ yɛn awofo, na yɛrentumi mfa obi foforo biara nsi mo ananmu. Sɛ anka yebetumi apaw yɛn awofo ne yɛn asetra kwan bio a, anka akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛpaw mo, na yɛafa asetra kwan koro no ara bio.

Yɛde ɔdɔ mfewano kyia mo, mo mmabea,

ESMERALDA NE YOLANDA

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena